Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Afoforo Abu Me?
“Ɛtɔ mmere bi na worekasa akyerɛ ɔpanyin a, ɛte sɛ nea wokasa kyerɛ ɔfasu.”—Paul.
“Sɛ mpanyimfo nnye wo nni a ɛyɛ yaw.”—Matt.
“M’awofo bu wɔn ani gu me so anaasɛ wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔretie me, nanso wɔnyɛ saa. Wobɛkasa pii na wubisa sɛ, ‘Wotee nea mekae no?’ a, na wɔabua sɛ, ‘Yiw.’ Nokwarem no wonnim nea wokae no.”—Paula.
OBU—dɛn nti na ɛyɛ den sɛ wubenya afoforo ma wɔabu wo kakraa bi mpo? Wopɛ sɛ wɔte wo nka, na wogye wo nsɛm tom. Enti sɛ mpanyimfo—titiriw no w’awofo—ne atipɛnfo bu wɔn ani gu wo so, wɔnkyerɛ obu mma wo nkate ahorow, wobu wo animtiaa, anaasɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛyɛ yaw ankasa.
Ɛyɛ awosu mu ade sɛ wobɛhwehwɛ sɛ afoforo bebu wo. Bible no ankasa hyɛ yɛn nkuran na yɛanya “ɔdom ne nimdeɛ pa, Onyankopɔn ne nnipa anim.” (Mmebusɛm 3:4) Mmofra a na wosuro Onyankopɔn wɔ Bible mmere mu no yɛɛ saa. Sɛ nhwɛso no, aberantewa bi a na wɔfrɛ no Timoteo nyaa hokwan kaa ɔsomafo Paulo ho wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu ahorow no mu. Dɛn ntia? “Na anuanom . . . no bɔ no din pa,” efisɛ na wobu no. (Asomafo no Nnwuma 16:1, 2) Ɛne Yesu ankasa, a bere a ɔyɛ abofra no, onyinii wɔ “nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu” no.—Luka 2:52.
Ampa, wonyɛ Yesu. Na woyɛ abofra a ɛyɛ den sɛ afoforo bebu wo. Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, Bible no kyerɛ sɛ mmofra ‘nnim de’ na wɔwɔ ahoɔden mmoroso; nimdeɛ ne nyansa ba bere a obi anyin. (Mmebusɛm 1:4; 20:29; Hiob 32:6, 7) Enti, nnipa ntaa mmu mmofra sɛnea wobu mpanyimfo no. So ɛyɛ nsisi? Ebia. Nanso ɛyɛ asetram nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wuhyia. Afei nso, mmofra pii anya dimmɔne. Enti, mpanyimfo binom di mfomso susuw sɛ mmofra nyinaa yɛ “atuatewfo,” “anihafo,” anaasɛ “wɔagyimi.”
Wɔ aman bi so no, amammerɛ, atetesɛm, ne asetram nsakrae a ɛba ntɛmntɛm ama mmofra ntumi nka wɔn ho nkɔ mpanyimfo ho. Sɛ nhwɛso no wɔ Afrika no, mmofra pii wɔ nhomasua mu ntetee sen wɔn awofo. Afei nso, ebetumi aba sɛ bere nyinaa wɔne wɔn mpanyimfo a atetesɛm na ɛkyerɛ wɔn kwan no adwene nhyia. Mpanyimfo bo taa fuw wɔ nea wosusuw sɛ ɛnkyerɛ obu anaasɛ ɛyɛ atuatew mpo wɔ mmofra fam no ho.
Ɛmfa ho sɛ tebea bɛn ara na wowɔ mu no, ebegye ade a wubedi kan ayɛ ne mmɔdenbɔ kɛse ankasa na afoforo abu wo. Nanso wubetumi ayɛ.
Biribi a Ɛsɛ Sɛ Wunya
Nea edi kan no, hu sɛ obu nyɛ biribi a wobetumi de ama wo kɛkɛ esiane sɛ wopɛ nti, na wuntumi nhyɛ obi sɛ ommu wo. Obu yɛ ade a sɛ wofata a, na wunya. Bible mmere mu no na ɔbarima Hiob kuromfo bu no yiye. Hiob kae sɛ: “Mmerante hu me pɛ a na wɔama me kwan, na nkwakoraa sɔre gyinagyina de obu ma me.” Nanso, ɛda adi sɛ Hiob yɛɛ ade a ɛma ɔfata maa obu a ɛte saa. Hiob kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obiara a ohuu me anaasɛ ɔtee me ho asɛm no kaa nea mayɛ ho asɛm pa.” Yiw, na Hiob agye din sɛ obi a ɔbɔ ɔbra pa.—Hiob 29:7-17, Today’s English Version.
Edin bɛn na woanya ama wo ho? So wode afotu a wɔde maa Timoteo no adi dwuma? Paulo kae sɛ: “Mma obi mmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.” (1 Timoteo 4:12) Wo nso wubetumi ayɛ nhwɛso a ɛbɛma woanya obu. Onyankopɔn Asɛm a wubesua no bɛma woatumi ayɛ saa. Odwontofo no kae sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! . . . Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene. Mihu ade mu mesen mpanyimfo, na mehwɛ wo nsiesiei midi so.”—Dwom 119:97, 99, 100.
Sɛ wunya saa honhom mu nhumu no a, akyinnye biara nni ho sɛ mfɛfo Kristofo bebu wo. Nanso, hyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ ‘wudi’ Bible mu afotu so anaasɛ wode di dwuma nso. Afrikani aberante bi a wɔfrɛ no Charles faa Bible mu ahyɛde a ɛne sɛ “monyɛ asuafo” no aniberesɛm na ɔbɛyɛɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo bere a na wadi mfe 16 ma ɔsomee wɔ Watch Tower Society bãã dwumadibea no biako. (Mateo 28:19, 20) Ne nokwaredi nhwɛso wɔ kasa mu no ma afoforo bu no na ɛma n’ani gye. Ose: “Ɔsom yi mu tra yɛ anigye ankasa. Nnipa a wosuro Onyankopɔn a wɔwɔ osuahu pii a me ne wɔn bom yɛ adwuma no ahyɛ me den ankasa. Ɛyɛ anigye a enni kabea.”
Nea Wobɛyɛ Ma Afoforo Abu Wo
Ɔkwan foforo a ɛho hia a wobɛfa so anya obu nso ne sɛ wobɛyɛ nhwɛso wɔ abrabɔ mu, Afrikani Ɔdansefo ababaa bi a wɔfrɛ no Salome ka ne mmofraase asɛm sɛ: “Mannyɛ nea obiara yɛ no bi. Mmom no, meyeree me ho kuraa Kristofo nnyinasosɛm mu bere nyinaa. Mebɔɔ mmɔden sɛ m’anim bɛyɛ duru, ada ɔpɔw adi, na makyerɛ obu ama afoforo—mmofra mpo.” Ampa, ebia wɔbɛserew wo adi wo ho fɛw sɛ ɛsono wo. (1 Petro 4:4) Nanso te sɛ nea ɛte wɔ Salome asɛm no mu no, afoforo de amemenemfe bɛkyerɛ obu ama wo.
Hyɛ no nsow nso sɛ, Salome bɔɔ mmɔden sɛ obebu afoforo. Obu na ɛde obu ba. Enti Romafo 12:10 se: “Munni kan nnidi mo ho ni.” Atorodi ne nokware a wɔkyea no, fɛwdi bɔne, afoforo a wodi wɔn ho fɛw, nhyɛso anaasɛ nsisi—eyinom nyɛ akwan a wɔnam so di afoforo ni. Awiei koraa no, ɛsɛe obu kakraa a afoforo wɔ ma wo no.
Ɛho hia titiriw sɛ yɛbɛkyerɛ nidi ne obu ama wɔn a wokura tumi. (1 Petro 2:17) Sɛ nhwɛso no, bere bi polisini bi kae sɛ: “Ɛnnɛ mmofra ntaa nka sɛ ‘Owura.’” Wubu wɔn a wokura tumi dɛn—akyerɛkyerɛfo, polisifo, sukuu mu mpanyimfo? Sɛ wonim wo sɛ wokyerɛ obu ma wɔn a wokura tumi a, akyinnye biara nni ho sɛ saafo no nso bɛkyerɛ obu ama wo.—Fa toto Mateo 7:2 ho.
Mpanyimfo a Wubebu Wɔn
Wɔ amammerɛ binom mu no, nneyɛe bi a atra hɔ bere tenten wɔ hɔ a wɔhwɛ kwan sɛ mmofra bedi so. Sɛ nhwɛso no wɔ Ghana no, mpanyimfo pii kyi mmofra a wɔne wɔn kasa na wɔn nsa hyehyɛ wɔn kotoku mu anaasɛ wɔde wɔn nsa benkum sisi nsɛm so. Asetram nneyɛe a wobu sɛ ɛno na ɛfata a ɛte saa no bɛyɛ Atɔe Famfo nwonwa ne nea atwam wɔ Afrikafo mmofra binom mpo ani so, nanso Kristofo nkyi. Nokwarem no, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkwati afoforo a yɛbɛhyɛ wɔn abufuw a ɛho nhia no.—2 Korintofo 6:3.
Ghanafo bɛ bi ka sɛ: “Abofra bɔ nwaw na ɔmmɔ akyekyere.” Wɔ ɔkwan foforo so no, nneɛma bi wɔ hɔ a mpanyimfo na wɔyɛ, ɛnyɛ mmofra. Eyi bɛyɛ sɛ nsisi ne animtiaabu wɔ w’ani so. Nanso, obiara a ogye mpanyimfo tumi de sɔre tia amammerɛ no, wobebu no sɛ n’ani nsɔ ade. Sɛ wuhu w’afã sɛ abofra na wusua sɛnea wɔtra mu a, afoforo benya obu ama wo.
Bible no ka wɔ Leviticus 19:32 sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene [Yehowa].” Sɛ wote trɔtrɔ mu a, so wufi wo pɛ mu sɔre de w’agua ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no? Sɛ worebɔ nkɔmmɔ a, so wohwɛ wo kasa yiye? So wutie asɛm no wɔ obu kwan so?
Obu a Wubenya wɔ Wo Gyidi Horow Ho
Nanso, sɛ esiane wo nyamesom mu gyidi horow nti afoforo mmu wo nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo mmofra akyerɛkyerɛfo ne atipɛnfo taa hyɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔman ho dɔ guasodeyɛ ne nyamesom mu nneyɛe a ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia mu. Esiane sɛ afoforo nte nea enti a Adansefo mmofra no apaw akokoduru gyinabea a ɛte saa no ase nti, wotumi bu wɔn gyidi horow no animtiaa. Wotumi tan Adansefo mmofra no mpo.
Nanso, susuw sɛnea Afrikani abofra bi a yɛbɛfrɛ no Kwasi yɛɛ n’ade ho. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mantoto sukuu mu, na mede me ho hyɛɛ dwumadi ahorow a entia m’ahonim no mu. Na nea ehia sen biara no, mfiase pɛɛ na mema wohui sɛ meyɛ Yehowa Ɔdansefo.” Kwasi nokwaredi, animduru, ne nnyinasosɛm a okura mu pintinn no ma akyerɛkyerɛfo ne asuafo nyinaa pɛɛ n’asɛm. Ɔde ka ho sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ me gyinabea mu—bere bi wɔ sukuu panyin no ne akyerɛkyerɛfo no nyinaa anim—nanso na wɔkyerɛ obu ma nea meka no bere nyinaa.”
Yiw, yɛ w’ade wɔ ɔkwan a ɛbɛma afoforo abu wo so. Bere a ɛnyɛ sɛ wode wo gyidi rehyɛ afoforo no, ‘siesie wo ho daa sɛ wobɛkyerɛkyerɛ obiara a obisa wo anidaso a ɛwɔ wo mu no ase, wɔ odwo ne [obu kɛse] mu.’ (1 Petro 3:15) Kwati sɛ wobɛyɛ w’ade wɔ ɔkwan a ɛbɛma ‘wɔaka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne’ so. (Tito 2:5) Nea ɛka ɛno ho ne sɛ wobɛkwati ntade ne ahosiesie a ɛmfata ne ahofadi anaasɛ atuatew su horow.
Nokwarem no, Bible no hyɛ wo nkuran sɛ ‘ma w’ani nnye wo mmofra bere mu,’ na obiara nhwɛ kwan sɛ yɛ w’ade sɛ obi a wadi mfe 50. (Ɔsɛnkafo 11:9) Nanso sɛ woyɛ nhwɛso wɔ wo kasa ne abrabɔ mu a, afoforo bebu wo na wɔanya wo mu ahotoso.
[Kratafa 19 mfonini]
Obi a ne mfe akɔ anim adesoa a wubegye asoa no yɛ ɔkwan titiriw biako a wobɛfa so anya obu