Ɛyɛɛ Dɛn na Wotumi Yɛɛ Saa?
ƐYƐƐ dɛn na nkurɔfo tumi buu nkoatɔ sɛ ade a ɛfata? Abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ sɛ ɛde besi afeha a ɛto so 18 mu no, na nnipa dodow no ara mmu nkoatɔ sɛ ɛnteɛ. The Rise and Fall of Black Slavery nhoma no ka sɛ: “Bere a Columbus kopuee West Indies no, na asɔre mpanyimfo anaa kyerɛw nsɛm a wogye tom no nkyerɛɛ atubrafo a na wɔbɛba hɔ akyiri yi no sɛ wobetumi abu adwumaden a wɔbɛhyɛ nkurɔfo ma wɔayɛ sɛ ɛnteɛ, ɛwom sɛ na asɔrefo mmiako mmiako bi ada adwenem naayɛ adi wɔ ho de. . . . Ná biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkasa tia nkoasom a wɔde sii hɔ a na ɛkɔ so wɔ Europa aman nyinaa mu no.”
Bere a na Atlantic so aguadi no gyina mu denneennen no, asɔfo pii de nyamesom mu nsɛm taa nkoasom akyi. American Slavery nhoma no ka sɛ: “Protestant asɔfo [a wɔwɔ Amerika] dii akoten wɔ nkoasom akyi a wogyinae mu . . . Ebia nyamesom mu asɛm a na atrɛw na etu mpɔn sen biara no ne asɛm a asete nyɛ den a ɛne sɛ na nkoasom ka Onyankopɔn nhyehyɛe a ɔnam so bɛma wɔn a saa bere no na wɔyɛ abosonsomfo abenya Kristosom mu nhyira horow no ho.”
Nanso atirimɔdensɛm ne nneyɛe a ɛmfata a wɔde yɛɛ nkoa mpɛn pii no maa ɛho behiae sɛ wɔpɛ asɛm papa bi de yi wɔn ho ano sen “Kristosom mu nhyira horow” a wɔkyerɛ sɛ wɔma wonyae no. Enti atubrafo sodifo ne akyerɛwfo ne nyansapɛfo a wɔwɔ Europa ka kyerɛɛ wɔn ho sɛ abibifo ne aborɔfo nyɛ pɛ. Edward Long, okuafo a ɔkyerɛw History of Jamaica, kae sɛ: “Sɛ yesusuw saa nnipa yi yɛbea, ne da a wɔda nsow wɔ adesamma nkae ho ho a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ wɔyɛ abɔde foforo bi?” Martinique amrado bi daa ɔhaw ahorow a nsusuwii a ɛte saa de bae adi sɛ: “Manya ntease a ɛma migye di pefee sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ Abibifo sɛ mmoa.”
Awiei koraa no, sikasɛm mu mfaso ne nnipa ho a wodwen maa Atlantic so aguadi no baa awiei. Mfiase no Afrikafo ko tiaa nkoa a wɔyɛɛ wɔn no, na ebeduu afeha a ɛto so 18 no awiei no, na atuatew abu so. Nkoa wuranom a na wosuro no behui sɛ na wɔn tebea no ayɛ hu kɛse. Wosusuw ho nso sɛ ɛbɛyɛ fo sɛ ebia wɔbɛbɔ nkoa no paa bere a ɛho behia sen sɛ wɔbɛtra wɔn nkyɛn ma wɔahwɛ wɔn.
Bere koro no ara mu no, na abrabɔ, nyamesom, ne nnipa ho a wodwen ho nsɛm a etia nkoasom renya nkɔso wɔ Europa ne Amerika. Akuw a wogu nkoasom bɛyɛɛ den. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ mmara de guu nkoatɔ wɔ aman pii so fi afe 1807 reba no, nkoasom ho nkɛntɛnso kɔɔ so traa hɔ.
Television so dwumadi ahorow bi a wɔato din sɛ The Africans: A Triple Heritage, kaa Afrika mmabarima ne ne mmabea ho asɛm bi a ɛka koma yiye sɛ: “Ansa koraa na nkoatɔ no refi ase no, na yɛte . . . Afrika. Na afei ahɔho ba bɛfaa yɛn mu bi kɔe. Ɛnnɛ yɛapete kɛse araa ma owia nkɔtɔ wɔ Afrika mma so da.” Afrikafo asefo ɔpepem pii a wɔwɔ Amerika Kusuu Fam ne Kesee Fam, Caribbean, ne Europa no yɛ nkoatɔ no ho adanse pefee.
Nkurɔfo da so ara susuw wɔn a ɛfata sɛ wɔde Atlantic so nkoatɔ no ho asodi to wɔn so ho. Basil Davidson, a ɔyɛ Afrikafo abakɔsɛm ho ɔbenfo, kyerɛwee wɔ ne nhoma The African Slave Trade mu sɛ: “Afrikafo ne Europafo nyinaa ka ho.”
“W’Ahenni Mmra”
Asuade bi wom—biribi a ɛfa nnipa nniso ho. Onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Misusuw nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa ho,—na hwɛ! wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo biara, na tumi wɔ nhyɛsofo no nsam.”—Ɔsɛnkafo 4:1, Rotherham.
Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔkyerɛw saa nsɛm yi bere tenten ansa na Afrika nkoatɔ no refi ase, na ɛda so ara yɛ nokware nnɛ. Wɔn a wɔhyɛ wɔn so ne nhyɛsofo no da so ara wɔ hɔ, na nkoa ne wɔn wuranom nso da so wɔ nsase bi so. Kristofo nim sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛma Yehowa ‘agye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo.’ (Dwom 72:12) Esiane eyi ne nneɛma foforo nti, wɔkɔ so bɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra.”—Mateo 6:10.