Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 6/8 kr. 21
  • So Mfaso Nni Bible No So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mfaso Nni Bible No So?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nanso, Dɛn ne Nokware a Ɛwɔ Asɛm no Mu?
  • Nhoma Yi Ne Nyansahu Hyia?
    Amansan Nhoma
  • Nyansa a Ɛkorɔn Fibea a Ɛda Nsow
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Abɔde Ka Sɛ, “Wonni Anoyi Biara”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nhoma A Ɛda Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Adi
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 6/8 kr. 21

So Mfaso Nni Bible No So?

NNIPA pii bua sɛ yiw, na wɔka sɛ: “Ɛne nyansahu nhyia. Ɛyɛ anansesɛm. Ne bere atwam. Mfaso nni so. Wɔn a wogye di no wɔ anidaso hunu.”

Nanso, Dɛn ne Nokware a Ɛwɔ Asɛm no Mu?

• Bible ka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nkwa. Nyansahu ka sɛ nkwa nam nnuru ne tumi bi a ɛkeka boom ara kwa so na ɛbae mpofirim. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Pasteur kyerɛe sɛ nkwa ntumi mma mpofirim ara kwa.” Abɔde a nkwa wom ho nimdefo Michael Denton nhoma, Evolution: A Theory in Crisis ka sɛ: “Nsonsonoe kɛse da nkwaboaa ne abɔde a nkwa nnim a wɔahyehyɛ no yiye koraa ntam, . . . na ɛyɛ kɛse koraa sen sɛnea wobetumi asusuw ho.” Adannandifo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ ɔkwan bi a ɛne nyansahu hyia a nkwa betumi afa so aba mpofirim ara kwa.

• Adannandi ka sɛ saa nkwaboaa a na ɛwɔ hɔ mfitiase yi na ɛdannan bɛyɛɛ asase so abɔde a nkwa wom nyinaa. Tete nnompe a wohu da no adi sɛ nsakrae a ɛte saa a ɛma aboa bi dan kɔyɛ aboa foforo biara amma. Nyansahufo Francis Hitching kyerɛw wɔ ne nhoma The Neck of the Giraffe mu sɛ: “Sɛ wohwehwɛ abusuabɔ a ɛwɔ mmoa akuwakuw atitiriw ntam a, worenhu bi.” Eyi ne nea Bible no ka, sɛ aboa biara wo ‘sɛnea ne su te’ no hyia.—Genesis 1:12, 25.

• Mpɛn pii no, nneɛma a wotutu fi fam di adanse sɛ abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no yɛ nokware.

• Ná tetefo no susuw sɛ asase no si biribi so wɔ ahunmu anwonwa kwan so. Isaac Newton na ofi nyansahu mu kyerɛe sɛ asase no nam ahokeka ne asase mu tumi a ɛtwe ade ba fam ho mmara so kyinkyin ahunmu a biribiara nkura mu. Ná Bible no adi kan aka eyi ho asɛm bɛyɛ mfe 3,200, na wɔakyerɛw wɔ Hiob 26:7 sɛ Onyankopɔn de ‘asase sɛn nea biribiara nni.’

• The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Nnipa pii annye nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ asase yɛ kontonkron no antom kosii Nhomasua mu Ɔsesɛw Mmere no,” nanso wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Bible no kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Ɔte asase kurukuruwa no so.”—Yesaia 40:22, Moffatt.

• Mose Mmara no (afeha a ɛto so 16 A.Y.B.) ma wohuu mmoawa a wɔde nsanyare ba ho asɛm mfe mpempem pii ansa na Pasteur rehu.—Leviticus, atiri 13, 14.

• Salomo de sɛnkyerɛnne kwan so kasa kyerɛw sɛnea mogya nenam nipadua mu ho asɛm mfe apem ansa na Kristo reba, nanso aduruyɛ mu nyansa anhu kosii sɛ William Harvey kyerɛkyerɛɛ mu wɔ afeha a ɛto so 17 Y.B. mu.—Ɔsɛnkafo 12:6.

• Salomo kyerɛw ntɛtea a wɔwɔ asan wɔ asase ase a wɔde nnuan sie mu na wodi wɔ awɔw bere mu ho asɛm. (Mmebusɛm 6:6-8) Wɔn a wɔkasa tia Bible kae sɛ ntɛtea a wɔte saa biara nni hɔ. Nanso wɔ 1871 mu no, abɔde a nkwa wom ho ɔdenimfo bi a ofi Britania kohuu ntɛtea no ne wɔn asan no.

• Dwom 139:16 daa awosu mu mmara ho nimdeɛ adi: “Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa.”

• Ansa na nyansahufo rete mmoa tukɔ ase no, na Bible no ada no adi wɔ Yeremia 8:7 wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu sɛ: “Asukɔnkɔn a ɔwɔ wim nim bere a otu kɔ, aturukuku ne asomfena ne pokupoku nim bere a wɔsan ba.”—The New English Bible.

• Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, Bible ka siei sɛ wɔ “nna a edi akyiri mu no,” nnipa bɛsɛe asase yi so nneɛma, na esiane eyi nti Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—2 Timoteo 3:1; Adiyisɛm 11:18.

• So mfaso nni Bible no so? Nyansa a mfaso wɔ so sen biara ma yɛn bere a emu yɛ den yi wom, nanso sɛ nnipa benya so mfaso a gye sɛ wofi wɔn pɛ mu di akyi. ‘Momfa mo mfoa mmobɔ nsɔw, na momfa mo mpeaw nyeyɛ nnare.’ ‘Ade a mopɛ sɛ afoforo yɛ ma mo no, monyɛ mma wɔn saa ara.’ Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Wɔn a wodi saa ahyɛde ahorow yi akyi no mfi akodi ase, na wonni amumɔyɛsɛm. Sɛ asase so nnipa yɛ osetie ma Onyankopɔn Ahenni nniso a Kristo di so no a, ɛnde Bible agyidifo anidaso renyɛ anidaso hunu, na mmom ebenya mmamu ankasa.—Mika 4:2-4; Mateo 7:12; Adiyisɛm 21:3-5.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 21]

Shrine of the Book, Israel Museum, Jerusalem, na wɔmaa hokwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena