Sɛnea Wɔbɛma Wiase no Ayɛ Biako
MMƆDEN biara a nipa abɔ sɛ obedi ne ho so adi nkogu. Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye asɛm a wofi honhom mu kae yi atom: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Dɛn nti na nipa adi nkogu a ɛyɛ awerɛhow saa wɔ ne ho so a odi no mu?
Bible kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Dabi, enni onipa tumi mu, anaa ɛnyɛ hokwan a ɔwɔ sɛ obedi n’ankasa anaa ne mfɛfo nnipa so. Ɛyɛ yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn a wɔka ne ho asɛm yi kyerɛ yɛn no hokwan titiriw: “[Yehowa] ne yɛn temmufo, [Yehowa] ne yɛn mmarahyɛfo, [Yehowa] ne yɛn hene.”—Yesaia 33:22.
Bere a nnipa nyinaa begye Yehowa Nyankopɔn atom sɛ Sodifo no nkutoo na wiase no bɛyɛ biako. Nanso so ɛbɛba saa da bi? Tete mmere mu no Onyankopɔn diyifo bi kaa “nna a edi akyiri” no, bere a nnipa pii befi ase ahwehwɛ Yehowa akwankyerɛ akyi kwan ho asɛm.
Wiase Nyinaa Asomdwoe Ho Asɛm a Wɔaka Ato Hɔ
Odiyifo Yesaia kyerɛw sɛ: “Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, . . . na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan.” Sɛ yɛtoa so kan a, yehu nea efi Yehowa akwankyerɛ akyi kwan a wɔhwehwɛ mu ba no. Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:2-4.
Yiw, nea ebefi saa ɔsoro nkyerɛkyerɛ yi sodi mu aba ne ntɔkwako, mmusuakuw ntam basabasayɛ, ne akodi a ɛremma bio. Nnipa sodifo susuw sɛ wobetumi ama saa nkɔmhyɛ yi abam, na wɔakyerɛw ne fã a etwa to no agu Amanaman Nkabom no abɔnten so ɔfasu ho wɔ New York kuropɔn no mu mpo. Nanso, aman ne mmusuakuw mu akodi ne nitan akɔ soro ankasa abedu 1993 awiei. Enti wobɛka sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ annya mmamu?
Dabida—efisɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu rekɔ Yehowa fie akogye ɔsoro nkyerɛkyerɛ mprempren yi ara. Nokwarem no, saa nkɔmhyɛ yi mmamu ho adanse a ɛso nni bɛn na saa Yehowa Adansefo “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Nhyiam horow a wɔyɛe wɔ ahohuru bere mu no ayɛ! Yehowa Adansefo onuadɔ kuw a ɛwɔ wiase nyinaa no mma biribiara kwan—honam ani hwɛbea, ɔman, anaa abusua a wofi mu—mma ɛmfa ɔtan mma wɔn ntam anaa wonkunkum wɔn ho wɔn ho. Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw de wɔn mpeaw ayeyɛ nnare wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.
‘Nanso,’ ebia obi bɛka sɛ, ‘wuntumi nhwɛ kwan sɛ obiara bedi Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no akyi.’ Ɛwom sɛ eyi yɛ nokware de, nanso Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde beyi wɔn a wɔsɔre tia ne soro apɛde no nyinaa afi hɔ.
Nea Onyankopɔn Bɛyɛ
So wobɔ mpae sɛnea Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no? (Mateo 6:9, 10) Sɛ woyɛ saa a, wubetumi anya ahotoso sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no bebua saa mpae no. Ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ saa?
Onyankopɔn apaw ne Ba, “Asomdwoe-hene no” dedaw sɛ “n’aban,” Ahenni a wakyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae no sodifo. (Yesaia 9:6) Yehia honhom mu nipa a ɔkorɔn a ɔte saa, efisɛ ɔno nkutoo na obetumi ama adesamma ade wɔn ho afi Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso bɔne no ase. Ɛmfa ho adwempa biara a wɔwɔ no, nnipa sodifo biara ntumi nyɛ eyi.—1 Yohane 3:8; Adiyisɛm 12:7-12.
Nanso, dɛn na ɛbɛba nnɛyi aban ahorow a wɔpow sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ ɔsoro nniso ase no so? Bible nkɔmhyɛ foforo a ɛka Ahenni a Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae ho asɛm no ka sɛ: ‘Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, . . . bi so na Onyankopɔn soro Ahenni no bebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.’ Enti, sɛ yɛbɔ Onyankopɔn Ahenni no ho mpae sɛ ɛmmra a, na ɛkyerɛ sɛ yɛrebɔ wiase nyinaa aban biako a ɛwɔ “Asomdwoe-hene no” nniso ase ho mpae.—Daniel 2:44; Yesaia 9:6.
Afei, bere a adesamma abusua ayɛ biako wɔ asomdwoe mu wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, obiara bɛdɔ ne yɔnko a honam ani hwɛbea anaa kasa a ɔka mfa ho. Anuonyam bere bɛn na ɛbɛyɛ sɛɛ yi! (Adiyisɛm 21:3, 4) Yɛto nsa frɛ wo sɛ benya saa asomdwoe tebea no mu anigye mprempren mpo wɔ Yehowa Adansefo mu, na afei wo ne wɔn nhwɛ bere a wiase no nyinaa bɛyɛ biako wɔ asomdwoe mu no kwan.
[Kratafa 15 mfonini]
Onyankopɔn Ahenni bɛka nnipa nyinaa abom wɔ asomdwoe mu