Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 11/8 kr. 8-15
  • Yɛamfa Yɛn ho Anhyɛ Hitler Akodi no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛamfa Yɛn ho Anhyɛ Hitler Akodi no Mu
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Paapa Nsemmisa no ho Mmuae
  • Ɔsom Adwuma a Ɔde Nsi Yɛ
  • Hitler Bedi Tumi
  • Kyɛfa a Wɔpɛe sɛ Yenya ho Nhyɛso
  • Paapa Mudi mu Kura ho Nhwɛso Pa
  • Me Sɔhwɛ Ahorow Fi Ase
  • Asenni ne Afiasenna
  • Nneduaban mu Asetra a Ɛyɛ Den
  • Honhom mu Ahoɔden a Mikura Mu
  • Adansedi Hokwan Ahorow
  • Me Tebea Yɛ Yiye Kakra
  • Ɔko no Nna a Etwa To
  • Mesan Kɔ Fie Bio
  • Akokoduru a Wɔde Gyina Mu
  • Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Dɛn Na Metumi De Atua Yehowa Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Mudi Mu Kura Wɔ Nasi Nniso Ase Wɔ Germany
    Nyan!—1993
  • Mihyiaa Gyidi Ho Sɔhwɛ Wɔ Nasi Europa
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 11/8 kr. 8-15

Yɛamfa Yɛn ho Anhyɛ Hitler Akodi no Mu

SƐNEA FRANZ WOHLFAHRT KA KYERƐE

ME PAPA Gregor Wohlfahrt, somee sɛ Austria sraani wɔ Wiase Ko I no mu (1914 kosi 1918), na ɔko tiaa Italy. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, wokunkum Austriafo ne Italiafo ɔpehaha pii. Saa osuahu no mu ahude no sakraa Paapa adwene koraa wɔ nyamesom ne akodi ho.

Paapa huu Austriafo asɔfo sɛ wɔrehyira asraafo dɔm, na ɔtee sɛ Italiafo asɔfo a wɔwɔ ɔfã foforo no nso reyɛ saa ara. Enti obisae sɛ: “Dɛn nti na wɔhyɛ Katolek asraafo nkuran sɛ wonkunkum Katolekfo afoforo? So ɛsɛ sɛ Kristofo ne wɔn ho di ako?” Asɔfo no amma no mmuae a abotɔyam wom biara.

Paapa Nsemmisa no ho Mmuae

Ɔko no akyi no, Paapa waree, na ɔtraa Austria beae bi a ɛyɛ mmepɔw mmepɔw a ɛbɛn Italy ne Yugoslavia ahye so no. Ɛhɔ na wɔwoo me wɔ 1920 mu sɛ mmofra baasia no mu abakan. Bere a midii mfe asia no, yetu kɔɔ apuei fam akwansin kakraa bi kɔtraa St. Martin a ɛbɛn Pörtschach kurow a na nkurɔfo taa kogye wɔn ani wɔ hɔ no mu.

Bere a yɛte hɔ no, Yehowa Adansefo asomfo (a na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo saa bere no) bɛsraa m’awofo. Wɔmaa wɔn nhomawa Prosperity Sure wɔ 1929 mu, na eyii Paapa nsemmisa no pii ano. Efi Bible no mu kyerɛe sɛ sodifo a aniwa nhu no bi a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan na ɔredi wiase no so. (Yohane 12:31; 2 Korintofo 4:4; Adiyisɛm 12:9) Nkɛntɛnso a ɔwɔ wɔ wiase nyamesom, amammui, ne aguadi so na ɛde ahude a Paapa hui wɔ Wiase Ko I mu no bae. Afei de na Paapa anya mmuae a ɔrehwehwɛ no.

Ɔsom Adwuma a Ɔde Nsi Yɛ

Paapa kraa nhoma ahorow fii Ɔwɛn Aban Asafo no hɔ, na ofii ase kyekyɛ maa n’abusuafo ne afei wɔ afie afie mu. Ankyɛ na Hans Stossier, aberante bi a na wadi mfe 20 pɛ a ɔte bɛn yɛn, bɛkaa ne ho wɔ afie afie som adwuma no mu. Bere tiaa bi akyi no, yɛn abusuafo baanum nso bɛyɛɛ Adansefo—Paapa nua Franz ne ne yere Anna, akyiri yi wɔn babarima Anton, Paapa nuabea Maria ne ne kunu Hermann.

Eyi maa huhuhuhu kɛse sɔree wɔ yɛn kurow ketewa St. Martin mu. Sukuuni bi bisaa yɛn Katolek nyamesom kyerɛkyerɛfo no sɛ: “Paapa Loigge, hena ne onyame foforo Yehowa no a Wohlfahrt resom no no?”

Ɔsɔfo no buae sɛ: “Dabi, dabi, mmofra. Ɔnyɛ onyame foforo. Yehowa ne Yesu Kristo Agya. Sɛ saa Nyankopɔn no ho dɔ nti na wɔreka asɛm no kyerɛ a, ɛnde ɛyɛ asɛmpa.”

Mekae sɛ mpɛn pii no na me papa fi fie anɔpa 1:00 a ɔsõ Bible ho nhoma pii ne paanoo a salad hyem. Ná ɔde nnɔnhwerew asia anaa ason na edu n’asɛnka asasesin no fã a ɛwɔ akyiri paa a ɛbɛn Italy hye so no. Ná me ne no kɔ mmeae a ɛnware pii no.

Ɛmfa ho Paapa baguam som adwuma no, na ommu n’ani ngu n’ankasa abusua honhom fam ahiade so. Bere a na madi bɛyɛ mfe du no, ofii ase ne yɛn mmofra baasia no nyinaa yɛɛ dapɛn dapɛn Bible adesua wɔ nhoma The Harp of God mu. Ɛtɔ mmere bi nso a na anigyefo a wɔyɛ afipamfo ne abusuafo bɛyɛ yɛn fie hɔ ma. Ankyɛ na yenyaa asafo ketewa bi a Ahenni adawurubɔfo 26 wom wɔ yɛn kurow ketewa no mu.

Hitler Bedi Tumi

Hitler bedii tumi wɔ Germany wɔ 1933 mu, na ɛno akyi pɛɛ na taa a wɔtaa Yehowa Adansefo wɔ hɔ no yɛɛ kɛse. Paapa kɔɔ nhyiam bi wɔ Prague, Czechoslovakia wɔ 1937 mu. Wɔbɔɔ nhyiamfo no kɔkɔ wɔ sɔhwɛ a na ɛreba ho, enti bere a Paapa san bae no, ɔhyɛɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yensiesie yɛn ho mma ɔtaa.

Eyi nyinaa rekɔ so no, bere a midii mfe 16 no, mifii ase suaa adwuma sɛ obi a ɔka dan ho. Me ne ɔpanyin bi a onim dan ho ka yiye kɔtrae, na mekɔɔ sukuu a wosua nsaanodwuma wɔ hɔ. Ɔsɔfo akwakoraa bi a waguan afi Germany sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkwati Nasi nniso no na na ɔde nyamesom nkyerɛkyerɛ ma wɔ sukuu hɔ. Sɛ sukuufo no kyia no sɛ “Mo Hitler!” a, na ne bo fuw, na obisa sɛ: “Dɛn na aba yɛn gyidi so?”

Mefaa hokwan no bisaa no nea enti a Katolekfo de abodin ahorow te sɛ “Nea Ɔkorɔn” ne “Agya Kronkron,” di dwuma, bere a Yesu kae sɛ n’akyidifo nyinaa yɛ anuanom no. (Mateo 23:8-10) Ɔsɔfo no gye toom sɛ saa a na wɔyɛ no nteɛ, na ɔno ankasa anya asɛm esiane sɛ wankotow ɔsɔfopɔn no amfe ne nsa ho nti. Afei mibisaa no sɛ: “Dɛn nti na etumi ba sɛ Asɔre no hyira so ma wokunkum wɔn mfɛfo Katolekfo?”

Ɔsɔfo no teɛɛm kae sɛ: “Eyi yɛ aniwude a ɛsen biara! Ɛnsɛ sɛ ɛba saa bio. Yɛyɛ Kristofo, na ɛnsɛ sɛ Asɔre no de ne ho hyɛ akodi mu.”

Wɔ March 12, 1938 no, Hitler de dɔm baa Austria so a obiara antumi ansiw no kwan, na ogye kaa Germany ho ntɛm. Asɔre ahorow no ne no bɛyɛɛ biako ntɛm ara. Nokwarem no, anni dapɛn biako na Austria asɔfopɔn baasia no nyinaa, a Ɔsɔfopɔn Theodore Innitzer ka ho, de wɔn nsa hyɛɛ “nyamesom mu mpaemuka” bi a ɛkyerɛ biakoyɛ kɛse ase, kae wom sɛ wɔ aba a wɔrebɛto no mu no, “ɛyɛ ade a ɛho hia, na ɛyɛ yɛn Asɔfopɔn no asɛyɛde sɛ yɛto ma Germany Nniso no sɛ́ Germany ɔmamma.” (Hwɛ kratafa 9.) Wɔbɔɔ gua kɛse wɔ Vienna, faako a na Ɔsɔfopɔn Innitzer ka wɔn a wodii kan de Nasifo nkyia kyiaa Hitler ho no. Ɔsɔfopɔn no hyɛe sɛ Austria asɔre ahorow nyinaa mfa swastika frankaa nsisi wɔn dan so, mmobɔ wɔn dɔn, na wɔmmɔ mpae mma Nasini a ɔyɛ kankabi no.

Ɛkame ayɛ sɛ Austria amammui tebea no sakrae anadwo biako pɛ mu. Nasifo atirimɔdenfo a wɔhyehyɛ wɔn ntade a adodow no a swastika sɛnkyerɛnne bobɔ wɔn abasa gyee bum baa hɔ. Ɔsɔfo no a na waka no bere bi sɛ ɛnsɛ sɛ Asɔre no de ne ho hyehyɛ akodi mu no ka asɔfo kakraa bi a wɔanka “Mo Hitler!” no ho. Dapɛn a edi hɔ no, wɔmaa ɔsɔfo foforo besii n’ananmu. Sɛ ɔba adesua dan mu a, ade a na odi kan yɛ ne sɛ ɔde ne nan pem fam, ma ne nsa so kɔ soro kyia ka sɛ: “Mo Hitler!”

Kyɛfa a Wɔpɛe sɛ Yenya ho Nhyɛso

Obiara hyiaa Nasifo nhyɛso. Sɛ mankyia nkurɔfo sɛ “Mo Hitler” na sɛ mikyia wɔn sɛ “Guten Tag” (Mema mo aha) a, na wɔn bo fuw. Wɔkɔkaa me ho asɛm kyerɛɛ Gestapofo no mpɛn 12. Bere bi, Nasi atirimɔdenfo dɔm bi hunahunaa ɔpanyin a onim dan ho ka a na mete ne nkyɛn no sɛ sɛ mankyia bi amfa me ho ammɔ Hitler Mmofra Kuw no a, wɔde me bɛkɔ nneduaban mu. Nea ɔka dan ho a na ɔyɛ Nasifo kyigyinafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnya me ho koma efisɛ ɔwɔ awerɛhyem sɛ bere rekɔ so no, mɛsakra. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔmpɛ sɛ mifi ne nsa efisɛ meyɛ odwumayɛfo pa.

Bere a Nasifo faa tumidi no, na nnipadɔm tu aperenten kosi anadwo sum, na nkurɔfo de ahofama keka nsɛm a wɔde di fene kɛse. Da biara na Hitler, Goebbels, ne afoforo kasa radio so gyegyeegye. Sɛnea Katolek Asɔre no brɛɛ ne ho ase hyɛɛ Hitler ase no yɛɛ kɛse, bere a asɔfo bɔɔ mpae maa Hitler na wohyiraa no daa no.

Paapa kaee me hia a ɛho hia sɛ misi gyinae pintinn na mihyira me nkwa so ma Yehowa ma wɔbɔ me asu. Ɔkaa Maria Stossier, yɛn fipamfo Hans nuabea kumaa a na wagyina Bible mu nokware akyi, ho asɛm kyerɛɛ me. Ná me ne Maria ayɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛware, na Paapa hyɛɛ me nkuran sɛ menhyɛ no den wɔ honhom mu. Maria nuabarima Hans bɔɔ me ne ɔno asu wɔ August 1939 mu.

Paapa Mudi mu Kura ho Nhwɛso Pa

Ɛda a edi hɔ no, wɔfrɛɛ Paapa sɛ ɔmmra sraadi. Ɛwom sɛ anka Paapa betumi de apɔwmuden a na onni esiane ɔhaw ahorow a ohyiae wɔ Wiase Ko I mu nti no ayi ne ho ano de, nanso ɔka kyerɛɛ wɔn a wobisabisaa no nsɛm no sɛ sɛ́ Kristoni no, ɔmfa ne ho nhyɛ akodi mu bio sɛnea ɔyɛe bere a na ɔyɛ Katolekni no da. Esiane saa asɛm yi a ɔkae nti, wogyee no kaa hɔ yɛɛ nsɛm mu nhwehwɛmu foforo.

Adapɛn abien akyi, bere a Germany tow hyɛɛ Poland so ma ɛkɔfaa Wiase Ko II bae no, wɔde no kɔɔ Vienna. Bere a ɔda hɔ no, yɛn mantam hɔ amrado no kyerɛw krataa kɔkae sɛ Paapa na wamma Adansefo afoforo annyina Hitler akyi, ma enti ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛno ma wɔde Paapa kɔɔ Berlin na ɛno akyi pɛɛ no, wobuu no fɔ sɛ wontwa ne ti. Woguu no mpokyerɛ awia ne anadwo wɔ Moabit afiase hɔ.

