‘Mmofra Som Bo, Nanso Mmabanin Ho Hia’
Nnipa dodow a wɔwɔ India yɛ ɔpepem 850 na 1,000 biara wo 31, enti afe biara wɔwo nkokoaa bɛyɛ ɔpepem 26, a ɛbɛyɛ nnipa a wɔwɔ Canada no dodow. Ɛnyɛ nwonwa sɛ aban dwumadi a ɛho hia sen biara no mu biako ne sɛ ebesiw nnipa no dodow a ɛrenya nkɔanim ntɛmntɛm no ano. Ayɛ yiye akodu he? Akwanside ahorow a ehyia no bi ne dɛn?
“ANSA na wɔadi mfe 20, Dabi! Bere a woadi mfe 30 akyi, Dabida! Mma Abien Pɛ—Eye!” yɛ afotu a nkrataa afɛfɛ a ɛtetare awo ho nhyehyɛe adwumayɛbea ti a ɛwɔ Bombay, India no abrannaa so no mu biako de ma. Foforo nso yɛ ɛna bi a wahaw a mmofra baanum atwa ne ho ahyia ho mfonini. Ɛde kɔkɔbɔ ma sɛ: “Nnu wo ho Akyiri Yi!” Asɛm no mu da hɔ pefee: Abusua biara wo mma abien a eye. Nanso nnipa a wobenya wɔn ma wɔagye nyansahyɛ a aban de ma sɛ abusua biara nwo mmofra abien no atom no nyɛ mmerɛw.
Nhoma Hindu Manners, Customs and Ceremonies no ka sɛ: “Hindufo gyina mma dodow a ɔbarima bi wɔ no so na ebu no sɛ ɔwɔ anigye. Wɔn fam no, mma yɛ nhyira ankasa wɔ fie bi mu. Sɛ ɔbarima bi wɔ mma ahe mpo a, onnyae mpae a ɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ pii no da.” Nanso, wɔ nyamesom mu no, ɔbabarima na ɔsom bo yiye ma ofi bi mu agya panyin. Nhoma no kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Awerɛhosɛm biara nni hɔ a ɛte sɛ obi bewu na onni ɔbabarima anaa nenabarima a ɔbɛyɛ n’ayi. Wobu ade a wonnya yi sɛ nea ebetumi asiw Anigye Beae a obi bɛkɔ wɔ ne wu akyi no kwan.”
Mmabarima ho hia nso na wɔakɔ so ayɛ nananom wɔawuwu a wɔsom wɔn mu amanne anaa sraddha no. A. L. Basham kyerɛw wɔ The Wonder That Was India no mu sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, ɛkame ayɛ sɛ ɔbabarima biako pɛ ho hia. Abusua ho nkate a emu yɛ den a Hindu Indiafo wɔ no ma sɛnea wɔpɛ mmabarima no yɛ kɛse, na sɛ wonni hɔ a anato no bɛyera.”
Nyamesom mu gyidi horow akyi no, amammerɛ mu adeyɛ bi a ɛma wɔpɛ mmabarima no ne Indiafo biakoyɛ, anaa abusuatenbɔ nhyehyɛe a emu no, mmabarima a wɔaware kɔ so ne wɔn awofo tra no. Oduruyɛfo Lalita S. Chopra a ɔwɔ Bombay Municipal Corporation Health and Family Welfare Division no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mmabea wareware na wɔkɔtra wɔn nsenom fie, nanso mmabarima no ne wɔn awofo tra; na awofo no hwɛ kwan sɛ wɔ wɔn mpanyinyɛ bere mu no wɔn mmabarima no bɛhwɛ wɔn. Eyi ne wɔn ahobammɔ. Sɛ awofo wɔ mmabarima baanu a wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Ɛnde, ɛda adi sɛ, sɛ awarefo bi wo abien a wɔahyɛ ho nyansa no na mmofra no nyinaa yɛ mmea a, ɔkwan biara so wɔbɛkɔ so abɔ mmɔden sɛ wobenya ɔbabarima.”
Ɛwom sɛ wobu mmofra nyinaa sɛ Onyankopɔn akyɛde de, nanso da biara da asetra mu nokwasɛm ahorow no nkyerɛ saa. Indian Express bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛda adi sɛ wobu ani gu mmeawa so wɔ aduruyɛ mu. Wommu kɔ a wɔbɛkɔ so atra ase no sɛ ɛho hia ankasa ma abusua no tra a ɛbɛkɔ so atra ase.” Amanneɛbɔ no ka nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Bombay ho asɛm sɛ na nkokoaa a wɔda so nyinsɛn wɔn 8,000 a wɔhwɛɛ wɔn bɔbeasu nti woyii wɔn gui no mu 7,999 yɛ mmea.
Ɔko a Emu Yɛ Den
Oduruyɛfo S. S. Sabnis a ɔyɛ oduruyɛfo panyin wɔ Bombay Municipal Corporation no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ nsɛm bi a wobisabisaa no no mu sɛ: “Wɔ abusua no mu no, ɔbarima no titiriw na osi mma dodow a ɛsɛ sɛ wɔwo ne abusua no kɛse ho gyinae.” Sɛ ɔbea bi pɛ sɛ ɔtetew n’awo ntam anaa ɔmpɛ sɛ ɔwo pii mpo a, ne kunu a ebia ɔne no rennyɛ adwene no hyɛ no. “Eyi nti na yɛresoma mmarima ne mmea akuw horow akɔ adangow no mu ofi biara mu a yɛwɔ anidaso sɛ oduruyɛfo a ɔyɛ ɔbarima no betumi ne agya a ɔwɔ fie hɔ no akasa na wahyɛ no nkuran sɛ ɔnto abusua no kɛse ano hye, na waboa no ma wahu sɛ mmofra no nyɛ pii a, obetumi ahwɛ wɔn yiye.” Nanso sɛnea yɛahu no, akwanside no dɔɔso.
Oduruyɛfo Sabnis se: “Wɔ ahiafo mu no, mmofra wuwu pii esiane ohia a ɛwɔ wɔn asetra mu nti. Enti ɔkwan biara so no ɔpɛ a ɛne sɛ wɔbɛwo pii no wɔ hɔ efisɛ wonim sɛ ebi bewu.” Nanso wɔnhwɛ mmofra no ahe biara. Wokyinkyin kwa srɛsrɛ ade anaasɛ ebia wɔtase sumina so nnuan. Na awofo no nso ɛ? Oduruyɛfo Sabnis bɔ abubuw sɛ: “Wonnim beae a wɔn mma no wɔ.”
Wɔde awarefo a wodi yiye ne wɔn mma, a wɔtaa yɛ abarimaa ne abeawa a ɛda adi sɛ wɔhwɛ wɔn yiye na ɛyɛ adetɔn ho dawurubɔ mu mfonini wɔ India. Ɛyɛ saa nnipa yi—kuw a wɔnyɛ ahiafo pii yi—mu na wogye mmofra abien awo ho adwene no tom yiye. Nanso eyi nni ahiafo adwene mu koraa, wɔn a wose wɔn ho sɛ ‘Sɛ yɛn awofo anaa yɛn nananom woo 10 ne 12 a, dɛn nti na yentumi nwo saa? Dɛn nti na abien pɛ na ɛsɛ sɛ yɛwo?’ Ɛha, wɔ Indiafo mu dodow no ara a wodi hia no mu na nnipa a wɔto wɔn dodow ano hye ho ɔko no mu yɛ den. Oduruyɛfo Chopra se: “Mprempren nnipa no nnyinii na wɔaso awo. Ɛte sɛ nea yɛredi nkogu. Yɛwɔ adwuma kɛse da yɛn anim.”