Torobɛnto—Afi Akono Aba Agodidan Mu
ƆHENE Abia bere so no, atɛwfo bi tow hyɛɛ Yuda akofofo so mpofirim. Atamfo asraafo 800,000 twaa wɔn ho hyiae na na wɔn mu 1 biara ko tia nnipa 2. Ná ɛte sɛ nea wonnya wɔn ho ntetew. Prɛko pɛ na wɔtee ntorobɛnto nnyigyei wɔ wim! Bere a ɛkaa Yuda mmarima no ma wɔn ani beree no, wɔtoo ɔsa dwom denneennen na wɔde ɔko no hyehyɛɛ so ntɛm. Ɛmfa ho sɛ na atamfo no dɔɔso sen Yudafo no, wodii wɔn so nkonim.—2 Beresosɛm 13:1-20.
Hwɛ sɛnea ebia ntorobɛnto nnyigyei a wɔtee no kanyan wɔn! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛkaee Yudafo no Yehowa bɔhyɛ yi: “Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiafo a wohiahia mo ho akɔko a, ɛnde momfa ntorobɛnto nhyɛn osebɔ, na wɔnkae mo, [Yehowa] mo Nyankopɔn anim, na wonnye mo nkwa, mo atamfo no nsam.” (Numeri 10:9) Ntorobɛnto a wɔhyɛnee no daa Yehowa mu ahotoso a na Yudafo no wɔ adi, na wonyaa saa ahotoso no so akatua.
Torobɛnto ho abakɔsɛm fii ase bere tenten ansa na saa Bible asɛm yi resi. Dade torobɛnto nyaa ne mfiase wɔ Misraim bɛyɛ mfe 2,000 ansa na Kristo reba. Ná tete ntorobɛnto yi yɛ soronko koraa wɔ nea yenim no nnɛ no ho. Susuw sɛnea abɛn nwonwaso yi nyaa nkɔso ho.
Ne Mfiase
Engiresi asɛmfua a wɔkyerɛ ase “torobɛnto” no fi Tete Franse asɛmfua trompe, a ɛkyerɛ ɔsono mfare, mu. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ, na tete ntorobɛnto te sɛ ɔsono mfare. Helani agoru kyerɛwfo Aeschylus (525-456 A.Y.B.) frɛɛ torobɛnto nnyigyei “awosow.” Nea na wɔde yɛ ara ne sɛ wɔde ma sɛnkyerɛnne wɔ akodi mu, de yɛ ayi, afahyɛ, agumadi akansi, ne guasodeyɛ afoforo.
Bere a wɔde Israel ntorobɛnto maa sɛnkyerɛnne wɔ sraadi mu no, wɔde bɔɔ nnwom nso wɔ asɔrefi hɔ. Wɔfaa adwumfo a wɔn ho akokwaw maa wɔde dwetɛ yɛɛ mmɛn a ɛyɛ papa paa. Wɔ asɔrefi hɔ no, ntorobɛntohyɛnfo de ɛnne koro hyɛnee araa ma wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ ‘obiakofo a ɔma wɔtee nnyigyei biako [wɔ biakoyɛ a edi mu mu, Today’s English Version].’—2 Beresosɛm 5:13.
Enti na Israel ntorobɛnto no nyɛ adwimpori anaasɛ nea ne nnyigyei nyɛ dɛ koraa. Nanso, te sɛ aman a na atwa wɔn ho ahyia ntorobɛnto no, na enni nnyigyei a egu ahorow pii. Ná mfehaha pii betwam ansa na sɛnea torobɛnto no gyigye anya nkɔanim.
Sɛnea Wobenyaa Nnɛyi Torobɛnto No
Nea ɛbɛyɛ na torobɛnto atumi anya nnyigyei a egu ahorow pii no, na ɛsɛ sɛ wɔsakra sɛnea ɛte no. Nea edi kan no, wɔyɛɛ no tenten. Wosusuwii sɛ sɛ abɛn no ware a, ebenya nnyigyei ahorow pii. Ná mfinimfini bere no mu torobɛnto bi (wɔfrɛ no buisine) tenten yɛ anammɔn asia! Sɛnea wobetumi asusuw ho no, na ne bɔ yɛ den. Enti, wɔ afeha a ɛto so 14 mu no, wɔkonton torobɛnto no ma ɛbɛyɛɛ te sɛ nkyerɛwde “S” na ama ɛho dwumadi ayɛ mmerɛw. Afeha biako akyi no, wɔyɛɛ no kurukuruwa a nnade abiɛsa beabea mu.
Ná torobɛnto foforo no tumi nya nnyigyei ahorow pii nanso na ɛyɛ nea ano yɛ den nkutoo. Ná nnyigyei ahorow yi bɔ yɛ den. Nanso, ebinom fii ase hyehyɛɛ nnwom a wɔbɔɔ no clarino, a na etumi nya nnyigyei a ano yɛ den, no so. Saa bere no mu nnwom hyehyɛfo a na wagye din biako ne Johann Sebastian Bach.
Bere kɔɔ so no, wɔyɛɛ adorobɛn afoforo a na wɔfrɛ no kuntun bobaree torobɛnto no ho. Ná adwene a ɛwɔ akyi no asete nyɛ den: Adorobɛn a wɔde kaa ho no maa mframa a egyina mu no dɔɔso, na ɛmaa nnyigyei a na wɔbɔ nya no yɛɛ pii. Akuntun no brɛɛ torobɛnto no nnyigyei titiriw no ase fii nea wɔfrɛ no F no so baa fam beduu nea wɔfrɛ no B flat no so.
Enti, eduu Wolfgang Amadeus Mozart bere so no (1756-1791), na wɔagyae clarino a ne nnyigyei ano yɛ den no bɔ. Wobenyaa clarinet a sɛ wɔde toto ho a na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛbɔ anya nnyigyei a ano yɛ den no, na afei de wɔbɔɔ torobɛnto nyaa nnyigyei a ɛyɛ hɔ-ne-hɔ.
Ná torobɛnto foforo yi nnyigyei gu ahorow pii. Nanso na ne bɔ da so ara yɛ den, efisɛ na ehia sɛ wɔde nsa abien no nyinaa kyinkyim akuntun no. Enti, na ɛfata sɛ wɔyɛ nsakrae afoforo.
Torobɛnto a Ɛwɔ Nkyerɛwa
Bɛyɛ afe 1760 no, Russiani dwontofo bi a wɔfrɛ no Kolbel de nkɔanim kɛse bi bae. Otuu tokuru bi a ɛbɛn torobɛnto no ano, na ɔde kyerɛwa bi a ntama kyekyere ho siw ano sɛ ntuaano. Sɛ wobue kyerɛwa yi a, na ɛma torobɛnto no nnyigyei biara a wɔbɔ no kɔ soro kakra. Wɔ afe 1801 mu no, torobɛntohyɛnfo bi a ofi Vienna a wɔfrɛ no Anton Weidinger maa nea Kolbel yɛe no nyaa nkɔanim denam torobɛnto a ɛwɔ nkyerɛwa anum a ɔyɛe so. Awiei koraa no, wobenyaa torobɛnto a etumi ma nnyigyei ahorow no nyinaa a ne bɔ nyɛ den.
Nanso, na Weidinger torobɛnto no mpo tɔ kyima kɛse. Ná nkyerɛwa no bue ka sɛnea abɛn no mu mframa di dwuma no, na amma torobɛnto no annyigye yiye. Enti torobɛnto a ɛwɔ nkyerɛwa no ankyɛ. Wɔde ɔkwan foforo koraa a wɔfa so yɛ torobɛnto besii ɛno ananmu.
Torobɛnto a Edi Kan a Ɛwɔ Mmuaso
Wɔ afe 1815 mu no, Heinrich Stölzel a ofi Silesia gyee tumi krataa de yɛɛ torobɛnto bi a ɛwɔ ntuaano anaa mmuaso. Ɛdenam mmuaso no ntokuru a wɔayeyɛ wɔ mmeae a ɛfata so no, na emu biara bɛdan dorobɛn kɛse no mu mframa ani akɔ kuntun bi a ɛbɔ ho mu. Enti, na wotumi de akuntun pii a ɛsono ebiara tenten di dwuma wɔ bere koro mu. Bio nso, esiane sɛ na spring hyɛ mmuaso no mu nti, na wobetumi amia so agyae mu prɛko pɛ.
Mfiase no na torobɛnto yi ntumi nnyigye sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no. Nanso, mfe bi twaam no, wosiesiee eyinom, na torobɛnto a ɛwɔ mmuaso no atra hɔ abesi nnɛ.
Agye Din sɛ Ɛwɔ Nnyigyei Ahorow Pii
Ɛkame ayɛ sɛ wɔde torobɛnto bɔ dwom biara. Sɛ wɔde ka ɛnne ne mmɛn afoforo ho a, ɛne no kɔ yiye. Ne nnyigyei a ɛsõ na ɛte sɛ ɔsa mu de no ma ɛfata ma guasodeyɛ ne aperententu ahorow. Bere koro no ara, ɛwɔ nnyigyei a ɛyɛ dɛ na ɛkanyan nkate a ɛfata yiye ma nnwonto, ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔbɔ nnwom ka ho, ne nnɛyi sankudwom. Afei nso, esiane sɛ wotumi bɔ torobɛnto ka nnwonto ho ma ɛyɛ dɛ nti, ɛfata yiye ma nnwom a emu nsɛm kanyan nkate, na mpɛn pii no wɔbɔ ka nnwom a obiakofo to ho.
Yiw, torobɛnto akyɛ. Ɛnyɛ abɛn a asraafo kura de ma sɛnkyerɛnne kɛkɛ bio. Mprempren etumi bɔ nnwom a ɛyɛ dɛ ankasa—sɛ ɛhyɛ odwontofo a ne ho akokwaw nsam nkutoo a. Akyinnye biara nni ho sɛ woanya ne tie mu anigye ɛmfa ho nnwom a wopɛ. Aseda bɛn ara na yebetumi de ama yɛn Bɔfo sɛ ɔmaa nnipa tumi a wɔde yɛ mmɛn a wɔde bɔ nnwom te sɛ torobɛnto!
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 17]
Torobɛnto a Ɛwɔ Nkyerɛwa ne Torobɛnto a Wɔtwetwe: Encyclopædia Britannica/11th Edition (1911)