Sɛnea Wogyina Mmonnaato Ano
Mfe aduasa abiɛsa a atwam ni, wɔtwee sekan kyerɛɛ Mary so too no mmonnaa. Ɛnnɛ, Mary yam hye no na ne nsam tew fifiri bere a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu no. Ɛkame ayɛ sɛ ɔde nusu ka sɛ: “Ɛyɛ animguasesɛm a ɛsen biara a ɔbea betumi ahyia. Ɛyɛ amumɔyɛde, ade a ɛyɛ hu.”
MMONNAATO betumi ayɛ nneɛma a ɛsɛe nkate sen biara wɔ onipa asetram no mu biako, na nea ebefi mu aba no betumi atra hɔ wɔ obi nkwa nna nyinaa mu. Wɔ nhwehwɛmu bi mu no, wɔn a wɔato wɔn mmonnaa a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu bɛyɛ baasa biara mu biako kae sɛ wɔasusuw wɔn ho awu a wobedi ho, na wɔn mu dodow no ara kae sɛ nea ɛtoo wɔn no asesa wɔn koraa.
Sɛ ɔbea no nim nea ɔtoo no mmonnaa no a, nea efi mu ba no betumi ahaw adwene kɛse. Ɔbea a ɔmannifo bi to no mmonnaa no ntaa nya mmoa mfi afoforo hɔ efisɛ ebia ɔnka nea asi no nkyerɛ obiara, anaa ɔka nanso obiara nnye nni sɛ wɔtoo no mmonnaa ankasa. Esiane sɛ obi a ogye no di na wapira no nti, ɛnyɛ den sɛ obebu ne ho fɔ nso na n’adwenem ayɛ no naa wɔ afoforo a obetumi ahu sɛnea wɔte no ho.
Gye Mmoa Tom
Ehu ka wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no mu pii na na wonnye nea asi no ntom mfiase no. Wɔtoo ɔbea bi mmonnaa bere a aka bere tiaa bi ma wayɛ kɔlege sɔhwɛ bi a ɛho hia no. Oyii mmonnaato no fii n’adwenem kosii sɛ ɔyɛɛ sɔhwɛ no wiei. Ɔfoforo a wɔtoo no mmonnaa kae sɛ: “Mankɔ so ankaakae ho nsɛm bio efisɛ mihuu no yiye sɛ ɔmannifo a migye no di adan ɔmmonnaatofo. Na minnim sɛ obi a wunim no betumi ato wo mmonnaa. Ebetumi ayɛ nkwaseasɛm, nanso saa gyidi no ama m’anidaso asa. Metee nka sɛ mayɛ ankonam.”
Mmea binom nnye nea asi no ntom ara denam mmonnaato no ho asɛm a wɔnka nkyerɛ obiara no so. Wɔkɔ so siw mmonnaato no so mfe pii, na ɛma ɛyawdi no kyɛ na wonya nkate mu ɔhaw afoforo a ebia nea wɔtoo no mmonnaa no renhu sɛ mmonnaato no na ɛde aba.
Wo ho ntaa mfi ase nsan wo gye sɛ woka ho asɛm kyerɛ afoforo ansa. Adamfo bi a wugye no di betumi aboa ma woahu sɛ nea ɛtoo wo no yɛ mmonnaato ankasa na ɛnyɛ wo mfomso. Tete abebusɛm bi ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” (Mmebusɛm 17:17) Afei nso, honhom fam nguanhwɛfo betumi ayɛ “sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.” (Yesaia 32:2; 1 Tesalonikafo 5:14) Wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no mu binom fam no, ahyehyɛde a ɛboa wɔn a wɔato wɔn mmonnaa anaa obi a wasua sɛnea ɔde ho afotu ma a wɔbɛkɔ akohu no ho behia na waboa wɔn ma wɔadi wɔn nkate horow ho dwuma.