Saa bere no ara mu no, migyinaa abusua no ananmu kyerɛw Paapa ka kyerɛɛ no sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yebedi ne nokwaredi ho nhwɛso no akyi. Ná Paapa nyɛ obi a ɔtaa da ne nkate adi, nanso na yetumi hu sɛnea ɔte nka bere a nusu guguu ne krataa a etwa to a ɔkyerɛw brɛɛ yɛn so no. N’ani gyei kɛse sɛ yɛtee ne gyinaesi no ase. Ɔmaa yɛn nkuranhyɛ nsɛm, bobɔɔ yɛn mu biara din hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nni nokware. Ná owusɔre mu anidaso a ɔwɔ no mu yɛ den.

Ná Adansefo afoforo bɛyɛ aduonu anan ka Paapa ho na wɔda Moabit afiase hɔ. Hitler mpanyimfo a wɔwowɔ dibea akɛse bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan wɔn ti ma wɔagyae wɔn gyidi no mu, nanso anyɛ yiye. Wɔ December 1939 mu no, wokum Adansefo bɛyɛ 25. Bere a Maame tee sɛ wɔakum Paapa no, ɔkae sɛ ɔda Yehowa ase kɛse sɛ Ɔmaa Paapa ahoɔden maa odii nokware kosii owu mu.

Me Sɔhwɛ Ahorow Fi Ase

Adapɛn kakraa bi akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ kwasafo dwuma, nanso ankyɛ na mibehui sɛ dwumadi titiriw no ne sraadi ho ntetee. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ menyɛ sraadi adwuma na mmom mɛyɛ nnwuma afoforo. Nanso, bere a mepowee sɛ mɛto Nasi ɔsa ho nnwom no, asraafo mpanyimfo no bo fuwii.

Ade kyee anɔpa no, sɛ́ anka mede asraafo atade a wɔde maa yɛn no bɛhyɛ no, mehyɛɛ fie atade. Ɔwɛmfo panyin no kae sɛ ade a obetumi ayɛ me ara ne sɛ ɔde me bɛto nneduaban dan a emu yɛ sum no mu. Paanoo ne nsu na wɔde maa me wɔ hɔ. Akyiri yi wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔbɛyɛ frankaakyia ho guasodeyɛ bi, na wɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ sɛ mamfa me ho anhyem a, wɔbɛbɔ me tuo.

Ná wɔn a wɔafa wɔn foforo 300 ne asraafo mpanyimfo wɔ beae a wɔtete nkurɔfo no. Wɔhyɛɛ me sɛ menkɔfa asraafo mpanyimfo no ne swastika frankaa no nkyɛn na menka Hitler nkyia no. Bere a minyaa honhom fam ahoɔden fii Bible mu asɛm a ɛfa Hebrifo baasa no ho mu no, mekɔfaa hɔ, na nea mekae ara ne sɛ, “Guten Tag” (Mema mo aha). (Daniel 3:1-30) Wɔhyɛɛ me ma mekɔfaa hɔ bio. Saa bere yi de manka hwee, meserewee kɛkɛ.

Bere a awɛmfo baanan san de me kɔɔ nneduaban dan a emu yɛ sum no mu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ na wɔn ho repopo efisɛ na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛbɔ me tuo. Wobisae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na na woreserew na ehu kaa yɛn?” Wɔkae sɛ wɔn yam a, anka wɔwɔ akokoduru te sɛ me.

Nna kakra bi akyi no, Ɔbenfo Almendinger, ɔsraani panyin a ɔwɔ dibea kɛse a ofi Hitler adwumayɛbea ti wɔ Berlin, baa nneduaban no mu. Wɔfrɛɛ me kɔɔ n’anim. Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ wɔamia mmara no mu koraa sen kan no. Ɔkae sɛ: “Wunnim nea ɛrebɛto wo ankasa.”

Mibuae sɛ: “Oh, minim. Asɛm koro yi ara ho na wotwaa me papa ti adapɛn kakraa bi a atwam no.” Ne ho dwiriw no, na ɔyɛɛ dinn.

Akyiri yi ɔsraani panyin foforo a ɔwɔ dibea kɛse fi Berlin bae, na ɔno nso bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma masesa m’adwene. Bere a otiee nea enti a mempɛ sɛ mibu Onyankopɔn mmara ahorow so no, osoo me nsa, na bere a nusu sesa n’anim no, ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ migye wo nkwa!” Ɛkaa awɛmfo a na wɔrehwɛ no nyinaa kɛse. Afei wɔsan de me kɔɔ dan a emu yɛ sum no mu, na sɛ wɔka ne nyinaa bom a, midii nnafua 33 wɔ hɔ.

Asenni ne Afiasenna

Wɔde me kɔɔ afiase bi mu wɔ Fürstenfeld wɔ March 1940 mu. Nna kakraa bi akyi no, me siyere Maria ne me nuabarima Gregor bɛsraa me. Ná mesen Gregor panyin afe ne fã pɛ, na na wagyina Bible mu nokware akyi pintinn wɔ sukuu mu. Mekae sɛ ɔhyɛɛ yɛn nuabarimanom nkumaa no nkuran sɛ wonsiesie wɔn ho mma ɔtaa, na ɔkae sɛ ɔkwan koro pɛ na ɛwɔ hɔ, sɛ yɛbɛsom Yehowa! Dɔnhwerew biako a ɛsom bo a yɛde hyehyɛɛ yɛn ho yɛn ho nkuran no ne bere a etwa to a mihuu no sɛ ɔte nkwa mu. Akyiri yi, wobuu me fɔ wɔ Graz sɛ wɔmfa me ntom ma menyɛ adwumaden.

Wɔ 1940 otwabere mu no, wɔde me traa keteke bi mu sɛ wɔde me rekɔ nneduaban a wɔyɛ adwumaden wom wɔ Czechoslovakia, nanso wogyee me kaa Vienna de me too afiase wɔ hɔ. Ná tebea no yɛ hu. Ɛnyɛ ɔkɔm nko na ɛdee me, na mmom na mpaboa akɛse we me anadwo ma me honam fi mogya, na ɛyɛ me yaw. Wɔsan de me kɔɔ Graz afiase hɔ a saa bere no na minnim nea enti a wɔyɛɛ saa.

Ná ani wɔ m’asɛm no ho efisɛ Gestapofo no kaa Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ wɔyɛ mogya adansefo a wɔnte hwee ase a wɔpɛ owu afobu na ama wɔanya ɔsoro akatua. Ne saa nti, minyaa hokwan fɛfɛ de nnanu kasa kyerɛɛ ɔbenfo bi ne adesuafo baawɔtwe a wofi Graz Sukuupɔn mu, na mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ nnipa 144,000 pɛ na wɔde wɔn bɛkɔ soro ma wɔne Kristo akodi ade. (Adiyisɛm 14:1-3) Mekae sɛ m’anidaso ne sɛ menya daa nkwa wɔ asase so wɔ paradise tebea horow mu.—Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4.

Bere a ɔbenfo no bisabisaa me nsɛm nnanu no, ɔkae sɛ: “Mabehu sɛ w’ani da fam. Ɛnyɛ wo pɛ ne sɛ wubewu na woakɔ soro.” Ɔdaa no adi sɛ ɛyɛ no awerɛhow sɛ wɔretaa Yehowa Adansefo, na ɔkae sɛ ensi me yiye.

Wɔ 1941 mfiase no, wɔde me traa keteke bi mu sɛ wɔde me rekɔ Rollwald nneduaban a wɔyɛ adwumaden wom mu wɔ Germany.

Nneduaban mu Asetra a Ɛyɛ Den

Ná Rollwald wɔ Frankfurt ne Darmstadt nkurow no ntam, na na nneduafo bɛyɛ 5,000 na wɔda hɔ. Ade a edi kan a na wɔyɛ no da biara bere a abɔ anɔpa 5:00 ne edin bobɔ a na edi bɛyɛ nnɔnhwerew abien esiane sɛnea awɛmfo no tɔɔ wɔn bo ase yeyɛɛ nsakrae wɔ nneduafo no din a wɔakyerɛkyerɛw no mu nti. Ná wɔhwehwɛ sɛ yegyina hɔ dinn a yɛnkeka yɛn ho, na wɔhwee nneduafo pii kɛse esiane sɛ wɔkekaa wɔn ho nti.

Paanoo a wɔde esiam, mmerehua, ne ntɔmmɔ a mpɛn pii no na aporɔw yɛe na na ɛyɛ anɔpaduan. Afei na yɛkɔyɛ adwuma wɔ ɔwora mu, twitwa akã sɛnea ɛbɛyɛ a asase no mu nsu bɛtwe ma wɔde ayɛ kua. Sɛ yɛde da mũ nyinaa yɛ adwuma wɔ ɔwora no mu wɔ bere a yɛnhyɛ mpaboa papa biara a, na yɛn nan ase honhon te sɛ sapɔw. Bere bi me nan ase yɛɛ te sɛ nea ɔyare bɔne bi ayɛ me, na misuroe sɛ ebia ebehia sɛ wotwa.

Sɛ edu owigyinae a, na wɔma yɛn afrafraduan bi a wɔresɔ ahwɛ a na wɔfrɛ no nkwan, wɔ baabi a yɛyɛ adwuma no. Ná wɔde turnip anaa ɛfan tom, na ɛtɔ da bi a na wɔyam mmoa a wɔyare nam fra mu. Yɛn ano ne yɛn menem hyehyew yɛn, na mpɔmpɔ akɛse bobɔɔ yɛn mu pii. Edu anwummere a na wɔma yɛn “nkwan” no bio. Nneduafo pii sẽ tutui, nanso na wɔaka sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn sẽ bedi dwuma yiye no akyerɛ me. Ná mewe pine ne hazel duaa, na me de antutu da.

Honhom mu Ahoɔden a Mikura Mu

Bere a na awɛmfo no rebɔ mmɔden ama magyae me mudi mu no, wɔtew me fii Adansefo afoforo ho. Esiane sɛ na minni Bible ho nhoma biara nti, na mekaakae kyerɛw nsɛm a masua agu me tirim te sɛ Mmebusɛm 3:5, 6, a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa yɛn koma nyinaa nto Yehowa so,’ ne 1 Korintofo 10:13, a ɛhyɛ bɔ sɛ Yehowa remma ‘wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi asoa’ no. Ɛdenam kyerɛw nsɛm a ɛtete saa a midwennwen ho, ne Yehowa a mede me ho twerii no wɔ mpaebɔ mu so no, minyaa ahoɔden.

Ɛtɔ mmere bi a na mitumi hu Ɔdansefo bi a wɔde no fi nneduaban foforo mu reba. Sɛ yɛannya hokwan ammɔ nkɔmmɔ a, na yɛbɔ yɛn ti nko anaa yemmua yɛn nsa de kyerɛ soro de hyɛ yɛn ho nkuran sɛ yennyina pintinn. Ná minya nkrataa fi Maria ne Maame hɔ wɔ bere ne bere mu. Emu biako mu na mihui sɛ me nua Gregor a medɔ no no awu, na bere a ɔko no rekɔ n’awiei no, mihui wɔ foforo mu nso sɛ wɔakum Hans Stossier, Maria nuabarima no.

Akyiri yi, wɔde deduani bi baa yɛn nneduaban no mu a na onim Gregor wɔ Berlin Moabit afiase a na ɔne no da hɔ no mu. Ɔkaa sɛnea asɛm no sii kyerɛɛ me. Wobuu Gregor fɔ sɛ wɔmfa abonnua ntwa ne ti, nanso mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛma wagyae ne mudi mu nti, wɔtoo nna a edii ansa na wɔrekum no no mu ma eduu asram anan. Saa bere no wɔde nhyɛso ahorow nyinaa baa no so sɛnea ɛbɛyɛ a obegyae mu asiesie—wɔde mpokyerɛ akɛse guu ne nan ne ne nsa nyinaa, na na wɔntaa mma no aduan. Nanso, wanhinhim da. Odii nokware koduu awiei—March 14, 1942. Ɛwom sɛ asɛm no yɛɛ me awerɛhow de, nanso ɛhyɛɛ me den sɛ menkɔ so nni Yehowa nokware ɛmfa ho nea ɛbɛba biara.

Bere kɔɔ so no, metee nso sɛ wɔde me nuabarimanom nkumaa Kristian ne Willibald ne me nuabeanom nkumaa Ida ne Anni kɔɔ nkokorafi bi a ɛwɔ Landau, Germany, a wɔde ayɛ mmofra bɔne fie no mu. Wɔhwee mmarimaa no kɛse esiane sɛ wɔanka sɛ nkwagye fi Hitler nti.

Adansedi Hokwan Ahorow

Ná nneduaban a mewom no mu nnipa no fã kɛse yɛ amammui mu nneduafo anaa amumɔyɛfo. Ná metaa di wɔn adanse anwummere. Ná wɔn mu biako yɛ Katolek sɔfo bi a ofi Kapfenberg a wɔfrɛ no Johann List. Nea ɛmaa wɔde no bɛtoo nneduaban no mu ne sɛ ɔkaa nsɛm a ɔtee wɔ Britania Radio dwumadi bi mu kyerɛɛ n’asɔremma.

Ná ɛyɛ den yiye ma Johann efisɛ na honam fam adwumaden nkokwaw no. Ná ne ho yɛ anika, na na meboa no ma otumi yɛ adwuma a wɔatwa ama no no sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm nto no. Ɔkae sɛ ɛyɛ no aniwu sɛ amammuisɛm nti na wɔde no abɛtɔ nneduaban mu na ɛnyɛ sɛ ogyinaa Kristofo nnyinasosɛm ahorow akyi nti. Ɔkae sɛ: “Wo na worehu amane sɛ Kristoni ankasa.” Bere a woyii no bɛyɛ afe akyi no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkɔ akɔsra me maame ne me siyere no, na odii ne bɔhyɛ so.

Me Tebea Yɛ Yiye Kakra

Wɔ 1943 awiei no, yenyaa nneduaban so panyin foforo bi a wɔfrɛ no Karl Stumpf, ɔbarima tenten bi a ne ti nhwi fitaa, a ofii ase maa yɛn nneduaban hɔ tebea no yɛɛ yiye kakra. Ná ɔrebɛka ne fie ho, na bere a ɔtee sɛ adwuma a masua ne dan ho ka no, ɔde adwuma no maa me. Ɛno ne bere a edi kan a wɔmaa me fii ɔwora no mu kɔyɛɛ adwuma wɔ baabi foforo.

Ná ɔpanyin no yere ntumi nte nea enti a wɔde me ato nneduaban hɔ no ase, ɛwom sɛ ne kunu kyerɛkyerɛɛ no mu sɛ me gyidi sɛ Yehowa Adansefo no mu biako nti na mewɔ hɔ de. Esiane sɛ na mafɔn yiye nti meyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔmaa me aduan dii. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma minyaa nnwuma afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a metumi anya honam fam ahoɔden.

Bere a na wɔrefa nneduafo afi nneduaban no mu ma wɔakɔko wɔ akono bere a na 1943 rekɔ n’awiei no, abusuabɔ pa a na me ne Ɔpanyin Stumpf wɔ no bɔɔ me ho ban. Mekyerɛkyerɛɛ no mu sɛ mepɛ sɛ miwu mmom sen sɛ menya akodi mu kyɛfa na madi mogya ho fɔ. Ɛwom sɛ ɔfã biara a mannyina no nti na onhu nea ɔnyɛ de, nanso otumi hwɛe ma wɔamfa me din anka wɔn a wɔrefa wɔn akɔ no ho.

Ɔko no Nna a Etwa To

Wɔ January ne February 1945 mu no, Amerikafo wimhyɛn ahorow a na ɛnam fam pɛɛ no hyɛɛ yɛn nkuran denam nkrataa bi a wɔtoto guu fam a ɛkae sɛ ɔko no reba n’awiei no so. Ɔpanyin Stumpf a ogyee me nkwa no maa me ofie ntade, na ɔkae sɛ minkohintaw ne fie. Bere a mifii nneduaban no mu no, mihuu basabasayɛ a na ɛyɛ ahodwiriw. Sɛ́ nhwɛso no, na mmofra a wɔhyehyɛ akotade a wɔresu reguan na Amerikafo no ammɛto wɔn. Esiane sɛ na misuro sɛ metumi ahyia SS ɔwɛmfo bi a ɔrente nea enti a minkura tuo ase nti, misii gyinae sɛ mɛsan akɔ nneduaban no mu.

Ankyɛ na Amerikafo asraafo dɔm betwaa yɛn nneduaban no nyinaa ho hyiae. Wɔ March 24, 1945 no, wɔde nneduaban no hyɛɛ wɔn nsa de frankaa fitaa sisii so. Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ me nwonwa sɛ metee sɛ Adansefo afoforo nso wɔ nneduaban no mu a Ɔpanyin Stumpf amma wɔankum wɔn! Hwɛ anigye ara a yenyae bere a yehyiaam no! Bere a wɔde Ɔpanyin Stumpf too afiase no, yɛn mu pii kɔɔ Amerikafo asraafo mpanyimfo no nkyɛn kɔpaa kyɛw maa no tẽẽ anaa denam krataa so. Ɛno nti, nnansa akyi no, woyii no.

Nea ɛyɛɛ me nwonwa no, me ne deduani a wodii kan gyaee no wɔ nneduafo bɛyɛ 5,000 no mu. Bere a na wɔde me ato mu mfe anum no, ɛyɛɛ me sɛnea mereso dae. Anigye maa misui, na mebɔɔ Yehowa mpae daa no ase sɛ wakora me nkwa so. Germany amfi ne pɛ mu amfa ne ho anhyɛ atamfo no nsa kosii May 7, 1945, bɛyɛ adapɛn asia akyi.

Woyii me akyi pɛɛ no, mekɔhwehwɛɛ Adansefo afoforo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no. Yɛhyehyɛɛ Bible adesua kuw, na adapɛn a edidi hɔ mu no, mede nnɔnhwerew pii dii nnipa a wɔte bɛn nneduaban no adanse. Bere koro no ara, minyaa adwuma sɛ obi a ɔka dan ho.

Mesan Kɔ Fie Bio

Wɔ July mu no, mitumi tɔɔ moto, na ɔkwan tenten a merebetwa akɔ fie no fii ase. Akwantu no dii nna pii, efisɛ na wɔde atopae asɛesɛe atwene a ɛdeda tempɔn kwan no so no pii. Bere a awiei koraa miduu fie wɔ St. Martin no, mekɔɔ m’anim kakra na mihuu Maria sɛ ɔretwa awi. Bere a afei ohuu nipa ko a meyɛ no, ɔde mmirika bae. Wubetumi de w’adwene abu anigye a yenyae sɛ yɛasan ahyiam no. Maame tow ne kantankrankyi no too fam, na ɔno nso de mmirika bae. Mprempren, mfe 49 akyi no, Maame adi mfe 96 na n’ani afura. N’adwenem da so da hɔ, na ɔda so yɛ Yehowa Dansefo nokwafo.

Me ne Maria waree wɔ October 1945 mu, na efi saa afe no, yɛde anigye abom asom Yehowa. Wadom yɛn mmabea baasa, ɔbabarima, ne mmanana baasia, a wɔn nyinaa de nsiyɛ resom Yehowa. Wɔ mfe a atwam mu no, manya abotɔyam afi nnipa bebree a maboa wɔn ma wɔasi Bible mu nokware no ho gyinae no mu.

Akokoduru a Wɔde Gyina Mu

Wɔabisa me mpɛn pii sɛ ɛyɛɛ dɛn na bere a na meyɛ abofra koraa no, mitumi gyinaa owu tebea ano a mansuro. Nya awerɛhyem—Yehowa Nyankopɔn de ahoɔden a wɔde gyina mu no ma, sɛ woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so adi nokware a. Obi tumi sua no ntɛm sɛ ɔde ne ho bɛto ne so koraa denam mpaebɔ so. Na nim a na minim sɛ afoforo te sɛ m’ankasa me papa ne me nuabarima de nokwaredi gyinaa mu kosii owu mu no boaa me maa me nso midii nokware.

Ɛnyɛ Europa nko na Yehowa nkurɔfo amfa wɔn ho anhyɛ akodi mu. Mekae sɛ bere a na wɔredi asɛm wɔ Nuremberg wɔ 1946 mu no, wobisaa Hitler mpanyimfo a wɔwɔ dibea akɛse no biako asɛm faa Yehowa Adansefo a wɔtaa wɔn wɔ nneduaban mu no ho. Oyii atesɛm krataa bi fii ne kotoku mu de kyerɛe, a ɛbɔɔ amanneɛ sɛ Yehowa Adansefo mpempem pii a wɔwɔ United States deda Amerikafo afiase esiane sɛ wɔannya ɔfã biara wɔ Wiase Ko II no mu nti.

Nokwarem no, nokware Kristofo de akokoduru di Yesu Kristo a okuraa ne mudi mu maa Onyankopɔn kosii sɛ oguu ahome a etwa to no nhwɛso akyi. Ɛde besi nnɛ no, metaa kaakae nnipa 14 a na wɔwɔ yɛn asafo ketewa a na ɛwɔ St. Martin no mu wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu, a ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa nti, wɔamfa wɔn ho anhyɛ Hitler akodi mu ma enti wokunkum wɔn no. Hwɛ da kɛse a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛsan ahyiam bere a wɔde wɔn san ba ma wobenya asetra a enni awiei wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no!

[Kratafa 8 mfonini]

Me papa

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Ase hɔ ne benkum so: Ɔsɔfo Panyin Innitzer a ɔreto aba ama Germany Reich no

Nifa so: “Nyamesom Mpaemuka” a asɔfopɔn no ka wom sɛ ɛyɛ wɔn ‘asɛyɛde sɛ wɔto ma Germany Nniso no sɛ́ ɔmamma’

[Asɛm Fiebea]

UPI/Bettmann

[Kratafa 10 mfonini]

Wɔ 1939 mu no, me ne Maria yɛɛ aware nhyehyɛe

[Kratafa 13 mfonini]

Yɛn abusua no. Efi benkum kɔ nifa: Gregor (wotwaa ne ti), Anni, Franz, Willibald, Ida, Gregor (me papa, wotwaa ne ti), Barbara (me maame), ne Kristian

[Kratafa 15 mfonini]

Me ne Maria nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena