Bible No Adwene
Awaregyae Bɛn na Onyankopɔn Kyi?
KRISTONI bea bi a ne kunu anni nokware kyerɛwee sɛ: “Nsɛnnnennen a m’awaregyae de bae no dɔɔso. Bere a wɔde yɛ nsakrae no mu yɛ den. Ɛnyɛ m’adwenem nko na na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae na mmom sikasɛm ne honhom mu nso. Na misuro sɛ ebia Yehowa rempene me gyinaesi no so, efisɛ na minim sɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ okyi awaregyae. Ná ɛno haw me bere nyinaa.”
Sɛ aware ba awiei a, emu ɔhaw no mma awiei. Ɔhaw afoforo koraa sɔre mpofirim. Nkate horow—adwenemhaw, ankonamyɛ, ne afobu nka a wɔte—a ɛba mpofirim. Nea ɔbɛhwɛ mmofra ho mansotwe sɔre. Ɔbabarima anaa ɔbabea a osu sɛ ɔbɛkɔ ne papa anaa ne maame hɔ. Sikasɛm mu ahokyere a ɛde ɔhaw ba. Akɔnnɔ ahorow a wonya a aware nkutoo mu na wotumi di ho dwuma a wɔbɔ mmɔden sɛ wobegyina ano.
Afei Onyankopɔn nsusuwii nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodwen ho. Bible ka sɛ Onyankopɔn ‘kyi awaregyae.’ (Malaki 2:16) So saa nsɛm yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn kyi awaregyae biara? Enti, so ɛho hia sɛ Kristoni te afobu nka sɛ wagyae ne hokafo bi a wanni nokware? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yɛnhwɛ tebea horow a na ɛwɔ Malaki nna no mu a ɛkaa Onyankopɔn ma ɔkae sɛ okyi awaregyae no.
“Munntwa Nkontompo”
Malaki hyɛɛ nkɔm wɔ afe 443 A.Y.B. akyi, bɛyɛ mfe ɔha fi bere a Yudafo no fi nnommum mu wɔ Babilon bae no. Ná tebea bɔne afi ase wɔ Yuda, titiriw wɔ asɔfo no mu. (Malaki 2:7-9) Ná nneyɛe ahorow te sɛ atorodi, awaresɛe, nsisi, ne nhyɛso abu so wɔ Israelfo no mu. (Malaki 3:5) Tebea horow yi maa ebinom adwenem yɛɛ wɔn nãã araa ma wɔkae sɛ: “Onyankopɔn som yɛ ɔkwa.”—Malaki 3:14.
Ɔsom ne abrabɔ mu ɔporɔw a na ɛkɔ so wɔ Malaki nna no mu no daa adi nso wɔ obu a na wonni mma aware mu. Ná Israelfo mmarima pii regyaagyae wɔn mmerantebere mu yerenom, ebia wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya hokwan awareware mmabaa a wɔyɛ abosonsomfo. Ɔyerenom a ná wɔn kununom agyae wɔn aware a na wɔba kronkronbea hɔ besu na wosi apini Onyankopɔn anim no de nusu kataa Yehowa afɔremuka no so.—Malaki 2:13-15.
Yehowa tee nka dɛn wɔ awaregyae a ɛtete saa no ho? Ɔnam Malaki so bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo. Na metan awaregu, [Yehowa], Israel Nyankopɔn na ose, . . . enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na munntwa nkontompo. (Malaki 2:15, 16) Sɛnea Theological Wordbook of the Old Testament kyerɛ no, Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase ‘ntwa nkontompo’ no kyerɛ “nnnaadaa, (nni) atoro.” Wɔ Dwom 59:5 no, wɔkyerɛ adeyɛ asɛm yi a ɛwɔ edin nkyerɛkyerɛmu kabea mu ase sɛ “nkontompofo.”
Bere a yenim eyi no, yebetumi ate nsɛm a ɛwɔ Malaki 2:16 no ase yiye: ‘Okyi awaregyae.’ Awaregyae a Yehowa kyi ne nea wogyina asɛnhunu biara so yɛ saa na ama wɔanya hokwan aware foforo no. Sɛ́ nhwɛso no, ɔbarima bi a ɔsɛe aware na afei ogyae ne yere a ne ho nni asɛm no bere a ɔbea no mpene so anaa ɔhyɛ ɔbea no sɛ onnyaa no aware sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aware onipa foforo no bɛyɛ obi a ná ɔretwa ne yere nkontompo ampa. Ɔhokafo a ne ho nni asɛm a wɔdaadaa no, na wonni no nokware saa no yɛ bɔne a anibere wom wɔ Onyankopɔn anim. Ɔbarima a ɔne ɔbea tra wɔ ne mmabaaberem na afei ogyae no aware bere a wanyin, na ebia ɔkɔhwehwɛ ababaa bi yɛ nkontomponi ampa.a
Ɛnde, ɔhokafo a ne ho nni asɛm a ɔpaw sɛ obegyae ɔhokafo a wasɛe aware no nso ɛ? So Onyankopɔn kyi awaregyae a ɛte saa nso?
Onyankopɔn Ankasa Nhwɛso
So Onyankopɔn betumi ahu sɛnea gyinae a ɛsɛ sɛ obi si sɛ obegyae ɔhokafo bi a wasɛe aware anaasɛ ɛnsɛ sɛ ogyae no no te ankasa no? Sɛnkyerɛnne kwan so no, Yehowa faa no sɛ na ɔware tete Israel man no denam apam a ɔne wɔn yɛe no so. (Yesaia 54:1, 5, 6; 62:1-6; Yeremia 31:31, 32) Sɛ́ okunu no, Yehowa dii nokware bere nyinaa, wamfa ne dɔ amma aman afoforo bi da. (Dwom 147:19, 20; Amos 3:1, 2) Na Israel nso ɛ? Ɔyere bɛn na ɔman no yɛe?
Mpɛn pii na ɔman mũ no anni nokware wɔ apam no ho, maa awiei koraa no ekoduu baabi a wɔaka ho asɛm wɔ mpae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Daniel 9:5, 6 no: “Yɛayɛ bɔne afom so adi abɔnefosɛm atew atua, yɛafi wo mmara nsɛm ne w’atemmude ho akɔ. Na yɛantie wo nkoa adiyifo a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.” Ná nokware a wɔanni saa no te sɛ ɔyere a wasɛe aware wɔ Yehowa ani so.—Yeremia 3:1.
Abotare ne abodwokyere a Yehowa yii no adi mfeha pii akyi no, dɛn na ɔyɛe? Yehowa nam atemmu a emu yɛ den a ɔde baa wɔn so, tuu kusuu fam ne afei kesee fam mmusua no fii wɔn nsase so kɔɔ nnommum mu so gyaee ɔman no aware, sɛ yɛbɛka no saa a. (Yeremia 3:8; Daniel 9:11, 12) Enti esiane nea Yehowa Nyankopɔn ankasa yɛe nti, sɛ obi a ne ho nni asɛm paw sɛ obegyae ne hokafo a wanni aware ntam no ho nokware a, ɛbɛyɛ dɛn na obekyi?
Aware yɛ nhyehyɛe kronkron wɔ Onyankopɔn ani so, na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyem no bu aware ntam a wɔka no adewa. (Hebrifo 13:4) Nanso sɛ obi hokafo anni nokware wɔ aware ntam no ho na ɔkɔbɔ “aguaman” a, Onyankopɔn ma ɔhokafo a ne ho nni asɛm no kwan ma osi gyinae sɛ ɔde bɛkyɛ no anaasɛ obegyae no aware. (Mateo 19:9) Eyi yɛ gyinaesi a ɛyɛ den, a ɔhokafo a ne ho nni asɛm no nkutoo na ɛsɛ sɛ osi. Sɛ ɛba sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no si gyinae sɛ obegyae aware a, enhia sɛ ɔte afobu nka sɛ wagyae aware. Kae sɛ ɛnyɛ awaregyae biara na Yehowa kyi, na mmom awaregyae a enni kyerɛw nsɛm mu nnyinaso a obi gyae ne hokafo sɛnea ɛbɛyɛ a obenya hokwan aware foforo no.b
[Ase hɔ nsɛm]
a Yehowa Nyankopɔn ka no wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa sɛ okyi suban ne nneyɛe ahorow a ɛyɛ bɔne. (Deuteronomium 16:22; Mmebusɛm 6:16-19; 8:13; Yesaia 1:14; 61:8) Sɛ yesusuw asɛm yi ho wɔ saa kwan yi so a, ɛnde na awaregyae a wɔaka ho asɛm wɔ Malaki 2:16 no nso bɛyɛ awaregyae a ɛyɛ bɔne wɔ n’anim.
b Ɔhokafo a wasɛe aware a wogyae no no yɛ ankorankoro gyinaesi. Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa nneɛma a ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi agyina so asi gyinae sɛ ebia ɔbɛhwehwɛ awaregyae a Kyerɛwnsɛm no ma hokwan ho a, yɛsrɛ wo hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae August 15, 1993, kratafa 5, ne Watchtower May 15, 1988, nkratafa 4 kosi 7.
[Kratafa 26 mfonini]
Tete Ayeforohyia Ntade Mfonini/ Dover Publications, Inc., New York