Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 5/8 kr. 19-21
  • Wim Samanasamanafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wim Samanasamanafo
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Samanasamana Adwuma
  • Apete a Wokyinkyin Wim
  • Adehu ne Adwuma a Wɔbom Yɛ
  • Condor no Asan Aba
  • Marabou—Anomaa a Wɔbɔ no Dimmɔne Ara Kwa
    Nyan!—2001
  • ‘Monhwɛ Nnomaa’
    Nyan!—2014
Nyan!—1993
g93 5/8 kr. 19-21

Wim Samanasamanafo

Sɛ wobisa sɛ wɔmmɔ anomaa a wɔmpɛ sɛ wohu no din a, nnipa pii bɛka sɛ opete.

Nnomaa kakraa bi na wɔagu wɔn ho fĩ sɛ opete. Ɔyɛ anomaa a wokyi no a ne sunsuma bɔne twa awufo ne wɔn a wɔrewu ho hyia. Wɔkyerɛ sɛ ne ho adi a oyi kyerɛ okunkɛse, amamfoyɛ, ne abasamtu. Nanso eyi yɛ nsɛm a wɔka fa opete ho wɔ nhoma mu.

Nokwasɛm no ne sɛ: Nnipa pii ani gye sɛnea opete tu yɛ fɛ ne sɛnea ɔyɛ ne ba brɛbrɛ no ho. Wɔahu ne dwumadi a ɛho hia wɔ asetram no nso. Saafo bu opete sɛ ɔsom bo na wontumi nkwati no.

Nokwarem no, wɔ apete adidi a ɛyɛ abofono akyi no, wɔanya wɔn ho asɛm kakra. Ɛda adi sɛ wontumi nni kan wɔ ahoɔfɛ ho akansi biara mu, na wɔka sɛ wosu te sɛ akokɔbaatan, prako, apɔtorɔ, ne awɔ. Nanso, wɔwɔ su horow bi a ɛma ani gye wɔn ho.

Opete yɛ anomaa a ɔfa abayɛn aniberesɛm yiye. Afe biara awofo baanu no nyinaa bom hwɛ wɔn “ba koro” no nkutoo kosi bere a obetumi ahwɛ ne ho. Ehia sɛ awofo baanu no nyinaa de ayamhyehye hwɛ opete ba a osi baabi asram pii a obiara ntumi nkɔ hɔ a ontumi nyɛ hwee no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔma Andes Bepɔw so opete ba aduan asram asia ansa na watumi afi berebuw no mu, a ebedu saa bere no na “opete ba” no reyɛ anyin awie.

Na apete wɔ su pa a ɛma wɔn ho wɔ mfaso yiye. Ɛwom sɛ nnomaa nyinaa ho wɔ mfaso ma adesamma wɔ akwan horow so de, nanso apete yɛ adwuma bi a ɛda nsow. Wɔyɛ wim samanasamanafo.

Samanasamana Adwuma

Ɛnyɛ obiara na obu afunu a wɔpra tow gu no sɛ adwuma a ani gye ho da biara, nanso ɛyɛ adwuma a ɛho hia. Ahotew a eye hwehwɛ sɛ wosie afunu ntɛm so, na sɛ wɔanyɛ saa a, ebetumi de nsanyare a ɛyɛ hu aba nnipa ne mmoa nyinaa so.

Ɛha na ɛfata sɛ wohu apete adwuma. Wɔmemene nam a ɔyare a wɔfrɛ no anthrax ne botulin wom mpo a hwee nyɛ wɔn kosi sɛ ɛbɛka nnompe no nkutoo.

Apete bi mpo sua sɛnea wodi nnompe yiye. Europa, Asia, ne Afrika apete akɛse no gyaw nnompe mu fi soro hwe ɔbotan bi so. Sɛ nnompe no paapae a, opete no di hon no ne nnompe asinasin no.

Nea eye ne sɛ saa samanasamanafo yi ntew wɔn adwumayɛ ho atua da te sɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo a wɔyɛ nnipa no. Sɛ apete anyɛ wɔn adwuma yi a, wobehu asasetaw a afunu a nyarewa wom atu apete so wɔ baabiara.

Nanso momma yenni apete kuw bi akyi wɔ wɔn adwumayɛ da mu.

Apete a Wokyinkyin Wim

Sɛ owia pue pɛ a, apete yi tu kɔ wim, a wɔn mu biara wɔ baabi a okyinkyin. Apete asraafo dɔm yi kyinkyin wim de hwehwɛ mmoa afunu wɔ asase so da mũ nyinaa. Awiei koraa no, sɛ wɔn mu biako hu aboa funu a, osian kɔ fam. Apete afoforo hu eyi, na wɔn nso kɔ funu no ho ntɛm so. Simma kakraa bi mu no, nnomaa no pii du beae hɔ.

Ansa na wobedi no, nnomaa no de amemenemfe huruhuruw twa funu no ho hyia. Edin a wɔagye nyinaa akyi no, wɔyɛ abɔde a wɔfɛre ade yiye. Awiei koraa no, wɔn mu biako fi ase sosɔw funu no, na eyi yɛ sɛnkyerɛnne ma kuw no nyinaa ma wofi adidi no ase. Wɔko ntɔkwaw, yɛ dede, piapia wɔn ho mpɛn pii te sɛ nea wɔbɔ bɔɔl a wɔfrɛ no rugby. Nea ɔkɔm de sen wɔn nyinaa a ɔyɛ dede kɛse no na ɔtaa di kan mee. Sɛ funu no so a, wɔn nyinaa nya bi di mee.

Wodidi wie wɔ simma kakraa bi mu, na bere a aka nnompe no nkutoo no, kuw no san tu kɔ wim kɔtoa wɔn afunu hwehwɛ no so. Opete asetra nyɛ mmerɛw. Ebetumi aba sɛ nnaanu anaa nnansa akyi ansa na wobenya aduan foforo.

Adehu ne Adwuma a Wɔbom Yɛ

Wɔbɔɔ apete ma wotumi fi wim hwɛ ade wɔ fam yiye. Wɔyɛɛ wɔn ntaban akɛse no yiye ma wotumi tu fa wim brɛoo anaa wotu kɔ soro, na ɛma wotumi tu nnɔnhwerew pii a wɔntaa mmɔ wɔn ntaban mu. Wonim sɛnea wɔde mframa a emu yɛ hyew a ɛbɔ kɔ soro no di dwuma, na ɛboa wɔn ma wotumi tu kɔ sorosoro a wɔmmɔ wɔn ntaban mu kɛse. Dean Amadon, Amerikani nnomaa ho nimdefo a wagye din, kaa wɔn ho asɛm sɛ “abɔde a wonim tu yiye” no mu biako.

Asemmisa a nnomaa ho animdefo ani agye ho mfe pii no ne sɛ, Ɛyɛ dɛn na apete tumi hu afunu ntɛmntɛm saa?

Mmuae a wonyae ne ani a ehu ade yiye ne adwuma a wɔyɛ bom. Wɔabu akontaa sɛ opete a otu twa ne ho wɔ soro bɛyɛ mita 750 betumi ahu biribi a ɛda fam a ne tenten nnu sentimita 13. Nanso wɔwɔ ani a ehu ade kɔ akyiri saa mpo de, nanso ɛbɛyɛ den ama opete biako pɛ sɛ obenya aduan.

Enti, adwuma a wɔbom yɛ ho hia. Wɔahu sɛ apete kyekyɛ wɔn ho mu tu kyinkyin mmeae ahorow. Sɛ opete biako sian kɔ funu bi ho a, sɛnea osi fam no yɛ sɛnkyerɛnne ma apete a wɔbɛn hɔ no sɛ wɔrebenya aduan, na wotu de wɔn ani kyerɛ saa beae no ntɛm ara. Apete a wɔaka a wɔwɔ akyirikyiri no hu wɔn kwan a wɔasesa no, na wɔn nso kɔ beae hɔ ntɛm so. Wim nkitahodi ho nhyehyɛe yi yɛ adwuma yiye ma ɛyɛ nwonwa araa ma ɛbɛyɛ nea ɔrehwɛ nnomaa no sɛ wɔn nyinaa du hɔ bere koro mu.

Awerɛhosɛm ne sɛ saa nnamyɛ ne mfaso a wontumi nnye ho kyim no nnɔɔso sɛ ɛbɛma wɔabɔ apete ho ban na wɔn ase anhyew.

Condor no Asan Aba

Ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn aka nnomaa akɛse a wɔkyere afoforo we a wɔn ho yɛ nwonwa ho no, apete ase rehyew wɔ wiase no afa horow pii. Wɔn aduan a wodi ayera afi asasetaw ahorow so, na awuduru taa wɔ afunu a wonya no mu. Esiane sɛ wɔnsow mma pii nti, ɛyɛ den sɛ wɔbɛhyɛ wɔn a wɔawuwu no ananmu.

Nanso, nneɛma pa bi reda adi. Nhyehyɛe a nnipa ayɛ na wɔanya California pete akɛse no pii no reyɛ yiye, na wɔhwɛ kwan sɛ ɛnkyɛ nnomaa pii betumi asan akɔ wuram bio. Esiane Fransefo a wɔkora nneɛma so mmɔdenbɔ nti, griffon pete no asan akɔtra Massif Central, France, wɔ mfe pii a wofi hɔ no akyi.

Enti, anomaa a na anka bere bi nnipa kyi no koraa no abɛyɛ mmɔden a nnipa bɔ sɛ wobegye abɔde a wɔaba asiane mu nkwa no ho sɛnkyerɛnne. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea opete kɛse no tu fa Amerika Atifi ne Anafo Fam mmepɔwmmepɔw no so yɛ fɛ dodo sɛ wɔbɛma ayera.

Afrika ne Asia no, apete da so ara de ahobrɛase yɛ wɔn nnwuma a wɔnna wɔn ase wɔ ho no, sɛ wim samanasamanafo.

[Adaka wɔ kratafa 21]

Apete Dodow a Wɔwɔ hɔ ho Kyerɛwtohɔ

WƆKAN apete ka wiase no mu nnomaa a wɔn ho yɛ nã na wɔyɛ akɛse no ho. Na wotumi tu kɔ soro sen anomaa biara.

California opete kɛse no yɛ wiase no mu mmoa a wɔn ase rehye no mu biako Nea ɛbɛyɛ na apete yi ase anhye no, wɔrebɔ mmɔden kɛse de ahwɛ ma apete aduonu anan a wɔde wɔn aba fie no ahuan mma pii. Wɔ 1986 mu no, na California apete akɛse no abiɛsa pɛ na aka wɔ wuram.

Andean ne Afrika pete kɛse no ne asase so nnomaa a wɔn ntaban mu trɛw sen biara, ɛboro mita 3. Andean pete no nso ne anomaa a ɔkyere mmoa afoforo a ne mu yɛ duru sen biara, ɛtɔ mmere bi a, ne mu duru boro kilogram 14.

Apete yɛ nnomaa a wotu kɔ sorosoro nso. Wɔ 1973 mu no. Afrika pete bi ne wimhyɛn bi a ɛnam wim wɔ Cote d’Ivoire, Afrika Atɔe Fam, hyiaam wɔ soro mita 11,300.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Photo: Courtesy of Madrid Zoo, Madrid, Spain

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena