Philippines Asennibea Kunini Gye Ɔsom Mu Ahofadi Tom
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Philippines hɔ
BERE a Philippines sukuu mmofra mpempem pii san kɔɔ sukuu wɔ June 7, 1993 no, ná Yehowa Adansefo a wɔwɔ wɔn mu no ne mmofra a wɔwɔ anigye kɛse. Dɛn ntia? Efisɛ wɔ March 1, 1993 no, aka bere tiaa bi ma wɔde sukuu afe a na ɛretwam no aba awiei no, Philippines Asennibea Kunini no san danee gyinae a esii wɔ 1959 mu no, na wɔagye hokwan a Yehowa Adansefo mmofra wɔ sɛ wɔtwe wɔn ho fi frankaakyia, ntam a wɔka, ne ɔman dwom to ho no atom.
Dɛn na ɛde nsakrae yi bae? Na dɛn na saa gyinaesi yi kyerɛ ma wɔn a wɔdɔ ahofadi a wɔwɔ Philippines nyinaa?
Nea Enti a Yehowa Adansefo Nkyia Frankaa
Yehowa Adansefo gye di sɛ frankaa a wokyia, ɔman dwom a wɔto, ne ntam a wɔka yɛ ɔsom mu nneyɛe. Wɔn ahonim a wɔde Bible atete no mma wɔn kwan mma wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔsom mu nneyɛe a ɛtete saa mu. (Mateo 4:10; Asomafo no Nnwuma 5:29) Ɛmfa ho ɔman ko a wɔte mu no, eyi ne afa a wogyina de suasua Yesu Kristo a ɔkae sɛ n’akyidifo ‘mfi wiase, sɛnea na ɔno nso mfi wiase no.’—Yohane 17:16.
Bere koro no ara mu no, Yehowa Adansefo kyerɛ obu ma aban ahorow a wɔhyɛ wɔn ase no, na wogye di sɛ ɛyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ma ho kwan. Enti, ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wodi ɔman no mmara horow so, tua tow ahorow, na wɔde nidi a ɛfata ma aban mpanyimfo. Ɛremma da sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ atua biara a wɔtew tia aban biara mu.a
Nea Enti a Asennibea Kunini No Sii Gyinae No
Dɛn nti na Asennibea Kunini yi danee gyinae a wosii wɔ Gerona ne nhomasua soafo ntam asɛm mu no. Gyinae a wosii wɔ 1993 a Ɔtemmufo Griño-Aquino kyerɛwee no ne sɛ: “Twe a wɔbɛtwe obi aso esiane sɛ wankyia frankaa, anto ɔman dwom, anka ɔman dɔ ho ntam wɔ frankaakyia afahyɛ ase denam yi a wobeyi onii adi afi adwuma anaa sukuu mu no yɛ ade foforo koraa ma Philippinefo awo ntoatoaso a wɔwɔ hɔ mprempren a wɔde Ahofadi ho Mmara a ɛma wonya ɔkasa, ɔsom adwumayɛ ne ɔsom mu ahofadi tetee wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ no ahonim.”
Asennibea no hui sɛ bere a Yehowa Adansefo “nkyia frankaa no, wɔnyɛ ‘nneɛma ahorow bi a ɛtwetwe amanfo adwene’ ba wɔn so anaa adeyɛ bi a ɛbɛhyɛ wɔn manfo a wogye di sɛ frankaa a wokyia no so na wɔnam da wɔn man ho dɔ adi no abufuw nso.” Asennibea no hui nso sɛ: “Wogyina hɔ dinn de kyerɛ obu ma wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nea ɛkɔ so no mu no. . . . Esiane sɛ wɔnyɛ basabasa biara nti, ɛho nhia sɛ woyi wɔn adi.”
Asennibea a ɛwɔ hɔ mprempren no san nso dii asɛm bi a wɔka too hɔ sɛ ɛbɛba wɔ Gerona asɛm no ho gyinaesi no mu, na ɛne sɛ, sɛ wɔma Yehowa Adansefo yi wɔn ho fi frankaakyia mu a, “frankaakyia ho guasodeyɛ no bɛyɛ biribi a ebetwam bere bi anaasɛ ebia nnipa kakraa bi na wɔde wɔn ho behyem, na ebedu mmere bi no yebenya amanfo a wonnim ɛho hwee na wɔmfaa ɛho adwene nnuaa wɔn mu na wonni nidi a ɛfata ma frankaa no ne ɔdɔ ma ɔman no, wonnya wɔn man akatakyie ho anigye ne wɔn man ho dɔ—asɛm a ɛbɛyɛ awerɛhow, tebea a ɛbɛyɛ asiane mpo, a nea ɛde eyi nyinaa bɛba ne sɛ wɔmaa sukuufo kakraa bi kwan maa wɔyɛɛ nea wɔpɛ, na wɔpenee so maa woyii wɔn ho fii adeyɛ no mu nti.”
Asennibea no gyinae a esii wɔ 1993 mu no de eyi ho anoyi mae, bere a ɛkae sɛ: “Tebea a Asennibea no ka too hɔ sɛ ɛyɛ hu wɔ Gerona asɛm no mu no . . . mmaa mu. Yenhui sɛ yi a yeyii Yehowa Adansefo fii frankaakyia, ɔman dwom to ne ɔman ho dɔ ntanka mu no, saa nyamesom kuw a yegye tom sɛ wɔn mu ‘kakraa bi na wɔka yɛn sukuu mmofra’ ho no de basabasayɛ aba yɛn man yi mu ma ɛde ɔman a ‘wonnim hwee na wɔmfaa hwee nnuaa wɔn mu, a wɔmfa nidi a ɛfata mma frankaa, na wonni ɔman ho dɔ, na wonni wɔn man akatakyie ho anigye aba.’”
Awiei koraa no, Asennibea a ɛwɔ hɔ mprempren no twee adwene kɔɔ asɛm a Owura Justice Robert Jackson a ɔwɔ United States Asennibea Kunini no kae wɔ 1943 mu wɔ Barnette asenni mu no so, nea ɛse: “Susuw a yebesusuw sɛ ɔman ho dɔ rennya nkɔso esiane sɛ yɛma kwan ma amanfo fi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛ ɔman ho dɔ ho afahyɛ ahorow mu mmom sen sɛ yɛbɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ saa no yɛ adwene a ɛnteɛ na ɛremma nnipa a wofi wɔn pɛ mu yɛ ade ani nnye yɛn amanne ho. . . . Ahofadi a obi wɔ sɛ ɔde n’ankasa adwene di dwuma no mfa nneɛma a ɛho nhia kɛse nkutoo ho. Anka ɛno bɛyɛ ahofadi a ɛtɔ sin. Nea ɛma wohu ahofadi ankasa ne hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ afoforo nya su a ɛsonsonoe wɔ nneɛma a amanfo ani gye ho no ho.”
Bere a wɔkaa mmara ho nsɛm atitiriw a ɛfata yi akyi no, Philippines Asennibea no sii gyinae a atemmufo no nyinaa penee so sɛ: “WƆATWA mmara horow a wɔde yi adi a wɔhyɛ tiaa wɔn a wɔde wɔn asɛm bɛdan asennibea yi no mu NA WƆDE ATO NKYƐN. Bere tiaa mu mmara bi a wɔde siw [sukuu mpanyimfo kwan] a Asennibea yi de mae no abɛyɛ nea ɛtra hɔ daa.”
Bere a ɔyɔnko temmufo Justice Isagani Cruz reka biribi de afoa gyinae a wɔasi no so no, ɔde eyi kaa ho sɛ: “Sɛnea mihu asɛm no, na Gerona asɛm no ho gyinaesi no gyina nsusuwii a ɛnteɛ so. Ɛda adi sɛ na asennibea a esii saa gyinae no susuw sɛ ɔman no wɔ hokwan sɛ ɛkyerɛ nea ɛyɛ ɔsom mu adeyɛ ne nea ɛnyɛ saa na wɔkyerɛ nea ankorankoro bi betumi asom ne nea ontumi nsom. . . . Bere a na ɛrehwehwɛ ma wɔn a wɔredi wɔn asɛm yi de wɔn ho ahyɛ frankaakyia no mu no, nea na ɛkyerɛ ne sɛ ɔman no fi ne tumi mu reka sɛ, frankaa a wɔbɛkyia no nto Bible mmara. Wɔ me fam no, eyi yɛ yɛn ho a yɛde gyigye wɔn som mu gyidi a ɛne nea yɛka bɔ abira mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Ɔman no ntumi nkyerɛkyerɛ Bible no mu mma wɔn. Ɔman no nni eyi ho nimdeɛ.”
Nea Ɛkyerɛ ma Wɔn a Wɔdɔ Ahofadi
Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔdɔ ahofadi nyinaa ani gye saa gyinae a wosi de penee hokwan a obiara wɔ sɛ ɔpaw ɔsom ko a ɔpɛ ne nea n’ahonim kyerɛ no sɛ ɔnyɛ, a bere koro no ara ɔde ne ho hyɛ ɔman no tumidi ase no ho. (Romafo 13:1, 2) Ankorankoro hokwan a wɔwɔ ho ban a ɔman no bɔ no mma basabasayɛ mma, na mmom edi dwuma a ɔsomafo Paulo bɔɔ din wɔ Romafo 13:5, 6 no, beae a ɛka sɛ: “Etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, . . . ahonim nso ntia. Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara.”
Yehowa Adansefo a wɔwɔ Philippines kyerɛ obu ma Asennibea Kunini no mmara ahorow a wɔnam so bu ntɛn no, na wogye tom sɛ ɛsɛ sɛ ayeyi kɛse no kɔ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn hɔ.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛfa nea enti a Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ frankaakyia, ɔman dwom to, ntam a wɔka mu ho a, yɛsrɛ sɛ hwɛ nhomawa Sukuu ne Yehowa Adansefo a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii, nkratafa 12-16.