Obu A Wɔde Bɛma Mmea Wɔ Asafo No Mu
WƆ KRISTOFO fam no, Bible no ahyehyɛ teokrase tiyɛ nnidiso nnidiso a Kristo hyɛ Onyankopɔn ase, ɔbarima hyɛ Kristo ase, na ɔbea hyɛ ne kunu ase. (1 Korintofo 11:3) Nanso saa tiyɛ yi nkyerɛ sɛ wɔnyɛ kankabi. Ɛnyɛ basabasayɛ, sɛ ebia honam fam, adwenem anaa kasa so na wɔfa hyehyɛ tiyɛ wɔ abusua no mu. Afei nso, Kristofo tiyɛ wɔ anohyeto, na ɛnkyerɛ sɛ okunu betumi ayɛ kankabi a obu ne ho sɛ ɔnyɛ bɔne.a Ɔkwan ko ne bere a ɛsɛ sɛ wɔka sɛ “M’anyɛ no yiye, wode no na na ɛyɛ nokware” a wobehu no betumi aboa ma aware pii ayɛ nea ahotɔ wom, na atra hɔ akyɛ. Nanso, hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ saa nsɛm a wɔde ahobrɛase ka no betumi aka menewam!—Kolosefo 3:12-14, 18.
Wɔ wɔn aware ho afotu no mu no, Kristofo asomafo Paulo ne Petro twe yɛn adwene si Kristo nhwɛso so bere nyinaa. Okunu nam ne nhwɛso pa no so nya obu bere a osuasua Kristo nhwɛso a ɔyɛe no, efisɛ “okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa.”—Efesofo 5:23.
Petro afotu a ɔde ma okununom no mu da hɔ pefee: “Okununom, mo ne [mo yerenom] ntra nimdeɛ mu saa ara.” Nnɛyi Spania nkyerɛase bi kyerɛ nsɛm yi ase sɛ: “Mo okununom: monyɛ anifere wɔ mo ne wɔn asetra mu, na munsusuw ɔyere no ho.” Saa nsɛm yi kyerɛ nneɛma pii, a tema a wobenya ama no wɔ aware no mu abusuabɔ mu ka ho. Ɛnsɛ sɛ okunu bu ne yere sɛ obi a ɔde no dwudwo ne nna ho akɔnnɔ ano ara kwa. Ɔyere bi a wahu ayayade a wɔyɛɛ no sɛ abofra no mu amane kyerɛwee sɛ: “Ɛkaa me nko a, anka mubetumi aka mmoa a okunu betumi de ama ɔyere a wanya osuahu yi ho asɛm kɛse. Nea yɛn a yɛyɛ ɔyerenom dodow no ara hia sɛ yehu ne sɛ wɔdɔ yɛn na wɔ hwɛ yɛn ankasa, na ɛnyɛ sɛ yɛwɔ hɔ kɛkɛ sɛ wɔde yɛn dwudwo honam fam akɔnnɔ bi ano anaa sɛ afiehwɛfo a wɔnte nka biara mma wɔn.”b Onyankopɔn hyehyɛɛ aware na ama okununom ne ɔyerenom atumi ayɛ ahokafo ne wɔn ho wɔn ho aboafo. Ɛyɛ adwuma a wɔbom yɛ ne obu a wɔkyerɛ ma wɔn ho wɔn ho.—Genesis 2:18; Mmebusɛm 31:28, 29.
Ɔkwan bɛn so na Ɔyɛ “Ade a Ne ho Nyɛ Den”?
Petro nso tuu okununom fo sɛ wonni wɔn yerenom nni sɛ ɔyerenom ‘ne wɔn a wɔn ho nyɛ den.’ (1 Petro 3:7) Na dɛn na Petro betumi akyerɛ bere a ɔkae sɛ ɔbea ne “ade a ne ho nyɛ den” no? Nokwarem no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔbea ahoɔden nnu ɔbarima de. Nea ɛma ɛba saa ne sɛ nsonsonoe da sɛnea wɔahyehyɛ mmea ne mmarima nnompe ne wɔn honam mu ntini no mu. Nanso sɛ yɛka abrabɔ mu ahoɔden a, ɔbea ne ɔbarima nyinaa de yɛ pɛ. Mmea de mfe pii agyina tebea ahorow a ebia mmarima mu fã kɛse no ara rennya ho koma bere tiaa bi mpo ano—a ayayade a ɔhokafo basabasayɛfo anaa ɔsadweam yɛ wɔn ka ho. Na susuw amanehunu a ɔbea fa mu ansa na wawo, a awokoyaw ka ho no ho! Ɛsɛ sɛ okunu biara a ɔwɔ tema a wahu anwonwade a awo yɛ no nya obu kɛse ma ne yere wɔ n’ahoɔden a otumi de gyina ano no ho.
Hannah Levy-Haas, Yudani a ɔdaa afiase wɔ Ravensbrück Nasifo adwumayɛban mu kyerɛw abrabɔ fam ahoɔden yi ho asɛm wɔ ne da biara kyerɛwtohɔ nhoma mu wɔ 1944 sɛ: “Ade biako wɔ ha a ɛhaw me yiye, na ɛne sɛ wuhu sɛ mmarima yɛ mmerɛw kɛse na wontumi nnyina amanehunu ano koraa te sɛ mmea—honam fam ne mpɛn pii abrabɔ fam nso.” Esiane sɛ wontumi nni wɔn ho so nti, wɔda no adi sɛ wonni abrabɔ fam ahoɔden ma enti nea obi yɛ ara ne sɛ obedi yaw ama wɔn.”—Mothers in the Fatherland, a Claudia Koonz kyerɛwee.
Osuahu yi kyerɛ sɛ wonni nnyinaso a emu yɛ den biara a wɔde bɛyɛ nyiyim atia mmea esiane sɛ ebia wonni ahoɔden kɛse nti. Edwin Reischauer kyerɛwee sɛ: “Wɔ nnɛ mmere yi mu no, nnipa dodow no ara gye tom sɛ mmea wɔ ɔpɛ ne adwene mu ahoɔden sen mmarima.” (The Japanese) Yebetumi de ahoɔden yi adi dwuma wɔ Kristofo asafo no mu bere a ebia Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw betumi aboa mmea afoforo a wɔahaw yiye no. Ɛda adi sɛ wɔ tebea horow bi mu no, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ ɔbea bi a wɔayɛ no ayayade bɛkɔ ɔbea bi a ne ho akokwaw nkyɛn akɔhwehwɛ ahotɔ ntɛm sen sɛ ɔbɛkɔ ɔbarima bi nkyɛn. Na ɛho hia a, wobetumi akohu Kristoni ɔpanyin bi akogye akwankyerɛ foforo.—1 Timoteo 5:9, 10; Yakobo 5:14, 15.
Ka a wɔka sɛnea mmea yɛ wɔn ade wɔ nsɛm ho sɛ nkate mu adeyɛ a “nsa a wabu” nti na ɔyɛ saa no hyɛ mmea pii abufuw. Betty a ɔyɛ Kristoni no kae sɛ: “Sɛnea ɔsomafo Petro kyerɛwee no, yenim sɛ yɛyɛ ‘wɔn a wɔn ho nyɛ den,’ a yɛn nipadua nni ahoɔden kɛse wɔ akwan bi so. Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ adwuma mu panyin bu yɛn animtiaa, hyɛ yɛn so, na ɔkyerɛ sɛ ɔbea biara nneyɛe fi ne nsa a wabu nti. Yenim nyansa na yɛpɛ sɛ wɔde obu tie yɛn.”
Ɛnyɛ mmea nyinaa na wofi nkate mu yɛ ade sɛnea ɛnyɛ mmarima nyinaa nso na womfi nkate mu nyɛ ade no. Ɛsɛ sɛ wosusuw obiara ho sɛ onipa soronko. Betty a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “M’ani nnye bɔbeasu a wogyina so hu obi gyinabea no ho. Mahu mmarima a wosu a wɔabotow. Na mmea binom wɔ hɔ a wɔn asɛm yɛ den yiye. Enti ɛsɛ sɛ mmarima de adwempa tie yɛn a wonsusuw yɛn bɔbeasu ho.”
Dɛn na Ehia na Ama Nsakrae Aba?
Sɛ nsakrae pa bi betumi aba a, ebinom se ɛnnɔɔso sɛ mmea bɛyɛ wɔn hokwan ahorow ne atɛntrenee a wɔhwehwɛ no ho ɔsatu; saa ara nso na ɛnnɔɔso sɛ mmarima bɛkyerɛ obu bi kɛkɛ ama mmea. Wɔ ɔman ne tebea biara mu no, ɛsɛ sɛ mmarima hwehwɛ nea wɔyɛ wɔ tebea no ho mu na wobisa wɔn ho nea wobetumi ayɛ na ama anigye ne ahotɔ kɛse aba mmea asetra mu.—Mateo 11:28, 29.
Anwensɛm ne nhoma kyerɛwfo Katha Pollitt kyerɛwee wɔ Time mu sɛ: “Nokwarem no, mmarima mu dodow no ara nto mmea mmonnaa anaa wɔnhwɛ wɔn anaa wonkum wɔn. Nanso sɛnea wɔn mu dodow no ara dwen no, ɛno nkyerɛ sɛ mmea a wɔyɛ wɔn basabasa no mfa wɔn ho. Wɔ yɛn da biara asetra mu no, yɛn mu biara boa ma wonya adwenhorow ne nsusuwii a ɛkyerɛ baabi a wɔma biribi ho kwan kodu. . . . Mereka mmarima a wɔn ankasa rehwehwɛ wɔn ho mu anibere so de atia wɔn adwemmɔne ne hokwan ahorow, na wɔagye tebea bɔne a yɛwom no ho asodi a ɛfata atom no ho asɛm.”
Nanso sɛ ɛba sɛ mmarima a wɔwɔ wiase nyinaa sakra wɔn su a wɔwɔ wɔ mmea ho no kɛse mpo a, ɛno renyɛ adesamma mu nsisi no ano aduru koraa. Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ mmea nkutoo na mmarima sisi wɔn na wodi wɔn atirimɔdensɛm na mmom wɔn yɔnko mmarima nso. Ɔko, basabasayɛ, awudi, akuw a wɔde wɔn kunkum amammui mu atamfo, ne amumɔyɛ da so ara yɛ nea aman bebree hyia da biara. Nea yehia ne nniso foforo koraa a ebedi asase yi nyinaa so. Ne ɔkyerɛkyerɛ foforo ma adesamma nyinaa. Ɛno na Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔnam N’ahenni a ebefi soro adi asase so no so bɛyɛ. Saa bere no nkutoo na nokware atɛntrenee bɛtra hɔ ama obiara—mmarima, mmea, ne mmofra. Saa bere no nkutoo na mmarima ne mmea bɛkyerɛ nokware obu ama wɔn ho wɔn ho. Bible no ka no saa kwan yi so wɔ Yesaia 54:13 sɛ: “Na wo mma nyinaa bɛyɛ Yehowa asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” Yiw, Yehowa trenee nyinasosɛm a wɔde bɛkyerɛkyerɛ yɛn no bɛma yɛanya wiase foforo a obiara kyerɛ obu ma ne yɔnko wom no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ “Dɛn na Ahobrɛase wɔ Aware mu Kyerɛ?” December 15, 1991, Ɔwɛn-Aban nkrafata 19-21.
b Hwɛ Awake! October 8, 1991, kratafa 3-11, April 8, 1992, kratafa 24-7.
[Kratafa 16 mfonini]
Mpɛn pii ɔbea a ne ho akokwaw betumi de afotu a ɛboa ama
[Kratafa 17 mfonini]
Ɔkwan biako a okunu betumi afa so akyerɛ obu ama ɔyere ne sɛ obenya ofie nnwumayɛ mu kyɛfa