Wubetumi Akasa Bagua Anim!
MARIE de serew kae bere a edi kan a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkasa wɔ nnipakuw kɛse bi anim no. Ose: “Mifii me kasa no ase bere tiaa bi no, ade tɔɔ me so!”
Ɛwom sɛ Marie osuahu yi ntaa nsi koraa de, nanso eyi kyerɛ sɛnea nnipa pii mpɛ sɛ wɔkasa wɔ baguam no. Ebinom bu no sɛ owu ye sen no! Eyi daa adi wɔ asɛm a wobisaa nkurɔfo a ɛne sɛ, “Dɛn na wusuro sen biara?” Sɛnea wɔhwɛɛ kwan no, “biribi a ɛwɔ soro so gyina,” “sikasɛm mu nsɛnnennen, wimhyɛn mu tra, ɔyare a emu yɛ den,” ne “owu” ne nneɛma a wɔkae sɛ wosuro yiye. Nanso nea edi ne nyinaa kan—nea na wosuro sen biara—ne “nnipakuw bi anim kasa”!
Bible mu nnipa a wɔagye din mpo daa baguam kasa ho suro adi mfiase. Yeremia kaa sɛ: “Minnim kasa, na meyɛ abofra.” (Yeremia 1:6) Nea Mose kae wɔ ne dwumadi ho ne sɛ: ‘M’ano ntew. Wo kyɛw ni! Soma onipa foforo.’ (Exodus 4:10,13) Nanso Mose ne Yeremia nyinaa bɛyɛɛ akasafo a wɔn ano atew yiye, a wɔkasae wɔ akannifo atitiriw ne nnipakuw akɛse anim.
Wo nso wubetumi ayɛ saara. Baguam kasa yɛ adeyɛ a obiara betumi anya nkɔso wɔ mu. Wubetumi adi baguam kasa ho suro so denam nyansahyɛ ahorow yi a edidi so a wode bedi dwuma no so:
1. Nto Wo Ho Din
“Mefɛre ade dodo.” “Misua dodo.” “Manyin dodo.” “Midwen me ho mmoroso dodo.” Eyi yɛ din a obi de to ne ho so ho nhwɛso ahorow. Ɛmma wunnu botae ahorow a ɛnyɛ den sɛ wubetumi adu ho no ho.
Din a wɔde to ho taa dan nkɔmhyɛ ahorow a obi ankasa ma ɛbam. Sɛ nhwɛso no, onipa a ɔde “fɛre” ato ne ho bɛkɔ so akwati hokwan ahorow a ɛbɛhyɛ no ma wadi fɛre so. Su yi nso ma ogye di sɛ ɔfɛre ade ankasa. Enti onya su a ɛma ɔyɛ ade sɛnea din a ɔde ato ne ho te no na ɔhyɛ mu den. Adwenemhaw ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Sɛ wugye di sɛ wuntumi nyɛ bribi a, . . . wobɛyɛ w’ade saa ara, na wobɛdan saa mpo.”
Ɔbenfo Lynne Kelly a ɔwɔ Hartford Sukuupɔn (U.S.A) kyerɛ sɛ fɛre yɛ biribi ho adeyɛ a wosua. Yebetumi ayi nea yesua no afi yɛn adwenem. Wobetumi aka saara wɔ obi ho a odwen mmoroso, asɛnka agua so hu, ne baguam kasa mu akwanside ahorow ho.
2. Ma Akomatu Mmoa Wo
Wobisaa ɔbea bi a ɔde ɔkasa ne nneyɛe gye nnipa ani sɛ ebia wɔ osuahu a wanya mfe pii nyinaa akyi no, ne koma tu ansa na wafi dwumadi bi ase. Ɔkae sɛ: “Yiw, meda so ara te akomatu nka ansa na mafi dwumadi biara ase. Nanso mfe a atwam no, masua sɛnea medi akomatu no so.”
Ɛnde adwene no ne sɛ wobedi akomatu no so, na ɛnyɛ sɛ wobɛma agyae koraa. Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ akomatu nyinaa na enye. Akomatu ahorow abien na ɛwɔ hɔ. Biako fi ahosiesie a wɔnyɛ. Nanso biako no yɛ akomatu a ɛho wɔ mfaso. Saa akomatu yi ye ma wo efisɛ ɛbɛma wayɛ nea wubetumi nyinaa. Saa akomatu yi kyerɛ sɛ wudwen nneɛma ho. Nea ɛbɛyɛ na woabrɛ akomatu ase sɛnea ɛsɛ no, sɔ eyinom hwɛ:
Bu wo kasa no sɛ nkɔmmɔbɔ na ɛnyɛ sɛ ɔkasa a worema. Charles Osgood a ɔwɔ osuahu no se: “Ɛyɛ kasa ara kwa, na wokasa bere nyinaa.” Sɛ kuw no, atiefo no ne onipa a wo ne no rebɔ nkɔmmɔ no. Ɛtɔ mmere bi a, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wubedwudwo wo ho na woaserew. Sɛ woma ɛyɛ nkɔmmɔbɔ a, wubedwudwo wo ho kɛse. Nanso, ɛtɔ da bi a, asɛm no ne tebea no hwehwɛ sɛ wokasa anibere ne ɔhyew so.
Kae sɛ atiefo no wɔ w’afã! Sɛ wo koma tu mpo a, atiefo no mu fã kɛse no ara da tema adi. Enti bu atiefo no sɛ wo nnamfo. Wɔpɛ sɛ wudi nkonim! Fa wɔn sɛ w’ahɔho, na wo ne ofiewura no. Sɛ́ anka wubesusuw sɛ ɛsɛ sɛ atiefo no ma wo koma tɔ wo yam no, ka kyerɛ wo ho sɛ sɛ ofiewura no, wo na wobɛma wɔn koma atɔ wɔn yam. Wo nsusuwii a wobɛsakra no saa no bɛboa ma woadi w’akomatu no so.
Fa w’adwen si wo nkrasɛm no so na ɛnyɛ wo ho so. Fa no sɛ woyɛ ɔsomafo a wode telegram ma ara kwa. Womfa adwene nsi ɔsomafo no so pii; telegram no na nea ɛyɛ ne de no hwehwɛ. Saa ara na ɛte bere a wode nkrasɛm ma atiefo bi no. Nea adwene kɔ so titiriw no ne nkrasɛm no, ɛnyɛ wo. Dodow a w’ani gye nkrasɛm no ho no, dodow no ara na woremfa adwene nsi wo ho so kɛse.
Nnidi ntra so ansa. Obi a ɔkasa ma yɛ n’adwuma kae sɛ odidii pii ansa na ɔrekɔma dɔnhwerew abien ɔkasa bi. Ɔkaa ne kasa no ho asɛm sɛ: “Ná mogya a ɛsɛ sɛ ɛba m’adwene mu no ne nantwinam ne ntɔmmɔ repere so wɔ me yam.” Aduan pii betumi ayɛ ɔtamfo a ɔkyɛn so bere a wugyina atiefo bi anim no. Hwɛ nea wonom nso. Kafe betumi ama wapopo. Nsã bɛma woayɛ bosaa.
Wubetumi ate akomatu nka bere biara a wufi ase kasa atiefo bi anim. Nanso bere a wunya osuahu no, wubehu sɛ saa akomatu a ɛba mfiase no nyɛ hwee sɛ saa—akomatu a ɛba mfiase a etu yera bere a wufi ase kasa no akyi bere tiaa bi.
3. Siesie Wo Ho!
Dale Carnegie kae sɛ: “Ɔkasa yɛ akwantu a ɛwɔ atirimpɔw, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahosiesie. Hwee mfi ɔkasa a enni atirimpɔw mu mma.” Sɛ wobenya biribi afi mu a, ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho yiye. Asɛm a wɔka no ahoɔhare so no nyɛ akyɛde mma w’atiefo. Enti wobɛyɛ w’ahosiesie dɛn?
Yɛ nhwehwɛmu na yiyim. Nyɛ aniani nhwehwɛmu da. Nkitahodi ho ɔbenfo John Olfe se: “Ɔkwan biako pɛ a wobɛfa so na amma woansuro wɔ nnipakuw anim ara ne sɛ wubehu nea woreka no. Yɛ ɔdenimfo wɔ w’asɛm no ho. Boaboa nsɛm pii sen nea wubetumi de adi adwuma ano. Afei yiyi wo nsɛm no mu, yi “wura” no fi “awi” no mu. “Wura” no mpo rensɛe kwa—ɛbɛma w’anya ahotoso kɛse wɔ nsɛm a wode di dwuma no mu.
Dwen. Dwen w’asɛm no ho bere nyinaa. Susuw ho wɔ bere ne bere mu wɔ da no mu. Dale Carnegie se: “Dwen ho nnanson; so ho dae anadwo ason.” Ɔsomafo Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa.” Nanso ansa na Paulo reka eyi no, ɔhyɛe sɛ: “Susuw eyinom ho; ma w’ani nku ho.” Yiw, ɔkasafo pa yɛ obi a nea edi kan no osusuw nsɛm ho yiye.—1 Timoteo 4:15, 16, New World Translation.
Susuw ho kosi sɛ hia a wo nkrasɛm no ho hia ne ntɛmpɛ a egye no bedi w’akomatu no so. Eyi na ɛmaa Yeremia tumi kaa ne nkrasɛm no ho asɛm sɛ: “Na ɛyɛ me koma mu sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; miso mu a mebrɛ ho, na mintumi.” (Yeremia 20:9) Na eyi fi onipa a mfiase no ɔkaa ne dwumadi ho asɛm sɛ ‘minnim kasa’ no hɔ.
Susuw w’atiefo ho. Hyɛ wo atade a eye sen biara. Afei, ɛsɛ sɛ woma nhwehwɛmu nsɛm no fata w’atiefo no. Enti susuw wɔn nsusuwii ho. Dɛn ne wɔn gyidi ahorow? Dɛn na wonim wɔ w’asɛm no ho dedaw? Ɔkwan bɛn so na w’asɛm no ne wɔn da biara da asetra hyia? Dodow a wudi nsemmisa yi ho dwuma no, mpɛn dodow na ara na w’atiefo no betie no yiye, na wɔabu w’asɛm no sɛ woasiesie ma ɛne wɔn ahiade horow hyia ankasa.
Nea Ɛsen Biara
Biribiara a ebetumi ama wɔadi nkitaho ntɛm ara a wubetumi asusuw ho wɔ nnɛ wiase yi mu. Nanso Get to the Point nhoma no ka sɛ: “wɔ tebea pii mu no, ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wɔfa so di nkitaho ne sɛ nnipa ne nnipa bɛkasa.” Ɛsɛ sɛ atifi hɔ nyansahyɛ ahorow no boa ma wo ho kokwaw wɔ saa nkitahodi no mu. Sɛ́ anka ehu a ɛho nhia bɛma woatwe asan no, wubehu sɛ wubetumi akasa bagua anim!
[Kratafa 17 adaka]
Apɔw-mu-teɛteɛ Ahorow a Ɛbrɛ Akomatu Ase
Sɛ tebea no ma kwan a, apɔw-mu-teɛteɛ ahorow a edidi so yi betumi abrɛ akomatu ase ansa na woakogyina nnipadɔm anim.
● Wosow wo nsateaa, him w’abakɔn ne w’abasa. Ma wo mmatiri so kɔ soro, na gow mu. Yɛ eyi mpɛn pii.
● Fa wo ti kɔ anim, na dannan no.
● Dannan w’apantan. Tɛɛ w’anom.
● Yɛ honyohonyo, ma wo nne nkɔ soro na afei brɛ no ase.
● Twe mframa kɔ wo mu brɛoo mpɛn pii.
[Kratafa 23 adaka]
Ɔkasa Ma a Wɔma Etu Mpɔn
Ma ɛne w’atiefo dodow nhyia: Sɛ w’atiefo dɔɔso a, ɛsɛ sɛ wokasa dennen. Ɛsɛ sɛ wode wo nipadua si nsɛm so dua pii, na woma wo nne ano yɛ den kɛse.
Ma wo nne nyɛ dɛ. Fa no sɛ wɔrebɔ sanku bi a n’agyirae yɛ biako pɛ! Wo nne yɛ sanku bi. Sɛ wokasa yɛ nea ɛwɔ agyirae biako—ɛnne a ɛnsakra—a wobɛma w’atiefo abrɛ.
Hwɛ sɛnea wugyina hɔ no. Sɛ wugyina hɔ anihaw so a, ɛda adi sɛ woyɛ anibiannaso. Sɛ woyeyere wo ho a, ɛkyerɛ sɛ ehu aka wo. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkari pɛ—gow wo ho mu na ma w’ani nna hɔ, nanso nyɛ anibiannaso anaa basaa.
Fa nipadua na si nsɛm so dua. Ensi nsɛm so dua ara kwa. Nipadua a wɔde si nsɛm so dua no ma ɛnam nkwaadɔm no mu gow, ɛma wutumi home yiye, edwudwo ɛnne ne ntini ahorow.
Siesie wo ho sɛnea ɛsɛ. Nkrasɛm no na woreda no adi na ɛnyɛ wo ntade. Atiefo no adwene wɔ sɛnea wusiesie wo ho no hia sɛ wode ara, sɛ ɛnsen no mpo a.
Kɔ sohwɛ wɔn anim. Sɛ wotow bɔɔl wɔ agoru a wɔde nsa kyere bɔɔl mu a, wohwɛ sɛ wɔakyere bɔɔl no anaa. Adwen biara a ɛwɔ wo kasa mu no yɛ “bɔɔl a wotow” ma atiefo no. Wɔde nea wɔyɛ wɔ ho—bɔ a wɔbɔ wɔn ti nko, serew, animhwɛ dinn—kyerɛ sɛ “wɔakyere bɔɔl” no. Kɔ so hwɛ wɔn anim na ama woahu sɛ “wɔrekyere” wo nsɛm no.