Asetra Atirimpɔw Ankasa No
FA NO sɛ wakɔ w’adamfo bi adwumayɛbea. Mprempren yi ara na wawie adwuma bi, na w’ani gye ho. Ade no yɛ fɛ na ne yɛbea yɛ anigye. Nanso woyɛ dɛn ara a, wuntumi nhu nea wɔde bɛyɛ. Wobɛyɛ dɛn ahu? Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wubisa w’adamfo no, na akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye ho sɛ ɔbɛkyerɛ wo.
Enti yɛbɛyɛ dɛn ahu atirimpɔw a ɛwɔ asetram? Wiɛ, dɛn nti na yemmisa Onyankopɔn a ɔyɛ “nkwa nsu ti no”? (Dwom 36:9) Ɔkwan bɛn so na wobɛyɛ saa? Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, ɔnam Bible no so akasa akyerɛ yɛn. Wama gyidifo bi akyerɛw ne nsusuwii horow ato hɔ wɔ ɔkwan a yebetumi ate ase so. Nokwarem, wobetumi de nsɛm kakraa bi aka asetram atirimpɔw ho asɛm: Nea enti a yɛwɔ ha ne sɛ yebesua Onyankopɔn ho ade na yɛayɛ n’apɛde. Bible no se: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.
So ɛte sɛ nea ne yɛ nyɛ den koraa? Wiɛ, ɛnte saa. Ɛha a yɛwɔ sɛ yebesua Onyankopɔn ho ade na yɛayɛ n’apɛde no kyerɛ nneɛma atitiriw a emu dɔ.
Onyankopɔn Mfitiase Atirimpɔw
Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛate asetram atirimpɔw no ase yiye. Ɛbɛkyerɛkyerɛ nea enti a nneɛma a wɔabobɔ din wɔ asɛm a edii eyi anim no mu no ma nnipa pii asetra nya atirimpɔw nnɛ no mu.
Bible mu amanneɛbɔ a ɛfa onipa bɔ ho no se: “Na Onyankopɔn kae sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso.” (Genesis 1:26) Enti, wɔyɛɛ adesamma sɛ wɔn a wobetumi asɛ Onyankopɔn, a wɔwɔ su atitiriw a ɔwɔ no bi a nyansa, tumi, trenee, ne ɔdɔ ka ho. Enti so afei ɛyɛ nwonwa sɛ, sɛ ebinom sua nneɛma afoforo anaasɛ wɔde wɔn ho hyɛ dwumadi ahorow a ɛyɛ den ma wɔn adwene anaa nipadua mu ahoɔden yɛ mu a wɔn asetra yɛ nea atirimpɔw wom? Na so ɛyɛ nwonwa sɛ boa a nnipa pii boa afoforo no ma wɔn asetra yɛ nea ɛwɔ atirimpɔw? Ɛnyɛ nwonwa koraa. Eyinom ka nea enti a wɔbɔɔ yɛn no ho.
Bible mu kyerɛwtohɔ no kɔ so ka sɛ wɔde asase so nneɛma a nkwa wom nyinaa sohwɛ hyɛɛ adesamma nsa—“po mu mpataa ne wim nnommaa . . . ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa.” (Genesis 1:26) Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nnɛ mpo no, nnipa pii ani gye ho sɛ mmoa bɛtra na wɔne wɔn adi agoru. Ebinom te nka sɛ mmoa no ho asɛyɛde da wɔn so araa ma wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn a wɔn ase regu no ho ban, anaasɛ wɔkasa tia mmoa a wɔyɛ wɔn ayayade bere a enhia no.
Wɔhyɛɛ adesamma nso sɛ ‘wɔnhyɛ asase no so.’ (Genesis 1:28) Na eyi kyerɛ dɛn? Nokwarem no na ɛnyɛ sɛ nnipa de pɛsɛmenkominya ne anibiannaso bɛfow asase so nneɛma kosi sɛ ɛso nneɛma pa no nyinaa bɛsa, na wɔasɛe ɛso wim tebea, na wɔde wura agu ne po ne ne mmeae ahorow. Mmom no, Onyankopɔn yɛɛ asase a wɔbɛhyɛ so no ho nhwɛso maa yɛn bere a ɔyɛɛ “turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no no traa hɔ” no. (Genesis 2:8) Na Eden turo yi yɛ sɛnea asase no bɛyɛ ho nhwɛso. Ɛdaa Onyankopɔn atirimpɔw ma yɛn okyinsoroma yi adi.
Bible kyerɛwtohɔ no kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na Onyankopɔn hyiraa wɔn [ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no] na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma na monhyɛ so.” (Genesis 1:28) Na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ adesamma wo mma na wɔhyɛ asase no so ma. Ɔkaa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no bɔɔ mu, na ɔyɛɛ ayeforo a edi kan koraa no. (Genesis 2:22-24) Ɛnyɛ nwonwa sɛ aware ne abusua boa ma nnipa pii asetra yɛ nea atirimpɔw wom!
Nea Anka Asetra Bɛyɛ
Bere a yesua Bible no, yehu sɛ Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ anka Adam abusua no bɛyɛ kɛse na ɔne ne mma no atrɛw Eden turo no mu kosi sɛ nnipa bɛyɛ asase mũ no nyinaa so ma. Anka asase a wɔahyɛ so no bɛyɛ paradise. Ampa, anka onipa de asase so nnepa no bedi dwuma na n’ankasa anya mfaso. Nanso anka ɔbɛyɛ eyi wɔ ɔkwampa so. Na ɛsɛ sɛ onipa yɛ asase no hwɛfo, ɛnyɛ ne sɛefo. Asase no a wɔsɛe no nnɛ a yehu no tia Onyankopɔn apɛde, na wɔn a wonya mu kyɛfa no reyɛ nea ɛne asetra atirimpɔw nhyia.—Adiyisɛm 11:18.
Yesua biribi foforo nso wɔ Bible mfitiase kyerɛwtohɔ no mu, na ɛne sɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa bewu. Yɛn awofo a wodi kan no wuwui efisɛ wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. (Genesis 2:16, 17) Bere a wɔyɛɛ asoɔden no, wɔanni asetra atirimpɔw no ho dwuma bio—na wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde bio. Enti ɛnyɛ sɛ wowuwui nko na mmom wɔn asefo nyinaa abɛhyɛ owu ase efisɛ wɔanya sintɔ afi wɔn nkyɛn. (Romafo 5:12) Nanso, mfitiase no na anka ɛsɛ adesamma tra ase daa, ɛnyɛ sɛ wobewu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nti na susuw a nnipa pii susuw owu a ebetwa wɔn asetram adwuma so ho no ma wɔn aba mu bu no.
Onyankopɔn Atirimpɔw a Wɔbɛma Abam
Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma ne asase yi nsakrae ɛ. Ɛda so ara yɛ n’atirimpɔw sɛ adesamma abusua a wɔyɛ pɛ bɛtra paradise asase bi so. Nanso ɛho ahia sɛ ɔyɛ nhyehyɛe ahorow a ɔnam so bedi awerɛhow nkɛntɛnso a yɛn awofo a wodi kan no huammɔdi de bae no so nkonim. Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ nnɛ no hwehwɛ sɛ wɔyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn nhyehyɛe ahorow yi nyinaa ahyia. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Bible no ka sɛnea n’atirimpɔw no kɔ so nya mmamu no ho asɛm.
Yɛkenkan wɔ Bible mu nhoma a edi kan no mu sɛ Onyankopɔn kaa “aseni” bi a obesiesie nea Adam ne Hawa a wɔantumi anyɛ N’apɛdeno sɛee no no. (Genesis 3:15) Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (Apam Foforo no) mu no, yɛkenkan Yesu Kristo a ɔbae sɛ saa “aseni” no, ne nkwa a ɛyɛ pɛ ne ne wu wɔ n’atamfo nsam no ho asɛm. Nokwarem no na Yesu wu no yɛ afɔre a yɛn nti wɔbɔ de buee kwan maa yɛn na yɛanya daa nkwa a Adam ne Hawa hweree no bio. (Hebrifo 7:26; 9:28) Yiw, Bible no se: “Obiara a ogye no di no [renyera na obenya] daa nkwa.”—Yohane 3:16.