Afodi nkate nti, wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no taa suro sɛ wɔbɛka wɔn mmonnaato no ho asɛm, ne titiriw sɛ wɔn nna ho nkate sɔree wɔ mmonnaato no mu a. Ebia wɔbɛte nka sɛ wɔn ho agu fĩ na mfaso nni wɔn so, na wonunu wɔn ho wɔ mmonnaato no ho—ɛwom mpo sɛ mmonnaatofo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wonunu no de.
Mary a ɔkaa n’asɛm kyerɛɛ ne yɔnko Kristoni bi no kae sɛ: “Adamfo pa a wowɔ a wobɛka ho asɛm akyerɛ no no de nsakrae ba. Mitumi kasa kyerɛ no na mente nka sɛ me ho agu fi, na mente aniwu nka wɔ mmonnaa a wɔtoo me no ho.”
Mommoa No
Ɔkwan foforo so no, ɛrenyɛ papa na ɛrenkyerɛ ɔdɔ sɛ nea wɔato no mmonnaa no nnamfonom bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ no nea anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ anaasɛ wɔbɛpɛ sɛ wohu sɛ “wɔtoo no mmonnaa ankasa.” Nka da sɛ n’ani gyee ho anaasɛ obuu ɔbra bɔne. Ade a ehia sen biara a adamfo betumi ayɛ bere a wabisa mmoa afi ne hɔ ne sɛ obegye no adi. Ma no awerɛhyem. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkasa a, tie no, nanso nhyɛ no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nneɛma mu.
Sɛ mmonnaato no sii nkyɛe a, nnamfonom betumi aboa nea wɔato no mmonnaa no ma wakɔhwehwɛ nnuruyɛfo hɔ mmoa, na wobetumi ama no baabi pa atra. Hyɛ no nkuran ma ɔmfa asɛm no mma polisifo, nanso ma ɔno ankasa nsi gyinae ahorow no. Wahyia tebea bi a wɔmaa ɔhweree n’ahosodi nyinaa wom nkyɛe. Ma ne nsa nka saa ahosodi no bi denam nea edi hɔ a ɔbɛyɛ a wobɛma wapaw no so.
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa mmusua kwati sɛ wobefi nkate mu ayɛ ade wɔ tebea no ho. Ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔhwehwɛ obi de mmonnaato no ho asodi to no so anaa wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ biribi de tua ɔmmonnaatofo no so ka emu biara mmoa nea wɔato no mmonnaa no. (Romafo 12:19) Hwee remfi onipa foforo a ɛnyɛ ɔno ne ɔmmonnaatofo no a wɔde asodi no bɛto no so no mu mma, na asiane wɔ biribi a wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ de atua no so ka no mu. Ɛbɛma nea wɔato no mmonnaa no ahaw wɔ n’adɔfo ahobammɔ ho mmom sen sɛ ɔde n’adwene besi ne ho a ɛbɛsan no so.
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa mmusua hu sɛ wɔn mu pii bu nna soronko koraa wɔ mmonnaato no akyi. Nna abɛyɛ akode wɔ wɔn adwenem, na ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔne obi bɛda, obi a wɔdɔ no na wogye no di mpo, kosi sɛ bere bi betwam. Enti, ɛnsɛ sɛ okunu hyɛ ne yere sɛ omfi ase ne no nna kosi sɛ obesiesie ne ho ama. (1 Petro 3:7) Mmusua betumi aboa denam ma a wɔbɛma ababaa no anya n’ankasa ne mu ahotoso na wɔama wahu sɛ wɔda so ara dɔ no na wobu no, a nea ato no biara mfa ho. Ebehia sɛ wɔkɔ so boa nea wɔato no mmonnaa no bere a ɔfa tebea horow a ɛtɔ bere bi a ɛkyɛ ansa na ne ho asan no wɔ nkate mu mu no.
Ehu no Adwenemhaw Ano a Wogyina
Mmea a wɔato wɔn mmonnaa ka sɛ nea ɛde ba wɔn so kɛse ne ehu. Wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no mu dodow no ara anhwɛ kwan sɛ wobenya nkwa wom. Akyiri yi ebia wobesuro sɛ wɔbɛsan ato wɔn mmonnaa bio, anaa wobesuro mpo sɛ ebia wobehu nea ɔtoo wɔn mmonnaa no mpofirim.
Nnyigyei, hua ahorow ne mmeae a ɛte sɛ bere a wɔreto no mmonnaa no mu de betumi ama ehu a ɛkaa no saa bere no aka no bio. Sɛ wɔtoo ɔbea bi mmonnaa wɔ ɔkwan bi so a, obesuro sɛ ɔbɛfa ɔkwan a ɛte saa so. Sɛ wɔtoo no mmonnaa wɔ fie a, ɔrente ahobammɔ nka bio da wɔ fie hɔ, na ebia ɛbɛhyɛ no ma watu afi hɔ. Aduhuam a ne hua te sɛ nea na ɛwɔ ɔmmonnaatofo no ho nka a ɔbɛte mpo betumi ama wakae awerɛhosɛm no.
Ɛwom sɛ mmonnaato kakraa bi na nyinsɛn fi mu ba de, nanso ɛho hu ka wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no mu pii. Ɛteɛ nso sɛ wɔn mu pii haw sɛ ebia wɔanya ɔyare a wonya fi nna mu no bi. Mmea a wɔto wɔn mmonnaa no te adwenemhaw, abasamtu, ne asetra hunu nka, na ebetumi atra hɔ adapɛn pii kosi asram pii. Ebia dadwen, ehu, ne nketenkete bɛhaw wɔn bere nyinaa.
Ɛwom sɛ ebia mmea ntumi nsiw mmonnaato ano de, nanso bere bi akyi no, wobetumi adi wɔn nsusuwii, wɔn nkate, ne wɔn nneyɛe wɔ mmonnaato no ho no so. Wobetumi asua sɛnea wɔde adwene a ɛteɛ besi wɔn ho adwene a ɛnteɛ ananmu.
Linda Ledray kae wɔ Recovering From Rape mu sɛ: “Sɛ́ anka wobɛka akyerɛ wo ho sɛ woyɛ mmerɛw, wo ho nni mfaso, anaa wunni ahobammɔ no, sua sɛ wobɛka akyerɛ wo ho sɛ worebɔ mmɔden na woanya nkɔso wɔ adwenemhaw a edii mmonnaato no akyi pɛɛ bae no so. Da biara a wobɛte nka sɛ adwene a ɛnteɛ ne nkate bɔne a anya wo so nkɛntɛnso no kɔ fam no, ka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Meresua sɛnea medi me ho so bio.’”
Nea ɛde ehu ba ankasa a wubesua ahu no nso tumi boa ma wugyina ano. Sɛ nea wɔtoo no mmonnaa no hu nea ɛde ehu no ba no a, obetumi abisa ne ho sɛ, Saa ehu no yɛ nokware ankasa dɛn? Sɛ nhwɛso no, sɛ ohu obi a ɔsɛ ɔmmonnaatofo no a, obetumi akae ne ho sɛ ɛnyɛ ɔno ne ɔmmonnaatofo no na ɔrenyɛ no bɔne biara.
Ɔkwan foforo a wɔkamfo kyerɛ sɛ wɔmfa so nnyina ehu ano ne ade a obi yɛ no nnidiso nnidiso de yi ehu no fi no mu. Ɔbea no kyerɛw dwumadi anaa tebea horow a osuro no to hɔ, efi nea onsuro kɛse so kosi nea osuro paa no so. Afei ɔfa no sɛ ɔwɔ saa tebea a ɛnhaw adwene pii no mu ara kosi sɛ ɛbɛyɛ biribi a onsuro bio. Ɔkɔ so yɛ no mmiako mmiako kosi sɛ, sɛ osusuw tebea horow no nyinaa ho a, onsuro bio.
Ɛdenam n’adamfo bi mmoa so no, afei obetumi afi ase ayɛ dwumadi ahorow no wɔ asetra mu ankasa, te sɛ abɔnten a ofi adi kɔ anadwo anaa tra a ne nkutoo bɛtra baabi. Awiei koraa no obetumi adi ehu a ɛka no no so ma enti ɛnkɔ so nnya nneɛma a ɔyɛ no da biara no so nkɛntɛnso bio. Nanso, dwumadi ahorow bi ho suro—borɔn a ɛso wɔ sum so a ɔnantew anadwo—yɛ ne kwan so, na ntease biara nni mu sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obedi ehu so wɔ saa tebea horow no mu.
Nea Ɛsɛ sɛ Wɔma Wɔn Bo Fuw No
Wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no te abufuw nka nso, a mfiase no wɔfa mmarima nyinaa ho abufuw, nanso bere a bere kɔ so no, ekogyina ɔmmonnaatofo no nkutoo so. Nnipa a wɔn bo afuw taa fa obiara ho abufuw. Afoforo yɛ wɔn ade denam wɔn nkate a wɔhyɛ so no so. Nanso, wobetumi ada abufuw adi wɔ ɔkwan pa so, na ɔkwan a ɔbea bi fa so di n’abufuw ho dwuma no tumi boa no ma ne ho san no. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne.”—Efesofo 4:26.
Nea edi kan no, enhia sɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no suro sɛ wɔbɛda abufuw adi. Wobetumi aka ho asɛm akyerɛ afoforo. Mmara kwan so a wɔde asɛm no bɛfa anaa ho kyerɛwtohɔ a wɔbɛyɛ no betumi ayɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayi abufuw no afi wɔn mu. Wɔnam honam fam dwumadi ahorow te sɛ, tɛnnis ne bɔɔl a wɔde nsa bɔ, nantew, mmirikatu, baesekre ka anaa asuguare so betumi ama abufuw no agyae na aboa ma wɔadi adwenemhaw no so.
Wubetumi asan anya w’asetra so tumi bio.
Dɛn na Ɛbɛma Wɔagyae Mmonnaato?
Mmonnaato a wɔbɛma agyae no nyɛ asɛm a ɛfa hintaw mmea behintaw na mmonnaatofo anhu wɔn anaa ko a wɔbɛko atia wɔn ho kɛkɛ. Ɔkyerɛwfo Timothy Beneke kae wɔ ne nhoma Men on Rape mu sɛ: “Ɛyɛ mmarima na wɔto mmonnaa na mmarima nyinaa na wɔwɔ tumi sɛ wɔbɛma mmonnaato agyae.”
Mmonnaato rennyae kosi sɛ mmarima begyae bu a wobu mmea sɛ nnipa a wɔne wɔn da kɛkɛ, na wohu sɛ abusuabɔ pa nnyina basabasayɛ a wɔnam so hyɛ obi so no so. Wɔ ankorankoro fam no, mmarima a wɔn ho akokwaw betumi akasa ma anya mmarima afoforo so nkɛntɛnso. Mmarima ne mmea nyinaa betumi apow sɛ wobedi fɛw a ɛyɛ nguamansɛm, apow sɛ wɔbɛhwɛ sini a nna mu nneyɛe bɔne wom, anaa wɔbɛboa aguade ho adawurubɔfo a wɔnam nna ho nsɛm so tɔn wɔn aguade no. Bible no tu fo sɛ: “Na aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.”—Efesofo 5:3, 4.
Awofo nam wɔn nhwɛso so betumi akyerɛ obu a wɔde ma mmea. Wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn mmabarima ma wɔabu mmea sɛnea Yehowa bu wɔn no. Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim. (Asomafo no Nnwuma 10:34) Awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mmabarima ma wɔne mmea afa nnamfo a wɔnyɛ basaa bere a wɔne wɔn wɔ hɔ no, te sɛ nea Yesu yɛe no. Wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn mmabarima sɛ ɔbarima ne ɔbea nna yɛ ɔdɔ ade a obi ne n’aware mu ɔhokafo nkutoo na ɛsɛ sɛ enya mu kyɛfa. Awofo betumi akyerɛkyerɛ mu pefee sɛ wɔmma basabasayɛ ho kwan, na wommu hyɛ a wɔhyɛ afoforo so no nso. (Dwom 11:5) Wobetumi ahyɛ wɔn mma nkuran ma wɔne wɔn asusuw nna ho nsɛm fann na wɔako atia nna ho nhyɛso biara.
Ɔhaw a Ɛrenkyɛ na Aba Awiei
Nanso, mmonnaato rennyae gye sɛ nsakrae atitiriw ba wiase no mu. Nhwehwɛmufo Linda Ledray kae sɛ: “Mmonnaato nyɛ asɛnnennen mma onipa biako bi pɛ, na [mmom] ɛyɛ abusua asɛnnennen, asetram asɛnnennen, ne ɔman asɛnnennen nso.”
Bible no de wiase nyinaa abusua bi a basabasayɛ nnim, a onipa nkɔ so ‘nni onipa so mma ɛnnan no bɔne’ bio wom ho bɔhyɛ ma. (Ɔsɛnkafo 8:9; Yesaia 60:18) Ɛrenkyɛ na bere bi a Yehowa rennya tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so, a mmonnaato nso ka ho ho koma bio no aba.—Dwom 37:9, 20.
Wɔ saa wiase foforo abusua no mu no, wɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ma wɔadɔ asomdwoe na wɔadɔ wɔn ho wɔn ho a bɔbeasu a wokura, abusua anaa ɔman a wofi mu mfa ho. (Yesaia 54:13) Na saa bere no, nnipa ahobrɛasefo bɛtra ase a wonsuro nnamfo anaa nnipa a wonnim wɔn, na wobegye ‘wɔn ani asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:11.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]
Sɛ Wɔto Wo Mmonnaa a
□ Kɔ ayaresabea.
□ Sɛ wopɛ a, ka kyerɛ wɔn a wɔto wɔn mmonnaa ho ɔfotufo ma ɔne wo nni w’ayaresa ne mmara mu nsɛm ho dwuma, sɛ ebi wɔ bɔ a.
□ Bɔ polisifo amanneɛ ntɛm ara sɛnea wubetumi Afotufo kamfo sɛ bɔ polisifo amanneɛ na ayɛ ahobammɔ ama wo ne mmea afoforo Bɔ a wobɛbɔ polisifo amanneɛ no ne asɛm no di nyɛ ade koro, nanso sɛ wopaw sɛ wubedi asɛm no akyiri yi, na woammɔ polisifo amanneɛ ntɛm a, ɛbɛbrɛ aniberesɛm a asɛm no yɛ ase.
□ Kora ɛho adansedi so. Nguare, nsesa w’atade, nhohoro wo tirim anaa nsrɛn anaa nsɛe adansedi biara te sɛ fingerprint anaa nan de bere a wɔato wo mmonnaa no akyi pɛe no.
□ Ayaresabea adwumayɛfo begye adanse horow no na wɔayɛ nhwehwɛmu a ɛbɛma wɔahu nyarewa a wonya fi nna mu ne nyinsɛn. Sɛ wɔde aduru a wɔde siw nyinsɛn ano, nea wɔfa bere a ɔbarima ne ɔbea ahyiam akyi no ma a, ɛsɛ sɛ Kristofo hu sɛ saa nnuru no tumi sɛe nyinsɛn.
□ Yɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya ahobammɔ—sesa wo nsafe, wo ne adamfo bi ntra, bram wo pon akyi—sɛ ɛte sɛ nea woyɛ ade atra so anaa wonyɛ no.
□ Nea ɛsen ne nyinaa no, hwehwɛ awerɛkyekye fi Kyerɛwnsɛm no mu, bɔ Yehowa mpae, na bɔ ne din dennen, wɔ ntua no mu ne akyi. Hwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no ne asafo no mufo a wɔbɛn wo no nkyɛn. Sɛnea ɛte biara no, kɔ adesua ahorow, na hwehwɛ mfɛfo Kristofo fekubɔ wɔ ɔsom adwuma no mu.