Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 4/8 kr. 7-9
  • Nhomanim Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhomanim Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Nkurɔfo Nnɛ
  • Akenkan a Wosua
  • So Ɛsɛ Sɛ Me Ba Kɔ Sukuu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • So W’ani Gye Akenkan Ho?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 4/8 kr. 7-9

Nhomanim Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

TETE no na Onyankopɔn nkurɔfo nim nhoma yiye. Mose kyerɛw Bible nhoma anum a edi kan no bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni. Wɔhyɛɛ Yosua a odii n’ade no sɛ ɔnkenkan kyerɛwnsɛm no “awia ne anadwo” sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi no yiye wɔ adwuma a Onyankopɔn de ama no no mu. Afei Onyankopɔn hyɛɛ Israel ahemfo sɛ sɛ wɔbɛtra ahenni agua no so a, wɔnkyerɛw Mmara no bi mfa na wɔnkenkan no da biara da.—Yosua 1:8; Deuteronomium 17:18, 19.

Na ɛnyɛ ɔman no akannifo no nkutoo na wonim akenkan ne akyerɛw. Ɛwom, ɛkame ayɛ sɛ ahyɛde a wɔde maa Israelfo sɛ ‘wɔnkyerɛw’ Onyankopɔn mmara ngu wɔn afie apongua ho no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ de, nanso ɛkyerɛ nso sɛ na wonim akenkan ne akyerɛw. Na Amos yɛ oguanhwɛfo, na na Mika yɛ odiyifo a ofi akuraa ase; nanso wɔn baanu nyinaa kyerɛw Bible mu nhoma ahorow no bi.—Deuteronomium 6:8, 9; Amos 1:1; Mika 1:1.

Yesu nsa kaa Hebri Kyerɛwnsɛm nhoma mmobɔe a wofii honhom mu kyerɛwee no nyinaa bi wɔ hyiadan ahorow mu, na ɛhɔ na bere bi ɔkenkan kyerɛwnsɛm bi wɔ baguam na ɔkae sɛ asɛm no fa ne ho. Ná n’asomafo no nso nim akenkan ne akyerɛw, na wɔtwee adwene kɔɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no so faa mu nsɛm kae mpɛn ɔhaha pii wɔ nhoma ahorow a wɔkyerɛwee no mu.—Luka 4:16-21; Asomafo no Nnwuma 17:11.

Onyankopɔn Nkurɔfo Nnɛ

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnkɔyɛ amanaman nyinaa n’asuafo, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea a wahyɛ wɔn nyinaa so.’ Ɔka siei nso sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa.”—Mateo 24:14; 28:19, 20.

Te sɛ afeha a edi kan Kristofo no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ adi saa ahyɛde yi so denam nsi a wɔde ka asɛm na wɔkyerɛkyerɛ no so. Wɔnam nhoma ahorow nso so atrɛw Ahenni ho asɛmpa no mu. Efi 1920 reba no, Yehowa Adansefo atintim Bible ne nhoma, nsɛmma nhoma, ne nhomawa ahorow bɛboro ɔpepepem akron wɔ kasa horow bɛboro 200 mu de amema.

Nnipa ɔpepem pii atie asɛm no anigye so wɔ wiase nyinaa, na wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Wɔn mu bi yɛ mmarima ne mmea a wonnim akenkan anaa akyerɛw. Saafo yi a wonnim nhoma yi yɛ Kristofo mmapa—wɔn mu pii de mfe dudu pii asom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu, agyina ɔsom ho ɔtaa ano, na wɔadi Yehowa mmara so de ada wɔn dɔ a wɔwɔ ma no no adi.—1 Yohane 5:3.

Wɔn mu pii wɔ ɔpɛ sɛ wobehu akenkan ne akyerɛw, bere a wohu sɛ akenkan ne akyerɛw ne ade a ɛbɛma wɔanya kyɛfa kɛse wɔ wɔn Nyankopɔn som mu no. Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobedi Bible ne Kristofo nhoma ahorow a wɔkenkan wɔ Kristofo nhyiam horow ase no akyi, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetumi akenkan nnwom ahorow a wɔto no mu nsɛm na ama wɔatumi ne wɔn honhom mu anuanom mmarima ne mmea abom ato. Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔnam Bible adesua so bɛhyɛ wɔn ho ne wɔn mmusua den wɔ wɔn afie mu. Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Asɛm mu nokware no a ɛho nhia sɛ wɔde wɔn ho to obi foforo so ma ɔkenkan ma wɔn.

Akenkan a Wosua

Wɔ ahiade yi ho dwumadi mu no, Yehowa Adansefo hyɛ akenkan ne akyerɛw ho nkuran denam nhyehyɛe a wɔnam ankorankoro ne asafo ahorow so yɛ de boa afoforo no so. Wɔakyerɛkyerɛ mmarima ne mmea bebree ma wɔahu akenkan ne akyerɛw wɔ wiase nyinaa. Wɔ Nigeria nkutoo no, Yehowa Adansefo akyerɛkyerɛ nnipa bɛboro 23,000 akenkan ne akyerɛw. Wɔn mu biako ne Effor. Ɔka sɛ:

“Mifii akenkan ne akyerɛw ase 1950 bere a na madi mfe 16. Yehowa Adansefo na wɔyɛɛ akenkan ne akyerɛw ho adesua no ho nhyehyɛe. Ná yɛde adesua nhoma a Ɔwɛn Aban Asafo no na wotintimii na edi dwuma, na na wɔma dwumadi a yɛkɔkenkan no wɔ fie.

“Ná mete nka sɛ akenkan ne akyerɛw a minnim no te sɛ yare bi. Ná mepɛ sɛ mede Bible no mu nsɛm kyerɛkyerɛ me nuabarimanom ne nnamfonom, nanso esiane sɛ na mintumi nkenkan na mintumi nkyerɛw nti, ná mintumi nkyerɛkyerɛ wɔn yiye. Nea ɛhyɛɛ me nkuran ma misuaa akenkan ne akyerɛw ne ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛka asɛm no na m’akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔabɛyɛ Kristo asuafo no. Ná mekyerɛw biribiara a mihu so, a borɔde ahaban mpo ka ho. Ná ɔpɛ a mewɔ sɛ mehu akenkan ne akyerɛw no yɛ kɛse araa ma na meso ho dae. Mesrɛɛ afoforo sɛ wɔmmoa me; na memfɛre ho. Mekae sɛ na mede krataa a mekyerɛw kɔma nnamfonom mema wɔn a na wɔakɔ sukuu hwɛ mu ma me.

“Egyee me afe na mede suaa akenkan ne akyerɛw wɔ asafo no akenkan ne akyerɛw adesua nhyehyɛe no mu. Ɛno akyi no wɔmaa me kyerɛɛ adesua kuw no mufo ade. Ɛno maa minyaa hokwan boaa afoforo pii.

“Saa sukuu no boaa me yiye ma minyaa hokwan kyerɛɛ Asafo ti no drama ahorow ase fii Engiresi kasa mu kɔɔ Isoko, me kurom kasa mu mfe pii. Ɛno akyi no, masom sɛ asafo so hwɛfo fi 1960 mfe no mu. Mesomee sɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo boafo wɔ 1980 mfe no mu. Manya hokwan ahwɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu [sukuu a wɔyɛ ma bere nyinaa asomfo] so, na makyerɛkyerɛ wɔ Ahenni Ɔsom Sukuu [sukuu a wɔyɛ ma Kristofo mpanyimfo] mprenu. Minim sɛ sɛ mansua akenkan ne akyerɛw a, anka wɔmfa hokwan ahorow yi nyinaa mma me.

“Hwɛ sɛnea m’ani sɔ saa nhyehyɛe yi a wɔyɛ de kyerɛ ahobrɛasefo ma wohu akenkan ne akyerɛw no! Sɛ ɛtɔ da bi na mekɔda anadwo a, mekɔ so da Yehowa ase sɛ menna so nyɛ obi a onnim akenkan ne akyerɛw wɔ ɛnnɛ wiase yi mu.”

Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo no, de tumi a onipa wɔ sɛ obetumi akenkan akyerɛw adom adesamma. Nanso egye mmɔdenbɔ na obi de ahu akenkan ne akyerɛw. Akatua a ɛsen biara a ɛwɔ akenkan ne akyerɛw sua mu ne sɛ wubetumi afa Onyankopɔn Asɛm no na woadi ɔsoro akwankyerɛ yi so: ‘Na kenkan no awia ne anadwo.’—Yosua 1:8.

[Kratafa 9 adaka]

Sɛnea Wobɛboa Wo Mma ma Wɔn Ani Agye Akenkan Ho

● W’ankasa yɛ nhwɛso denam kenkan a wobɛkenkan daa so. Ɛtaa ba sɛ awofo a wɔpɛ akenkan nya mma a wɔpɛ akenkan.

● Kasa kyerɛ w’abofra no fi ne mmofraase pɛɛ. Nsɛm a emu da hɔ a mmofra te boa wɔn ma wɔte nsɛmfua ne nsusuwii ahorow a ɛboa ma akenkan sua yɛ mmerɛw ma wɔn ase.

● Kenkan kyerɛ wo mma daa. Sɛ wɔde nkokoaa si mpanyimfo nan so kenkan biribi kyerɛ wɔn a, wohu sɛ nsɛmfua ne nhoma ahorow ye bere a wonyinii koraa mpo sɛ wɔbɛte asɛm a wɔkenkan kyerɛ wɔn no ase no. Sukuu akyerɛkyerɛfo boa mmofra ma wosua sɛnea wɔkenkan ade, nanso awofo betumi ayɛ pii aboa wɔn ma wɔn ani agye akenkan ho. Mmofra ani gye ho sɛ wobetĩ anansesɛm a wɔpɛ no yiye no mu akyerɛ wɔn mpɛn pii.

● Nya nhoma ma wo mma ma wɔnkenkan wɔ fie.

● Hyɛ wo mma nkuran ma wɔnkyerɛw ade. Abofra a ɔtaa kyerɛw ade taa yɛ obi a ɔpɛ akenkan.

● Paw bere pɔtee bi ma abusua no mfa nkenkan ade. Obiara nkenkan bi nnidiso nnidiso, na afei munsusuw nea mokenkan no ho. Ɛsɛ sɛ saa mmere yi yɛ anigye ne nea ɛhyɛ nkuran.

[Kratafa 9 mfonini]

Ná tetefo a wosuro Onyankopɔn no nim akenkan ne akyerɛw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena