Wiase Nsɛm
Nsã a Ekunkum Nnipa wɔ Japan
The Daily Yomiuri bɔ amanneɛ sɛ wɔn a nsa resɛe wɔn nipadua wɔ Japan no dodow akɔ soro nnansa yi. Ade biako a ama aba saa ne: ikkinomi—kyerɛ sɛ, nsa a wɔnom a wɔntwɛn so, a wɔasan afi ase. Nnipakuw a wɔhwɛ ɔsanomfo no, hyɛ no nkuran na wɔkamfo no, na wɔkɛntɛn no so anaa wɔhyɛ no mpo na ɛtaa de ba. Na ɛte sɛ nea adeyɛ yi akɔ fam, nanso efii ase bio afe a etwaam no mu, Miyako Omoto, ɔkyerɛkyerɛfo abadiakyi bi a ɔwɔ nnuruyɛ sukuu a ɛwɔ Toho Sukuupɔn mu no de obi a wɔhyɛ no ma ɔnom nsa a ɔntwɛn so no toto mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi obi awu ho. Ɔkae sɛ: “Asiane wɔ Ikkinomi mu, efisɛ onii no nom nsa pii sen nea ne nipadua betumi akora ansa na nipadua mu sɛnkyerɛnne afi ase ada adi.” Tokyo Dumgya Adwumayɛ Kuw no ka sɛ na ɛsɛ sɛ wɔde nnipa 9,122 kɔ ayaresabea ahorow esiane nsa a ɛresɛe wɔn nipadua no mmoroso no nti wɔ 1991 mu—nea ɛboro afe a etwaam no de so ɔha biara mu nkyem 8. Wɔn mu baasia wui.
Afipamfo a Wonni Afoforo ho Koma
Hena na anka worempɛ sɛ ɔtra bɛn wo koraa? Europa Asetra mu Gyinapɛn Nhyehyɛe Ahorow Adesua Kuw no bisaa nnipa 20,000 a wofi aman 14 mu saa asɛm no, na ama wɔahu osuro ahorow ne adwenhorow a ɛnteɛ a nkurɔfo pii wɔ. The European ka sɛ, “Denmark ne ɔman a wɔwɔ afoforo ho koma sen biara,” na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Portugal na wonni afoforo ho koma koraa. Ɛdefa afipamfo a wɔwɔ AIDS ho no, nnipa a wɔwɔ nsase a Katolekfo na wɔdɔɔso wɔ hɔ so, te sɛ Italy, Spain, ne Ireland no na wɔdaa ɔtan adi kɛse, na Belgiumfo na wonni abusua ne nyamesom afoforo ho koma koraa. Na Germanfo kyi wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ amammui mu ntraso a wɔbɛyɛ wɔn atipamfo. Ɛdefa nneɛma a wonnya ho koma ho no, mmea ne mmarima nyinaa daa su koro adi. Nanso, na ɛte sɛ ade biako kanyan nneɛma a wonnya ho koma wɔ aman nyinaa mu—onyin. Ná mpanyimfo taa yɛ nyiyim wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn afipamfo ho sen afoforo.
Asebɔ Dodow so Retew
New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ India beae titiriw bi a wɔkora abɔde no rehwere wɔn Bengal asebɔ a wɔn ho yɛ na no. Bere a wɔkenkan asebɔ a wɔwɔ Ranthambhor nnansa yi no, wohuu 15 pɛ—wɔn so atew fi 44 wɔ mfe abiɛsa pɛ a atwam ni no mu abedu saa. Nea ɛde ba no nyɛ nwonwa, wokum wɔn. Nanso ɛnyɛ wɔn honam fɛfɛ no nkutoo na wɔn a wokum wɔn no hwehwɛ. Wɔde ɔsebɔ nnompe yɛ “tiger bone wine,” a agye din wɔ Asia aman pii mu sɛ aduru a ɛma ahoɔden. Wɔn a wokum asebɔ no taa de darewa a awuduru wɔ ho na ekum wɔn, na ɛtɔ da bi a wokum asebɔ mma ne mmaatan nyinaa. Nea ɛne eyi nhyia no, na Ranthambhor akorae no yɛ Ɔsebɔ Ho Adwumayɛ—mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛbɔ Bengal ɔsebɔ no ho ban na wɔansa—ho nhwɛso fɛfɛ. Wobu akontaa sɛ mmoa fɛfɛ yi bɛyɛ 6,000 kosi 9,000 na wɔaka wɔ wiase.
Sigaret no Nnompe a Emu Abubu
Brazilfo atesɛm krataa Folha de S. Paulo bɔ amanneɛ sɛ: “Bere adu sɛ nnompe mu aduruyɛfo mpo bɛbara wɔn ayarefo sɛ wonyae sigaretnom.” Nnipa 29 a wɔn nnompe abubu ho nhwehwɛmu a wɔyɛe no kyerɛe sɛ nicotine a efi tawa mu no ma wɔn a wɔnom tawa tra so mogya ntini sen kɛse. Nea ɛbɔ abira no, na wɔn a wɔnnom sigaret ne wɔn a wonnyaa mfe abien wɔ sigaretnom mu wɔ mogya ntini a emu tumi twe na ɛgow yiye, a ɛboa ma nnompe a emu abubu toatoa ntɛmntɛm. Wɔkyekyem a, wɔn a wɔnnom sigaret nnompe a emu abubu nya ahoɔden ntɛm ɔha biara mu nkyem 28 sen wɔn a wɔanom sigaret akyɛ. Afei, carbon monoxide a obi home bere a ɔnom sigaret no siw mframa pa kwan, ma enti dompe a emu abu no nnya aduan nnuru a ɛfata.
Chagas Ɔyare no Trɛw
Wiase Akwahosan Ahyehyɛde no bɔ amanneɛ sɛ Latin Amerika nnipa bɛyɛ ɔpepem 18 na wɔwɔ ɔyare mmoawa a wɔma Chagas yare, a ebetumi akowie komayare a emu yɛ den anaa owu mu mpo no bi. Sɛnea Boliviafo atesɛm krataa El Diario kyerɛ no, nnipa ɔpepem 90 a wɔwɔ Latin Amerika aman 17 mu “ɛhɔ nnipa ɔha biara mu nkyem 25—na wobetumi anya ɔyare no bi. Akoekoeboa a wɔtaa frɛ no kissing bug no na ɔde ɔyare no ba. Notícias Bolivianas hyɛ nyansa sɛ wɔnka adan nyinaa ho akado, nyɛn mmoa nyinaa wɔ abuw a ɛwɔ abɔnten sen nea ɛwɔ fie mu, na wontwiw nneɛma ho yiye mfa mmɔ fie ho ban mfi ɔyare mmoawa no ho. Nsɛmma nhoma koro no ara ka wɔ mogya a wɔtwe ma nkurɔfo ho sɛ emu ɔha biara mu nkyem 47.6 na ebetumi ama obi anya Chagas ɔyare no bi. Ɛde ba awiei sɛ: “Wɔhyɛ mogya a wɔkwati ho nyansa sɛnea ɛne Bible ahyɛde no hyia.”
Nnomaa a Wɔwɔ Asiane Mu
Sɛnea Germany Abɔde so Kora Kuw no kyerɛ no, nnomaa ahorow 273 a wɔwɔ Germany no mu 166 na wɔwɔ asiane mu. Wɔkyerɛ sɛ nea enti a ɛte saa ne sɛ wɔde akwan, mũridwuma, kuayɛ a wɔatrɛw mu, ne nneɛma a wɔyɛ ma akwantufo, agye nsase a ɛwɔ hɔ so. Atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Zeitung bɔ amanneɛ sɛ, ɛwom sɛ wɔabɔ amanneɛ sɛ wɔabɔ Germany nsutare, nsubɔnten, ne nsase a ɛso fɔkyefɔkye ho ban de, nanso gyinaesi ahorow yi nnɔɔso sɛ ɛbɛboa nnomaa bi te sɛ po so anomaa kɛse tuntum no, bittern ketewa no, ne po so ɔkɔre a ne to ntakra fitaa no. Sɛ wɔbɔ mmeae a wɔsow wɔn mma ho ban na wɔammɔ mmeae a wotu kɔ wɔ awɔw bere mu te sɛ nea ɛwɔ Afrika no nso ho ban a, hwee remfi mu mma. Enti, krataa no ka sɛ: “Wɔ tebea pii mu no, mmeae a wɔbɔ ho ban no ho ba mfaso bere a amanaman yɛ biako no.”