Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 11/8 kr. 22-23
  • Nea Wobɛyɛ Atumi Atra Ase Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Wobɛyɛ Atumi Atra Ase Daa
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Atirimpɔw
  • Ɔkwan a Wobɛfa So Atra Ase Daa
  • So Yebetumi Anya Daa Nkwa Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Asetra a Enni Awiei Nyɛ Adaeso Ara Kwa
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Asetra Wɔ Atirimpɔw Kɛse Bi
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 11/8 kr. 22-23

Nea Wobɛyɛ Atumi Atra Ase Daa

ESIANE sɛ ɛda adi pefee sɛ ɔdesani nipadua betumi atra nkwa mu akyɛ asen mfe a nnipa di nnɛ nti, ebinom de wɔn ho to nyansahu so sɛ wobetumi ahu nea yebetumi ayɛ atra ase daa. Oduruyɛfo Alvin Silverstein kyerɛwee sɛ: “Bere a yenya nipadua mu nnuru ne sɛnea ɛbom di dwuma ho nimdeɛ a edi mu kɛse no, yebehu sɛnea nkwa te ankasa. Yɛbɛte . . . sɛnea onipa nyin no ase.”

Dɛn na ebefi mu aba? Silverstein kae sɛ: “Ɛde nnipa abakɔsɛm mu tebea foforo bɛba. Yɛrennya ‘nkwakoraa ne mmerewa’ bio, efisɛ nimdeɛ a ɛbɛma wɔatumi adi owu so no bɛma nnipa ayɛ mmerante ne mmabaa daa.”

Nnipa na wɔbɛyɛ eyi anaa? Bible hyɛ nyansa sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:3, 4) Sɛnea yɛahu no, nnipa ntumi nhuu sintɔ a yenya fi awo mu a ɛde mpanyinyɛ ne owu ba no mpo na kampɛsɛ wɔasiesie. Yɛn Bɔfo no nkutoo na obetumi ayɛ saa.

Nanso, ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ampa sɛ nnipa bɛtra ase daa wɔ asase so?

Onyankopɔn Atirimpɔw

Ɛhe na Yehowa Nyankopɔn de nnipa baanu a wodi kan no toe sɛ wɔntra? Ɛyɛ asase so paradise bi mu. Na ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ “monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Genesis 1:28) Yiw, na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ bere bi akyi no, nnipa trenee abusua a wɔbom te wɔ asomdwoe ne anigye mu bɛtra asase so baabiara.—Yesaia 45:18.

Ɛwom sɛ wobuu Adam atɛn kɔɔ owu mu esiane n’asoɔden nti de, nanso Onyankopɔn mfiase atirimpɔw a ɛne sɛ nnipa bɛtra ase daa wɔ Paradise asase so no ansesa. (Genesis 3:17-19) Onyankopɔn ka sɛ: “Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.” (Yesaia 46:11; 55:11) Onyankopɔn kyerɛe sɛ n’atirimpɔw ma asase no nsesae bere a ɔkaa eyi no: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

Sɛ yɛn Bɔfo no, Onyankopɔn betumi asiesie sintɔ a ɛma nnipa nyinyin na wowuwu no. Dɛn so na obegyina ayɛ saa? Esiane sɛ yenyaa saa sintɔ no fii onipa a odi kan, Adam, hɔ nti, Onyankopɔn de ne Ba, Yesu Kristo desani nkwa a ɛyɛ pɛ no ama sɛ agyede afɔre, “na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa kwa.”—Yohane 3:16; Mateo 20:28.

Enti ɔkwan bi so no, Yesu Kristo besi Adam a odi kan no ananmu sɛ yɛn agya, anaa nkwamafo. Ɛno nti na Bible mu no, wɔfrɛ Yesu “Adam a odi akyiri no.” (1 Korintofo 15:45) Enti sɛ anka wɔde owu afobu bɛba wɔn so sɛ ɔbɔnefo Adam mma no, wobetumi abu nnipa asoɔmmerɛfo sɛ wɔfata sɛ wonya daa nkwa sɛ wɔn “Daa-agya,” Yesu Kristo, mma.—Yesaia 9:6.

Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn ne “mmeresanten hene” ne “yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya.” (1 Timoteo 1:17; Adiyisɛm 15:3; Kolosefo 1:3) Nanso ma a wɔde Yesu Kristo ama sɛ yɛn “Daa-agya” ne “agyenkwa” akyi no, ɔsan yɛ “Asomdwoe-hene.” (Luka 2:11) Sɛ́ n’Agya nanmusifo no, Kristo bedi hene de asomdwoe aba asase so.—Dwom 72:1-8; 110:1, 2; Hebrifo 1:3, 4.

Wɔ Yesu Kristo nniso ase no, asase so Paradise a ɛyerae no bɛsan aba. Yesu kae sɛ “awofoforo no mu no, da a onipa ba no bɛtra n’anuonyam ahengua so no” na eyi bɛbam. (Mateo 19:28) Kristo akyidifo anokwafo—a wɔn nyinaa yɛ 144,000—ne no bɛbom adi Paradise asase no so hene. (2 Timoteo 2:11, 12; Adiyisɛm 5:10; 14:1, 3) Nnipa ɔpepem pii benya saa trenee nniso no so mfaso denam Paradise asase a wobenya so. Ɔdebɔneyɛfo a ɔne Yesu wui a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛka me ho Paradise hɔ” no nso benya mu kyɛfa.—Luka 23:43.

Enti, wobenyan awufo a wɔnteɛ mpo na wobenya hokwan a ɛbɛma wɔafata ama daa nkwa wɔ asase so. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Bible no ka ɔyare, mpanyinyɛ, ne owu a wobeyi afi hɔ ho asɛm dɛdɛɛdɛ sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Ɔkwan a Wobɛfa So Atra Ase Daa

Akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ woka wɔn a wobenya asase no adi na wɔatra so daa no ho. Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wudu Paradise asetra a enni awiei ho ahwehwɛde ahorow no ho. Bere a Yesu Kristo rebɔ ne soro Agya mpae no, ɔbɔɔ ahwehwɛde titiriw bi din: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woanya saa nimdeɛ a ɛma nkwa yi. Nea ehia ara ne sɛ wobɛfrɛ wɔn, wɔbɛba abɛsra wo wɔ bere a ɛfata mu ne wo abɛbɔ sɛnea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma adesamma akɔ honhom ne honam fam pɛyɛ mu no ho nkɔmmɔ a wonnye hwee. Nya ahotoso sɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ ade nyinaa so tumi no betumi asiesie sintɔ a wɔde awo yɛn a ɛde mpanyinyɛ ne owu ba no koraa. Ɛbere no reba, na abɛn, a asetra renyɛ tiawa saa bio. Yehowa behyira ne nkurɔfo ama wɔn ‘nkwa de akosi daa.’—Dwom 133:3.

[Kratafa 22 mfonini]

Wobedi mpanyinyɛ ne owu so nkonim wɔ Kristo nniso no ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena