Asɛmpatrɛwfo—Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔyɛ Nhwɛsode No?
ANSA na Yesu Kristo rehyɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ asuafo no, na ɔsom afoforo bi reyɛ asɛmpatrɛw adwuma bi dedaw. Ebinom yɛɛ no kɛse sen afoforo, efisɛ ɛnyɛ ɔsom nyinaa na wɔn ani si nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa so, kyerɛ sɛ, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔkyerɛkyerɛ asɛm a wɔte nka sɛ ɛfa nnipa nyinaa ho.
Sɛ́ nhwɛso no, sɛnea The Encyclopedia of Religion kyerɛ no, ani a wɔde si nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa so yi nna adi kɛse “wɔ mmusua som ahorow ne Shintōsom mu, na ɛnna adi kɛse wɔ Konfusiosom, Yudasom, ne Soroastasom ahorow pii mu.” Ɔkwan a ɔsom ahorow yi nam so trɛw “titiriw ne atutra a nkurɔfo di anaa wɔn a wɔbɛn pɛɛ a wogye tom, na ɛnnam asɛmpatrɛwfo dwumadi ahorow a wɔahyehyɛ so.”
Encyclopedia no de ka ho sɛ: “Hindusom yɛ nhwɛso soronko a asete yɛ den yiye. Ɛwom sɛ ɛne ɔsom ahorow a edi amanne akyi a wɔnyɛ asɛmpatrɛw adwuma di nsɛ wɔ akwan pii so,” na ɛnam nnipa a wɔnyɛ Hindufo a wɔagye wɔn abam nkakankakra so atrɛw de, nanso “ɛde ne ho ahyɛ asɛmpatrɛw dwumadi mu denneennen wɔ mmere ahorow bi mu.”
Max L. Stackhouse a ɔwɔ Andover Newton Nyamekyerɛ Sukuu no ka sɛ Nkramosom ne Buddhasom ka “ɔsom ahorow a wɔde wɔn ani si nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa so na wɔde nsiyɛ kɛse ama asɛmpatrɛw adwuma no akɔ so fi baabi a efii ase no akodu akyirikyiri sen biara a ɛwɔ hɔ ho.” Nanso, Nkramofo asɛmpatrɛwfo no ntumi nyɛ nhwɛsofo a Kristofo asɛmpatrɛwfo no dii wɔn akyi, efisɛ Kristo de ahyɛde no mae sɛ wɔnyɛ asuafo bɛyɛ mfe 590 akyi ansa na Nkramosom refi ase. Nanso, Buddhasom bae bere tenten bi ansa na wɔde Kristosom resi hɔ, na bɛyɛ ɛno akyi bere tenten saa ara ansa na Nkramosom nso reba.
Nneɛma Hokwan a Wɔma ho Nhwɛso
Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, Buddha no kaa eyi kyerɛɛ n’asuafo de kanyan asɛmpatrɛwfo dwumadi bi: “Nkokorafo, monkɔ, monkɔka Nkyerɛkyerɛ pa no nkyerɛ, . . . mo mu baanu mmfa wɔn ani nnkyerɛ faako!” Ɛwom sɛ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu tɔnn na Buddhafo asɛmpatrɛwfo kɔɔ Europa de, nanso na wɔn asɛmpatrɛwfo akuw no yɛ kakraa bi. Mpɛn pii no, ankorankoro bi a wɔyɛ aguadifo, akwantufo, anaa nhomasuafo na wɔmaa ɔsom no trɛwee. Sɛ́ nhwɛso no, ɛnam aguade a wɔde faa po ne asase kesee so kɔɔ amanɔnne so duu China ne Asia Kesee Fam Apuei afã horow.
Erik Zürcher a ɔwɔ Leiden Sukuupɔn a ɛwɔ Netherlands no kyerɛ sɛ nneɛma abiɛsa titiriw na ama Buddhasom atrɛw. Emu biako ne “ɔsom ahorow nyinaa a wɔma hokwan” wɔ Buddhasom mu. Eyi maa ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wɔbɛpene “gyidikasɛm a emfi Buddhasom mu so sɛ ɛyɛ nokware adiyi mfiase anaa ne fã bi,” na wogyee “anyame a enni Buddhasom mu kaa wɔn anyame ho” mpo.
Nea ɛto so abien ne sɛ, Buddhafo asɛmpatrɛwfo kɔɔ nea wɔtaa frɛ no “gyinabea pɔtee a wonni” mu, a ɛkyerɛ sɛ wɔpow wiase mpaapaemu nyinaa. Esiane sɛ Buddha no pow nyamesom ahorow nnyinasosɛm titiriw a ɛne ɔsom afoforo mufo a wɔne wɔn mmɔ no nti, na wonni anohyeto ahorow a ɛwowɔ ɔsom afoforo mu no bi, na wotumi ne ahɔho bɔ a wonsuro sɛ wobegu wɔn amanne ahorow ho fĩ.
Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ wɔamfa kasa biako pɛ na ɛkyerɛw Buddhasom nkyerɛwee kronkron no. Ná ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ ase akɔ kasa biara mu. Zürcher ka sɛ: “Wɔ China titiriw no, na asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ ahɔho a wɔda nsow no nyinaa yɛ nsɛm asekyerɛfo nsiyɛfo.” Nokwarem no, wɔkyerɛɛ nhoma pii ase araa ma Chinese bɛyɛɛ kasa titiriw a ɛto so abiɛsa a wɔde kyerɛw Buddhafo nhoma, na ɛbɛkaa Pali ne Sanskrit kasa ho.
Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mfinimfini mu hɔ no, India ahemman no sodifo, Ɔhene Aśoka, boae maa Buddhasom trɛwee kɛse, na ɔhyɛɛ asɛmpatrɛw dwumadi nso mu den. Nanso, wɔ bere a na Kristosom nnya mfii ase yi mu no, India ne nea ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Sri Lanka no titiriw na Buddhasom gyinae. Ɛkame ayɛ sɛ Kristofo bere no fii ase ansa na Buddhasom retrɛw akɔ China, Indonesia, Iran, Japan, Korea, Malaysia, Myanmar, Vietnam, ne mmeae afoforo.
Ɛda adi sɛ Buddhasom mu asɛmpatrɛwfo a wɔkɔɔ China no anhu mfomso biara a ɛwom sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ wɔn som no mu ma wɔagye atom kɛse. The Encyclopedia of Religion ka sɛ “wɔde nsɛntitiriw a ɛwɔ Buddhafo nkyerɛwee mu ho nkyerɛkyerɛmu foforo mae; wɔyeyɛɛ nhoma a wɔde foa nkyerɛkyerɛ so, anwensɛm afoforo, ne mmara ne ahyɛde afoforo de siesiee Buddhafo nsɛm no afã bi, na nokwarem no, wɔsakraa bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne ɔmamfo no som ahorow a edi atetesɛm akyi ne Konfusiosom ne Taosom no afã bi bɛyɛ biako, na ahyɛ mu den wɔ akwan horow bi so.”
Sɛnea asɛm yi ho nsɛm a ebedidi so aba akyiri yi bɛkyerɛ no, ɛtɔ mmere bi a na Kristoman asɛmpatrɛwfo no di Buddhafo asɛmpatrɛwfo a wodii wɔn anim no nhwɛso akyi. Bere a wɔakyerɛ wɔn nkyerɛwee kronkron no ase kɔ kasa afoforo mu no, bere koro no ara wɔtaa ma nea abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant ka ho asɛm sɛ “abosonsom gyidi ne amanne ahorow a wogye tom,” hokwan wɔ wɔn nyamesom nneyɛe mu, anaa wɔhyɛ ho nkuran mpo.
“Ɔsɛmpatrɛwfo Panyin No” Akyidi
Judaism and Christian Beginnings kyerɛkyerɛ mu sɛ Yudasom anhyɛ asɛmpatrɛw dwumadi ho nkuran sɛnea Kristosom yɛe no, na mmom “sɛ wɔde wɔn toto afoforo ho a, na wɔnsakra nkurɔfo nkɔ wɔn som mu kɛse.” Nanso, Samuel Sandmel a ɔyɛ nhoma no kyerɛwfo ka sɛ “anyɛ yiye koraa no, na ɛwɔ hɔ wɔ hɔ a, wɔde wɔn adwene kɔ so, na anyɛ yiye koraa no na wɔyɛ no bere ne bere mu.”
Sandmel kyerɛkyerɛ mu sɛ “wɔtaa ka Agya Abraham ho asɛm wɔ Rabifo nhoma ahorow mu sɛ ɔne ɔsɛmpatrɛwfo panyin.” Ɔkyerɛ sɛ “anyɛ yiye koraa no sɛ na Yudafo binom ani nnye mmɔden a wɔbɔ de sakra nkurɔfo kɔ wɔn som mu, anaa anyɛ hwee mpo no, wɔn a wofi wɔn pɛ mu dan kɔ mu no a wobegye wɔn akɔ gyidi no mu ho a, anka ɛnyɛ nea wobebu Abraham sɛ ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo.”a
Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ mfeha abien a edii Yɛn Bere yi anim mu no, Yudafo asɛmpatrɛw dwumadi kɔɔ so kɛse wɔ aman a wɔka Hela kasa wɔ hɔ mu titiriw, bere a na wɔnkyerɛ abosonsom ho anigye bio no. Saa dwumadi yi kɔɔ so araa besii Yɛn Bere yi mu pɛɛ, nanso wɔbarae wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu, bere a Roma Ahemman no de Kristosom bi a wɔafra mu sii hɔ sɛ ɔsom a mmara ma kwan no.
Nhwɛsode no a Wɔde Si Hɔ
Nanso, ɛnyɛ nhwɛsode a Yudafo asɛmpatrɛwfo de sii hɔ no na wɔka kyerɛɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo sɛ wonni akyi. Nokwarem no, Yesu kaa ne bere so Yudafo Farisifo no ho asɛm sɛ: “Mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuroni mmɔho abien sen mo ankasa.” (Mateo 23:15) Enti ɛmfa ho sɛ Yudafo asɛmpatrɛwfo buu Abraham sɛ ɔne “ɔsɛmpatrɛwfo panyin” no, ɛda adi sɛ wɔannan nkurɔfo ankɔ wɔn som mu amma wɔannya gyidi te sɛ nea na Abraham wɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn mu no.
Nhwɛsode a ɛsɛ sɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo di akyi ne nhwɛso a ɛyɛ pɛ a Yesu Kristo, ɔsɛmpatrɛwfo kunini no de mae no. Bere tenten ansa na ɔde ahyɛde a ɛfa asuafoyɛ ho rema no, ofii ase tetee n’asuafo a wodi kan no na wɔayɛ wiase nyinaa asɛmpatrɛw adwuma a na eyi bɛhwehwɛ no. Esiane sɛ na ɛyɛ adwuma a ebegye mfehaha pii nti, na asemmisa yi fata sɛ, So na Kristo akyidifo no bɛbata nhwɛsode a ɔde ama no ho?
Bere a Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan no rekɔ n’awiei no, na mmuae no nnya nnaa adi. Ɛnte saa nnɛ bere a afeha a ɛto so 20 yi rekɔ n’awiei no. Yetumi hu asɛmpatrɛw adwuma a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo de mfe bɛyɛ 1,900 a atwam ni ayɛ no pefee.
Kristosom trɛw fii Palestina, faako a efii ase no, kɔɔ wiase mmaa nyinaa. Ade biako a etumi yɛe ne sɛ ɛkɔɔ atɔe fam koduu Makedonia. Kenkan eyi ho asɛm wɔ nea edi hɔ a ɛbɛba no mu.
Hyɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Mexico mfehaha pii, a ɛyɛ nea Kristoman asɛmpatrɛwfo ayɛ ho nhwɛso, no nsow. Bere a wokenkan asɛm a edi hɔ no, bisa wo ho sɛ, ‘So wɔada wɔn ho adi sɛ hann adwumayɛfo anaa esum de?’
[Ase hɔ asɛm]
a A Guide to Jewish Religious Practice ka sɛ: “Wobu Abraham sɛ ɔne wɔn a wɔasakra wɔn nyinaa agya . . . Wɔtaa frɛ wɔn a wɔadan Yudasom mufo sɛ yɛn agya Abraham babarima anaa ne babea.”
[Kratafa 7 mfonini]
Yesu fii Kristofo asɛmpatrɛw adwuma ase, tetee n’akyidifo no, na ɔde nhwɛsode a na ɛsɛ sɛ wodi akyi sii hɔ