Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
Nkate Horow a Ɛmfata Meyɛ abeawa a madi mfe 12, na m’ani gyee nsɛm a edidii so “Wubetumi Adi Nkate Horow a Ɛmfata So” no ho. (Awake! October 8, 1992) Nsɛnnennen baa me ne me nnamfo ne mfɛfo sukuufo ntam. Nea ɛde eyinom nyinaa bae ne adwempa a mamfa ansusuw nsɛm ho. Nsɛm no kyerɛɛ me sɛnea ɛsɛ sɛ minya adwempa.
A. C., Italy
Esiane sɛ manya nkate ne nipadua mu nkwaboaa ho ɔhaw ho ayaresa mfe abien a atwam ni nti, osuahu ama mahu sɛ mo nyansahyɛ ahorow no tumi yɛ adwuma. Nnanu ni, ɔyare no san bae, na na mepɛ sɛ mepa abaw. Me kunu a ɔwɔ boasetɔ bere nyinaa no ka kyerɛɛ me sɛ mensan nkenkan nsɛm no. Ná ekura nkuranhyɛ a mihia no nyinaa, na ɛma minyaa ɔpɛ sɛ mɛyere me ho bio.
J. L., England
Awofo a Wɔn Anim Agu Ase Meda mo ase wɔ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Sɛ M’awofo Agu Yɛn Anim Ase a, Dɛn na Ɛsɛ sɛ Meyɛ?” (Awake! October 22, 1992) no ho. Ɛhyɛɛ me nkuran pii. Me papa baraa me nnansa yi ara sɛ ɛnsɛ sɛ mekɔ Kristofo nhyiam horow. Nanso, mo asɛm a mekenkan no boaa me ma metee ase sɛ ɛnyɛ me nko na mewɔ saa tebea yi mu, na metumi de me ho ato Yehowa mmoa so.
K. L. R., France
Me papa yɛ Kristoni a wayɛ mmerɛw. Wɔatu me maame afi asafo no mu na ɔsɔre tia nokware no. Da koro bi ɔmaa ɔkɔm dee me bɛboro nnɔnhwerew 36 esiane sɛ mekɔɔ asɛnka nti. Ɔboroo me nso. Ɛtɔ da bi a, m’awofo honhom fam tebea no nti misu. Enti muntumi nhu sɛnea mo asɛm no hyɛɛ me nkuran ne me gyidi den. Masi me bo sɛ medi Bible mu nnyinasosɛm ahorow so.
E. J., Nigeria
Me nso wɔatu me papa na wɔaka me nuanom binom anim atu binom. Ebinom aka me ho asɛm sɛ mete sɛ wɔn ara, nanso mprempren maware na mayɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no afe biako. Yiw, wubetumi ada wo ho adi sɛ woyɛ soronko ankasa.
D. R., United States
Wiase Nsɛm Meda mo ase sɛ mutintim nsɛm ntiantia wɔ “Wiase Nsɛm” afã hɔ. Esiane sɛ mewɔ ahobammɔ wɔ asetra mu na ahokyere nni mu nti, ehia sɛ mekɔ so ma me ho awerɛhyem sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri mu ampa. “Wiase Nsɛm” aboa me kɛse ma magye sɛnea wiase dedaw yi asɛe na aporɔw ankasa no adi. Mesrɛ sɛ monkɔ so ntintim daa.
M. G., United States
Krataa a Wɔde Kɔma Awofo Asɛm “Krataa a Wɔde Kɔma Maame ne Paapa” (Awake! October 8, 1992) maa m’ani tɛɛtɛɛ nsu. Ɛma mihuu sɛnea ɛyɛɛ den maa m’awofo sɛ wɔbɛtete mmofra baawɔtwe. Enti bere a madi mfe 42 yi, makyerɛw m’ankasa krataa akɔda Maame ne Paapa ase.
J. D., United States
Ná ɛyɛ den yiye sɛ mɛkenkan efisɛ m’awofo amma me nneɛma a saa aberante no bobɔɔ din no mu biara. Nanso bere a mesan kenkanee no, mihuu nneɛma pii a Yehowa, yɛn soro Agya no, ayɛ ama me ne afoforo pii. Wama mahu ɔdɔ na wama me nteɛso bere a mihia no. Enti, wama me ahotɔ bi afi mmofraberem ɛyawdi no mu.
C. A., United States