Nea Enti a Nnipa Pii Gye Di sɛ Wiase Bɛba Awiei
SƐNEA nnipa bebree gye tom ntɛm nnɛ no, wiase no wɔ ahoyeraw mu ankasa. Ɔsɛnkafo Billy Graham kyerɛwee sɛ: “Mabisa nnipa a wofi wiase afã horow nea wosusuw wɔ yɛn daakye ho. Wɔn mu dodow no ara nni anidaso bi. . . . Wɔde nsɛmfua te sɛ ‘Harmagedon’ ne ‘Apokalipse’ na ɛka nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no ho nsɛm bere nyinaa.”
Dɛn nti na wɔtaa de nsɛmfua a ɛne “Harmagedon” ne “Apokalipse” na ɛka ɛnnɛ tebea no ho asɛm? Dɛn na ɛkyerɛ?
Efi Bible Mu
Bible ka “ade nyinaa so tumfoɔ [Nyankopɔn] no, da kɛse no mu ko” ho asɛm, na ɛka sɛ saa ɔko yi bɛkɔ so wɔ baabi a “wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon,” anaa Armagedon. (Adiyisɛm 16:14-16) Webster’s New Collegiate Dictionary kyerɛkyerɛ Harmagedon mu sɛ ɛyɛ “ɔko a etwa to koraa a ɛbɛba papa ne bɔne atumfoɔ ntam.”
Ɛwom sɛ “apokalipse” fi Hela asɛmfua bi a ɛkyerɛ “adiyisɛm,” anaa “oyikyerɛ” mu de, nanso abenya ntease foforo nso. Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm, anaa Apokalipse, no si ɔsɛe a Onyankopɔn de bɛba abɔnefo so, ne ne Ba Yesu Kristo, Mfirihyia Apem Nniso no so dua. (Adiyisɛm 19:11-16; 20:6) Enti, Webster’s New Collegiate Dictionary kyerɛkyerɛ “apokalipse” mu sɛ “asiane kɛse bi a ɛreba a Onyankopɔn bɛsɛe bɔne atumfoɔ a wɔredi tumi, na wanyan atreneefo aba nkwa mu wɔ mesia bi ahenni mu.”
Sɛ ɛnnɛyi nnipa ka wiase ne ne tebea ho asɛm a, ɛda adi pefee sɛ nea wɔaka wɔ Bible mu no na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ saa. Dɛn ankasa na Bible ka fa wiase awiei ho?
Bible ne Wiase Awiei
Bible hyɛ wiase awiei ho nkɔm pefee. Yesu Kristo ne n’asuafo kaa awiei bere ho asɛm. (Mateo 13:39, 40, 49; 24:3; 2 Timoteo 3:1; 2 Petro 3:3) Nanso, na wɔnkyerɛ sɛ asase no ankasa na ɛbɛsɛe. Ɛdefa asase ankasa ho de, Bible ka sɛ: ‘Enhim da biara da.’ (Dwom 104:5) Nea asɛm “wiase awiei” kyerɛ ara ne “nneɛma nhyehyɛe no awiei.”—New World Translation.
Ɔsomafo Petro kaa wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Noa nna mu Nsuyiri no reba ho asɛm sɛ: “Nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no [a abɔnefo na na wɔwom] ma ɛsɛee.” Afei Petro kɔɔ so kae sɛ wɔde yɛn wiase a ɛwɔ hɔ yi “asie ama . . . atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.” (2 Petro 3:5-7) Ɔsomafo Yohane nso kyerɛwee sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
Wɔ saa wiase yi awiei no, wobeyi ɛsodifo bɔne a aniwa nhu no no nso afi hɔ. (Adiyisɛm 20:1-3) Ɔsomafo Paulo kyerɛw saa sodifo bɔne yi ho asɛm sɛ: “Wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani.” Yesu kaa ne ho asɛm sɛ: “Afei na wobeyi wi yi ase sodifo no [Satan Ɔbonsam] hɔ.”—2 Korintofo 4:4; Yohane 12:31.
Ɛrenyɛ nhyira sɛ wobeyi saa wiase yi ne ne sodifo tirimɔdenfo no afi hɔ? Kristofo fi bere tenten abɔ mpae sɛ eyi mmra, na wɔasrɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na ne pɛ nyɛ asase so. Wɔrebɔ mpae sɛ Yesu Kristo mfi osetie mu nni n’Agya ahyɛde a ɛne sɛ onyi bɔne nyinaa mfi asase so no ho dwuma!—Dwom 110:1, 2; Mmebusɛm 2:21, 22; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.
Nanso, eyi ma asemmisa bi sɔre sɛ: Ebetumi aba sɛ nea ama wɔahyehyɛ wiase yi awiei ho nkɔm a ɛyɛ atoro anaa enni mu ne sɛ nnipa fi Bible nkɔmhyɛ ahorow ho ntease pa a wonni anaa wɔamfa anni dwuma yiye mu na ɛhyehyɛe ntia? Ma yɛnhwɛ.
Ntease a Wɔannya Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu
Susuw nea esii wɔ afeha a edi kan no mu ho hwɛ. Bere a na Yesu rebɛkɔ soro no, n’asomafo no de ahopere bisae sɛ: “Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa?” Ná wɔpɛ sɛ wonya Ahenni no mu nhyira horow no nyinaa mu kyɛfa saa bere no, nanso Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu.”—Asomafo no Nnwuma 1:6, 7.
Aka nnansa pɛ ma Yesu awu no, na waka asɛm a ɛte saa ara sɛ: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.” Ɔde kaa ho sɛ: “Da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, ɔba no nso nnim, gye agya no.” (Mateo 24:42, 44; Marko 13:32, 33) Asram kakra a na atwam mu no, ná Yesu de nkuranhyɛ ama nso sɛ: “Munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw mu na onipa ba no bɛba.”—Luka 12:40.
Kɔkɔbɔ ahorow a Yesu de mae yi nyinaa akyi no, tete Kristofo no a wɔde ahopere hwɛɛ Kristo ba ne nhyira a ɛde bɛba kwan no bɔɔ wɔn tirim fii ase kekaa bere a Ahenni bɔhyɛ ahorow bɛbam ho asɛm. Enti, ɔsomafo Paulo kyerɛw Tesalonikafo sɛ: “Yɛsrɛ mo, . . . yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho: sɛ mommma wɔnnnan mo adwene ntɛm, na wonntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nhoma a wose efi yɛn nkyɛn ho, sɛ ebia [Yehowa] da no anya adu.”—2 Tesalonikafo 2:1, 2.
Paulo nsɛm no kyerɛ sɛ tete Kristofo binom nyaa akwanhwɛ bi a enni mu. Ɛwom sɛ ebia Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no anhyɛ ‘boa a na wɔbɛboaboa wɔn ano akɔ Kristo nkyɛn wɔ ɔsoro’ no ho da pɔtee bi de, nanso ɛda adi pefee sɛ na wosusuw sɛ saa adeyɛ no abɛn. Ná ɛho hia sɛ wɔteɛ wɔn nsusuwii ahorow no, na Paulo krataa no dii eyi ho dwuma.
Afoforo Nso Hia Nteɛso
Sɛnea yɛkae wɔ asɛm a edi kan no mu no, afoforo nso hwɛɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu kwan bere pɔtee bi mu wɔ afeha a edi kan no akyi. Ebinom hyehyɛɛ nkɔm sɛ Yesu awo anaa ne wu akyi mfirihyia apem no, wiase bɛba awiei. Nanso wɔn nkɔmhyɛ ahorow no nso amma mu, anaa anyɛ hɔ.
Eyi ma nsemmisa bi sɔre sɛ: Bible bɔhyɛ ahorow mmamu ho mfomso a wɔadi no kyerɛ sɛ bɔhyɛ ahorow no ankasa nyɛ nokware? Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow yɛ nea wotumi de ho to so? Na ɔkwan bɛn so na nnɛyi Kristofo agye saa asɛm yi ho nteɛso atom?