Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 5/8 kr. 14-17
  • Asetra Bi a Merempɛ sɛ Mesesa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asetra Bi a Merempɛ sɛ Mesesa
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mifi Bere Nyinaa Ɔsom Adwuma no Ase
  • Minya Anigye wɔ Asafo Foforo Mu
  • Wɔn a Wɔka Franse Kasa no Anigye yɛ Kɛse
  • Franse Kasa mu Asafo a Edi Kan
  • Anokwafo a Me ne Wɔn Traa Dan Biako Mu
  • Wiase Nyinaa Abusua no a Minya mu Anigye
  • Asetra a Osuahu Pii Wom
  • Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Fii Me Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Mede Mfe Aduɔson Aso Yudani Atade Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Gyinae a Misii Ama Yehowa Ahyira Me Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Asetra A Etu Mpɔn A Manya Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 5/8 kr. 14-17

Asetra Bi a Merempɛ sɛ Mesesa

NNIPA pii nu wɔn ho wɔ ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ wɔn bra no ho. Wotumi ka sɛ: ‘Sɛ meresan ahyɛ bra ase a, hwɛ ɔbra soronko ara a anka mebu!’ Nanso sɛ misusuw m’asetra ho a, ɛmfa ho sɛ ɛnyɛ mmerɛw mma me no, ɛyɛ asetra a merempɛ sɛ mesesa.

M’awofo tetee me ma mebɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na wɔde Onyankopɔn mmara hyɛɛ me komam fi me mmofraase. (2 Timoteo 3:15) Mantoto Yehowa Adansefo nhyiam nketewa ne akɛse no ase da. Na sɛ́ abeawa ketewa no, me ne Adansefo a wɔanyinyin kɔsrasraa nkurɔfo, na yɛaboa wɔn ma wɔasua Bible no anidaso a ɛne asetra a enni awiei wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no. (Mateo 24:14) Meda so ara kae sɛ bere a na madi mfe anum no, na mema afoforo nhoma a wɔato din The Kingdom, the Hope of the World.

M’awofo behuu nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho wɔ 1917 mu. Ɛwom sɛ na wɔyɛ asɔrekɔfo de, nanso wohuu nokware a ɛwɔ ɔkasa a Ɔwɛn Aban Asafo no ananmusifo kwantufo bi mae wɔ Bridgeton, New Jersey, U.S.A. no mu. Me nana barima tiee saa ɔkasa no bi, na ɔno nso begye dii sɛ nokware no na wate no. Bere a afei midii mfe 14 no, wɔbɔɔ me asu de yɛɛ me nkwa so a mahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ nhyiam bi a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Detroit, Michigan ase.

Wɔ saa mfe no mu no, na yɛyɛ yɛn dapɛn biara Bible adesua ho nhyiam no wɔ yɛn fie asa so. Akyiri yi, yɛtɔɔ sotɔɔ dan bi danee no Ahenni Asa. Saa bere no, na Ahenni Asa kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ. Nanso ɛnnɛ, wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 70,000 hyiam wɔ asa a ɛtete saa mpempem pii so.

Mifi Bere Nyinaa Ɔsom Adwuma no Ase

Me maame fii ne bere nyinaa ɔsom adwuma no ase wɔ 1939 mu, na ɔtoaa so yɛe kosii bere a owui a na wadi mfe 85. Me ne me nuabarima Dick fii yɛn bere nyinaa som adwuma no ase April 1, 1941, bere a na Wiase Ko II rekɔ so wɔ Europa, na nnipa pii wɔ Yehowa Adansefo ho tan esiane ɔfã biara a yenni wɔ amammuisɛm mu nti no.

Wɔde Adansefo mmerante a wɔwɔ yɛn asafo no mu baasa koguu afiase mfe anum esiane ɔfã biara a wɔannyina nti. Hwɛ nkuranhyɛ a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ saa mmarima yi baanu da so ara som sɛ mpanyimfo wɔ asafo no mu! Akyiri yi me nuabarima no kɔsomee wɔ Brooklyn Betel, Yehowa Adansefo wiase adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York no, na ɔda so som sɛ ɔpanyin wɔ yɛn kurow Millville mu wɔ New Jersey.

Ná ɔko mfe no mu yɛ den ma United States Yehowa Adansefo te sɛ nea na ɛte wɔ mmea afoforo no. Ná nnipakuw taa yɛ wɔn basabasa. Woyii mmofra adi fii sukuu mu. (Hwɛ September 8, 1993 Nyan! ɛdefa Lillian Gobitas Klose asetra ho.) Wɔde honhom fam anuanom mmarima mpempem pii koguu afiase, enti na ɛsɛ sɛ yɛn mmea no yɛ asafo mu dwumadi ahorow no. Ɛno nti bere a na misua koraa no, mesomee sɛ nhoma sohwɛfo. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yetumi gyinaa ɔko mfe no mu nsɛnnennen no ano, na bere a anuanom fi afiase san bae no, nkɔanim bae.

Saa bere no na Lyman Swingle fi Betel bɛsraa yɛn asafo no. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ memmra Brooklyn na memmenya mmoa a wɔde ma mfɛfo Adansefo a wɔwɔ Europa wɔ Wiase Ko II no akyi no mu kyɛfa. Ɛno nti wɔ March 1948 no, mekɔɔ Brooklyn.

Minya Anigye wɔ Asafo Foforo Mu

Wɔde me kɔɔ Brooklyn Center asafo mu. Ɛno ne asafo a edi kan a wɔtewee wɔ New York City ne ne mpɔtam hɔ ansa na Wiase Ko I reba, ɛwom sɛ saa bere no na wɔmfrɛ no saa de. Saa bere no de na ɛwɔ Brooklyn Heights mpɔtam hɔ. Nanso bere a mekɔɔ Brooklyn Center wɔ 1948 mu no, na ɛwɔ 5th Avenue ne 8th Street ntam wɔ Brooklyn. Bɛyɛ mfe 30 no, na yehyiam wɔ saa dan a yɛahan no mu, kosi sɛ yɛtɔɔ asa foforo wɔ ɛno nkyɛn pɛɛ.

Me werɛ mfi ɛda a edi kan a mekɔɔ asɛnka wɔ Brooklyn no da—wɔ Henry Street. Ná ɛyɛ soronko koraa fi kurow ketewa mu adansedi ho. Nanso ankyɛ na mihyiaa ababaa bi ma ogyee Bible nhoma na ɔpenee so sɛ me ne no mmɛyɛ ofie Bible adesua. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so, na ne mma baanu nso yɛɛ saa. Mprempren, ne babarima Arthur Iannone ne ne yere Linda, ne wɔn babarima ne ne yere nyinaa resom wɔ Brooklyn Betel.

Ná asafo no asasesin yɛ kɛse na ɛsow aba. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, mitumi boaa me Bible asuafo no pii ma wosuaa nokware no gyee asubɔ. Ebesi nnɛ no, wɔn mu bi yɛ bere nyinaa asomfo wɔ ɔman yi mu. Afoforo nso yɛ asɛmpatrɛwfo wɔ akyirikyiri nsase so. Ebinom bɛyɛɛ asafo mu mpanyimfo. Na pii anya ɔsom afã afoforo mu kyɛfa sɛ́ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no adawurubɔfo anokwafo.

Nkɔso no bae ntɛmntɛm. Ade a mfiase no na asafo biako pɛ na ɛwɔ New York City ne mmeae a ɛbɛmmɛn no, mprempren aka kakraa ma wɔanya asafo 400 wɔ New York City nkutoo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ mɛkae sɛ minyaa saa ntrɛwmu yi mu bi mu kyɛfa!

Wɔn a Wɔka Franse Kasa no Anigye yɛ Kɛse

Wɔ 1960 mfe no mu no, yefii ase huu nnipa a wofi Haiti aba yɛn asafo no asasesin mu a wɔka Franse kasa. Ná wɔn mu dodow no ara te Engiresi kakraa bi anaa wɔnte koraa. Ná ɛyɛ asɛnnennen. Ná yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔanya Bible nimdeɛ pii? Ná mente Franse kasa, nanso bere a mikura Bible nhoma titiriw a na yɛde di dwuma saa bere no, Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, Engiresi de ne Franse kasa mu de nyinaa no, mitumi yɛɛ Bible adesua ahorow.

Nanso, na wɔnyɛ nhyiam biara wɔ Franse kasa mu na aboa saa nnipa yi ma wɔanyin wɔ honhom mu. Ɛno nti, sɛ Ɔdansefo a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo biara a ɔte Franse kasa ba hɔ a, ntɛm ara wɔma no bɛboa. Wɔn a wodii kan bɛboaa yɛn no biako ne Nicolas Brisart, a mprempren ɔyɛ Guadeloupe Baa Boayikuw kyerɛwfo no. Ɔno na ɔmaa baguam ɔkasa a edi kan wɔ Franse kasa mu wɔ Onua Bertha Luisdon a ɔda so de nokwaredi resom Yehowa fie. Nnipa aduonu ason na wobetiei.

Ne nyinaa akyi no, na asafo ahorow a wɔka amannɔnefo kasa biara nni New York City ka Spania ho. Enti na adwene bi nni hɔ sɛ wɔbɛtew asafo a wɔka Franse kasa. Nokwarem no, ɔhwɛfo kwantufo bi maa yɛhweree anidaso koraa, bere a ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ saa bere no ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nkurɔfo a wɔtete saa man yi mu nkuran ma wosua Engiresi kasa no.

Onua Fred W. Franz, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no de nkuranhyɛ mae. Ɔkae sɛ: “Mary, sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, wobenya Franse Kasa mu Asafo.” Ná onua Harry Peloyan, Brooklyn Center Asafo no ɔhwɛfo guamtrani, nso hyɛ nkuran. Ɔkaee sɛ bere biara a yebenya ɔhɔho a ɔte Franse kasa no, yebetumi aba Ahenni Asa no so anwummere a wɔnyɛ nhyiam biara wɔ hɔ no, na yɛabɛyɛ Asafo Nhoma Adesua ne baguam ɔkasa ahorow a ɛnka Asafo ti no nhyehyɛe ho.

Ebesi saa bere no na anuanom a wɔabɔ wɔn asu kakra fi Haiti atu abɛtra ha, nanso na wɔn mu biara ho nkokwawee sɛ obetumi adi Franse kasa mu asafo anim. Afei, Onua Timothy Galfas a ɔkɔɔ sukuu wɔ Paris a saa bere no na ɔka Brooklyn Betel abusua no ho huu yɛn tebea no. Memeneda biara sɛ ɔpɔn adwuma wɔ Betel a, na ɔba ma yɛkɔhwehwɛ anuanom mmarima ne mmea a wofi Haiti a wɔabɛtra ha nanso wonhu asafo a wɔne wɔn mmɔ no.

Ankyɛ na yenyaa bɛyɛ nnipa 40 kaa yɛn ho. Yɛka kyerɛɛ ɔmansin sohwɛfo no sɛ ɔnkyerɛw asafo ti no na wɔmma yɛn hokwan ma yɛnyɛ Franse kasa mu Nhoma Adesua nyɛ ho kyerɛwtohɔ. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a wɔmaa yɛn hokwan no! Akyiri yi, wɔmaa yɛn hokwan ma yɛyɛɛ baguam ɔkasa ho nhyiam ne dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no nso.

Franse Kasa mu Asafo a Edi Kan

Wɔ December 1, 1967 no, wɔmaa yɛn kwan sɛ yɛnhyehyɛ Franse kasa mu asafo, a ɛno ne nea edi kan wɔ United States. Ná wɔne Brooklyn Center ne Prospect Asafo no bɛkɔ Ahenni Asa koro mu. Yedii ahurusi! Ná yenim sɛ obiara benya honhom mu nkɔso kɛse wɔ kasa a ɔte no mu. Wɔ saa mfe a yedii awerɛhow yi nyinaa mu no, yɛn ani sɔɔ anuanom te sɛ Harry Peloyan, George Haddad, ne Carlos Quiles, a na wɔn na wɔyɛ Brooklyn Center Asafo no boayikuw no mmoa kɛse.

Yɛdɔɔso ntɛmntɛm. Ankyɛ na wɔtetew Franse kasa mu asafo ahorow wɔ Manhattan, Queens, ne Nyack, New York. Nnipa a wɔboaa saa nkɔso yi ne Jeff Keltz ne Tom Cecil a wɔwɔ Brooklyn Betel no. Onua Keltz somee sɛ yɛn mansin sohwɛfo, na Onua Cecil asom sɛ yɛn Ɔmantam Nhyiam Boayikuw no muni. Afoforo te sɛ asɛmpatrɛwfo a ɔyare nti wɔafi aman a wɔka Franse kasa wom mu asan aba United States bɛboae. Wɔn mmoa no ayɛ nea ɛsom bo dɛn ara! Wɔn mu biako ne Stanley Boggus, a ɔsom sɛ ɔhwɛfo guamtrani ne ɔmansin sohwɛfo boafo

Anigye ara a ayɛ sɛ mahu sɛ Franse kasa mu kuw ketewa a na ɛwɔ 5th Avenue ne 8th Street ntam no anyin abɛyɛ asafo pii ne amansin abien! Nokwarem no, yɛyɛɛ yɛn Franse kasa mu ɔmansin nhyiam a edi kan wɔ April 1970 mu. Onua Nathan H. Knorr a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no ne yɛn kasaa Fida anadwo na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ensi yɛn yiye. Ahohuru bere a edi hɔ no nso, yɛyɛɛ yɛn ɔmantam nhyiam a edi kan wɔ Roosevelt Stadium a ɛwɔ Jersey City, New Jersey, wɔ beae bi a yɛn ankasa siesiei. Na ɔhyew wom na mfutuma no dɔɔso, nanso nnipa bɛboro 200 a wɔbae no de anigye tiee dwumadi no nyinaa, a Franse kasa mu drama no nso ka ho.

Yɛn ani gyei kɛse nso sɛ wɔmaa yɛn kwan ma yɛyɛɛ yɛn ɔmantam nhyiam wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Jersey City so wɔ 1986 mu. Nnipa 4,506 na wɔkɔɔ nhyiam bi a wɔde Franse kasa yɛe wɔ hɔ afe a etwaam no ase, na wɔbɔɔ nnipa 101 asu. Bere koro no ara no, wɔde Franse kasa yɛɛ nhyiam foforo wɔ Florida.

Anokwafo a Me ne Wɔn Traa Dan Biako Mu

Ade foforo a ɛyɛ anigye kɛse wɔ m’asetram ne sɛ me ne mmea afoforo a na wɔwɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu atra dan biako mu wɔ Brooklyn. Wɔn mu baanu a wodi kan no (Rose Lewis Peloyan ne Madelyn Murdock Wildam) kɔɔ Betel. Akyiri yi baanu foforo (Lila Rogers Molohan ne Margaret Stelmah) nso bɛyɛɛ Betel abusua no mufo. Afoforo baanu (Barbara Repasky Forbes ne Virginia Burris Beltramelli), kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no bi na wɔda so resom wɔ Guatemala ne Uruguay.

Ná yɛn a yɛyɛ anuanom mmea yi gye bere de susuw Kyerɛwnsɛm mu asɛm biako ho de fi da biara dwumadi ase, na afei yɛkɔ yɛn honam fam nnwuma ne asɛnka adwuma no so. Yɛsan ba fie anadwo a yɛabrɛ na ɔkɔm de yɛn, nanso na yɛn ani agye! Ná yɛka osuahu ahorow a ɛma denhyɛ kyerɛ yɛn ho yɛn ho! Sɛ́ nhwɛso no, bere bi na me ne ababaa bi a wɔfrɛ no Elisa Beumont Farina sua ade, na ɔkyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ yɛyɛ n’adesua no anadwo nnɔndu. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm. Da a edi kan a me ne no kɔɔ asɛnka no, ɔkae sɛ: “Nsusuw sɛ mɛkɔ no daa!” Nanso ɔbɛyɛɛ bere nyinaa ɔsomfo maa akyiri yi, ɔkɔɔ Gilead sukuu, na ɔsomee wɔ Ecuador mfe pii. Ɔda so yɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no wɔ Trenton, New Jersey.

Wɔn a me ne wɔn traa dan biako mu no bi nso atete mma a wɔn nso wɔ Yehowa ho anisɔ na wɔsom no. Afe a etwaam no, wɔn mu biako (Virginia Hendee Robertson) ba (Jodi Robertson Sakima) waree, na mprempren ɔne ne kunu som wɔ Brooklyn Betel.

Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ wɔn a me ne wɔn traa dan biako mu a wɔboro 20 no nyinaa kɔɔ so dii Yehowa nokware, na wɔn mu pii da so wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu.

Wiase Nyinaa Abusua no a Minya mu Anigye

M’ani agye sɛ mahyia Adansefo a wofi aman afoforo mu no pii. Sɛ́ nhwɛso no, esiane sɛ na yɛte bɛn Asafo ti no adwumayɛbea ti hɔ nti, yenyaa hokwan ne adesuafo a wɔbaa Gilead asɛmpatrɛw sukuu wɔ Brooklyn Betel no bɔe.

Wɔmaa adesuafo baanu a wɔne Guenter Buschbeck a mprempren ɔsom wɔ Austria baa dwumadibea, ne Willi Konstanty a ɔresom wɔ Germany baa dwumadibea baa yɛn Brooklyn Center Asafo no mu bere a wɔbaa Gilead sukuu no. Hwɛ nkuranhyɛ ara a na wɔyɛ! Wonyaa wɔn a na me ne wɔn te dan biako mu no so nkɛntɛnso araa maa ankyɛ na wɔn nso wofii ase susuw Gilead ɔsom adwuma no ho.

Manya hokwan atutu akwan akɔ amannɔne mpɛn dodow bi akonya nnamfo pii wɔ yɛn wiase nyinaa abusua no mu. Makɔ amanaman ntam nhyiam horow, na makohu nnipa pii a wowiee Gilead sukuu a minim wɔn no bio wɔ mmeae a wɔmaa wɔn dwumadi.

Asetra a Osuahu Pii Wom

Sɛ midwen m’asetra ho a, metumi aka sɛ ayɛ nea anigye wom—asetra a ahomeka ne nhyira pii wom. Ɛmfa ho sɛ manya saa nneɛma nhyehyɛe yi mu nsɛnnennen ahorow no bi no, biribiara nni hɔ a ama manu me ho wɔ me kan asetra ho anaa ama magyae bere nyinaa ɔsom adwuma no hokwan a ɛsom bo no mu.

Bere a meyɛ abofra no, me maame de nsɛm a ɛwɔ Dwom 126:5, 6 yi duaa me mu: “Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa. Ɔde nusu nennam kura aba a wogu, ɔde ahurusi kura n’afiafi bɛba.” Meda so di saa kyerɛwsɛm no so. Ɛmfa ho nsɛnnennen ko a mihyiae no, Yehowa boaa me ma minyaa ɔkwan a mɛfa so adi so na makora saa anigye no so.

M’asetra yɛ nea merempɛ da sɛ mesesa. Minnuu me ho sɛ mede bɛyɛ mfe 53 asom Yehowa sɛ bere nyinaa somfo. M’ani da so sɛ mɛtoa so asom no akosi mmeresanten wɔ ne wiase foforo no mu.—Sɛnea Mary Kendall ka kyerɛe.

[Kratafa 16 mfonini]

Mary Kendall

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena