Anomaa a Otu Hwii Ba Fam Komm
SƐ WOANANTEW wuram anadwo pɛn a, ebia wate mpatu a wotu hwii ba fam komm no—awerɛhow su no. Esiane sɛ mpatu ahorow bɛyɛ 145 na wɔwɔ wiase nyinaa nti, nnipa pii bɛtumi ate mpatu su. Wubetumi ahu mpatu a wɔtaa tra adan mu a wɔabu so wɔ Amerika Kusuu Fam ne Kesee Fam, Europa, Afrika, ne Asia mmeae pii ne Tasmania ne Australia mmeaemmeae nso no. Dɛn na ɛma patu yɛ soronko?
Nea edi kan koraa no, ɛyɛ n’anim ne n’aniwa. Ɛsono sɛnea mpatu kuw biara anim te, nanso wɔtaa wɔ “ti akɛse tɛtrɛw a ntakra a ayɛ te sɛ prɛte ketewa bi wɔ n’aniwa ho. . . . Ntakra a ayɛ te sɛ prɛte ketewa no na egye nnyigyei gu patu no aso ntokuru mu.” (The World Book Encyclopedia) Esiane sɛ patu aniwa nte sɛ nnomaa pii de nti, n’aniwa hwɛ anim tee; ontumi nnandan n’aniwa kesuwa no wɔ n’aniwa tokuru no mu. Enti, ɛsɛ sɛ mpatu dan wɔn ti na ama wɔahwɛ nneɛma a ennyina faako. Na ɛkame ayɛ sɛ wotumi dan wɔn ti kɔ baabiara!
Saa nnomaa a wotu anadwo yi ho ade foforo a ɛyɛ soronko ne wɔn ntakra a wɔayɛ no ɔkwan bi so, a ɛkame ayɛ sɛ ɛma wotumi tu komm a wɔnte wɔn nka. Bere a wɔnam wɔn aniwa anaa nnyigyei kakra a wɔte so hu wɔn nnuan no, wotumi tu hwii komm kodi wɔn aduan a edi hɔ. Wɔka sɛ “wɔka nnomaa a wɔn ho wɔ mfaso sen biara ma akuafo no ho” efisɛ wokunkum mmoa nketewa a wɔtaa sɛe nnɔbae no.
Book of North American Birds se: “Wɔabu wiase nyinaa mpatu . . . sɛ nnomaa a wɔyɛ “owu ho sɛnkyerɛnne” wɔ aman nyinaa mu. Afeha a ɛto so 14 Engiresi anwensɛm kyerɛwfo Geoffrey Chaucer frɛɛ patu a ɔtaa tra adan mu no sɛ “amanehunu ne asɛmmɔne diyifo.” Bible no ka mpatu ho asɛm wɔ nkyekyem ason mu, a Babilon adantuw a Yesaia kaa ho asɛm sɛ “na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama” ka ho.—Yesaia 13:21.
Ɔpatu a ɔwɔ abɛn akɛse no tumi didi yiye. Nhoma bi se: “Wonim mpo sɛ ɛtɔ mmere bi a, anomaa no tu hwii ba fam bɛtow hyɛ nnipa a wɔhyɛ kyɛw a wɔde aboa nhwi ayɛ so, a ɛda adi sɛ wodi mfomso fa no sɛ aboa nhwi no yɛ aboa a onwui”! Ɛwom sɛ na wobu patu sɛ anomaa a ne ho ntew wɔ Mose Mmara no ase de, nanso ne yɛbea a ɛda nsow no ka Ɔbɔadeɛ bi a ɔda nsow ho asɛm.—Leviticus 11:16, 17.
[Kratafa 31 mfonini]
Patu kɛse a ɔwɔ abɛn—n’ani hu adu yiye, n’aso nte asɛm yiye, na otu komm
[Asɛm Fibea]
Mfonini: Green Chimneys Wildlife Rehabilitation Center, Brewster, NY na ɛmaa ho kwan