Pii ka ho. Wɔ Yesu wu akyi no, wonyanee no sɛ honhom abɔde a onwu da a ɔredi Onyankopɔn soro Ahenni no so hene. Ɛrenkyɛ saa Ahenni no de wiase foforo abusua bi a wobedi adesamma ho nsɛm ho dwuma besi mprempren asase so nniso horow ananmu. Bible nkɔmhyɛ bi hyɛ bɔ sɛ: “Wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo . . . na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.
Ɛno akyi no, Ahenni yi bɛhwɛ dwumadi a ɛyɛ anigye a ɛne Paradise a wɔbɛma aba asase so no ne adesamma a wɔbɛtete wɔn ma wɔadu pɛyɛ mu no so. Bible no ka awufo a wobenyan wɔn na wɔn nso wɔanya Onyankopɔn atirimpɔw a ɛkyɛn so ma adesamma no mmamu mu kyɛfa bi no mpo ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Ɛno na bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi bɛba mu: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:11, 29.
Emu Mfaso a Yɛn Ankasa Benya
Sɛ yɛn ankasa benya Onyankopɔn atirimpɔw a ɛkyɛn so ma asase no mu mfaso a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn. Yesu Kristo kae sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Sɛ yɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, abɔde, a ɔsoro a nsoromma wɔ hɔ pii no ka ho no a, yehu Onyankopɔn ho biribi. (Dwom 19:1) Nanso, ne titiriw no, yesua Onyankopɔn—ne afei ne Ba Yesu Kristo—ho ade denam Bible no so. Yesua ne din ne ne su ahorow, na yehu nea Onyankopɔn ayɛ ama adesamma no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri. Nimdeɛ a ɛte saa no ma yɛdɔ no kɛse na ɛma yɛbɛn ɔne ne Ba no paa.
Onyankopɔn a yehu no no ma yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. Ebia na yɛabɔ mpae sɛneaYesu hyɛe no: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Asetram atirimpɔw ankasa—nea ɛde nokware akomatɔyam ba no—ne sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn apɛde yi ahyia.
Nanso, dɛn na Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ no kyerɛ? Wɔ Adam ne Hawa fam no, na nea ɛhwehwɛ ne sɛ wɔbɛhwɛ mmoadoma no na wɔahyɛ asase no so de wɔn asefo a wɔyɛ pɛ ahyɛ so ma. Sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde nnɛ a, ɛsɛ sɛ yesua Yesu ogye afɔre no ho ade na yɛkyerɛ mu gyidi. Na ɛsɛ sɛ yedi Yesu nhwɛso akyi denam afoforo a yɛbɛka ‘Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa akyerɛ wɔn’ no so.—Mateo 24:14.
Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ no nso hwehwɛ sɛ yenya suban pa. Enti ɛte sɛ yehu nneɛma a Onyankopɔn kyi—te sɛ atorodi, korɔnbɔ, ntwiri, abufuhyew—na yɛpow. Yesua su ahorow a Onyankopɔn pɛ—te sɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, ayamye, ne papayɛ—na Onyankopɔn honhom boa yɛn ma yenya bi. (Galatifo 5:19-24) Sɛ yebenya daa nkwa a, ehia sɛ yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn bɛpɛ sɛ wɔtra ase daa. Nokwarem no, Onyankopɔn a yebesua ne ho ade na yɛayɛ n’apɛde no bɛma yɛn asetra anya atirimpɔw asen sɛnea biribi foforo biara betumi ayɛ!
Nsonsonoe a Ɛwom
Wiase no mu nnipa ɔpepem pii asetra di adanse sɛ asetram atirimpɔw ankasa a yebehu no tumi nya yɛn so nkɛntɛnso titiriw bi. Susuw Wayne a ne yere a odi kan wu haw no yiye nhwɛso no ho. Ne sɔfo antumi ankyekye ne werɛ, nti Wayne de ne ho hyɛɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama adwuma bi mu yiye. Na ɔyɛ Amerika Asraafo panyin na na odi amammui akuw mu akoten. Afei ɔsan waree bio, nanso aware no yɛɛ basaa. Na ɔne ne yere no nni akwankyerɛ biara wɔ wɔn asetram.
Nanso, da koro Wayne faa Bible na ofii ase kenkanee. Ɔde asram abiɛsa wiee kan, na ɔka sɛ: “Afei mihui sɛ ɛha a yɛwɔ no wɔ atirimpɔw bi na owu akyi asetra bi ho anidaso wɔ hɔ.” Ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ nnipa a wodi Bible so na yɛde yɛn ho bɔ wɔn ho.” Ankyɛ na wohyiaa Yehowa Adansefo, na wɔne wɔn nkɔmmɔbɔ maa ɔpɛ a emu yɛ den a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no mu yɛɛ den. Wayne ne ne yere nyinaa hyiraa wɔn nkwa so maa Onyankopɔn na wɔn abusua asetra dii yiye kɛse.
Susan a ɔyɛ Presbyterian asɛmpatrɛwfo bi babea no pɛe sɛ ɔde n’asetra yɛ biribi a ɛbɛyɛ mmoa ankasa ama wiase no. Nuklea tumi mu asiane ahorow ho ɔkasa bi ma ohui sɛ eyi ho hia yiye. Enti ogyaee kolege na wanya kwan de ne bere nyinaa aka asɛnnennen no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Bere a odii mfe 21 no, ɔyɛɛ wɔn a wɔkasa tia nuklea kuw nhyiam bi so panyin. Akyiri yi Yehowa Adansefo kɔsraa no na wɔkyerɛɛ no nea Bible no ka, na bere tiaa bi mu na ohuu asetram atirimpɔw ankasa no. Bere a akyinnye biara nni ho sɛ sɛe a adesamma sɛe asase no da so haw no no, ohu sɛ Onyankopɔn nam n’Ahenni no so bedi nsɛnnennen yi nyinaa ho dwuma. Enti, ɔboa nkurɔfo na wɔanya ɛno mu gyidi.
Marielle de wiase mu nneɛma a ɔde begye n’ani no yɛɛ n’asetram atirimpɔw. Ɔde ne ho hyɛɛ adwumayɛ mu. Onyaa ‘nneɛma a aba so’ wɔ Los Angeles, California, U.S.A., a apontow ase kɔ ne nnubɔne a wɔde di dwuma ka ho nyinaa mu anigye. Nanso bere a ofii ase suaa Bible, na ohuu Onyankopɔn som no, ohuu sɛnea saa nneɛma no nyinaa so nni mfaso no. Ɔka sɛ afei n’asetra atu mpɔn yiye efisɛ ɛne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow hyia.
Wɔn a esiane sɛ wɔahu asetram atirimpɔw ankasa nti wɔn asetra atu mpɔn yiye no dodow kɔ so yɛ ɔhaha pii da biara. Ase a yɛbɛtra ma ɛne asetram nokware atirimpɔw no ahyia denam yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no apɛde a yɛbɛyɛ so no de nsakrae ba ampa. Ɛyɛ biribi a ebetumi ama w’asetra asakra koraa. Yɛto nsa frɛ w’ankasa sɛ hwehwɛ asɛm no mu. Sɛ woyɛ saa a, w’asetra bɛyɛ nea ɛwɔ atirimpɔw pii.
[Kratafa 9 mfonini]
Na Nkwamafo no wɔ atirimpɔw wɔ adesamma a ɔbɔɔ wɔn no mu
[Kratafa 10 mfonini]
Onyankopɔn werɛ mfii n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde adesamma abusua a ɛyɛ pɛ bɛhyɛ paradise asase so ma no