Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 7/8 kr. 15-24
  • Dɛn na Metumi Ayɛ wɔ Sukuu Nnwuma Pii a Wɔyɛ wɔ Fie no Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Metumi Ayɛ wɔ Sukuu Nnwuma Pii a Wɔyɛ wɔ Fie no Ho?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wunni Bere Pii?
  • Sukuu Adwuma ho Adwene a Ɛkari Pɛ
  • Mfaso a Ɛwɔ Nnwuma ho Nhyehyɛe a Wobɛyɛ So
  • Yɛ Wo Bere ho Nhyehyɛe!
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bere Ayɛ Sukuu Dwumadi Wɔ Fie?
    Nyan!—2004
  • Sɛ Mekɔ Me Sukuu Wɔ Fie a, Mɛyɛ Dɛn Na Akɔ Yiye?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Me Homework Nyinaa Awie?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Awofo A Wɔayɛ Wɔn Ofie Adwuma
    Nyan!—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 7/8 kr. 15-24

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Dɛn na Metumi Ayɛ wɔ Sukuu Nnwuma Pii a Wɔyɛ wɔ Fie no Ho?

Wɔaka “sukuu nnwuma a ɛdɔɔso dodo” ho asɛm sɛ nneɛma a ɛma mmofra haw titiriw no mu biako.

“Sɛ wunni nhyehyɛe pa a, wosɛe bere pii de si adwuma a edi hɔ a wobɛyɛ ho gyinae”

‘YENNI bere pii!’ Saa na ntoaso sukuufo kuw bi kae. Dɛn na ɛde ɔhaw yi ba? Nea sukuu hwehwɛ sɛ wɔyɛ ne sukuu nnwuma a wɔyɛ wɔ fie. Abeawa Véronique ka sɛ: “Mifi sukuu mu adesua ase anɔpa 8:00 na mepɔn anwummere 5:30. Bere a medu fie no, na 6:30 abɔ. Ɛyɛ den. Awofo susuw sɛ sukuukɔ yɛ anigye. Wɔnte ase sɛ ɔbrɛ ne ɔhaw wɔ sukuukɔ mu, na afei sɛ yedu fie a, yɛwɔ sukuu nnwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” Sandrine a wadi mfe dunson de ka ho sɛ: “Mede bɛyɛ nnɔnhwerew abien kosi abiɛsa yɛ me sukuu nnwuma anadwo biara, dapɛn awiei de nso ka ho.”

Véronique ne Sandrine te France, Europa aman a adesuafo di nna pii wɔ sukuu no mu biako. Adesuafo a wɔwɔ nsase afoforo pii so nso te nka sɛ wahaw, wohyia abasamtu, na nneɛma a egye wɔn bere no nyinaa abunkam wɔn so. Wɔaka sɛ “sukuu nnwuma a ɛdɔɔso dodo” ne nneɛma a ɛma mmofra haw titiriw no mu biako.

Esiane sɛ adwuma a wobenya ayɛ yɛ den nnɛ sen bere biara a atwam wɔ wiase no mmeae pii nti, mmofra pii hu sɛ nhomasua a ɛkɔ anim a wobenya no ho hia yiye na wɔanya adwuma daakye. Sɛnea ntoaso sukuuni, Violaine, ka no: “Ayɛ den sɛ wubenya adwuma a ɛfata ayɛ araa ma nnɛyi mmofra hu sɛ ade biako pɛ na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ​—ADESUA!”

So Wunni Bere Pii?

Nanso, wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ sukuu no nim sɛ egye bere ne ahoɔden pii. Na sɛ woyɛ abofra Kristoni a, wowɔ nneɛma afoforo a egye wo bere: Kristofo nhyiamkɔ, Bible adesua, ne wo gyidi ho asɛm a wobɛka akyerɛ afoforo. (Yohane 17:3; Romafo 10:10; Hebrifo 10: 24, 25) Bible no kɔ so ka sɛ ‘bere a wɔde serew’ na wɔde gye ani wɔ hɔ. (Ɔsɛnkafo 3:1, 4; 11:9) Te sɛ mmerante ne mmabaa pii no, wopɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, wunya bere kakra de home. Nanso ɛte sɛ nea sukuu adwuma mma wunnya bere a wode bɛyɛ nneɛma a ehia sɛ woyɛ no​—nkantom bere a wode bɛyɛ nea wopɛ.

Nanso, mpɛn pii no ɛnyɛ bere a wunni nkutoo ne ɔhaw no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi daa no adi sɛ nneɛma atitiriw abien nti antoaso sukuufo wɔ nhomasua mu nsɛnnennen ne wɔn “bere a wɔmfa nni dwuma yiye” ne “nhyehyɛe pa a wonni.” Sɛnea aberante Olivier hui no, nhyehyɛe pa a wunni betumi aka wo kɛse asen sɔhwɛ mu mmɔdenbɔ. Ɔka sɛ: “Sɛ wunni nhyehyɛe pa a, wosɛe bere pii de si adwuma a edi hɔ a wobɛyɛ ho gyinae.” Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ nhyehyɛe pa?

Sukuu Adwuma ho Adwene a Ɛkari Pɛ

Nea edi kan koraa no, hu sɛnea wo sukuu adwuma no te ankasa. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘munhu nneɛma a ɛho hia kɛse.’ (Filipifo 1:10) Na sɛ wudwen ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade a ehia sen biara wɔ w’asetra mu? So ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo honhom mu asɛyɛde ahorow? Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” (Mateo 6:33, New World Translation) Ɛno kyerɛ sɛ wubebu Kristofo nhyiam horow, mpaebɔ, adesua, ne asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no sɛ nea ɛho hia titiriw.

So eyi kyerɛ sɛ sukuu nnwuma ho nhia? Dabida. Nanso sɛ Kristoni no, ɛnsɛ sɛ botae a wode sua nhoma ne sɛ wubesiesie wo ho ama honam fam adwuma bi. Na mmom, ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wubesua nnwuma a ɛbɛboa wo wɔ w’adwuma sɛ Onyankopɔn somfo no mu. Bere koro no ara no, woresiesie wo ho na ama woatumi ayɛ adwuma de ahwɛ wo ho, ne ebia a w’abusua da bi. (1 Tesalonikafo 4:11, 12; 1 Timoteo 5:8) Eyi a wubehu no bɛboa wo ma woabɔ mmɔden biara a wubetumi wɔ sukuu. Na bere koro no ara no, ɛho hia sɛ wobɔ mmɔden yɛ nea wubetumi nyinaa de hyɛ wo ho den wɔ honhom mu.

‘Adagyew a wobɛtɔ’ ama honhom fam nnwuma, ofie nnwuma, ahomegye, ne sukuu nnwuma, betumi ayɛ nsɛnnennen ankasa, nanso wubetumi ayɛ.​—Efesofo 5:15, 16.

Mfaso a Ɛwɔ Nnwuma ho Nhyehyɛe a Wobɛyɛ So

Ɔkwan biako a wobɛfa so atɔ bere ne sɛ wobɛma wo ho akokwaw wɔ sɛnea wusua ade no mu. Nhoma Questions Young People Ask​—Answers That Work no ti 18 de nyansahyɛ ahorow a ɛboa bi ma.a Sɛ nhwɛso no, so woabɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ bere nhyehyɛe anaa sukuu nnwuma ho nhyehyɛe?​—Fa toto Filipifo 3:16 ho.

Harry Maddox kyerɛwee wɔ ne nhoma How to Study mu sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ adesua mu asɛnnennen a ɛsen biara ne tumi a wontumi mfa adwene nsi adesua so daa.” Na wo nso ɛ? So wutu sukuu adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ fie no hyɛ da kosi bere a wote nka sɛ wobɛyɛ​—anaasɛ kosi bere a ɛte sɛ nea ne yɛ bɛyɛ mmere kɛse? Ɔsɛnkafo 11:4 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba, na nea ɔhwɛ amununkum no rentwa.”

Harry Maddox kae bio sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw yiye sɛ wobɛsɛe mmere nkakrankakra. Sɛ woanyɛ bere nhyehyɛe amma wo ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ wode bere a wode besua ade no bɛhwɛ T.V., akenkan nsɛmma nhoma bi, . . . anaasɛ wobɛyɛ nneɛma pii a sukuufo a wɔmmɔ mmɔden pɛ sɛ wɔyɛ mmom sen sɛ wobesua ade. Sɛ wowɔ bere nhyehyɛe na woasi wo bo sɛ wubedi so a, ɛwɔ mmara tumi bi a ɛnsɛ sɛ wubu so, na bere bi akyi no, ɛsodi bɛyɛ mmerɛw, na wubefi ase abu no sɛ w’asetra fã.”

Sɛ wonam nhyehyɛe ne ahohyɛso pa so yɛ wo sukuu nnwuma a, wubetumi anya bere pii. Nhyehyɛe pa a wobɛyɛ nso betumi aboa wo ma woakwati wo sukuu nnwuma a ebetwitware wo Kristofo asɛyɛde ahorow te sɛ asafo nhyiam ahorow a wobɛkɔ mu no.

Yɛ Wo Bere ho Nhyehyɛe!

Na nneɛma afoforo a wopɛ na ehia sɛ woyɛ, te sɛ ofie nnwuma no nso ɛ? Ɛha nso, nhyehyɛe a wobɛyɛ ne ano aduru. Bɔ mmɔden sɛ wode nyansahyɛ ahorow a edidi so yi bedi dwuma:

Kyerɛw nneɛma a wobɛyɛ no tɔ hɔ. Bere sohwɛ ho ɔfotufo Stephanie Winston kamfo nhoma a wɔkyerɛkyerɛw mu a wotumi de hyɛkotoku mu a wode bɛhyɛ wo ho bere nyinaa kyerɛ. Kyerɛw “nsusuwii, dwumadi, telefon so ɔfrɛ, adwuma anaa ɔsoma biara​—kɛse anaa ketewa, nea ɛho nhia pii anaa nea ɛho hia kɛse biara​—bere a aba no to hɔ.” Sɛ wohwɛ nea edi kan a, ebetumi ayɛ sɛ nneɛma a woakyerɛw no ‘dɔɔso dodo, nanso wubetumi ayiyi mu ma aka nea wubetumi adi ho dwuma.

Hyehye nneɛma nnidiso nnidiso sɛnea hia a ɛho hia no te. Eyi betumi aboa wo ma wode w’adwene asi nneɛma a ɛho hia ankasa sɛ woyɛ no so. Bere koro no ara mu no, wubetumi ayi nneɛma a wubetumi ayɛ no akyiri yi, anaasɛ nea wunni bere a wode bɛyɛ no afi mu.

Yɛ bere nhyehyɛe. Yiw, yɛ nneɛma a wobɛyɛ ho nhyehyɛe​—bere a wode bɛyɛ nneɛma a woakyerɛw no. Kalenda ketewaa a wotumi de hyɛ kotoku mu, anaa da biara mu nsɛm kyerɛwtohɔ nhoma, bɛboa wo yiye wɔ eyi mu. Sɛ anka ɛbɛto w’ahofadi ano hye no, bere nhyehyɛe a ɛkari pɛ betumi ama woahwɛ wo bere so yiye.

Da Nyansa Adi. Ɛdenam sɔ a wobɛsɔ ahwɛ so no, wubetumi ahu bere a ɛfata sɛ woyɛ nneɛma ahorow bi. Sɛ nhwɛso no, wubehu sɛ ɛyɛ papa sɛ woyɛ wo sukuu nnwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ fie no anɔpa, bere a w’adwene kyere nneɛma ntɛmntɛm no.

Nanso, hu sɛ ɛho nhia sɛ woyɛ w’asetra mu bere biara ho nhyehyɛe. Ma wo nhyehyɛe no nyɛ fakaa, a woagyaw bere ama nneɛma bi a wonhwɛ kwan anaasɛ ɛbɛba mpofirim. Yɛ nsakrae sɛnea ɛho hia, nanso di wo nhyehyɛe no so sɛnea wubetumi. Hyɛ no nsow: Ɛtaa yɛ papa sɛ wode w’adwene bebu sɛ bere a wubehia de adi adwuma pɔtee bi bɛdɔɔso pii. Wubetumi ayɛ nsakrae bere biara sɛ wuwie ntɛm a.

Hyɛ bere a ɛse sɛ wode wie ma wo ho. Eyi boa wo ma wotumi kwati su a ɛbɛma woatwɛn kosi sɛ ɛbɛka bere tiaa bi ansa na woayɛ ade no. Sɛ wowɔ sukuu adwuma bi a, bɔ mmɔden di kan kyerɛ da a wode bɛkɔ.

Hyɛ wo ho so di wo bere nhyehyɛe no so. Ɛnyɛ den sɛ wobɛkɔ w’adamfo fie bere a ɛho hia sɛ wotra fie sua ade ma wo sɔhwɛ a edi akyiri no. Na sɛ woansua ade yiye a, akyiri yi woremmɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ mu nso. (Fa toto 2 Korintofo 9:6 ho.) Afei nso, mpɛn pii no w’ani begye kɛse bere a wonyɛ hwee no, sɛ woawie w’adwuma no a. Nnyinasosɛm a ɛboa yiye ne sɛ, Yɛ nneɛma a ehia kan, na gye w’ani akyiri yi.

Ebegye bere, boasetɔ, ne ahohyɛso kɛse na woayɛ wo nneɛma ne wo bere ho nhyehyɛe, nanso wɔka kyerɛ Kristofo sɛ wɔnna ahosodi adi ade nyinaa mu. (1 Korintofo 9:25) Sua a wubesua sɛnea wubedi bere nhyehyɛe so no yɛ ade pa a ɛbɛma woadi nnyinasosɛm yi so. Nea ebetumi afi mu aba bɛyɛ nea woatumi ayɛ no mu abotɔyam, w’asetra a wutumi di so kɛse, ne bere pii a wode bɛyɛ nneɛma a wopɛ na ɛho hia sɛ woyɛ no.

[Ase hɔ asɛm]

a “Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yɛ adesua ho nhyehyɛe na di so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena