Amanehunufo Anaasɛ Mogya Adansefo Nsonsonoe Bɛn Na Twom?
WƆ ABAKƆSƐM nyinaa mu no, atirimɔdenne a adesamma ayɛ mmarima, mmea, ne mmofra de amanehunu a enni awiei aba, na ama ɔpepem pii awuwu. Sɛ́ ebia amammui, aman, abusua, anaasɛ nyamesom nti na wɔyɛ saa no, wɔahwie mogya a edi bem agu na wɔda so ara yɛ saa. Nitan bunkam ɔdɔ ne ntease so. Kateeyɛ siw afoforo ho koma a ɛsɛ sɛ wonya no ano. Na nnipakum no kɔ so.
Wɔ mfehaha pii a atwam no mu no, asraafo ne asraafo na ɛkoe, na na emu kyɛfa ketewaa bi na ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo nya. Wɔ yɛn afeha 20 yi mu a wofii ase totow atopae, aprɛm a ɛkɔ akyirikyiri fii wim no, wɔakunkum ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo bebree araa ma nhwehwɛmu bi ka sɛ: “Mprempren ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo titiriw na wohu amane wɔ akodi ahorow mu. Wɔ afeha yi mu no, ɔmanfo pii a wɔnyɛ asraafo a wonni akode awuwu wɔ akodi ahorow mu sen asraafo ankasa.” Wɔakunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm bebree wɔakodi ahorow a amammui akannifo na wofii ase mu. Wɔ yɛn afeha yi nkutoo mu no, nnipa a ɔko adi wɔn awu adɔɔso, bɛboro ɔpepem ɔha awuwu, na ɔpepehaha pii apirapira na wɔahwere wɔn adɔfo.
Wɔ nnipa a nnɛyi akodi ahorow adi wɔn awu akyi no, mogya adansefo nso wɔ hɔ.a Nsonsonoe bɛn na ɛwom? Ɔpepem pii—Yudafo, Slavfo, Gypsyfo, nnipa a wɔwɔ bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da, ne afoforo—wuwui wɔ Nasi Germany esiane nnipa ko a na wɔyɛ nti. Ná wonni mmoa biara, biribi foforo nni hɔ a wɔbɛpaw. Wɔ saa nhyehyɛe bɔne no ase no, na wontumi nkwati owu. Nanso, na ebinom wɔ hɔ a anka ɛnsɛ sɛ wowu. Na wɔwɔ ɔkwan a wɔbɛfa so anya wɔn titi adidi mu, nanso, wɔn nnyinasosɛm ahorow nti, wɔpowee.
Nhwɛso biako a wonim yiye ne Katolek sɔfo Maximilian Kolbe, a ɔboaa Yudafo aguanfo wɔ Wiase Ko II mu de no. Wɔ 1941 mu no, wɔde no “kɔtoo [Nasifo adwumayɛban mu wɔ] Auschwitz, faako a ɔde ne nkwa mae de sii ɔdeduani Franciszek Gajowniczek a na wɔabu no kumfɔ de ananmu no. Nea edi kan no, wɔmaa ɔkɔm dee no, na awiei koraa no wɔde awuduru wɔɔ no paane na wɔhyew ne funu.”(Encyclopædia Britannica) Ɔbɛyɛɛ mogya dansefo a ɔde ne ho bɔɔ afɔre—a na n’asɛm no yɛ soronko koraa wɔ Protestantfo ne Katolekfo nyamesom mmara mu.
Wɔ Nasifo bere so wɔ Germany (1933-45) no, Yehowa Adansefo hyiaa ɔtaa a ɛyɛ hu wɔ afã biara a wonni a wokuraa mu ne pow a wɔpow sɛ wɔbɛboa Hitler akodi no ho. Wɔde Adansefo no mu mpempem pii koguu adwumayɛban ahorow a emu yɛ hu mu, baabi a wokunkum wɔn mu pii na ayayade nso maa afoforo wuwui. Nanso, na anka ɛnsɛ sɛ wohu amane na wowuwu. Na wobetumi apaw nea wɔpɛ. Wɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan a na wobetumi afa so afi mu. Sɛ na wɔde wɔn nsa hyɛ krataa ase kɛkɛ pow wɔn gyidi a, na wobegyaa wɔn. Wɔn mu dodow no ara na wɔpawee sɛ wɔmmfa wɔn nsa nnhyɛ krataa no ase, a ɛnyɛ amane nko na wohui wɔ Nasifo nsam na mmom wɔyɛɛ mogya adansefo nso. Enti, bere a mogya adansefo nyinaa yɛ wɔn a wohu amane no, wɔn a wohu amane no mu kakraa bi na wɔn ankasa pawee sɛ wɔbɛyɛ mogya adansefo. Wodii nkonim wɔ owu mu.
Nokware adanse a efi wɔn a wɔnyɛ Adansefo hɔ di saa nokwasɛm yi ho adanse. “Ɔsɔfo Bruppacher a ofi Switzerland kae wɔ 1939 mu sɛ: ‘Bere a nnipa a wɔfrɛ wɔn ho sɛ Kristofo di nkogu wɔ sɔhwɛ atitiriw mu no, Yehowa adansefo a wonnim wɔn yi, kɔ so ko tia wɔn ahonim a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe no ne abosonsom a wonhinhim . . .Wɔataa wɔn akum wɔn mpo, nanso sɛ Yehowa adansefo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Kristo Ahenni no mu no, wɔ pow sɛ wɔbɛsom Hitler ne ne Swastika no.’”
Nanso, ɛnyɛ Nasi Germany nkutoo na Yehowa Adansefo agyina wɔn mudi mu akosi owu mu. Na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so da akokoduru adi wɔ Komunism, Fasism, ne amammui mu nhyɛso afoforo ne nyamesom mu ɔsɔretia nso mu. Wɔ nea wɔfrɛ wɔn Atɔe Fam demokrase aman mu mpo no, Adansefo no ahyia basabasayɛ. Yɛn asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ Adansefo a wodii nkonim kosii owu mu no mu bi ho nsɛm mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔkyerɛ ɔmanehunufo ase sɛ “obi a onipa foforo pira no anaa okum no . . . Obi a adeyɛ, asɛm, ahyehyɛde, anaa tebea bi pira no anaa ɛma ohu amane.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, mogya dansefo ne “obi a ɔpaw sɛ obewu sen sɛ ɔbɛpa nyamesom mu nnyinasosɛm ahorow. . . . Obi a ɔde nneɛma pii bɔ afɔre anaa ohu amane pii sɛnea ɛbɛyɛ na wama gyidi bi, biribi, anaa nnyinasosɛm bi anya nkɔso.”—The American Heritage Dictionary of the English Language, Nea Ɛto So Abiɛsa.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Wɔ Wiase Ko ll akyi no, East Germany asennibea ahorow buu Yehowa Adansefo fɔ wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ wɔyɛ Amerikafo akwansrafo
[Asɛm Fibea]
Neue Berliner Illustrierte