Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 3/8 kr. 27
  • Nea Enti a Italy Asɔfopɔn Ahaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Italy Asɔfopɔn Ahaw
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Kristofo Nyinaa Yɛ Asɛmpakafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Dɛn Nti Na Katolekfo Asɔfo Mpanyin No Hyiaam?
    Nyan!—1986
  • Katolekfo A Wosusuw Wɔn Asɔre Ho Da Wɔn Adwene Adi
    Nyan!—1981
  • Dɛn Nti na Asɔre no Nkɛntɛnso Rebrɛ Ase?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 3/8 kr. 27

Nea Enti a Italy Asɔfopɔn Ahaw

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ

WƆ November 1993 mu no, Italy asɔfopɔn kaa Yehowa Adansefo ho nsɛmmɔne wɔ wɔn nhyiam ase. Wɔkae sɛ wɔnyɛ Kristofo na wɔn afie afie asɛnka adwuma no yɛ “nnipa a wɔsakra wɔn ɔkwammɔne so.”

Nanso, ɛnyɛ nyamesom atumfoɔ no nyinaa na wogye tom. Sɛ nhwɛso no, Attilio Agnoletto, Kristosom abakɔsɛm ho ɔbenfo a ɔwɔ Milan mantam Sukuupɔn mu no, ka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ, “wɔyɛ kuw a wɔyɛ den, wɔyɛ nsi, wɔde wɔn ho to Bible so na wɔfata koraa a biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔnyɛ Kristofo.”

Na “sakra a wɔsakra nnipa ɔkwammɔne so” no nso ɛ? Ɔbenfo Agnoletto ka kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo no sɛ, “asɛm ‘ɔkwammɔne’ no yɛ nea wontumi nnye ntom koraa. Ɛno bɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo faa ɔkwammɔne so na ‘ɛsakraa nnipa.’”

Dɛn nti na asɔfopɔn no wɔ Yehowa Adansefo ho adwemmɔne saa? Ɔbenfo Agnoletto te nka sɛ ɔsɔretia a “Yehowa Adansefo hyia no fi wɔn dodow ne nkonim a wodi wɔ Italy nnɛ no,” na ɔde ka ho sɛ “ɛne Katoleksom mu asɛnnennen bi ahyia.”

Ɛnnɛyi asɔfo no hwehwɛ sɛ wogu wɔn a wotie Yesu ahyɛde a ese wɔnka asɛm no anim ase na wosiw wɔn kwan. (Mateo 28:19, 20; fa toto Mateo 5:11, 12 ho.) Atesɛm krataa La Stampa bɔ amanneɛ sɛ wɔ ɔtaa no nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo ne ahyehyɛde a ɛto so abien a wɔdɔɔso wɔ Italy, a seesei wɔn dodow bɛboro 200,000 na wɔredɔɔso ntɛmntɛm.

Nea ɛne no bɔ abira no, tew ara na Katolek Asɔre no mu nnipa dodow no so retew wɔ nnansa yi mfe mu. Enti, wɔ 1994 mfiase no, Pope John Paul II hyɛɛ Italy Katolekfo nkuran sɛ wɔnyɛ asɛmpakafo a wɔyɛ hyew, na wɔnyɛ afie afie asɛnka mpo—te sɛ nea Yehowa Adansefo yɛ no ara!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena