“Nasifo No Antumi Ansiw Yɛn Kwan!”
NA ƐYƐ obi a minnim no koraa fie. Mebɔɔ ɔpon no mu, gyinaa hɔ a na ehu kɛse aka me, na me yam a anka obiara ni fie. Ná minnyinii—ná madi mfe 21 pɛ—na na eyi ne nea edi kan a mereyɛ Yehowa Adansefo afie afie asɛnka adwuma no. Ná ɛyɛ November 1934, na na Hitler abara asɛnka a ɛte sɛɛ biara koraa wɔ Germany ha. Bere a ɔsomfo a ɔhwɛ yɛn adesua kuw ketewa no so no kaa asɛmpaka ho nhyehyɛe kyerɛɛ me no, misusuwii sɛ, “Minnye nni sɛ ɔne me!” Ná wonnya mmɔɔ me asu mpo, na na kyerɛwsɛm biako pɛ na minim. Nanso na nea misusuwii no nte saa—na ɛyɛ me, na eyi na ɛde me kɔɔ ɔpon no ano no.
Obiara nni fie! Metee ahotɔ nka. Obiara amma ɔpon a ɛto so abien no nso ano, na nso ná mete dede wɔ ɔdan no mu, enti mibuee ɔpon no. Ná ɔbea bi rehohoro nkuku mu, na ohuu me no, ɔbɔɔ piriw. Mede ahopopo fii ase kyerɛkyerɛɛ no me kyerɛwsɛm biako, Mateo 24:14 no mu. Ɔhwɛɛ me dinn. (Akyiri yi, metee sɛ ɔyɛ ɔsotifo.) Ɔbarima bi begyinaa me nkyɛn mpofirim. Esiane sɛ misusuwii sɛ ɔyɛ ne kunu nti, mekɔɔ so dii adanse, na mihui no, na ɔde tuo asi me mfe. Ná ɔyɛ Nasifo panyin bi! Ná me hokafo no a ɔreka asɛm wɔ afie a ɛne faako a mewɔ no di nhwɛanim no akɔ ɔbarima yi pon ano ma ɔde ne nan awɔ no ahwe antweri no so. Bere a Nasini no susuwii sɛ wama onua no agyae asɛnka saa da no, ohuu me, na ɔbɛkyeree me. Bere a me hokafo no poroporow ne ho tutuw ara kwa, na ɔtoaa n’asɛnka adwuma no so no, wɔde me too afiase asram anan. Saa na m’asɛnka adwuma no fii ase!
Mekɔ Nneduaban Mu!
Woyii me akyi no, anuanom no de wɔn ho too me so sɛ memmoa wɔ kokoam asɛnka adwuma no yɛ mu. Nanso Nasifo no dii makyi wɔ baabiara a mekɔe, na ankyɛ na wɔkyeree me bio. Ɛhɔ Polisifo no de me kɔɔ Gestapofo no hɔ, na me koma senee wɔ me yam bere a metee wɔn gyinaesi sɛ, “Wɔmfa no nkɔ nneduaban mu!” no. Ná wɔde me rekɔ Esterwegen. Ná Adansefo (Bibelforscher) bɛyɛ 120 na yɛwɔ hɔ, na na SS awɛmfo no asi wɔn bo sɛ wɔbɛma yɛagyaa yɛn mudi mu.
Ná saagen bi a yɛtoo ne din “Iron Gustav” (Gustav a ɔyɛ den sɛ dade) , asi ne bo sɛ ɔbɛma yɛagyae nneɛma mu asiesie. Da koro, ɔhyɛɛ yɛn nyinaa ma yɛyɛɛ apɔw-mu-teɛteɛ denneennen bi wɔ August awia a ɛyɛ hyew no so—yɛyɛɛ no da mũ nyinaa a yɛannyae. Eduu adesae no, ná ade atɔ anuanom fã so anaasɛ wɔayare denneennen ma wɔde wɔn akɔ beae a wɔhwɛ ayarefo. Awerɛhosɛm ne sɛ, asafo biako bi ɔhwɛfo yɛɛ mmerɛw na ɔde ne nsa hyɛɛ “nsiesiei krataa” no ase, na afoforo 12 a wofi n’asafo mu kaa ne ho de wɔn nsa hyɛɛ ase.
“Iron Gustav” a n’ani gyei esiane sɛ na ɛte sɛ nea n’ayayade yɛ no redi dwuma yiye no, hyɛɛ bɔ sɛ: “Ɔkyena ɛbɛyɛ mo mu biara anigye sɛ ɔde ne nsa bɛhyɛ krataa yi ase, na Yehowa biara remmoa mo.” Wiɛ, wubetumi asusuw sɛnea yɛbɔɔ mpae saa anadwo no ho. Ade kyee no, yɛhwɛɛ “Iron Gustav” anim. Na yɛtwɛn kyɛe. Akyiri yi no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsan nkɔ yɛn nneduadan mu. Gustav amma ara da! Akyiri yi, yɛtee nea esii. Bere a “Iron Gustav” reba nneduaban mu hɔ no, asɛnnennen a ɛtoo no no ma ohui sɛ ɔyɛ mmerɛw sen dade. Ɔde ne moto no kɔpem ntayaa dum a ɛwɔ nneduaban no ano kwan hɔ no mu biako—ɔkwan a ne trɛw boro mita 9! Ne moma paee na ne basa bui ma wɔyɛɛ ntɛm de no kɔɔ ayaresabea. Bere a awiei koraa no yehuu no bio wɔ asram abien akyi no, ɔteɛɛm ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Mo Yehowa no na ɔyɛɛ me saa!” Yɛn mu biara annye ho kyim da.
Mekɔ Holland
Wɔ December 1935 mu no, wogyaa me na wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔka Germany asraafo ho. Misii gyinae mmom sɛ mɛfa Holland akɔ Spain na m’akɔtoa m’asɛnka adwuma no so wɔ hɔ. Mitumi duu Holland ara pɛ, mehwehwɛɛ Adansefo no, na wɔhyɛɛ me sɛ mentra Holland. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ mekaa asɛm no bio a na minsuro na me ne me nuanom mmarima ne mmea kɔɔ Kristofo nhyiam horow ase! Yɛde baesekre kɔɔ Holland nkuraase, dii adanse adekyee, na yɛdaa ntamadan mu anadwo. Yɛkyekyem a, yɛde nnɔnhwerew fi 200 kosi 220 dii adanse ɔsram biako.
Sika a yɛde bɛtɔ aduan na yɛde atua yɛn ho aka horow ho yɛɛ den. Mekae okuafo biako bi a, bere a ohuu sɛnea yɛnoa yɛn ahiafo nnuan anadwo no, ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra mmedidi no yiye. Ná wɔato yɛn pon a aduan a ɛyɛ dɛ sen biara na ayɛ so ma! Efi saa bere no abusua a wɔwɔ ɔdɔ yi maa yɛn buturu, nkesua, kyiisi, ne bodobodo a yehia bere nyinaa, na wɔhoroo yɛn nneɛma mpo maa yɛn. Abusua mũ no nyinaa bɛyɛɛ Adansefo. Hyia a yehyiaa wɔn no boaa adwuma a ná ɛda yɛn anim no yiye.
Wɔyɛɛ nhyiam kɛse bi wɔ 1936, wɔ Bern, Switzerland. Joseph F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no kasae wɔ hɔ. Bere tenten a na mede ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no nyinaa akyi no, ɛhɔ na afei wɔbɔɔ me asu!
Hague
Wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Hague ɔmansin no mu. Mmusua pii gyee Onyankopɔn Asɛm mu nokware no toom wɔ hɔ. Meda so ara ne ebinom di nkitaho de besi nnɛ. Holland polisifo kyeree me wɔ 1939 mu—sɛ meyɛ Nasifo kwansrafo, ade a entumi nyɛ nokware da! Mekɔɔ so dii adanse sɛnea metumi biara denam nkrataa a mekyerɛw fii afiase hɔ so, a na minim yiye sɛ otemmufo no kenkan me nkrataa a mede manae no nyinaa. Wogyaa me asram anum akyi, bere a mede emu abien a etwa to traa afiase a wɔamma manhu obiara no. Mesan kɔɔ me fie wɔ Hague akyi nna kakraa bi no, Germany Luftwaffe no fii ase de atopae sɛee ɔmansin no mu! Ná minim sɛ ɛrenkyɛ na Gestapofo no adi asraafo a wɔabɛtow ahyɛ hɔ no akyi aba. Ná bere aso sɛ mesan fi kokoam adwuma no yɛ ase bio.
