Baabi a Sika Tra Nnua So
YƐMFA no sɛ nnua tumi sow sika, na wowɔ saa dua no bi. Afei fa no sɛ wo dua no si wuram kwan bi a da biara nnipa pii fa so nkyɛn. Wususuw sɛ sika no bɛtra dua no so bere tenten bɛn?
Sɛ w’afipamfo nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a, anka obiara mfa ne nsa nka wo sika dua no. Dɛn nti na yɛka saa? Efisɛ Yehowa Adansefo di Bible ahyɛde a ese wɔmfa nokwaredi nyɛ ade wɔ nneɛma nyinaa mu no so. (Hebrifo 13:18) Asɛm bi a esii nnansa yi ara kyerɛkyerɛ eyi mu.
Wɔ Nigeria, Afrika Atɔe Fam no, obi kohuu sika naira anum wɔ kwan bi a ɛne Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no dan a ɛbɛn hɔ no ntam kwan yɛ mita 91 so. Ɔde kube dua bi a ɛbɛn hɔ nhaban kyekyeree, susuwii sɛ ebia nea ne sika ayera no bɛsan abɛhwehwɛ.
Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo bebree a wotwaam hɔ da biara no huu sika no pefee de, nanso obiara amfa. Nna pii akyi no, woyi de kɔtoo Asafo ti no ntoboa adaka mu.