Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 7/8 kr. 18-21
  • Wubetumi De Wo Ho Ato Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi De Wo Ho Ato Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow So?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Tumi Ahorow Sɔre ne Wɔn Asehwe
  • Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No
  • Wɔanhyɛ Awiei no Ho Da Pɔtee Biara
  • Ɛho Hia sɛ Wɔteɛ Wɔn Nsusuwii
  • Yehowa Asɛm Yɛ Nokware!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Ɔhene Mesia no Hu
    “W’Ahenni Mmra”
  • Daniel​—Nkɔmhyɛ Nhoma A Ɛyɛ Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Bible Nkɔmhyɛ Ahorow yɛ Nokware Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 7/8 kr. 18-21

Wubetumi De Wo Ho Ato Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow So?

YEHOWA NYANKOPƆN, yɛn Bɔfo no, adi n’asɛm so bere nyinaa. Ɔkae sɛ: “Makasa, na mɛma aba mu.” (Yesaia 46:11) Bere a Onyankopɔn akoa Yosua dii Israelfo anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Asɛm pa a [Yehowa] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.”—Yosua 21:45; 23:14.

Efi Yosua bere so kosi bere a Mesia no bae no, nkɔmhyɛ ahorow a efi Onyankopɔn home mu ɔhaha pii nyaa mmamu. Nhwɛso bi ne bere a amanehunu a na wɔaka ho asɛm asie mfehaha pii no baa obi a ɔsan kyekyee Yeriko so no. (Yosua 6:26; 1 Ahene 16:34) Foforo nso ne bɔhyɛ bi a na ɛte sɛ nea entumi mma mu, a ɛne sɛ Samariafo a na ɔkɔm rekunkum wɔn no benya aduan pii adi ɛda a edi nkɔmhyɛ da no akyi no. Wubetumi akenkan sɛnea Onyankopɔn maa saa bɔhyɛ no baa mu wɔ 2 Ahene ti 7.

Wiase Tumi Ahorow Sɔre ne Wɔn Asehwe

Onyankopɔn de ne honhom kaa Bible akyerɛwfo ma wɔkyerɛw wiase tumi ahorow sɔre ne wɔn asehwe ho nsɛm kɔɔ akyiri. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn de ne diyifo Yesaia dii dwuma ma ɔkaa tu a na wobetu Babilon a ɛwɔ tumi kɛse agu ho asɛm siei bɛyɛ mfirihyia 200 ansa na ɛresi. Nokwarem no, wɔbɔɔ Mediafo a wɔne Persiafo yɛɛ biako no din sɛ wɔn na wɔbɛyɛ nkonimdifo no. (Yesaia 13:17-19) Nanso nea ɛyɛ nwonwa kɛse no, Onyankopɔn diyifo no bɔɔ Persia hene Kores din sɛ ɔno na obedi anim akodi nkonim, ɛwom mpo sɛ na wonnya nwoo Kores bere a wɔkyerɛw nkɔmhyɛ no de! (Yesaia 45:1) Nanso pii wɔ hɔ.

Odiyifo Yesaia kaa sɛnea wobedi Babilon so nkonim nso siei. Ɔkyerɛwee sɛ nsu a ɛbɔ kurow no ho ban, asubɔnten Eufrate, ‘bɛyow’ na ‘wɔntoto [Babilon] apon mu.’ (Yesaia 44:27–45:1) Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus bɔɔ amanneɛ no, saa nsɛm a ɛkɔ akyiri yi nyinaa baa mu.

Bere a na Babilon da so di tumi no, Onyankopɔn maa ne diyifo Daniel nso kaa wiase tumi ahorow a ebedi n’akyi aba ho asɛm siei. Daniel nyaa sɛnkyerɛnne kwan so odwennini bi a ɔwɔ mmɛn abien a otumi dii “aboa” foforo biara so nkonim ho anisoadehu. Sɛnea ɛbɛyɛ na nea odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma ho akyinnye biara ansɔre no, Daniel kyerɛwee sɛ ɛne “Media ne Persia ahene.” (Daniel 8:1-4, 20) Nokwarem no, sɛnea wɔka siei pɛpɛɛpɛ no, Medo-Persia bɛyɛɛ wiase tumi a edi hɔ bere a edii Babilon so nkonim wɔ afe 539 A.Y.B. mu no.

Wɔ saa anisoadehu a efi Onyankopɔn hɔ yi mu no, Daniel san huu ‘ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn a ɛsõ, n’ani ntam.’ Daniel toaa ne nkyerɛkyerɛmu no so sɛ: ‘Mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam. Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na anan fifii ananmu.’—Daniel 8:5-8.

Onyankopɔn Asɛm ma nea eyi nyinaa kyerɛ mu da hɔ a adwenem naayɛ biara mma ho. Hyɛ nkyerɛkyerɛmu no nsow: “Ɔpapo a ɔyɛ keka no ne Hela hene; na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a odi kan; na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.”—Daniel 8:21, 22.

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ na saa “Hela hene” yi ne Aleksanda Ɔkɛseɛ. Bere a owui wɔ afe 323 A.Y.B. mu no, awiei koraa no n’ahemman no mu paapae maa n’asahene baanan bedii tumi—Seleucus I Nicator, Cassander, Ptolemy I, ne Lysimachus. Sɛnea na Bible aka asie pɛpɛɛpɛ no, ‘mmɛn anan fifii ananmu.’ Sɛnea wɔka siei nso no, eyinom mu biara tumi annu Aleksanda de no. Nokwarem no, Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛtete saa anya mmamu ma ayɛ nwonwa araa ma wɔafrɛ no “abakɔsɛm a wɔkyerɛw ansa na ne bere adu.”

Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

Ɛnyɛ Mesia bi a ɔbɛba abegye nnipa afi nea bɔne ne owu de aba mu ho bɔ nko na Onyankopɔn hyɛe na mmom ɔde nkɔmhyɛ bebree nso mae a ɛbɛma wɔahu Nea Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ no. Susuw eyinom mu kakraa bi ho, nkɔmhyɛ ahorow a na Yesu ntumi nyɛ ho nhyehyɛe mma ennya mmamu.

Wodii kan ka siei mfe ɔhaha pii sɛ wɔbɛwo Nea Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ no wɔ Betlehem na ɔbaabun na ɛbɛwo no. (Fa Mika 5:2 ne Mateo 2:3-9 toto ho; ɛna Yesaia 7:14 ne Mateo 1:22, 23.) Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wobeyi no ama agye nnwetɛbona 30. (Sakaria 11:12, 13; Mateo 27:3-5) Wɔka siei nso sɛ wɔremmu ne dompe mu, na wɔbɛbɔ ne ntama so ntonto.—Fa Dwom 34:20 ne Yohane 19:36 toto ho, ɛna Dwom 22:18 ne Mateo 27:35.

Nea ɛho hia kɛse ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Bible no kaa bere a Mesia no bɛba ho asɛm siei. Onyankopɔn Asɛm hyɛɛ nkɔm sɛ: “Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no [Mesia no] so yɛ adapɛn ason, [ne] adapɛn aduosia abien.” (Daniel 9:25) Sɛnea Bible kyerɛ no, wɔkaa asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem, nto n’afasu no Ɔhene Artasasta nniso afe a ɛto so 20 mu, a wiase abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛyɛ afe 455 A.Y.B. mu. (Nehemia 2:1-8) Saa adapɛn 69 a ɛyɛ mfepɛn no baa awiei mfirihyia 483 akyi (7 x 69 = 483), wɔ 29 Y.B. mu. Saa afe no ara na wɔbɔɔ Yesu asu, na wɔde honhom kronkron sraa no ma ɔbɛyɛɛ Mesia, anaa Kristo no!

Nea ehia titiriw no, sɛnea Kristoni abakɔsɛm kyerɛwfo Luka kae no, na Yesu bere sofo no rehwɛ kwan sɛ Mesia no bɛba saa bere no. (Luka 3:15) Romafo abakɔsɛm akyerɛwfo Tacitus ne Suetonius, Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus, ne Yudani nyansapɛfo Philo Judaeus nso dii akwanhwɛ yi ho adanse. Abba Hillel Silver mpo gye tom wɔ ne nhoma A History of Messianic Speculation in Israel mu sɛ “na wɔhwɛ Mesia no kwan wɔ bɛyɛ afeha a edi kan Y.B. no nkyem anan no fã a ɛto so abien no mu.” Ɔkae sɛ, na eyi te saa esiane “saa bere no mu mmerebu a na nnipa pii gye tom” a wonyaa ne fã bi fii Daniel nhoma no mu nti.

Esiane nsɛm a ɛtete saa nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Bible no bɛkyerɛ bere a Mesia no bɛsan aba abefi n’ahenni tumidi ase nso. Akontaabu ho adanse a ɛwɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu kyerɛɛ bere pɔtee a “Nea ɔwɔ Ɔsorosoro” no de asase so tumidi bɛhyɛ “nnipa mu hobrɛasefo,” Yesu Kristo nsa. (Daniel 4:17-25; Mateo 11:29) Wɔka “mmere nson,” anaa nkɔmhyɛ mfirihyia nson ho asɛm, na wɔabu eyi ho akontaa sɛ ɛbaa awiei wɔ afe 1914 mu.a

Wɔanhyɛ Awiei no Ho Da Pɔtee Biara

Nanso, afe 1914 yɛ bere a Kristo fii ase dii tumi wɔ ‘n’atamfo mfinimfini’ ara kwa. (Dwom 110:1, 2; Hebrifo 10:12, 13) Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm da no adi sɛ sɛ bere du ma Kristo fi ne tumidi ase wɔ soro a, ɔbɛtow Satan Ɔbonsam ne n’abɔfo agu asase so. Bible ka sɛ ansa na obeyi saa ahonhom nnipa abɔnefo yi afi hɔ no, wɔde ɔhaw kɛse bɛba asase so ‘bere tiaa bi.’—Adiyisɛm 12:7-12.

Nea ɛho hia no, Bible mfa da a saa ‘bere tiaa’ no bɛba awiei ne bere a Kristo bedi dwuma sɛ Ɔbrafo wɔ Onyankopɔn atamfo so wɔ Harmagedon no mma. (Adiyisɛm 16:16; 19:11-21) Nokwarem no, sɛnea yɛkae wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, Yesu kae sɛ yensiesie yɛn ho efisɛ onipa biara nnim ɛda a saa adeyɛ no bɛba. (Marko 13:32, 33) Sɛ obi yɛ ade tra nea Yesu kae no, sɛnea tete Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika ne afoforo a wodii wɔn akyi yɛe no a, atoro nkɔmhyɛ anaa nea enni mu bɛba.—2 Tesalonikafo 2:1, 2.

Ɛho Hia sɛ Wɔteɛ Wɔn Nsusuwii

Ɛde rekɔ afe 1914 awiei no, Kristofo pii hwɛɛ kwan sɛ Kristo bɛsan aba saa bere no abɛfa wɔn akɔ soro. Enti, wɔ ɔkasa bi a A. H. Macmillan, a na ɔyɛ Bible Suani maa no September 30, 1914 mu no, ɔkae sɛ: “Ebia eyi ne baguam ɔkasa a etwa to a mɛma efisɛ yɛrebɛkɔ fie [wɔ ɔsoro] nnansa yi ara.” Ɛda adi pefee sɛ na Macmillan redi mfomso, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne akwanhwɛ a ɔno anaa ne mfɛfo Bible Asuafo hwɛe a amma mu.

Bible Asuafo, a efi afe 1931 reba no wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo no, hwɛɛ kwan nso sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa bɛbam wɔ afe 1925 mu. Wosusuwii sɛ asase so owusɔre befi ase saa bere no, na wɔbɛsan de nnipa anokwafo a wɔtraa ase tete no te sɛ Abraham, Dawid, ne Daniel aba. Nnansa yi ara, Adansefo pii susuwii sɛ nneɛma a Kristo Mfirihyia Apem Nniso no de bɛba no befi ase wɔ 1975 mu. Ná wɔn akwanhwɛ no gyina ntease a ɛne sɛ adesamma abakɔsɛm mu mfirihyia mpemnson befi ase saa bere no so.

Saa nsusuwii ahorow a na ɛnteɛ yi nkyerɛ sɛ na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow nyɛ nokware, sɛ ebia odii mfomso bi. Ɛnte saa koraa! Mfomso ne nsusuwii ahorow a ɛnteɛ, sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan Kristofo no fam no, fi osetie a wɔanyɛ amma Yesu kɔkɔbɔ a ɛne sɛ, ‘Munnim bere no.’ Atosɛm a wɔkekae no mfi Kristo ho adwemmɔne a na wɔwɔ anaasɛ nokware a na wonni mma no, na mmom na efi ɔpɛ a emu yɛ den a na wɔwɔ sɛ wobehu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu wɔ wɔn ankasa bere so no.

Enti, A. H. Macmillan kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi sɛ: “Mihui sɛ ɛsɛ sɛ yegye yɛn mfomso tom na yɛkɔ so hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu na yɛanya ntease pii. Ɛmfa ho nsakrae ahorow a yɛbɛyɛ wɔ yɛn ntease mu bere ne bere mu no, ɛno rensakra agyede nsiesiei a adom wom ne Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne daa nkwa no.”

Nokwarem no, yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so! Nnipa na etumi di mfomso. Enti, nokware Kristofo bɛkɔ so atie Yesu ahyɛde no atwɛn. Wɔbɛkɔ so awɛn na wɔama wɔn ani ada hɔ ama ba a Kristo bɛba sɛ Onyankopɔn Brafo no. Wɔremma kwan mma atoro nkɔmhyɛ ahorow mma wɔn adwene nyɛ tebɔɔ, na wɔammu wɔn ani angu wiase awiei ho kɔkɔbɔ a ɛyɛ nokware no so.

Ɛnde, gyidi a ɛne sɛ saa wiase yi bɛba awiei no nso ɛ? Adanse bi wɔ hɔ ankasa a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛba nnansa yi ara, wɔ wo nkwa nna mu?

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no nkratafa 138-41.

[Kratafa 19 mfonini]

Wɔkaa Babilon asehwe ho nsɛm pɔtee bi siei

[Kratafa 21 mfonini]

Ná Yesu ntumi nyɛ nhyehyɛe mma ne ho nkɔmhyɛ ahorow pii nnya mmamu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena