Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 4/8 kr. 19-21
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Saa Nkate Yi Agyae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Saa Nkate Yi Agyae?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsusuwii Bɔne a Wubehu
  • “Adesuade” a Ɛyɛ Yaw a Yenya Fi Nea Atwam Mu
  • Obi Adwene a Obesiesie No
  • Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro Ntam Nna—Ɛyɛ Bɔne Saa?
    Nyan!—1995
  • So Ɛsɛ sɛ Afei De Wɔma Bɔbeasu Koro Ntam Nna Ho Kwan?
    Nyan!—2012
  • Sɛ Ɔbarima Ne Ɔbarima Bi Da Anaa Ɔbea Ne Ɔbea Bi Da a, Ɛyɛ Bɔne Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Dɛn na Bible Ka Fa Ɔbarima ne Ɔbarima Anaa Ɔbaa ne Ɔbaa Nna Ho?
    Nyan!—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 4/8 kr. 19-21

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Saa Nkate Yi Agyae?

“Ɛmfa ho sɛnea mihu sɛ mmarima a wɔne mmarima da yɛ bɔne koraa seesei no, ɛtɔ mmere bi a mihu sɛ ɛtwetwe me. Ɛtɔ mmere bi a saa nkate yi haw me awia ne anadwo. Makɔ so abɔ Yehowa mpae sɛ, ‘Yi saa nkate bɔne yi fi hɔ!’ Ebefi hɔ da bi?”—Dennis.a

KRISTOFO mmofra pii—mmarima ne mmea—ahwehwɛ mmoa a emu yɛ den a ɛte saa ara. Ɛyɛ a wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna ho akɔnnɔ twetwe wɔn, nanso wɔmpɛ sɛ wonya ɔbrasɛe, yare, ne abrabɔ bɔne a ɛwɔ saa asetra kwan no mu mu kyɛfa. Nea ehia sen saa no, wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani, na ɔkasa tia wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam nna pefee wɔ n’Asɛm mu.—Romafo 1:26, 27; Kolosefo 1:10.

Wɔtaa ka sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu no ntumi nsesa. Nanso, eyi nyɛ nokware. Tete Kristofo no binom dii kan de wɔn ho hyɛɛ bɔbeasu koro ntam nna mu, nanso wɔsakrae. (1 Korintofo 6:9-11) Yiw, nea ɛne anansesɛm ahorow a nkurɔfo to bɔ abira no, nnipa tumi sakra. Nanso, bere a abofra betumi akwati bɔbeasu koro ntam nna no, ebia ɛbɛyɛ no den sɛ obeyi ho akɔnnɔ afi ne mu koraa. Aberante bi kae sɛ: “Mabɔ mmɔden sɛ mɛsakra me nkate ahorow. Mabɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Mekenkan Bible no. Matie ɔkasa ahorow a ɛfa asɛm no ho. Nanso minhu baabi a menkɔ bio.”

Anwonwakwan so anaa mpofirim ayaresa biara nni hɔ. Dennis ka sɛ: “Mede me ho hyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe mu de bɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ‘ɔbarima.’ Eyi nyinaa anyɛ yiye na ɛde ɛyaw pii nko na ɛbrɛɛ me.” Nanso, obi nam Bible nyinasosɛm ahorow a ɔde bedi dwuma so betumi agyina nkate a ɛte saa ano.

Nsusuwii Bɔne a Wubehu

Nea edi kan koraa no, hu sɛ adwennwen na ɛde eyi ba. (Yesaia 55:6, 7; Yakobo 1:14, 15) Nokwarem no, Ɔbenfo Wayne W. Dyer ka sɛ: “Worentumi nnya biribi ho nkate bere a wunnii kan nnwenee ho.” Enti nea ɛde bɔbeasu koro ntam nna ho akɔnnɔ ba ne adwemmɔne a obi nya ma ne ho, wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu, ɔdɔ, ne nea ɛkeka ho ho. Ansa na obi betumi ‘asiesie n’adwene’ na wasakra adwenhorow a ɛtete saa no, ɛsɛ sɛ odi kan hu saa adwenhorow no. (Romafo 12:2) Saa a obi bɛyɛ no betumi ama no anya nhumu a ɛfata a ɛbɛma wahu nea enti a onya wɔn a ɔne wɔn wɔ bɔbeasu koro ho akɔnnɔ no.

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ayɛ saa? Ɔkwan biako ne sɛ ɔbɛbɔ mpae te sɛ nea odwontofo no yɛe no: “Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene, na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ.” (Dwom 139:23, 24) Ɛbɛyɛ mmoa nso sɛ wo ne Kristoni bi a ɔyɛ ɔbadwemma na ne ho akokwaw besusuw wo nkate ahorow ho. Sɛnea Mmebusɛm 27:17 ka no, “dade sew dade ano.” Enti aberante bi kaa ne tirim asɛm kyerɛɛ Kristoni panyin bi a na wonim no sɛ ɔwɔ ntease ne tema. Ná ɛnyɛ mmerɛw mma no ɔkwan biara so sɛ ɔbɛka ne kokoam asɛm akyerɛ obi, nanso wonyaa abusuabɔ pa. Ɔka sɛ: “Mitumi ne no bɔ biribiara ho nkɔmmɔ.” Ɛnyɛ tie nko na ɔpanyin no tie, na mmom, ɔnam anifere kwan so nsemmisa so boa aberante no ma ɔda ne nkate ne n’adwenhorow adi.—Fa toto Mmebusɛm 20:5 ho.

Sɛ ɔbarima bi agya powee no anaasɛ ɔyɛɛ no ayayade a, obehu sɛ obi a ɔne no wɔ bɔbeasu koro ho akɔnnɔ a obenya no bɛyɛ mmɔdenbɔ hunu a ɔpɛ sɛ ɔfa so nya agya dɔ. Bere a onni ɔbarima biara a osuasua no no, ebia ɔbɛte nka te sɛ nea Ɔbenfo Joseph Nicolosi frɛ no “te a obi te nka sɛ ɔyɛ mmerɛw na ɔmfata sɛ onni mmarima su, te sɛ tumi, akokoduru, ne ahoɔden nti no.” Sɛ obi susuw su ahorow pɔtee titiriw a ɔte nka sɛ onni bi no ho a, ebia ɛbɛyɛ no nwonwa sɛ obehu sɛ eyinom ne su a ohu wɔ mmarima afoforo ho a n’ani gye ho no.

“Adesuade” a Ɛyɛ Yaw a Yenya Fi Nea Atwam Mu

Mmofra afoforo abehu sɛ wɔn haw no fi ayayade a wɔyɛɛ wɔn bere a atwam no. Abeawa bi ka sɛ: “Ná mehwɛ nguamansɛm mfonini a ɛfa bɔbeasu koro ntam nna ho. Mifii ase nyaa nna ho akɔnnɔ a ɛmfata.” Aberante bi ka sɛ: “Ná me papa ne me da. Enti, na ɔbarima a me ne no bɛda no te sɛ nea asɛm biara nni ho.” Ebia osuahu a ɛyɛ yaw a ɛte saa no mma wɔn a ato wɔn no ani nnye wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho, na ebia wobesuro wɔn mpo, anaasɛ wobebu ɔdɔ ne honam fam ayɔnkofa sɛ ade koro. Enti, ɔbea bi a wanya saa osuahu no ka ne nna ho akɔnnɔ ho asɛm sɛ, “ɛyɛ nkate fam ahiade, ɛnyɛ honam fam de—ahiade a ɛne ɔdɔ ne ntease.”

Nanso, sɛ yɛbɛka a, nneɛma a ɛde bɔbeasu koro ntam nna ba dɔɔso, na mpɛn pii no wontumi nkyerɛkyerɛ mu tiawa.b Nanso, ɛmfa ho nea ɛma adwemmɔne no ba no, pii wɔ hɔ a obi betumi ayɛ de ayi afi hɔ.

Obi Adwene a Obesiesie No

Ɔkwan pa ne sɛ wode Onyankopɔn Asɛm bedi dwuma. Sɛ nhwɛso no, susuw aberante bi a onyaa mmarima a wɔda mmarima su a na ɔte nka sɛ onni bi adi ho anigye no ho. Anaasɛ susuw ababaa bi a osuro mmarima no ho. Ɔkwan biako a wɔn baanu nyinaa betumi afa so anya mmarima su ho adwempa ne sɛ, wobesua Yesu nhwɛso no. (1 Petro 2:21) Ɔne obi a ofi odwo mu daa mmarima tumi ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ adi. (Mateo 19:14; Yohane 19:5) Enti aberante bi hui sɛ, sɛ osua Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no a ɛboa no.c Ɔka sɛ: “Yesu a mahu no no ma minya sɛnea ɔbarima te ankasa ho su foforo.”

Bible kyerɛw nsɛm a ɛfa sɛnea Onyankopɔn bu ɔbarima ne ɔbea ntam nna, ɔdɔ, ne wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro ntam adamfofa ho a wobesusuw no nso boa ma obi siesie n’adwene.—Genesis 1:27, 28; Rut 1:16, 17; 1 Samuel 18:1; Mmebusɛm 5:18, 19; 1 Korintofo 13:4-8.

Ɛho hia nso sɛ wokwati adwemmɔne mu a wubekura. Saa akɔnnɔ ahorow yi mu yɛ den mpɛn pii bere a obi ayɛ ankonam, wahaw, anaa n’abaw mu abu. (Mmebusɛm 24:10) Kristoni bea bi ka sɛ: “Ɔkwan koro pɛ a yebetumi afa so asakra sɛnea yɛte ne sɛ yɛbɛma adwemmɔne a yekura adan adwempa.” Sɛ onya akɔnnɔ bi a ɛmfata a, ɔkaakae sɛnea Onyankopɔn bu bɔbeasu koro ntam nna. Abarimaa bi ka sɛ: “Bere biara a menya bɔbeasu koro ntam nna ho akɔnnɔ no, misusuw Bible kyerɛwsɛm bi a m’ani gye ho ho.” (Fa toto 2 Korintofo 10:4; Filipifo 4:8 ho.) Afoforo nso ahu sɛ tie a wobetie nsɛm a egyina Bible so a Ɔwɛn Aban Asafo no akyere agu kasɛt so de afa mu ada no boa.

Bere a sɛnea yedwen ka sɛnea yɛyɛ yɛn ade no, saa ara na sɛnea yɛyɛ yɛn ade no ka sɛnea yedwen na yɛte nka. Enti ɛsɛ sɛ obi kwati nneyɛe ne fekubɔ a ɛkanyan akɔnnɔ bɔne anaasɛ ɛhyɛ mu den no. (1 Korintofo 15:33) Ehia nso sɛ obi ‘yɛ ahwɛyiye’ bere a wakɔ baabi a amanfo gye wɔn ahome, mpoano, adan a wɔsesa wɔn ho wom, ne mmeae afoforo a ebetumi asɔ obi ahwɛ no.—Dwom 119:9.

Boasipim yɛ ade foforo a ɛho ntew a ɛsɛ sɛ yɛkwati. Wɔ mmea ne mmarima pii a wonya bɔbeasu koro ntam nna mu kyɛfa fam no, ɛyɛ adeyɛ bi a wontumi nnyae. Aberante bi ka sɛ: “Mahyia boasipim ho haw fi bere a midii mfe asia. Nna ho nsusuwii hunu maa minyaa akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ me ne ɔbarima bɛda.” Ko tia su a ɛho ntew yi!d—Kolosefo 3:5.

Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛho hia nso sɛ obi nya su pa. Ebinom aka sɛ, sɛ aberante bi nya mmarima su a, ɔrennya mmarima afoforo ho akɔnnɔ pii. Nokwarem no, ebia aberante bi renhu sɛnea ɔbɛyɛ eyi, sɛ wannya mmarima ntetee a emu yɛ den fi ne mmofraase a. N’ankasa nipadua ho nsɛm mpo betumi ahaw no ma wate nka sɛ ɔtɔ sin anaasɛ ɔnyɛ n’ade sɛ ɔbarima. Mpɛn pii no, honam fam adwuma a ɔbɛyɛ, apɔw mu teɛteɛ kakra, anaa agodie bi a emu nyɛ den boa wɔ eyi mu. (Fa toto 1 Timoteo 4:8 ho.) Nanso sɛnea aberante Timoteo bɛyɛɛ te sɛ ɔsomafo Paulo ba no, obi behu sɛ ɛyɛ mmoa titiriw sɛ ɔne Kristoni panyin bi a ɔkari pɛ benya abusuabɔ pa. (Filipifo 2:19-22; 2 Timoteo 3:10) Sɛ wohu baabi a wɔbɛyɛ ade akɔso na wotumi bɔ nkɔmmɔ a wɔda nsɛm adi pefee wom a, abusuabɔ a ɛte saa no betumi ayɛ nea ɔdɔ ne ahotoso wom, nanso ɛnkanyan akɔnnɔ bɔne.

Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ onii no yɛ den wɔ honhom mu. Bible no a obi besua, mpae a ɔbɛbɔ, na waka ne gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo daa no boa ma ɔde n’adwene si honhom mu nneɛma so. (Dwom 55:22; 119:11; Romafo 10:10) Ɛtɔ mmere bi a, te a obi bɛte nka sɛ ɔmfata no bɛma ayɛ no den sɛ ɔbɛbɛn mfɛfo Kristofo, nanso Bible no bɔ kɔkɔ wɔ tew a obi bɛtew ne ho ho. (Mmebusɛm 18:1) Fekubɔ pa a obi ne Kristofo mmarima ne mmea benya no betumi aboa no ma wakari pɛ.—Hebrifo 10:24, 25.

Sɛ bɔbeasu koro ntam nna ho akɔnnɔ haw wo a, saa nyansahyɛ ahorow yi betumi aboa wo. Nanso, sɛ wokɔ so nya nkate bɔne no a, mma ɛnnhaw wo pii. Onyankopɔn te wo nkate no ase, na ohu wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom no no mmɔbɔ. (1 Yohane 3:19, 20) Wɔ wiase foforo no mu no, wobeyi nneɛma a ɛhaw adesamma nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 21:3, 4) Ansa na saa bere no bɛba no, fa wo ho to Onyankopɔn so, na ko tia akɔnnɔ bɔne. (Galatifo 6:9) Wɔ bere a ɛsɛ mu ne ɛdenam mmɔden a wobɛbɔ so no, ebia akɔnnɔ bɔne no ankasa mpo befi hɔ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesã din no bi.

b Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . .” wɔ March 8, 1995, de no mu.

c Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

d Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no (a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no) ti 25 ne 26 kura nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa mmofra ma wɔadi saa su yi so.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Nya mmarima su ho adwene a ɛfata denam Yesu nhwɛso a wubesua so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena