Amanaman Mu Aduaba a Ɛyɛ Dɛ
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ MEXICO HƆ
GYAMA Christopher Columbus ne ne nkurɔfo ne Europafo a wodi kan a wɔkaa bi hwɛe bere a wɔkɔhwehwɛɛ West Indies wɔ afe 1493 mu no. Wɔde bi kɔmaa Spain hene no, na ɛyɛɛ ɔno nso dɛ. Po so hyɛn mu adwumayɛfo de bi kɔɔ Amerika mmaa nyinaa, na wɔde bi kɔɔ Philippine Nsupɔw no so kɔduae wɔ afe 1548 mu.
Akyiri yi, bɛyɛ afe 1555 no, wɔde saa aduaba a ɛyɛ dɛ yi bi kɔɔ France. Eduu 1700 mfe no mu no, na wɔde ka Europa ahene binom aduan ho dedaw di yi akɔnnɔ sɛ aduaba a ɛsom bo. Nkurɔfo behui araa ma saa bere no, ɛtrɛw kɔɔ Europa mmeae a aka ne Asia ne Afrika. Mprempren, mmeae a wodua no titiriw ne Brazil, Hawaii, Mexico, Philippines, Thailand, ne aman foforo a ɛhɔ tebea no ne asase no ye ma no.
Enti bere a wɔde akyinkyin bɛyɛ mfeha anum akyi no, adu mmeae a ɛne Amerika a ɛhɔ na efi no ntam kwan ware. Wunim aduaba a yɛreka ho asɛm yi? Ɛno ne aborɔbɛ a ɛyɛ dɛ no.
Na wɔfrɛ no matzatli wɔ Mexico, ananá wɔ Caribbean hɔ, ne nana wɔ Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam. Ɛte sɛ nea Spainfo na wɔfrɛɛ no piña esiane sɛ ɛte sɛ pine dua no aduaba (aba) nti. Ɛnnɛ wɔfrɛ no piña anaa ananás wɔ Spania kasa mu, na wɔfrɛ no aborɔbɛ wɔ Twi kasa mu. Ɛmfa ho edin a wɔde frɛ no no, wɔn a wɔadi bi pɛn no gye tom sɛ ɛyɛ dɛ.
Aborɔbɛ ne Ne Dua
Aborɔbɛ te dɛn? Ɛyɛ kurukuruwa, na ɛwɔ dua no mfinimfini. Aduaba no hono yɛ den, na nhaban nketenkete pii a ɛnyɛ den papa tuatua atifi. Aborɔbɛ dua no ankasa wɔ nhaban atenten a ɛte sɛ nkrante wɔ ho a ani kyerɛ mmeae pii bere a ɛrenyin no. Dua no tumi nyin kɔ soro kodu sɛntimita 60 kosi 90, na aduaba no mu duru tumi yɛ kilogram 2 kosi 4.
Sɛ ennya nyinii a, ɛte sɛ pine dua no aba, na ne kɔla kɔ so yɛ afasebiri. Sɛ enyin a, ɛho yɛ ahabammono, na sɛ ɛbere a, ɛho taa yɛ akokɔsrade anaa kɔkɔɔ. Sɛ aduaba no bere a, enya pampan huahuam bi—ohuam ne akɔnnɔduan.
Ɔkwan Bɛn na Wɔfa so Dua?
Ɔkwan bɛn na wɔfa so dua aborɔbɛ? Nea edi kan koraa, ehia asase te sɛ nea ɛwɔ mmeae a wonya osu ne awia pɛpɛɛpɛ no—nea anhwea ne asase mu mmoawammoawa wom pii, nea emu yɛ yerɛdɛdɛ a nnuru nnim kɛse, na nsu wom pii. Afei nso ɛho hia sɛ wodua nnubaa nketenkete a efifi wɔ aduaba no ase hɔ, a sɛ wotwa aduaba no a, ɛka dua no mu no, biako. Anaasɛ wobetumi atwa aborɔbɛ no ankasa ti adua. Nanso, ebegye ntoboase ansa na obi atumi anya aduaba no adi, efisɛ edi boro afe ansa na anyin ma wɔatwa.
Antonio a wayɛ aborɔbɛfuw mu adwuma bɛboro mfe 25 ni, kyerɛkyerɛ ɔkwan bi a wɔfa so mu: “Ɛho hia sɛ wɔde carbide kakraa bi gu dua no mfinimfini ansa na aduaba no afi ase anyin. Wɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atwa aborɔbɛ no nyinaa wɔ bere koro mu, efisɛ sɛ wogyae ma n’ankasa nyin a, ebi benyin agya bi, na ama ne twa ayɛ den.”
Sɛ aborɔbɛ no nyin na ennya mmeree a, ɛsɛ sɛ wɔkata so na owia ankisa no. Wɔde krataa anaa dua no ara nhaban kata so. Sɛ bere a ɛsɛ sɛ edi no sõ a, wobu aborɔbɛ no. Sensen ho na twitwa no nketenkete di! Nanso hwɛ yiye. Sɛ wudi aduaba no mfinimfini a, ebetumi ama wo tɛkrɛma so ayɛ wo hene. Ɛno nti na ebinom di aduan no nkutoo na wɔtow ne mfinimfini no gu no.
Sɛ wopɛ aborɔbɛ a ɛyɛ dɛ na nsu pii wom adi a, mma sɛnea ɛho te no nnnaadaa wo. Antonio de biako kyerɛ yɛn kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ebinom gyina so paw aborɔbɛ ne sɛnea ɛho te, sɛ́ ɛyɛ ahabammono anaa ɛyɛ akokɔsrade no. Nanso sɛ ne hono yɛ ahabammono mpo a, aduaba no betumi ayɛ nea abere. Ɛsɛ sɛ wode wo nsateaa bɔ mu hwɛ. Sɛ egyigye te sɛ nea tokuru da mu anaa hwee nnim a, n’aduan no bɛyɛ fitaa ne foyoo. Nanso sɛ nnyigyei no da no adi sɛ ɛyɛ dofoo te sɛ nea nsu gyina mu a, ɛnde wubetumi adi—ɛyɛ dɛ na nsu pii wom.” Saa aduaba yi gu ahorow pii, nanso nea wonnim no kɛse ne nea wɔfrɛ no Cayenne (Cayena) a ɛho toromtorɔm no.
Ɛyɛ Dɛ Ankasa
Aduaba no nsu anaa n’aduan a wɔatwitwa no nketenkete a ɛyɛ dɛ no da nkyɛn a, wubetumi anom ne nsu nkutoo a wɔde agu kankyee mu wɔ aman bi mu. Afei nso aduan mu nneɛma te sɛ setaakye, aduan mu nneɛma a srade nnim, ne ahoɔdennuru, titiriw A ne C, wɔ aborɔbɛ mu.
Wɔ Mexico no, wubetumi anya anonne dɛdɛ bi a wɔde aborɔbɛ hono na ɛyɛ anom. Sɛ wopɛ sɛ w’ankasa woyɛ bi a, fa ne hono no gu gyiraase sɛn mu fa nsu ne asikre gu mu si hɔ nnanu anaa nnansa. Sɛ ɛkaw a, wubetumi ahwie anom sɛ anonne a ɛyɛ nwini a wɔde asukyenee agu mu. Ɛyɛ anonne a ɛma ahoɔden paa a ɛyɛ dɛ a wɔfrɛ no tepache, na akyi yɛ nwene. Wobɛpɛ sɛ wonom kuruwa biako? Wɔ Philippines no, wodua aborɔbɛ de pɛ hama a ɛwɔ ne nhaban no mu. Wɔde yɛ tam hanahana fitaa bi a ɛnhoa pii na ɛyɛ fɛ yiye. Wɔde yɛ nnuku, mpopaho, abɔso, ntade a wɔhyɛ wɔ soro, ne mmofra ne mmeae ntade.
Mfehaha kakra a atwam ni no, wɔatɔn aborɔbɛ wɔ aman pii a wonnua bi wɔ hɔ. Wɔn a ɛyɛ wɔn dɛ no wɔ anidaso sɛ ɛbɛkɔ so akyinkyin wiase afanan nyinaa ama adesamma ani agye.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]
Atifi: Aborɔbɛ. Century Dictionary