Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 10/8 kr. 26-27
  • So Asiane wɔ Ntafowayi Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Asiane wɔ Ntafowayi Mu?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntafowayi Nkɛntɛnso Wɔ Abakɔsɛm Nyinaa Mu
  • Ntafowayi Ahorow Abiɛsa
  • So Asiane Wom ma Kristofo?
  • Nkonyaayi, Asumansɛm, Ne Abayisɛm Ho Nokwasɛm
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Nkonyaayi Ne Abayisɛm Nye
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Fa Abayisɛm ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nkonyaayi ne Ahonhonsɛmdi a Wɔnam so Hwehwɛ Nea Wonnim No
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 10/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

So Asiane wɔ Ntafowayi Mu?

‘NTAFOWAYI bi rekɔ so. Wɔbɔ akyene bi mpofirim. Nnipa no nyinaa gyen wɔn ani hwɛ nnipa baanu a wokurakura atuo. Wɔde wɔn atuo no sisii wɔn mmati de kyerɛ Chinani ntafowayifo bi a wamia ntade no so. Okura prɛte bi a etumi bɔ wɔ ne koko so. Atuo no tow. Ntafowayifo no hwe fam amonom hɔ ara na mogya pii tu no. Nnaadaasɛm a ɛne sɛ prɛte no besiw aboba no kwan no dan asiane kɛse.’ Biribi a na ɛho aka wɔ atuo no biako mu maa aboba no puei na ehwirow ntafowayifo no kokom. Saa na nhoma Henry Gordon’s World of Magic ka.

Nkwa akyɛde a wɔsɛe no bɛn ara ni​—ne nyinaa fi akomatu, anigye ne anigyede a ɛka saa ntafowayi no ho nti. So saa na woyɛ wɔ ho? Anaasɛ wote nka sɛ ɛyɛ saa ntafowayi no mu asiane no bi kɛkɛ? Mmuae biara a wode bɛma no mfa ho, bere a nnaadaasɛm yii dii huammɔ no ɛyɛɛ asiane kɛse. Ɛma yebisa sɛ: “So asiane bi a ahintaw wɔ ntafowayi mu? Nea ɛbɛyɛ na yɛabua no, ma yɛnhwɛ faako a tete adeyɛ yi fi.

Ntafowayi Nkɛntɛnso Wɔ Abakɔsɛm Nyinaa Mu

Efi abakɔsɛm mfiase pɛɛ no, ntafowayi ho ahintasɛm ama onipa ho adwiriw no na adaadaa no. Wonyaa Engiresi asɛmfua “magic” a ɛkyerɛ ntafowayi no fii edin “magi,” tete Persia asɔfokuw a na wɔaben wɔ ahonhonsɛmdi mu no hɔ. Nea ntafowayi kyerɛ titiriw ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi abɔde anaa tumi a ɛkorɔn sen nnipa de so anaa wɔbɛhyɛ no ma ayɛ nea onipa pɛ. Afeha 18 A.Y.B. mu Misrifo de asɔfo a na woyi ntafowa dii dwuma. Ntafowayi dii dwuma titiriw nso wɔ Babilon tete Kaldeafo nyamesom mu wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B mu. (Genesis 41: 8, 24; Yesaia 47:12-14; Daniel 2:27; 4:7) Saa nkɛntɛnso yi kɔɔ so wɔ tete Helafo ne Romafo mu kosii Mfinimfini Mmere no mu de abesi yɛn afeha 20 yi mu.

Ebia wɔbɛkyekyɛ ntafowayi afã horow no mu wɔ akwan pii so. Robert A. Stebbins kyekyɛ ntafowayi mu akuw abiɛsa wɔ ne nhoma The Magician no mu.

Ntafowayi Ahorow Abiɛsa

Anwonwa kwan so ntafowayi “yɛ ahonhonsɛmdi.” Ɛkyerɛ sɛ “nsɛm a esisi anaa nneyɛe a ɛbɔ nyansa anaa nyansahu ho nimdeɛ abira” yɛ “nokware anaa ɛteɛ.” Stebbins kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ “anwonwa kwan so ntafowayi yɛadebisa, . . . abayisɛm, fagude a wɔdan no sika kɔkɔɔ ho nimdeɛ, ne wɔ tebea ahorow bi mu no, nyamesom mu ade titiriw.”

Wɔ ntafowayi a wɔde di amim ho no, “Wɔn a woyi no de daadaa anaa wɔde di wɔn a wɔhwɛ no amim de gye din.” Ɛwom sɛ wonim sɛ wɔredaadaa ɔmanfo de, nanso sɛnea Stebbins kyerɛ no, “wɔhyɛ wɔn a wɔhwɛ ntafowayi no nkuran sɛ wonnye nni​—sɛ wonnye nni sɛ, sɛ́ ntafowayifo no, wɔwɔ tumi a ɛkyɛn nnipa de anaa wɔne ahonhom a wɔwɔ saa tumi no wɔ abusuabɔ soronko bi.”

Ntafowayi a wɔde gye ani botae ne sɛ ɛnam nnaadaa a ɛyɛ nwonwa so bɛma wɔn a wɔhwɛ no ho adwiriw wɔn. Wɔfa akwan atitiriw anum so na woyi: “agodipon so nnaadaasɛm, nea woyi kyerɛ bɛhwɛadefo kakraa bi, nnaadaasɛm a wɔde ahokokwaw di, nneɛma akɛse a wɔma ɛyɛ te sɛ nea ayera, etu kɔ wim anaasɛ wɔma ɛdɔɔso mpo, ne nea afoforo dwen ho a wɔka kyerɛ wɔn.”

So Asiane Wom ma Kristofo?

Ma yenni kan nhwɛ anwonwa kwan so ntafowayi no. Woyi anwonwa kwan so ntafowa wɔ akwan horow pii so. Sɛ nhwɛso no, Abonsansom akyidifo a woyi ntafowa “bɔne” ne “papa” nyinaa wɔ hɔ. Ntafowayi “bɔne” no mu bi ne kaberɛkyere, nnome soronko, ne anibɔne a wɔde pira atamfo. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ntafowayi “papa” atirimpɔw ne sɛ wɔde bɛyɛ nneɛma pa denam kaberɛkyere a wɔsan ne nnome a wɔdan ani no so. Nanso, abien no nyinaa yɛ ahonhonsɛm anaa asumansɛm. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde anwonwa kwan so ntafowayi bɔ mmɔden sɛ wobenya nnɔbae pii anaa wɔde bedi nkonim wɔ agumadi mu akansi mu. Nanso, Bible no ka ahonhonsɛmdi mu ntafowayi yi ho asɛm pefee sɛ: “Munnni adebisasɛm na munngoru abayigoru.”​—Leviticus 19:26; Deuteronomium 18:9-14; Asomafo no Nnwuma 19:18, 19.

Ɛhe na asiane no wɔ wɔ ntafowayi a wɔde di amim no mu? Wɔn a wɔhwɛ nsam de kyerɛ afoforo daakye, asumanfo, ne gyidi ayaresafo, sɛ yɛbɛbobɔ wɔn mu kakraa bi din a, nam ntafowayi a wɔde di amim so de ma wɔn apɛde nya nkɔso. So wɔmfa wɔn adwuma no nni atoro? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Munnni kusum, na obi nntwa ne yɔnko nkontompo.”​—Leviticus 19:11.

Encyclopedia Americana se: “Wɔ nsɛm bi mu no, ntafowayi betumi ahyɛ ahonhom so.” So yɛpɛ sɛ yɛma ahonhommɔne de ɔhaw ba yɛn so denam ade a ɛte sɛɛ a yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu tẽẽ mpo no so? Sɛ yɛma adaemone kwan a, wobetumi de yɛn ayɛ nea wɔpɛ. Wɔhwehwɛ ‘mmere a ɛfata’ na wɔbɔ ho mmɔden bere nyinaa.​—Luka 4:13; Yakobo 1:14.

Obiara nnim nnaadaa ne atorodi nsen Satan Ɔbonsam. Wakɔ so ayɛ saa fi bere a ɔyɛɛ eyi wɔ onipa anim wɔ Eden turom no. (Genesis 3:1-19) Kristoni bɛn na ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ te sɛ ɔno? Mmom, wotu Kristofo fo sɛ ‘wonsua Onyankopɔn’ na ‘wɔmfa wɔn ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Wonsiw Ɔbonsam kwan.’​—Efesofo 5:1; Yakobo 4:7.

Nanso, nnipa dodow no ara de asɛmfua “ntafowayi” no bata anigyede ho. Ebia obi nam ahokokwaw so de ne nsa bedi nnaadaasɛm bi, bere a ɛwɔ n’adwenem sɛ nsa taa yɛ ade ntɛmntɛm sen aniwa no. Ebia na biribiara nni Bible mu a ɛkasa tia eyi. Nanso, sɛ ɛte sɛ nea ahonhonsɛmdi mu ntafowayi bi wom a, so Kristoni bepɛ sɛ ɔma afoforo nya adwene sɛ ɔwɔ tumi bi a ɛkorɔn sen onipa de a wontumi nkyerɛkyerɛ mu? Anaasɛ sɛ afoforo nam ‘ntafowayi’ so da adwene a ɛnteɛ adi a, so Kristoni rempɛ sɛ ɔbɛkwati saa anigyede no na wanto afoforo hintidua? (1 Korintofo 10:29, 31-33) Bio nso, ebetumi asɔ obi ahwɛ ma ɔde ne ho ahyɛ ntafowayi mu kɛse.

Enti, sɛ ɛba ntafowayi a ɛda adi pefee sɛ ahonhonsɛmdi wom so a, Kristofo fi nyansam kwati sɛ wɔde wɔn ho bɛhyem. Nea ɛsen saa no, wɔ Kristoni asetra afã horow nyinaa​—adwuma, ahomegye, anaa anigyede bi​—mu no, ɔbɛpɛ sɛ ‘okura ahonim pa mu,’ ahonim a ɛmma ɔmfom Onyankopɔn anaa onipa.​—1 Petro 3:16; Asomafo no Nnwuma 24:16.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

The Bettmann Archive

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena