Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 4/8 kr. 4-7
  • Nkurɔfo a Wɔboa Wɔn Ma Wohu Akenkan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkurɔfo a Wɔboa Wɔn Ma Wohu Akenkan
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hokwan a Wonnya
  • Osuani a Wanyin Su Horow
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 4/8 kr. 4-7

Nkurɔfo a Wɔboa Wɔn Ma Wohu Akenkan

HENANOM ne ɔpepem pii a wonnim akenkan anaa akyerɛw yi? Mpɛn pii no wɔyɛ nkurɔfo a wɔwɔ asɛyɛde, na wɔyɛ adwumaden. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse mu no, wɔn na wɔde nnuan, ntama, ne dabere ma aman no mu nnipa dodow no ara. Wɔ aman a wɔyɛ mfiridwuma pii wɔ mu no, wɔyɛ nnwuma a obiara mpɛ sɛ wɔyɛ no—nnwumaden, adwuma koro a wɔyɛ no daa, ne nnwuma a ɛba fam nanso ɛso wɔ mfaso ma amanfo no.

Mpɛn pii no, nea ɛma nkurɔfo nhu akenkan ne akyerɛw no ne hokwan a wonnya mfa nsua ade. Sɛ́ kuw no, wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw no nyɛ nkurɔfo a wonnim nyansa, tiwuifo, anaa wɔn a wonnim adwuma. Osuani mmɔdenbɔfo bi kae sɛ: “Menyɛ obi a ontumi mfa n’adwene nni dwuma yiye. Me haw ara ne akenkan a minnim.”

Hokwan a Wonnya

Nnipa pii fam no, nhoma a wonnim no fi ohia. Nea ohia de ba abusua so ne aduan a wobedi ho a wodwen kɛse sen nhoma a wobesua. Sɛ wohia mmofra wɔ fie ma wɔayɛ adwuma a, wɔmma wɔnkɔ sukuu. Bebree a wɔkɔ no nso ntumi ntoa so nkɔ akyi.

Ohia de ɔhaw ba ɔman nso so. Aman a wonnyaa nkɔso kɛse a wɔde aman afoforo ka no tew ɛka a wɔbɔ wɔ nhomasua ho no so. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Afrika no, wɔtew sika a wɔde di nhomasua ho dwuma so bɛyɛ ɔha biara mu nkyekyem 30 wɔ 1980 mfe no mfinimfini. Bere a aman a wodi yiye no sɛe sika bɛboro Amerika dɔla $6,000 wɔ wɔn sukuu abofra ho afe biako no, aman bi a ahia wɔn a wɔwɔ Afrika ne Asia Kesee Fam bɔ wɔn sukuu mmofra mu biara ho ka $2 pɛ. Nea eyi de aba ne sɛ sukuu a ɛwɔ hɔ nnɔɔso na akyerɛkyerɛfo kyerɛ mmofra pii ade wɔ sukuu dan biako mu.

Ɔko ne ɔman mu ntawntawdi nso mma nkurɔfo nsua nhoma. United Nations Children’s Fund bu akontaa sɛ mmofra ɔpepem ason a wɔahaw tete aguanfo atrae, beae a ɛhɔ nhomasua ho nhyehyɛe ntaa nni mũ. Wɔ Afrika man bi nkutoo mu no, mmofra a wɔn dodow si ɔpepem 1.2 a wonnii mfe 15 nnyaa hokwan nkɔɔ sukuu esiane ɔmanko a ɛyɛ hu a ɛrekɔ so wɔ hɔ nti.

Wɔn a wonnya hokwan nkɔ sukuu wɔ wɔn mmofraase no bi nya hokwan a wɔde besua akenkan ne akyerɛw bere a wonyinyin no, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔte nka sɛ mfaso wɔ so. Ɛdefa nkuraasefo a wonnim akenkan ne akyerɛw ho no, nhoma Adult Education for Developing Countries ka sɛ: “Ɛntaa mma sɛ obi a wanyin a wamia n’ani abɔ ne bra bere a onnim akenkan ne akyerɛw no benya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obesua akenkan ne akyerɛw gye biribi titiriw bi nti. . . . Bere a ɛnyɛ nokware da sɛ yɛbɛka sɛ n’ani gye ne tebea no ho no, ebia ɛnhaw no pii mma onnya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obesua akenkan ne akyerɛw nso.”

Ne nyinaa mu no, wɔn mu pii wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobenya nkɔso. Nanso, ɛsono adwene a ɛkanyan wɔn mu biara. Nea ebinom pɛ ara ne sɛ wobenya nkɔso wɔ nhomasua mu na wɔate nka sɛ wɔsom bo. Sikasɛm na ɛma afoforo nso nya ɔpɛ no. Wɔn a wonnya adwuma nyɛ susuw sɛ akenkan ne akyerɛw a wobehu no bɛboa wɔn ma wɔanya bi; na ebia wɔn a wɔwɔ adwuma no bɛhwehwɛ foforo a eye sen nea wɔyɛ no.

Bere a aban ne ahyehyɛde ahorow hu abusuabɔ a ɛwɔ nhomanim ne nkɔso mu wɔ ankorankoro asetra ne ɔman mu no, wɔayɛ nhyehyɛe ahorow ma wɔde kyerɛ mpanyimfo akenkan ne akyerɛw. Ɛyɛ adwumaden a ehia sɛ akyerɛkyerɛfo no nya timmɔbɔ na wɔte osuani a wanyin no su ahorow a ɛyɛ soronko no ase.

Osuani a Wanyin Su Horow

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ mpanyimfo ade no hu nsonsonoe a ɛda asuafo a wɔyɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔyɛ mmofra ntam no. Nipasu, suban, nneyɛe, ne nneɛma a obi ani gye ho gye ntini yiye wɔ mpanyimfo mu sen mmofra, na ɛma ɛyɛ den ma nea wanyin no sɛ ɔbɛsakra agye biribi foforo atom. Nanso, mpanyimfo wɔ osuahu ahorow a eye a ɛma wotumi nya nkɔso, na wotumi te nsɛm ne nkyerɛkyerɛmu ahorow a ebetumi ama mmofra adwene atu afra ase. Ɛtaa ba sɛ wonni bere pii sɛ mmofra. Sɛnea wɔnte sɛ mmofra no, asuafo a wɔanyinyin no wɔ hokwan sɛ wogyae adesua no bere biara a wɔpɛ.

Mpanyimfo a wonnim nhoma no mu pii wowɔ nneɛma soronko a wɔbɔ ho mmɔden na wɔadi yiye wɔ asetram nnwuma bi mu; ɛyɛ akenkan ne akyerɛw kɛkɛ na wonnim. Ehia sɛ nea ɔkyerɛ wɔn ade no hyɛ wɔn nkuran ma wɔde fakaa a wɔyɛ, nneɛma a wotumi yɛ, ne boasetɔ a wɔada no adi wɔ nnwuma afoforo bi mu no di dwuma.

Egye akokoduru na obi a onnim akenkan ne akyerɛw agye n’ahiade atom na wahwehwɛ mmoa. Ɛwom sɛ ɛsono nsɛm tebea ne ankorankoro biara de, nanso mpanyimfo pii de ehu ne ahotoso a wonni na efi ase sua akenkan ne akyerɛw. Ebia na ebinom mmɔ mmɔden wɔ nhomasua mu fi wɔn mmofraberem. Afoforo betumi aka sɛ wɔanyinyin dodo sɛ wobesua nneɛma foforo. Nigeriafo abebusɛm bi se: “Ɛyɛ den sɛ wobesua abenkumayɛ wɔ nkwakoraberem anaa mmerewaberem.”

Akyerɛkyerɛfo betumi ama wɔanya ahotoso na wɔakɔ so akura wɔn anigye mu denam hwɛ a wɔbɛhwɛ ahu wɔn nkɔso ntɛm na wɔakamfo wɔn no so. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ adesua no wɔ ɔkwan a ɛbɛma ayɛ mmerɛw so na wɔakɔso adu wɔn adesua botae ahorow ho. Nhoma Educating the Adult ka sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, ebia nkonimdi ne ade titiriw a ɛma obi kɔ so nya nkuranhyɛ.”

Mpɛn pii no, mpanyimfo nim nea wɔhwehwɛ fi nhomasua mu na wɔpɛ sɛ wonya nkɔso du wɔn botae ahorow ho ntɛmntɛm. Mpanyimfo nhomasua ho Ɔbenfo bi a ɔwɔ Afrika kae sɛ: “Wɔpɛ sɛ wofi adesua ase ntɛm, sua nea ehia sɛ wohu no ntɛm sɛnea wobetumi biara, na wowie.”

Ɛtɔ da bi a botae a osuani bi de si n’ani so no korɔn dodo sɛ obetumi adu ho. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛni no boa osuani no fi mfiase ma ɔde botae ahorow a wotumi du ho ntɛm sisi n’ani so na afei ɔboa no ma odu ho. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ Kristoni bi de ne ho hyɛ akenkan ne akyerɛw adesua mu esiane sɛ ɔpɛ sɛ otumi kenkan Bible ne Bible nhoma afoforo nti. Eyinom yɛ botae ahorow a wontumi nnu ho ntɛm. Wɔ eyi ho dwumadi mu no, ɔkyerɛkyerɛni no betumi ahyɛ osuani no nkuran ma ɔde botae ahorow a wotumi du ho ntɛm asisi n’ani so, te sɛ kasa mu nkyerɛwde no a obehu din bobɔ, kyerɛw nsɛm a wɔbɔ din a obue kenkan, ne Bible nhoma a emu yɛ mmerɛw a ɔbɛkenkan. Botae ahorow a osuani taa du ho no kɔ so hyɛ no nkuran na ɛkanyan no ma ɔkɔ so sua ade.

Akyerɛkyerɛfo a wɔfata betumi ayɛ pii de akanyan wɔn asuafo ma wɔanya ɔpɛ denam hyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran akamfo wɔn na wɔaboa wɔn ma wɔadu wɔn botae ahorow a ɛfata, na ɛnyɛ den ho no so. Nanso, nea ɛbɛyɛ na wɔanya nkɔso no, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ kwan sɛ akyerɛkyerɛfo bɛka biribiara akyerɛ wɔn. Ɛho hia sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobegye wɔn ankasa nhomasua ho asɛyɛde ato wɔn ho so na wɔyere wɔn ho sua ade. Sɛ wɔyɛ saa a, wobehu akenkan ne akyerɛw, na eyi bɛma wɔn asetra anya nkɔso.

[Kratafa 6 adaka]

Akwankyerɛ Ma Wɔn a Wɔkyerɛ Mpanyimfo Ade

1. Ɛho hia sɛ wokanyan osuani no ma onya ɔpɛ. Si mfaso a ɛwɔ akenkan ne akyerɛw sua so dua fi adesua a edi kan no so, na hyɛ osuani no nkuran ma ɔmfa botae ahorow a wotumi du ho ntɛm ne daakye de nsisi n’ani so.

2. Sɛ osuani no benya nkɔso a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ no ade mpɛn pii dapɛn mu. Pɛnkoro dapɛn nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ osuani no sua ade wɔ fie ansa na adesua no bere adu.

3. Nhwehwɛ nea ɛkyɛn so mfi osuani no hɔ anaasɛ nka nneɛma pii ho nsɛm bere koro mu. Eyi betumi abu n’abam na wagyae adesua no.

4. Kɔ so hyɛ no nkuran na nya adwempa. Wohu akenkan ne akyerɛw nkakrankakra. Ɛsɛ sɛ osuani no nya abotɔyam wɔ ne nkɔso ho.

5. Hyɛ osuani no nkuran ma ɔmfa nea ɔresua no nni dwuma wɔ ne da biara da asetram ntɛm sɛnea obetumi biara.

6. Nsɛe bere wɔ nsɛm a ɛmfa nea moresua no ho. Mpanyimfo yɛ nnipa a wonni adagyew. Fa adekyerɛ bere no di dwuma yiye, fa kyerɛ nneɛma a ɛho hia.

7. Kyerɛ obu ma osuani no bere nyinaa, na fa nidi a ɛsɛ no ma no. Nhyɛ no aniwu na mmu no animtiaa da.

8. Ma w’ani nku ankorankoro biara nsɛnnennen ho. Ebia osuani bi ntumi nkenkan nkyerɛwee nketenkete esiane sɛ ohia ahwehwɛniwa nti. Ebia na ɔfoforo nso asõ mu yɛ den ma ontumi nte sɛnea wɔbobɔ nsɛm din no yiye.

9. Ɛsɛ sɛ osuani no sua sɛnea obetumi akyerɛw nkyerɛwde (a-b-d) no mmiako mmiako atete ntam ansa na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛw atoatoam. Nkyerɛwde a wɔkyerɛw no mmiako mmiako tete ntam sua ne ne kyerɛw nyɛ den, na ɛma ɛyɛ te sɛ nhoma mu nkyerɛwde.

10. Ɔkwampa a wɔfa so kyerɛ osuani ma otumi kyerɛw nkyerɛwde ne sɛ ɔde bɛfofa nkyerɛwde a wɔakyerɛw dedaw mu. Obetumi de afofa mu mpɛn pii ansa na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ so akyerɛw.

11. Ɛtaa ba sɛ wonya nkɔso ntɛmntɛm wɔ akenkan mu sen akyerɛw. Sɛ osuani no ntumi nhuu nkyerɛwde bi kyerɛw a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ mobɛkɔ akenkan adesua foforo so. Nanso, kae sɛ osuani no kɔ so sua nkyerɛwde bi kyerɛw a ɛma ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ obesua ma aka ne tirim.

12. Ɛwom sɛ ebia osuani a wanyin betumi de ne nsa ayɛ nnwuma a egye adwene de, nanso ebia kyerɛwdua a ɔde bɛkyerɛw no bɛyɛ den ama no na ɛbɛhaw no. Nhyɛ no katee sɛ ɔnkyerɛw a sintɔ biara nni ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena