Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 11/8 kr. 9
  • Woyi Owu Nwowɔe No Fi Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woyi Owu Nwowɔe No Fi Hɔ
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobedi “Ɔtamfo a Odi Akyiri” no so Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Wɔamene Owu Akosi Daa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Adɛn Nti na Nnipa Wu?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Dɛn Na Ɛbɛma Yɛn Tamfo Owu Afi Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 11/8 kr. 9

Woyi Owu Nwowɔe No Fi Hɔ

ƐNYƐ nwonwa sɛ wobɛkenkan owu ho asɛm sɛ onipa ho ade. Nanso sɛnea Bible kyerɛ no, ɛnte saa. Owu yɛ ɔtamfo a ɔnam bɔne so bae. Bible no ka wɔ Romafo 5:12 sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”

Esiane sɛ na owu nyɛ Onyankopɔn atirimpɔw nti, ofi ɔdɔ mu ama emufi kwan abɛda hɔ. Ɔnam ne Ba a ɔma owu maa yɛn no so de agyede a ɛsɛ ama na ama owu agyae. (Mateo 20:28; 1 Yohane 2:2) Wahyɛ paradise asase bi a ɛwɔ nniso foforo koraa a ebedi adesamma nyinaa so ho bɔ. Saa nniso no beyi nneɛma a afi owu ne bɔne mu aba no afi hɔ koraa. (Luka 18:30) Bible no ka wɔ Adiyisɛm 21:3, 4 sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Na wɔn a wɔawuwu dedaw no nso ɛ?

Wɔwɔ owusɔre ho anidaso no​—anidaso sɛ wɔbɛtra ase bio sɛ nnipa wɔ saa Paradise asase no so, a wɔwɔ nipadua ne adwene a ɛyɛ pɛ. Yiw, “dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Yesu Kristo a Onyankopɔn somaa no sɛ ommegye adesamma no ma yɛn awerɛhyem bio sɛ: “Eyi ne [m’Agya] apɛde sɛ obiara a ohu ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.”​—Yohane 6:40.

Saa owusɔre ho anidaso yi na ɛwowaw pii a wɔahwere dɔfo bi wɔ owu mu. Wohu sɛ wɔn adɔfo no “adeda wɔ owu mu” ara kwa, enti “wonni awerɛhow sɛ nnipa a wɔaka no a wonni anidaso biara no.” (1 Tesalonikafo 4:13. The New English Bible) Wɔhwɛ kwan sɛ wɔne wɔn benya fekubɔ bio wɔ saa nneɛma nhyehyɛe foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu. Wɔwɔ Onyankopɔn a ɔma awerɛkyekye ne anidaso no mu gyidi.​—Romafo 15:4, 13; 2 Korintofo 1:3; 2 Tesalonikafo 2:16.

Eyi nti na Yehowa Adansefo ayiyɛ yɛ soronko wɔ afoforo de ho no. Adansefo no kwati nneyɛe biara a ɛne Onyankopɔn asɛm Bible no bɔ abira sɛnea wobenya n’anim dom. Wɔkwati amanne ne ahosiesie biara a egyina gyidi a emfi Bible mu so no. Esiane sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, no nti, wɔpow sɛ wɔde ɔsom fam nidi a ɛte sɛɛ yi bɛma wɔn awufo. Na wɔmmfa asetra mu ahonyade ne dibea nhoahoa wɔn ho, efisɛ wonim sɛ Onyankopɔn mpene so. (1 Yohane 2:16) Wɔn ayiyɛ yɛ tiawa na nidi wom, na ɛboa wɔn a wɔn biribi awu no ma wotwa wɔn koma tɔ wɔn yam. Wɔma ɔkasa de kae owufo no, na wɔka anidaso a ɛwɔ Bible no mu de kae nea wawu no. Wodi awerɛhow, na ɛnyɛ mmoroso.

Yehowa Adansefo nim sɛ ɛnkyɛ wobeyi ‘ɔtamfo a odi akyiri a ɔne owu’ afi hɔ. Ɛno na nsɛm a wɔka too hɔ no bɛbam sɛ: “Wɔamene owu akosi daa. Owu wo nkonim wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?”​—1Korintofo 15:26, 54, 55, New World Translation.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena