Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 5/8 kr. 25-27
  • Mmere Pa—Ɛwɔ Yɛn Anim Pɛɛ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmere Pa—Ɛwɔ Yɛn Anim Pɛɛ!
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NHYIRA AHOROW WƆ ONYANKOPƆN AHENNI ASE
  • NEA EHIA SƐ WOYƐ
  • Paradise Asase No
    Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Dɛn na Ɛbɛba Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Tra Ase Daa wɔ Paradise Asase So
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 5/8 kr. 25-27

Mmere Pa—Ɛwɔ Yɛn Anim Pɛɛ!

SƐNEA Bible kyerɛ no, ná Onyankopɔn pɛ sɛ adesamma abusua no bɛtra ase daa wɔ asase nyinaa so paradise bi mu. (Genesis 1:28; 2:8, 9) Ɛda adi sɛ yɛatwe yɛn ho afi Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ho koraa. Dɛn na ɛbae?

Nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɛde sintɔ ne owu baa wɔne wɔn asefo nyinaa so. (Genesis 2:16, 17; 3:6, 7, 17-19; Romafo 6:23) Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onipa biako so na bɔne nam baa wiase, na ne bɔne no de owu bae. Enti, owu atrɛw aka nnipa nyinaa, efisɛ obiara ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12, Today’s English Version.

Tebea yi nyinaa akyi no, Onyankopɔn atirimpɔw nsakrae. “M’asɛm te sɛ sukyerɛmma ne osu a efi soro gu fam na ɛfɔw asase no. Ɛma nnɔbae no nyin na ɛsow aba a wobegu ne aduan a wobedi. Saa ara na m’asɛm a meka bɛyɛ . . . Ɛbɛyɛ biribiara a mesomaa no sɛ ɛmmɛyɛ no.” (Yesaia 55:10, 11, Today’s English Version.) Dɛn na Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn?

NHYIRA AHOROW WƆ ONYANKOPƆN AHENNI ASE

Daa Nkwa

“Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

“Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.

Ahobammɔ

“Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ.”—Dwom 37:10.

Adwuma a Ɛma Akomatɔyam

“Nkurɔfo besisi adan atra mu—wɔrensisi mma obi ntra mu. Wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsa—ɛnyɛ afoforo na wɔbɛnom. Me nkurɔfo bɛtra ase akyɛ te sɛ dua. Wobenya nneɛma a wɔayɛ ho adwuma mu anigye akosi ase.”—Yesaia 65:21, 22, TEV.

Akwahosan

“Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.”—Yesaia 33:24.

Ɛdɛmdi Biara Nni Hɔ

“Afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 35:5, 6.

Aduan Bebu So

“Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

Asomdwoe

“Mommra mmɛhwɛ [Yehowa] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano.”—Dwom 46:8, 9.

NEA EHIA SƐ WOYƐ

Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya nhyira a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ yi? Bible no bua wɔ Yohane 17:3 sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” Yiw, sɛ yesua Onyankopɔn—ne din, n’atirimpɔw, ne ne mmara—ho ade a yenya akwankyerɛ. Afei nso, sɛ yesua Yesu—n’asase so asetra, n’agyede afɔrebɔ ma yɛn bɔne, ne dibea sɛ Onyankopɔn Ahenni no Sodifo—ho ade a yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam.

Nsɛmmɔnedi a Onyankopɔn ama ho kwan no akyerɛ sɛ, akyinnye biara nni ho sɛ, te sɛ ɔkwantufo a ɔwɔ baabi a onnim hɔ no, onipa ntumi nkyerɛ n’anammɔn kwan. (Yeremia 10:23) Nokwarem no, onipa nam nniso ahorow pii so—efi kankabi nniso so kosi demokrase nniso so—abɔ mmɔden afa ɔkwan biara a ɛba n’adwene mu so. Nanso, onnyaa nkɔso biara.

Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ Onyankopɔn Ahenni no bebua mpae a nnipa ɔpepem pii bɔ no: “Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Sɛ Onyankopɔn Ahenni no si nnipa nniso horow nyinaa ananmu pɛ a, yebenya emu nhyira ahorow no. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

Hwɛ anigye ara a saa bere no bɛyɛ! Nokwarem no, Bible no mu nimdeɛ betumi ama yɛanya anidaso. Yiw, eyi yɛ mmere a emu yɛ den—na emu gu so reyɛ den. Nanso nea ɛno kyerɛ ara ne sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri mu. Ɛnkyɛ, Onyankopɔn Ahenni no mu mmere pa a ɛsen biara no besi mmere bɔne yi ananmu!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena