Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 8/8 kr. 7-11
  • Suban Pa Yɛ Nea “Abrabɔ Foforo” No Apow Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suban Pa Yɛ Nea “Abrabɔ Foforo” No Apow Anaa?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Minya Su Horow A Eye
    Nyan!—1985
  • Su Pa Wɔ Asɛnka Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Suban Pa—Onyankopɔn Nkurɔfo Su
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Suban Pa​—Ɛho Hia Pa Ara?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 8/8 kr. 7-11

Suban Pa Yɛ Nea “Abrabɔ Foforo” No Apow Anaa?

‘Wonnue, wɔn a wɔde bɔne yɛ papa, hann yɛ sum, nwenenwene yɛ fremfrem no.’—Yesaia 5:20.

WƆYƐƐ nsakrae pii wɔ suban pa ne abrabɔ mu wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Wɔ mfe a edii wiase ko abien no akyi mu no, wɔde nkakrankakra buu suban pa dedaw no sɛ ne bere atwam. Tebea horow a na ɛresakra, ne nnipa nneyɛe ne nyansahu mu nkyerɛkyerɛ afoforo maa nnipa pii begye dii sɛ su dedaw no nyɛ adwuma bio. Su horow bi a bere bi na wobu no sɛ ɛsom bo no yɛ nea wɔpowee sɛ adesoa bi. Bible akwankyerɛ ahorow a na wɔkyerɛ obu wɔ ho no yɛ nea wɔpowee sɛ biribi a ne bere atwam. Ná ɛyɛ akwanside kɛse paa ma abusua a wɔyɛ nea wɔpɛ a afeha a ɛto so 20 mu ankorankoro a nea aba so foforo agye wɔn adwene na wɔwom no.

Afe a saa nsakrae yi baa nnipa abakɔsɛm mu no ne 1914. Nsɛm a abakɔsɛm akyerɛwfo de bɔɔ saa afe no ne Wiase Ko I ho dawuru ayɛ wɔn nkyerɛwee mu ma, na wɔka sɛ 1914 yɛ afe a ɛde nsakrae akɛse bae, na ɛyɛ agyiraehyɛde ankasa a ɛma wohu nnipa abakɔsɛm mu mmere atitiriw. Ɔko no akyi pɛɛ na Afe Apem Ahankron Aduonu Mfe a na Ɛrebobom No bae, na nkurɔfo bɔɔ mmɔden sɛ wobenya anigyede a wɔhweree wɔ ɔko mfe no mu no ahyem. Wɔbɔɔ su dedaw no ne abrabɔ ho mmara ahorow a wɔn ani nnye ho no too nkyɛn na ama wɔanya anigyede a ɛtra so. Wɔde abrabɔ foforo a ɛmaa ɔhonam akɔnnɔ ho kwan sii hɔ a wɔamfa anto gua—nokwarem no, wɔmaa biribiara ho kwan. Abrabɔ mmara foforo no maa suban pa sakrae a na wontumi nyɛ ho hwee.

Abakɔsɛm Kyerɛwfo Frederick Lewis Allen ka eyi ho asɛm: “Ade foforo a nsakrae no de bae ne sɛ, suban pa ammɛyɛ soronko kɛkɛ, na mmom—wɔ mfe kakraa bi mu no—nea ɛmfata. . . . Wɔ saa mfe yi mu no, mmea a wɔhwɛ adididan ahorow . . . hui sɛ wɔn ahɔho no nhaw wɔn ho sɛ wɔbɛkasa wɔn ho bere a wɔaba hɔ anaa wɔrekɔ no; aponto ahorow a na ‘nnipa a wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn kɔ ase’ bɛyɛɛ adeyɛ a wogye tom, nkurɔfo de ‘yɛɛ wɔn su sɛ wɔbɛka akyi’ wɔ adidi ase, wogyaw sigaret a ogya wɔ ano guguu basaa, porow nsõ guu kuntu a wɔde sɛw fam so a wɔampa ho kyɛw. Ná wɔadwiriw nhyɛsode dedaw no agu a wonnya nsii foforo, na saa bere no na mprako ate asi dontori mu. Ebia da bi, wɔbɛfrɛ mfe du a edii ɔko no akyi no Suban Bɔne mfe ma afata. . . . Sɛ na suban pa nni mfe du no mu a, na anigye nso nnim. Nhyehyɛe dedaw no ne su a ɛmaa asetra yɛɛ anigye na enyaa atirimpɔw no boom kɔe, na anyɛ mmerɛw sɛ wobenya su afoforo asi ananmu.”

Wɔannya su afoforo a ɛbɛma asetra asan ayɛ anigye na anya atirimpɔw ansi ananmu da. Wɔanhwehwɛ akyi kwan. Afe Apem Ahankron Aduonu Mfe a na Ɛrebobom No asetra kwan a na ɛma biribiara ho kwan no na ɛkanyan nnipa maa wɔdee wɔn ho wɔ abrabɔ fam anohyeto ahorow ho, na saa ara na na wɔpɛ no. Ɛnyɛ sɛ na wɔde abrabɔ reto nkyɛn; ná wɔreyɛ no foforo kɛkɛ, wɔregow mu kakra. Bere kɔɔ so no, wɔfrɛɛ no Abrabɔ Foforo. Wɔ ɛno mu no, obiara yɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so. Ɔsen afoforo nyinaa. Ɔyɛ nea n’ankasa pɛ. Ɔfa n’ankasa kwan so.

Ebia saa na osusuw. Nokwarem no, mfe mpem abiɛsa a atwam no, onyansafo Ɔhene Salomo kae sɛ: “Ade foforo biara nni hɔ owia ase.” (Ɔsɛnkafo 1:9) Wɔ Atemmufo no bere a edii eyi anim no mu mpo, Israelfo nyaa ahofadi pii a wɔde betie Onyankopɔn Mmara anaa wɔde bɛpow: “Nna no mu no, ná ɔhene bi nni Israel; obiara yɛ nea ɛtɛe n’ani so.” (Atemmufo 21:25) Nanso dodow noara powee sɛ wobetie Mmara no. Israel nam aba a woguu no saa kwan yi so de ɔhaw pii baa ɔman no mu mfehaha pii. Saa ara na ɛnnɛ, amanaman atwa ɛyaw ne amanehunu mfehaha pii—na afei mpo na nea enye koraa no rebɛba.

Asɛm foforo bi wɔ hɔ a ɛda Abrabɔ Foforo no adi pefee a ɛne “ankorankoro gyinapɛn.” Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛkyerɛ mu sɛɛ: “Adwene a ɛne sɛ abrabɔ mu nokwasɛm ahorow gyina ankorankoro anaa nnipakuw a wokura mu no so.” Ne tiatwa mu no, wɔn a wogye ankorankoro gyinapɛn tom no kyerɛ sɛ biribiara a eye ma wɔn no yɛ abrabɔ pa ma wɔn. Ɔkyerɛwfo bi kaa ankorankoro gyinapɛn ho asɛm kɔɔ akyiri bere a ɔkae sɛ: “Ankorankoro gyinapɛn a na ɛso akata bere tenten no bɛdaa adi wɔ adwene a na wɔwɔ wɔ afe apem ahankron aduɔson ‘ahopɛ mfe’ no mu; ɛda so da adi wɔ afe apem ahankron aduɔwɔtwe mfe no nnɛmmafo akɛsesɛm no mu. Ebia na yɛda so ara de yɛn anofafa kamfo tete su ahorow, nanso wɔ nneyɛe mu de, nea eye ma me ne ade a ɛteɛ.”

Na suban pa nso ho asɛm ba mu—‘Sɛ eye ma me a, mɛyɛ; sɛ ɛnte saa a, menyɛ. Sɛ ɛbɛfata ama wo yiye mpo a, enye mma me. Ɛmma menna nsow sɛnea ɛfata, ɛbɛma mayɛ te sɛ obi a ɔyɛ mmerɛw, na madan nipa hunu.’ Ɛda adi sɛ wɔ nnipa a wɔte saa fam no, eyi mfa akakabensɛm nkutoo ho, na mmom kasadɛ a wɔka no daa a ne ka yɛ mmerɛw te sɛ ‘Mesrɛ wo, Manyɛ no yiye, Mepa wo kyɛw, Meda wo ase, Ma mimmue pon no mma wo, Tra m’agua yi so, Ma mensoa wo nneɛma yi mma wo’ nso. Saa nsɛm yi, ne afoforo, te sɛ ngo a esiesie yɛne nnipa afoforo ntam abusuabɔ ma ɛyɛ anigye. Ɔhopɛfo no bɛka sɛ, ‘Nanso suban pa a meyi no adi akyerɛ afoforo no mma mintumi nkura nidi a mewɔ sɛ obi a ɔsen afoforo nyinaa no mu na memma no nnya nkɔanim.’

Asetram nsɛm ho nimdefo James Q. Wilson kyerɛ sɛ akameakame ne amumɔyɛsɛm a adɔɔso no fi nea ɛnnɛ “wofi animtiaabu mu frɛ no ‘su a ɛyɛ frenkyemm,’” na amanneɛbɔ no toa so sɛ: “Ɛte sɛ nea saa su horow yi a ayera—ne ankorankoro abrabɔ gyinapɛn a anya nkɔanim—no ne nsɛmmɔnedi a akɔ soro no wɔ abusuabɔ.” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛne nea aba so nnɛ a ɛne pow a wɔpow biribiara a esiw ahohoahoa kwan, ɛmfa ho sɛnea ebia ɛmfata anaa ɛhaw adwene no, wɔ abusuabɔ. Eyi te sɛ nea asetram nsɛm ho nimdefo foforo, Jared Taylor kae no: “Yɛagyae ahosodi mu akɔfa ahohoahoa ntɛm, na nnipa pii bɔ tete su horow gu sɛ ɛyɛ katee.”

Ankorankoro gyinapɛn a wubenya no ma wubu w’ankasa abrabɔ ho ntɛn, na wubu w’ani gu onipa foforo biara atemmu so, a Onyankopɔn de ka ho. W’ankasa wusi nea ɛteɛ anaa nea ɛnteɛ wɔ w’ani so ho gyinae sɛnea nnipa baanu a wodi kan no yɛe wɔ Eden, bere a wɔpow Onyankopɔn mmara na wosii nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinae maa wɔn ho no ara pɛ. Ɔwɔ no daadaa Hawa ma ogye dii sɛ, sɛ ɔyɛ Onyankopɔn so asoɔden na odi aduaba a wabara no a, ɛnde nea ɔka kyerɛɛ no yi na ɛbɛba: “Mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Enti Hawa tew aduaba no bi dii na ɔmaa Adam bi, na odii. (Genesis 3:5, 6) Gyinae a Adam ne Hawa sii sɛ wobedi no yɛɛ asiane maa wɔn, ne amanehunu maa wɔn asefo.

Bere a obi kaa ɔporɔw a ɛda adi wɔ amanyɛfo, aguadifo, agumadifo, nyansahufo, obi a onyaa Nobel akyɛde, ne ɔsɔfo bi ho ho nsɛm pii wiei no, ɔkae wɔ kasa bi a ɔde too gua wɔ Harvard Business School anim mu sɛ: “Migye di sɛ nea yɛrehyia wɔ yɛn man yi mu nnɛ no yɛ ade a mepɛ sɛ mefrɛ no suban ho nsɛnnennen, nea wɔnam Atɔe Fam anibue so ahu fi tete sɛ koma mu anohyeto ne suban pa a ɛma yɛkwati sɛ yɛbɛma yɛn ankasa nkate a ɛyɛ mmerɛw no kwan, a ayera.” Ɔkaa “nsɛmfua bi a sɛ wɔka wɔ tebea a ɛwɔ hɔ yi mu a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔntee bi da [ho asɛm], nsɛmfua bi te sɛ pintinnyɛ, nidi, dwumadi, asɛyɛde, mmɔborohunu, ɔpɔw—nsɛmfua a wɔreyɛ agyae ka.”

Ɔsɛmpɔw ahorow bi sɔree wɔ sukuupɔn ahorow mu wɔ 1960 mfe no mu. Nnipa pii kyerɛe sɛ ‘Onyankopɔn biara nni hɔ, Onyankopɔn awu, biribiara nni hɔ, abrabɔ a ɛkyɛn so biara nni hɔ, atirimpɔw nni asetra mu koraa, wubetumi adi asetram huhuw no so denam wo bo so asɛm a wubedi nkutoo so.’ Mmofra ntetekwaa no suaa biribi fii eyi mu, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi asetra a mfaso nni so no so denam ‘cocaine a wɔtwe kɔɔ wɔn mu, wii a wɔnomee, mpena a wɔtwee, ne wɔn ankasa ahotɔ a wɔhwehwɛe so.’ Na wɔn nsa anka da.

Afei nso ebinom yɛɛ ɔyɛkyerɛ ahorow de kyerɛɛ nneɛma a wɔmpene so wɔ 1960 mfe no mu. Nea ɛsen biribi a ɛreba akɔ kɛkɛ no, ɛbɛyɛɛ Amerikafo amammerɛ fã, na ɛkowiee 1970 Ahopɛ mfe no mu. Saa kwan no so na yɛhyɛnee mfe a Tom Wolfe a ɔyɛ asetram nsɛm ho nhwehwɛmufo no frɛɛ no “Ahopɛ mfe” no mu. Ɛno kowiee 1980 mfe no a ebinom fi animtiaabu mu frɛɛ no “Anibere Nkɔanim Mfe” no mu.

Dɛn na eyi nyinaa ne suban pa wɔ yɛ? Ɛfa pɛsɛmenkominya ho, na sɛ woyɛ pɛsɛmenkominya a, wuntumi ngow nsɛm mu mma afoforo ntɛm, wuntumi mma afoforo nni nneɛma mu kan, wuntumi nyi suban pa adi nkyerɛ afoforo. Nokwasɛm ne sɛ, wonam pɛsɛmenkominya so betumi de ɔsom bi ama wo ho, Ahopɛsom. Bible ka obi a ɔyɛ saa ho asɛm dɛn? Sɛ́ ɔyɛ “oniberefo a ɔyɛ ɔbosonsonni,” ɔda “anibere a ɛyɛ abosonsom” adi. (Efesofo 5:5; Kolosefo 3:5) Hena na saa nnipa no som no ankasa? “Wɔn nyame ne yafunu.” (Filipifo 3:19) Asetra kwan foforo a ɛyɛ tan a nnipa pii apaw sɛ ɛyɛ abrabɔ a ɛteɛ ma wɔn ne ne haw ahorow a edi awu a afi asetra kwan a ɛte saa mu aba no si nokware a Yeremia 10:23 yɛ no so dua: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”

Bible no huu eyi nyinaa siei, na ɛhyɛɛ ho nkɔm sɛ kɔkɔbɔ a ɛfa “nna a edi akyiri” no ho, sɛnea wɔkyerɛw wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!”

Yɛaman koraa afi sɛnea wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ no ho—Onyankopɔn suban so ne ne sɛso. Su atitiriw a ɛne ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee, ne tumi no da so wɔ yɛn mu, nanso ɛnkari pɛ bio na atɔ kyima. Wɔda nea ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ na asan ayɛ yiye adi wɔ Bible asɛm a yɛfa kae wɔ atifi hɔ no mu asɛm a etwa to mu: “Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!” Hwehwɛ fekubɔ foforo, nea ɛbɛsakra sɛnea wote nka wɔ wo mu mpo. Nyansasɛm a Dorothy Thompson kyerɛw no mfe bi a atwam wɔ The Ladies’ Home Journal mu no de afotu ma wɔ eyi mu. Nea ɔde fi ne nsɛm no ase ne sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi mmofrabɔnesɛm so no, ɛho hia sɛ wɔtete abofra nkate mmom sen sɛ wɔbɛtete n’adwene:

“Nneyɛe ne suban a ɔda no adi sɛ abofra no ka nneyɛe ne suban a ɔda no adi sɛ ɔpanyin no kɛse. Nanso ɛnyɛ n’adwene na ɛkanyan eyinom, na mmom ne nkate. Ɔbɛyɛ ade a wɔhyɛ no nkuran na wɔtete no ma ɔkyerɛ ho dɔ, nya ho anigye, ɔsom, onya ho anisɔ, na ɔde ne ho bɔ afɔre ma no. . . . Wɔ eyi nyinaa mu no, suban pa nya ɔfã a ɛho hia, efisɛ nea nneyɛe pa kyerɛ ara ne afoforo ho a wosusuw. . . . Koma mu nkate da adi wɔ nneyɛe a woyi no adi mu, nanso nneyɛe a woyi no adi nso boa ma wonya koma mu nkate. Ɛyɛ den sɛ wubenya atutupɛ su bere a wufi ayamye mu yɛ ade no. Ebia mfiase no suban pa no bɛyɛ te sɛ aniani de, nanso mpɛn pii no enya nkɔso.”

Ɔkae nso sɛ, sɛ wɔde tebea mmiako mmiako bi to nkyɛn a, “ɛnyɛ adwene no, na mmom nkate na ɛkanyan” papa ne bɔne, na “ɛnyɛ amumɔyɛfo mogya ntini a ɛyɛ den nti na wonya saa suban no, na mmom koma no a ɛyɛ den ntia.” Osii so dua sɛ nkate taa di yɛn suban so kɛse sen adwene no, na sɛnea wɔtetee yɛn, sɛnea yɛyɛ yɛn ade no, sɛ mfiase no yɛhyɛɛ yɛn ho na yɛyɛɛ saa mpo a, enya koma mu nkate so tumi ma ɛsakra koma no.

Nanso, Bible no na edi mũ bere a ɛkyerɛ ɔkwan a efi honhom mu a wɔfa so sakra komam nipa no.

Nea edi kan no, Efesofo 4:22-24: “Mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene . . . Momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.”

Nea ɛto so abien, Kolosefo 3:9, 10, 12-14: “Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no. Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”

Abakɔsɛm Kyerɛwfo Will Durant kae sɛ: “Yɛn bere yi so asemmisa a ɛsen biara no nyɛ kwasafodepɛ ne ahopɛ ho ɔsɛmpɔw no, ɛnyɛ Europa ne Amerika ho ɔsɛmpɔw no, na ɛnyɛ Apuei Fam ne Atɔe Fam mpo ho ɔsɛmpɔw no; ɛne sɛ ebia nnipa betumi akwati Onyankopɔn atra ase anaa.”

Sɛ yɛn asetra besi yɛn yiye a, ɛsɛ sɛ yetie n’afotu. “Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so; efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho. Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; fa kyekye wo kɔn, kyerɛw wo koma pon so. Ɛnna wubenya ɔdom ne nimdeɛ pa, Onyankopɔn ne nnipa anim. Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:1-6.

Suban pa a efi ayamye ne mmɔborohunu mu a wɔasua wɔ asetra mu mfehaha pii no nyɛ adesoa sɛnea ada adi no, na asetra ho akwankyerɛ a Bible no de ma no bere ntwaam koraa na mmom ɛbɛkyerɛ daa ogye ama adesamma. Wontumi nkwati Yehowa na wɔnkɔ so ntra nkwa mu, efisɛ ‘Yehowa nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.’—Dwom 36:9.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Sɛnea yɛyɛ yɛn ade no, sɛ mfiase no yɛhyɛɛ yɛn ho na yɛyɛɛ saa mpo a, enya koma mu nkate so tumi ma ɛsakra koma no

[Kratafa 10 adaka]

Adidi mu Nneyɛe Pa a Nnipa Betumi Asuasua

Kyeneduru so waxwing nnomaa a wɔn ho yɛ fɛ, wɔwɔ suban pa, wɔkyerɛ wɔn ho anigye kɛse, a wɔredidi bom wɔ dua kɛse bi a nnuaba a abere ayɛ so ma so. Bere a wɔsesa so tee wɔ dubaa bi so no, wodi dua no aba, nanso wɔmfom koraa. Wɔde wɔn ano fa aduaba biako fa wɔn nyinaa so de di akɔneaba, kosi sɛ awiei koraa no wɔn mu biako befi ayamye mu adi. Wɔn werɛ mfi wɔn “mma” da, na wɔde aduan ba a wɔmmrɛ da, na wɔkɔfa aduaba no mmiako mmiako kosi sɛ obiara benya bi adi.

[Asɛm Fibea]

H. Armstrong Roberts

[Kratafa 8 mfonini]

Ebinom ka sɛ: ‘Tow Bible no ne abrabɔ a ɛsom bo gu’

[Kratafa 9 mfonini]

“Onyankopɔn awu.”

“Atirimpɔw biara nni asetra mu!”

“Nom wii, twe ‘cocaine’ kɔ wo mu”

[Kratafa 7 mfonini ho asɛm]

Benkum: Life; Nifa: Grandville

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena