Bible No Adwene
Aware anaasɛ Mpenaware—Emu Nea Ɛwɔ He?
“BERE bɛn na yɛbɛware?” Bɛyɛ mfe 35 pɛ a atwam no, na nnipa baanu a wɔanya ɔdɔ ama wɔn ho wɔn ho na wɔahyehyɛ aware na wosusuw asemmisa yi ho. Nanso, ɛnnɛ nnipa baanu a wɔware mpenaware dedaw no na wobebisa asɛm yi. Mmere asesa na saa ara nso na su a nkurɔfo wɔ wɔ aware ho no asesa. Nea ɛwɔ he na eye: Sɛ wobɛware, anaasɛ wo ne onipa a wopɛ no no bɛtwe mpena?
Nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ mpenaware ne nea aba so wɔ Brazil, France, Sweden, United States, ne aman afoforo pii mu. Ebia ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nnɛyi abrabɔ, nanso ɛnyɛ ade foforo. Nea ɛyɛ ade foforo ne sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ ho. Nea bere bi wobuu no sɛ ɛyɛ bɔne no, mprempren pii pene so anaasɛ wɔka sɛ eye koraa.
Mpenaware—So Mfaso Horow Wom?
Nnipa binom ka sɛ ntease wɔ mpenatwe nhyehyɛe no mu, efisɛ ɛma nnipa baanu no hu wɔn ho wɔn ho yiye ansa na wɔde wɔn ho ahyɛ aware a ɛtra hɔ daa mu. Mfaso afoforo a ebinom ka sɛ ɛwom ne sɛ ɛsiane sɛ nnipa baanu no te dan biako mu nti wɔmmɔ dan akatua ho ka pii; ɛma wɔde wɔn ho fi wɔn awofo ho; ɛma wonya ayɔnkofa a wohia a ɔbarima ne ɔbea nna ka ho. Mpanyimfo a wɔtwe mpena ka sɛ ɛnam mpena a wɔtwe so no, wonya sika a aban tua mpanyimfo no nyinaa.
Nanso, ade biako a ɛkyerɛ sɛ mpenaware nnye ne sɛ: Wɔn mu biara betumi agyae bere biara a ɔpɛ. Nokwarem no, Franse atesɛm krataa Le Monde bɔ amanneɛ sɛ wɔ Sweden ne Norway no, mpenaware no fã nni mfe abien, na efi ɔha biara mu nkyem 60 kosi 80 gu wɔ nea ennu mfe anum bere mu.
Aware—Ɔkwan a Eye Kyɛn So
Wɔn a wɔpene mpenaware so no frɛ aware ho adanse krataa no sɛ “krataa sin” ara kwa, biribi a ɛso nni mfaso. Su yi da adi nso wɔ TV ne sini ahorow mu, ne afei nnipa a wɔagye din asetra mu. Enti, afei ma yensusuw saa “krataa sin” no so mfaso ankasa no ho.
Sɛ wo ne obi hyehyɛ adwuma anaa sɛ wotɔ asase anaasɛ wobɔ obi bosea a, dɛn nti na woyɛ so nhoma na wode kɔ aban mu mpo? Ade biako ne sɛ mo baanu nyinaa ahyɛ bɔ na eye ma mo sɛ mobɛyɛ so nhoma. Sɛ nhwɛso no, sɛ obiako wu, ɔyera, anaasɛ ne werɛ mpo fi a, nhyehyɛe no bɛkɔ so ayɛ adwuma. Saa ara na ɛte wɔ aware ho. Wɔ aman pii mu no, sɛ wɔn mu biako anaa wɔn nyinaa wu a, wɔyɛ nhyehyɛe bi ma abusua no mufo a wɔaka no. Wɔntaa nhu eyi wɔ mpenaware nhyehyɛe no mu. Bɔ a wɔhyɛ no ne nsonsonoe a ɛda mpenaware ne aware ntam no. Na aware ho tumi krataa no kae nnipa baanu no sɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛkyerɛ ɔdɔ, nidi ne obu ama wɔn ho wɔn ho ne nea aware no mu ntanka no kyerɛ wɔ mmara mu no.
Ɔbea warefo bi ka ho asɛm sɛ: “Ebia wɔbɛka sɛ m’ani mmuei ɛ, nanso aware mu bɔhyɛ no ma mete ahobammɔ nka.” Ɔka nea Onyankopɔn kae bere a ɔkaa nnipa baanu a wodi kan no bɔɔ mu wɔ aware mu no: “Ne saa nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.”a (Genesis 2:24) Koroyɛ soronko! Enti, “ɔhonam koro” no tumi ba wɔ mmara kwan so nkwa nna nyinaa abusuabɔ titiriw a edi mũ nkutoo mu—baabiara nni hɔ bio.
Nanso nnipa bi ka sɛ wonim mpenafo a wɔn abusuabɔ no mu yɛ den.
“Wɔnware”
Bible no de nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔtwe mpena no mu ntease a ɛkyɛn so ma. Hebrifo 13:4 ka sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” Bible no ka no tiawa ma emu da hɔ sɛ, mpenatwe yɛ aguamammɔ. Dɛn koraa ne “aguamammɔ”? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɔdesani ɔbarima ne ɔbea nna a esi wɔ ɔbarima ne obi a ɔnyɛ ne yere ntam.” Nea ɛbɛyɛ na yɛanya ahonim pa no, ɛsɛ sɛ yedi Bible mu afotu yi akyi: ‘Onyankopɔn pɛ ne sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu.’—1 Tesalonikafo 4: 3.
Nanso sɛ obi ntumi nhyɛ ne nna ho nkate so nso ɛ? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware; na aware ye sen ɔhyew.” Ne bio: “Na sɛ obi susuw sɛ enye mma ne baabun a, . . . wɔnware.” (1 Korintofo 7:9, 36) Hyɛ no nsow sɛ Paulo anka sɛ ‘wɔnyɛ nea wɔpɛ na wɔmmom ntra ase’ na mmom, “Wɔnware.”
Ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wobu aware sɛ nea wɔde dwudwo nna ho akɔnnɔ ano kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ nnipa baanu no hu wɔn ho wɔn ho yiye ansa na wɔaware. Nanso sɛ woantwe mpena a wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Nantew a edi aware anim a nidi wom ma wonya hokwan yɛ saa. Ɛsɛ sɛ wuhu nea wohwɛ kwan wɔ aware ne wo hokafo no ho. Dɛn ne wo honam, nkate, ne honhom fam ahiade ahorow? So onipa a wopɛ sɛ woware no no betumi aboa wo ma woadi ho dwuma?—Mateo 5:3.
Bere a woasusuw nea ɛwɔ atifi hɔ no ho akyi no, akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛ akwan abien—mpenatwe anaa aware no mu no—nea edi akyiri no na eye kyɛn so. Awarefo baanu nte afɔbu nka na wonsuro, na nnamfo ne abusuafo wɔ obu ma wɔn. Wɔn mma renni nkate mu yaw sɛ wɔyɛ mpena mma. Na nea ehia sen biara no, esiane sɛ nnipa baanu no kyerɛ obu ma Onyankopɔn aware ho nhyehyɛe no nti, wɔsɔ n’ani.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hebri asɛmfua da·vaqʹ (“bata”) “no kyerɛ obi ho a wɔbata ne nokwaredi mu.” (Theologival Wordbook of the Old Testament) Hela mu no efi asɛmfua a ɛkyerɛ “sɛ wɔde bɛfam ho,” “sɛ wɔbɛtare,” “sɛ wɔbɛka aom denneennnen” mu.
[Kratafa 23 mfonini]
Afeha a ɛto so 16 ayeforohyia
[Asɛm Fibea]
Peasant Wedding, a Pieter Bruegel the Elder, afeha a ɛtɔ so 16 kyerɛwee. Kunsthistorisches Museum, Vienna, na wɔmaa hokwan