Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Akokoduru Ayɛ Soronko?
“Ɛtɔ da bi a atipɛnfo nhyɛso ma meyɛ biribi a mete nka sɛ enye, nanso esiane sɛ yɛ a merenyɛ no bɛma matom koraa nti, nea meka ara ne yiw.”—John.
“ATIPƐNFO nhyɛso ahyenhyɛn yɛn asetra afã horow nyinaa mu.” Saa na nhoma kyerɛwfo Lesley Jane Nonkin ka. Atipɛnfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wo sɛnea ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho. Wɔhyɛ sɛnea wonantew, wokasa, na woserɛn wo ti ho mmara ahorow. Wɔmma kwan sɛ yɛ nneɛma sɛnea wopɛ. Yɛ nea wɔyɛ no bi—anyɛ saa a, wɔbɛpow wo!
Nanso, Kristofo mmofra nyɛ nea afoforo yɛ ho nkoa. Esiane sɛ wodi ahyɛde a Yesu de ama wɔ Yohane 15:19 no so nti, wɔnyɛ abɔnefo ‘wiase no fã.’a Nanso, bere a wowɔ wiase na wonyɛ no fã no yɛ asɛnnennen. Ɛte sɛ nea wohare ɔkorow wɔ ɛpo a ahum kɛse bi wɔ so so. Wowɔ nsu no mu na nsu atwa wo ho ahyia, nanso nea ɛbɛyɛ na wɔakɔso atra ase no, wobɔ mmɔden biara sɛ woremma nsu biara mma ɔkorow a wote mu no mu! Saa ara na mmofra a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu bɔ mmɔden sɛ wɔremma wiase no nneyɛe bɔne mma wɔn asetra mu.
Nanso, eyi nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Susuw Japanni Ɔdansefo abofra bi a wɔfrɛ no Eiichiro ho. Hyɛ a wɔhyɛ obi sɛ ɔnyɛ nea afoforo pɛ no ano yɛ den wɔ saa ɔman no mu wɔ mmofra ne mpanyimfo mu. Eiichiro kae sɛ: “Wɔ sukuu no, na mentumi mfi ahonim mu mfa me ho nhyɛ ɔman no agyiraehyɛde ne nnwom ho guasodeyɛ ahorow mu. Afei nso, mansua ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi no, efisɛ na eyinom nyinaa ne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia.” (Hwɛ Exodus 20:4,5 ne Luka 4:8; Yesaia 2:4 ne Luka 10:27.) Eyi maa Eiichiro yɛɛ soronko—ebia aniwu kwan so—wɔ n’atipɛnfo mu.
Adansefo mmofra a wɔwɔ wiase nyinaa hyia tebea ahorow a ɛte saa ara. Abofra Kristoni bi se: “Nnapɔnnadi na ɛyɛ den sen biara.” Mmofra no nyinaa bisa sɛ, ‘Dɛn ade nti na wunni?’” Wɔ ababaa bi a onnii mfe aduonu fam no, asɛm a ɛyɛ den sen biara no ne sɛ “ebia ɔbɛyɛ nhyehyɛe ne mmarima afi adi.” Nea Kristoni abofra foforo nso nwiinwii wɔ ho nso ne fekubɔ ho nhyɛso. Ose: “Nkurɔfo bisa wo bere nyinaa sɛ, ‘Worenkɔ apontow no anaa?’” Wɔadi adansefo mmofra afoforo ho fɛw esiane sɛ wɔampene sɛ wɔbɛto sukuu mu anaasɛ wobewia wɔ sukuu sɔhwɛ mu nti. Enti, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu sɛ egye akokoduru kɛse na woatumi ayɛ soronko, na ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔte nka sɛ wɔwɔ saa akokoduru no.
Abofra bi kyerɛwee sɛ: “Menam asetra akwan abien so—biako wɔ sukuu na biako wɔ ofie. Wɔ sukuu no, me ne wiasefo mmofra bɔ. Nanso ɛkame ayɛ sɛ bere biara a wobue wɔn ano no, wɔka kasa fi, na mereyɛ ayɛ sɛ wɔn. Dɛn na menyɛ?” Mmuae no mu da hɔ: Hwehwɛ akokoduru a ɛbɛma woayɛ soronko! Nanso wɔ ɔkwan bɛn so?
Nokware Akokoduru Fibea
Akokoduru ne adwene anaa abrabɔ fam ahoɔden a wɔde gyina asiane, ehu, anaa asɛnnennen ano. Ɛnyɛ obiara na ɔwɔ bi, nanso wubetumi anya bi. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de.” (2 Timoteo 1:7) Yiw, Onyankopɔn betumi ama wo ahoɔden a wuhia na woagyina w’atipɛnfo anim.—Filipifo 4:13.
Nanso wobɛyɛ dɛn anya tumi yi? Ɔkwan biako ne sɛ wubebisa. Yesu hyɛɛ bɔ wɔ Yohane 16:24 sɛ: ‘Bisa na wubenya.’ Ne titiriw, bere a wuhyia sɔhwɛ a ɛbɛma woagyae nsɛm mu asiesie no, na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae. Abofra Kristoni bi se: “Mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma minnya m’adwene ne me koma so tumi.”
Mmofra Akokodurufo wɔ Kan Nna no Mu
Bible kyerɛwtohɔ a ɛka Onyankopɔn asomfo akokodurufo ho asɛm a wobɛkenkan, na woasusuw ho ne ɔkwan foforo a ɛbɛboa wo ma woanya akokoduru. Sɛ nhwɛso no, so wofɛre sɛ wobɛma afoforo ahu sɛ woyɛ Yehowa Adansefo mu biako? Ɛnde sua kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 2 Ahene 5:1-5 no. Ɛka sɛnea Israelni abeawa bi a wɔkyeree no sie a ɔdaa ne gyidi adi akokoduru so wɔ afoforo anim ho asɛm. Kyerɛwtohɔ foforo a ɛyɛ anigye nso ne nea ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 4:20 no. Ɛhɔ no asomafo no de akokoduru kasa kyerɛɛ asɔretiafo sɛ: “Yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” Saa kyerɛwtohɔ ahorow yi a wubesua no betumi ahyɛ wo den ma woakasa akokoduru so saa ara.
Asɛm foforo a ɛyɛ anigye ne Daniel ne ne yɔnkonom baasa a wonnii mfe aduonu a wɔne Sadrak, Mesak ne Abednego asɛm no. Na mmofra yi ka Yudafo mmofra atitiriw a wɔfaa wɔn nnommum de wɔn kɔɔ Babilon no ho. Na ɛwɔ Babilon hene adwene mu sɛ ɔbɛtete saa mmofra yi ama dibea ahorow a asɛyɛde wom wɔ nniso no mu. Nea ɛbɛboa wɔn ma wɔatra ase sɛ Babilonfo no, wɔsesaa wɔn Yudafo din ahorow no, na wɔkyerɛ wɔn Babilonfo kasa ne wɔn asetra kwan. Wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no kɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔagyae Yudafo nneyɛe denam “ɔhene nnuan” a wɔde bɛma wɔn ma wɔadi no so.—Daniel 1:7, 8.
Na Babilonfo no susuw sɛ saa nnuan no yɛ obi a onim nnuan a ɛyɛ dɛ akɔnnɔduan. Wɔ Yudafo a wosuro Onyankopɔn fam no, na Babilonfo nnuan no yɛ akyide wɔ ɔsom mu. Nanso mmofra a wɔfaa wɔn nnommum no mu dodow no ara antumi annyina sɔhwɛ yi ano—gye Daniel ne ne nnamfo baasa no nko ara. Susuw nhyɛso a ɛbɛyɛ sɛ wɔn Yudafo atipɛnfo no de baa wɔn so no ho! Mmerante yi yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ saa nhyɛso yi ho? Wo ankasa kenkan kyerɛwtohɔ a ɛhyɛ gyidi den yi wɔ Daniel ti 1. Ebia ɛbɛboa wo ma woanya akokoduru sɛ ɛba sɛ obi ma wo nnubɔne anaa mmosa a, wobɛpow!
‘Nya Akokoduru’
Ɛnnɔɔso sɛ wobɛkenkan akokoduru ho asɛm. Sɛ wubenya akokoduru a ɛbɛboa wo ma woagyina atipɛnfo nhyɛso ano a, ɛsɛ sɛ wudi afotu a Paulo de maa mmarima ne mmea a na wɔwɔ Korinto asafo no mu no akyi da biara: “Munnyina gyidi no mu pintinn; munnya akokoduru na monyɛ den.”—1 Korintofo 16:13, The Jerusalem Bible.