Nanso na mɛyɛ dɛn ayɛ adwuma no a wɔrenhu me? Onua bi a ɔtɔn baesekre yɛɛ baesekre soronko bi maa me. Ná ɛte sɛ nea polisifo a wɔyɛ kokoam nnwuma de dii dwuma no ara pɛ—ná ɛwɔ kɔla soronko saara, asoi a ɛkɔ soro ne nea wɔde so ade mu a wotumi de krante hyɛ mu. Kokoam polisifo no kyiaa me mpo, a na wosusuw sɛ meka wɔn ho! Nanso da koro a ná mede baesekre nam baesekre kwan bi a wɔde nwura ban bi atwa ɛne ɔkwan kɛse no ntam so no, polisifo baanu bi a wɔde baesekre nam ɔkwan no ntentenso huu me wɔ nwura ban no fã bi a nwura nni hɔ, na wohui sɛ meyɛ oguanfo. Mede baesekre no tuu mmirika sen sɛnea makɔ pɛn wɔ m’asetram! Ná ɛsɛ sɛ wonya baabi a wɔbɛfa atwa ɔkwan no mu ansa na wɔatumi adan wɔn ho abedi m’akyi, na ɛmfa ho sɛnea wɔtaa me denneennen no, meyeraa wɔn.
Mpɛn Pii a Anka Wɔreyɛ Akyere Me
Afei ná polisifo no ahu sɛ mewɔ Hague hɔ. M’ahobammɔ nti, mifii ase daa afie ahorow ahorow mu. Da bi, mekɔdaa abusua bi a wɔwɔ mma abiɛsa fie. Sɛnea metaa yɛ no, mede me ntade totoo hɔ sɛnea sɛ ɛba sɛ wɔbɛhwehwɛ hɔ a, metumi ahyɛ ntɛm. Memaa mmofra no baanu daa faako, na sɛ mifi hɔ a mede obiako ato me mpa no so. Eyi remma Nasifo no mmehu mpa a ɛso yɛ hyew, na obiara nna so.
Nnɔnnum saa anɔpa no, nhyehyɛe a meyɛe yi ho baa mfaso. Wɔbɛbɔɔ ɔpon no mu denneennen. Mede bere tiaa bi faa abofra a wadi mfe akron no too me mpa no so, de me ntade hyehyɛɛ me bag no mu, hyɛɛ me kyɛw ne me nkataso, na mihuruw faa afikyiri hɔ mfɛnsere no mu sii sukyerɛmma no mu a mennhyɛ mpaboa. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ wɔannya adwene biara sɛ wɔbɛma obi awɛn afikyiri hɔ. Miguan kɔɔ abusua bi a me ne wɔn sua Bible no fie. Ɛmfa ho sɛ ná abɔ anɔpa 5:30, a awɔwbere mu sum wɔ hɔ no, ɔbarima yi hiɛɛ ɔpon no a wanka hwee, na ɔde me siei. N’abusua mufo baasa no nyinaa bɛyɛɛ Adansefo akyiri yi.
Bere a Gestapofo no bisabisaa abusua a na mifii wɔn nkyɛn nkyɛe no nsɛm no, wɔde wɔn ani sii abarimaa ketewaa no so. Wɔkae mpo sɛ, sɛ ɔka sɛ ne “wɔfa” bi abɛsra wɔn nnansa yi a, wɔbɛma no sika. Ɔkae sɛ: “Yiw, bere tenten bi ni.” Bere tenten ahe? Na onnim. Wɔde abasamtu fii hɔ kɔe. Akyiri yi, abarimaa no maame bisaa no nea enti a obuaa saa bere a na onim sɛ “Wɔfa Tom” (me kokoam din) daa wɔn nkyɛn anadwo no ara. Obuae sɛ: “Nnɔnhwerew aduonu anan ware yiye, na simma pii na ɛwom.” Na ɛte saa ampa.
Baabi a edi hɔ a wɔmaa me dwumadi ne Groningen. Ná ehu aka Adansefo a wɔwɔ kuropɔn no mu no binom, na na ɛkame ayɛ sɛ wɔagyae asɛnka adwuma no yɛ. Nanso ankyɛ na anuanom no fii ase nyaa akokoduru bio, a wɔansuro Hollandfo Gestapofo atirimmɔdenfo no. Anadwo bi wɔ 1942 mu no, yɛkɔɔ “ɔsatu” bi mpo, na yɛde simma du bi a yɛahyɛ ato hɔ kyekyɛɛ Bible nkratawa mpempem pii wɔ kuropɔn no mu nyinaa. Atesɛm nkrataa no nyinaa bɔɔ amanneɛ sɛ British Royal Air Force akyekyɛ nkratawa ɔpepem pii ama Yehowa Adansefo! Ná yɛama Gestapofo no ahu sɛ yɛda so ara wɔ hɔ. Nasifo no antumi ansiw yɛn kwan—da biara da!
Ɔko no kɔɔ so na mmɔnten so anantenantew yɛɛ hu yiye. Anadwo bi a me ne onua bi fi kokoam nhyiam bi ase wɔ Hilversum reba no, obi de ne ho pem m’akyi, na biribi tɔɔ me nan ase. Mefae, na mihui sɛ ɛyɛ Germany ɔsraani bi kyɛw no, ehu kɛse kaa me! Ná ne wura gyina ne baesekre ho na afei ɔsɔɔ ne kanea too me so. Mekɔɔ ne nkyɛn; ohwim kyɛw no fii me nsam, yii n’akodiawuo, na ɔteɛɛm sɛ: “M’akyere wo!”
Na ehu aka me. Sɛ ɔkyeree me a, anka nea ɛte biara, ɛno ara bɛyɛ m’awiei. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae srɛɛ ne mmoa. Nkurɔfokuw baa hɔ bere a wɔtee gyegyeegye no. Bere a mihui sɛ ɔsraani no rehinhim kakra no mihui sɛ wabow nsa. Ɛna mekaee sɛ Germanfo asraafo mmara ma kwan sɛ ɔsraani panyin de ofie atade bɛnantenantew. Enti mebɛn ɔsraani no na mekasae tumi so sɛnea metumi biara sɛ: “Wunnim onii ko a meyɛ?” Ɔsraani no ho dwiriw no. Ɔyɛɛ ntɛm hyɛɛ ne kyɛw no na okyiaa me! Bere a na osusuw sɛ wayaw ɔsraani panyin no, ɔde aniwu faa sum no mu kɔe. Nkurɔfo kuw no hwetee. Nea na metumi ayɛ ara ne sɛ mɛda Yehowa ase sɛ anka wɔreyɛ akyere me nanso mafi mu aguan!
Kokoam Dwumadi Asetra wɔ Belgium
Wɔmaa me dwumadi a edi hɔ no wɔ ɔman foforo so: Belgium. Mebɛyɛɛ ɔsomfo guamtrani wɔ Antwerp. Esiane yɛn adwuma no a na wɔabara no nti, mehwɛɛ adesua nketewa pii so wɔatie ahorow mu dapɛn biara. Wɔnam me so de nhoma kɔmaa anuanom nso, ma enti ná meyɛ nhyehyɛe nwonwaso a ɛma wotumi kɔɔ so nyaa honhom fam aduan wɔ saa mfe a emu yɛ den no mu no fã foforo bi.
Ná beae a yehyia na yɛde nhoma fa sum ase fi Holland no yɛ adidibea bi. Ná ɔdan no ankasa wɔ Belgium, nanso ne turo no wɔ Holland, enti ná ɛyɛ beae a ɛfata a mihyia me nipa no na mene no di bag nsesa. Adidibea wura no susuwii sɛ yɛyɛ Britania aban sum ase adwumayɛfo, na ɔne yɛn yɛɛ biako. Ɔka kyerɛɛ polisini a ɔhwɛ hɔ no mpo sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhaw yɛn. Nanso da koro, Belgium polisini foforo bi a ɔpɛ Nasifo asɛm na onnim me na ɔbɛhwɛɛ hɔ. Bere a ohuu me sɛ mikura aboa nhoma bag kɛse no, ɔhyɛe sɛ mimmue so nkyerɛ no. Mampene; ná Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma ahaasa anaa ahanan na ɛwom. Enti ɔkyeree me na ɔde me kɔɔ police station. Ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no ka kyerɛɛ polisini no sɛ ɔnkɔ na obedi me ho dwuma. Afei ɔka kyerɛɛ me bɔkɔɔ sɛ: “Mempɛ sɛ mihu nea ɛwɔ wo bag no mu. Nea meresrɛ ara ne sɛ bere foforo no, fa bag nketewa bra.” Ná aseda ara na metumi de ama Yehowa bio!
Bere a asraafo dɔm fii ase tuaa Belgium (June 6, 1944) no ɔko no mu yɛɛ den wɔ Antwerp. Bere a afanu no totoo atuo ne atopae wɔ kuropɔn no mu no, adansedi ne nhyiamkɔ yɛɛ den. Bere a ɔko no reyɛ agyae no, baa dwumadibea somfo no dii mfomso susuwii sɛ ɛho nhia sɛ meyɛ adwuma wɔ kokoam bio. Mitiei, na mepow afotu a polisini bi a ɔpɛ yɛn asɛm de maa me sɛ ɛnyɛ papa sɛ meda me ho adi ntɛm saa no. Asram dubiako akyi no, mifii m’asetra mu osuahu a ani yɛ nyane sen biara mu. Atumfo no anye m’asɛm anni. Esiane sɛ na wogye di sɛ meyɛ Gestaponi nti, wɔde me too afiase, wɔ tebea horow a ennye koraa sen ebiara a mahu pɛn mu. Mmarima pii a wɔn mfe nnu me de yare wuwui wɔ saa asram no mu. Bere a awiei koraa no wogyaa me no, megurow koraa.
Mekɔ so de Nokwaredi Som
Nneɛma a wɔtwentwɛn no ase, nsɛm a wobisabisa, ne afiase nna a ɛyɛ yaw pii akyi no, mitumi san kɔɔ Germany awiei koraa—da a mifii hɔ no akyi mfe du pɛpɛɛpɛ! Me ne me maame a ɔyɛ Ɔdansefo nokwafo no san hyiae bio, na yɛbɔɔ osuahu ahorow pii ho nkɔmmɔ. Bere a mede nkakrankakra nyaa apɔw mu den bio no, mesan fii bere nyinaa adansedi no ase wɔ Schweinfurt. Na hwɛ sɛnea na ɛyɛ anigye sɛ mɛboa ma wɔayɛ ɔko no akyi nhyiam a edi kan, a wɔyɛe wɔ Nuremberg, faako a Hitler de ahohoahoa boaboaa n’asraafo no ano no ho nhyehyɛe! Akyiri yi, m’ani gyei sɛ wɔpenee so sɛ menkɔ Ɔwɛn-Aban Bible Gilead Sukuu no wɔ United States, faako a na wɔbɛtete me sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no.
Me ne Lillian Gobitas, a onyaa kyɛfa kɛse wɔ nyamesom mu ahofadi ho ɔsɛmpɔw a ɛfa frankaakyia ho wɔ United States no mu no hyiae wɔ nhyiam bi ase bere tiaa bi ansa na merekɔ Gilead. Ɔka kyerɛɛ me sɛ n’ani gyee dwom a menkutoo metoe wɔ nhyiam no ase no ho, na me serew ara kwa efisɛ na mente nea ɔkae no ase. Mekɔɔ so serew, na ɔkɔɔ so kasae. Awiei no yɛwaree! Nanso ɛno yɛ bere a yɛn baanu nyinaa awie Gilead adesua akyi, na yɛreyɛ adwuma wɔ Austria sɛ asɛmpatrɛwfo no.
Akyiri yi no, sɛnea na meyareyare no nti, yɛsan kɔɔ United States. Efi saa bere no, yɛanya mma baanu a wɔn ho yɛ fɛ, ɔbarima biako ne ɔbea biako. Wɔn baanu nyinaa agye nokware no atom ma ayɛ yɛn anigye. Bere a m’akwahosan reyɛ yiye no, meboaa asafo ahorow wɔ United States ne Canada. Adwuma no mma awiei da, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ. Meda so ara de anigye kae mfe a mede yɛɛ kokoam adwuma no. Nasifo no antumi ansiw yɛn kwan, efisɛ na Yehowa ka yɛn ho. Ɛda adi sɛ, ɔda so ara hyira adwuma no so, na biribiara rentumi nsiw ano kosi sɛ wɔbɛyɛ ma asɔ n’ani!—Sɛnea Erwin Klose ka kyerɛe
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Erwin Klose.