Sɛ nhwɛso no, bere a wowɔ baabi a w’awofo anaa Kristofo asafo no mufo nhu wo no, so wosesa wo ntadehyɛ anaa sɛnea woyɛ wo ti, na ama woasɛ wiasefo mmofra? Anaa so wokɔ so kura wo Kristofo gyinapɛn ahorow mu pintinn? Abeawa Kristoni bi kae sɛ: “Mepow ahosiesie foforo a ɛba biara.”
Asemmisa foforo ne sɛ: So wowɔ akokoduru kɛse a ebetumi ama woada wo ho adi akyerɛ wo mfɛfo sukuufo sɛ woyɛ Yehowa Adansefo mu biako? Sɛ wo sukuu ma hokwan sɛ fa wo Bible ne Bible ho nhoma ahorow bra sukuu a, so wode kɔ? Sɛ adannandi, ɔman ho dɔ ho guasodeyɛ ahorow, anaa mogya a wɔde ma ho asɛm sɔre wɔ mo sukuu dan mu a, so ‘wode anoyi ma obiara a obisa anidaso a ɛwɔ wo mu no ase no’? (1 Petro 3:15) Anaa ɛyɛ a wotra wo pon ho dinn a ehu aka wo? Yesu kae sɛ: ‘Obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ me aniwu.’—Marko 8:38.
Sɛ anka n’ani bewu mmom no, Kristoni ɔkokodurufo de n’anidaso a efi Bible mu no hoahoa ne ho! (Fa toto Hebrifo 3:6 ho.) Eiichiro, Japanni abofra a yedii kan faa n’asɛm kae no, suaa saayɛ. Na wɔtaa bisa no nea enti a ɔmfa ne ho nhyɛ ɔman ho dɔ ho guasodeyɛ ahorow anaa ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi no mu ho asɛm. So ɔhweree biribi wɔ yɛ a ɔyɛɛ soronko no mu? Ose: “Dabi. Mibuu ne nyinaa sɛ mpoatwa. Na ɛsɛ sɛ mesua sɛnea meyi me ho ano wɔ me nneyɛe ho, na na ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa mmoa so. Enti awie koraa no, ɔhaw ahorow no bɛyɛɛ mfaso maa me.”
Afei nso sua sɛ wobɛkasa bere a wuhyia sɔhwɛ bi no. Mmebusɛm 1:10-15 se: “Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyegye wo a, mpene! Sɛ wose: Bra ma yɛnkɔ a . . . Me ba, wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so. Twe wo nan fi wɔn sa so.” Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ wobɛka asɛm akyerɛ ankasa. Ɔfotufo Sharon Scott kyerɛw wɔ ne nhoma How to Say No and Keep Your Friends no mu sɛ, ɛtɔ da bi a, ebia nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛpɛ sɛ wufi hɔ, anaa wobɛpow nsa a wɔto frɛ wo no—anaa wubebu w’ani agu so ara kwa. Nanso ɛtɔ da bi a, biribiara nni hɔ a wubetumi ayɛ sen sɛ wobɛkasa na woama afoforo ahu nea enti a worentumi ne wɔn nkɔ no. Ɔfotufo Scott kamfo kyerɛ sɛ gyina pintinn: “Mmɔ mmɔden nyɛ wo ho sɛ hwee mfa wo ho . . . Hwɛ onipa no anim . . . Fa nne a enhinhim kasa.”
Ebia wɔbɛkɔ so aserew wo anaa wɔadi wo ho fɛw wɔ wo gyinabea no ho. Nanso, wɔn mu pii de amemenemfe benya wo ho anigye. Mike, aberante foforo bi se: “Mmerante no bebree nim sɛ meyɛ Ɔdansefo na wobu me. Sɛ wɔrebesusuw biribi bɔne ho a, wɔka sɛ, ‘Mike, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛkasa, enti sɛ wopɛ sɛ wokɔ a, kɔ.’” Ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔbɛkyerɛ obu a ɛte saa ama wo. Nanso Onyankopɔn ani begye ɔkwan a wonam so no ho. (1 Petro 4:3-6) Enti abofra Kristoni bi se: “Mma nea mmofra afoforo susuw wɔ wo ho no nhaw wo!” Nea Onyankopɔn susuw na ehia. Na obehyira wo sɛ wode akokoduru ayɛ soronko.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm “Dɛn nti na Ɛsɛ sɛ Meyɛ soronko?” a epuei wɔ June 8, 1992, de no mu no.
[Kratafa 26 mfonini]
Sɛ wunya hokwan ahorow a wode bɛkyerɛkyerɛ wo gyidi mu a, so wokasa?