Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 11/8 kr. 10-12
  • Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ahu Nneɛma a Ɛyɛ Fɛ a Atwa Yɛn Ho Ahyia No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ahu Nneɛma a Ɛyɛ Fɛ a Atwa Yɛn Ho Ahyia No
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Ɛma Ade Bi Yɛ Fɛ a Yebehu
  • Nketewa ne Akɛse a Yebehu
  • Mmarima a Wosuaa sɛ Wobehu
  • Odwumfo a Wɔabu Ani Agu Ne So Sen Biara Wɔ Yɛn Bere Yi Mu
    Nyan!—1995
  • Sɛ Wuhu Kɔla Biara a, Wote Nka Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Dɛn Ne Adwinni?
    Nyan!—1995
  • Ahoɔfɛ Betumi Ayɛ Honam Ani De Ara Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 11/8 kr. 10-12

Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ahu Nneɛma a Ɛyɛ Fɛ a Atwa Yɛn Ho Ahyia No

“Wɔ kasa ahorow nyinaa mu no, nsɛm a edi kan a yɛka no mu biako ne sɛ ‘ma menhwɛ!’”—William White, Jr.

ABOFRA ketewa a ɔrehwɛ afofantɔ a ɔrebɔ ne ntaban mu, awarefo a wɔn mfe akɔ anim a wɔrehwɛ owiatɔ a ɛyɛ fɛ, ɔyere a ɔrehwɛ nhwiren a wahyehyɛ—wɔn nyinaa de wɔn adwene resi ade bi fɛ a ɛyɛ so bere tiaa bi.

Esiane sɛ yehu Onyankopɔn abɔde fɛ a ɛyɛ wɔ baabiara nti, ɛho nhia sɛ yetu kwan kilomita ɔhaha pii kɔhwɛ. Ebia nneɛma bi a ɛkanyan ehu wɔ akyirikyiri de, nanso sɛ wohwehwɛ adwinni a ɛyɛ fɛ wɔ mo mpɔtam hɔ a,—ne titiriw no, sɛ wunim sɛnea wosi hwehwɛ a—wubetumi anya bi.

Wɔtaa ka sɛ “biribi fɛ a ɛyɛ no gyina nea ɔrehwɛ no so.” Ɛwom sɛ ade bi yɛ fɛ de, nanso ɛnyɛ obiara na obehu. Ebia ɛho mfonini a wɔayɛ anaa wɔatwa no na ɛbɛma yɛakyerɛ ho anigye na yɛahwɛ. Nokwarem no, mfoniniyɛfo pii gye di sɛ nea wɔatumi ayɛ no gyina sɛnea wotumi hu sɛnea biribi te so kɛse sen ne mfonini a wɔayɛ. Nhoma, The Painter’s Eye, a Maurice Grosser yɛe no kyerɛkyerɛ mu sɛ “mfoniniyɛfo no de n’ani na ɛyɛ mfonini, na ɛnyɛ ne nsa. Biribiara a ohu no, sɛ ɔhwɛ no yiye a, obetumi ayɛ. . . . Dekode no a obehu no yiye no ne ade a ehia.”

Sɛ́ ebia yɛyɛ mfoniniyɛfo anaa yɛnyɛ bi no, yebetumi asua sɛ yebehu biribi yiye, na yɛahu nneɛma a ɛyɛ fɛ a atwa yɛn ho ahyia no. Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ yɛde adwene foforo pue kɔhwɛ nneɛma.

Ɛdefa eyi ho no, John Barrett, a ɔyɛ adebɔ ho abakɔsɛm kyerɛwfo no si mfaso a ɛwɔ biribi a obi de ne ho hyem so no so dua. Ɔka sɛ: “Biribiara nni hɔ a etumi si hu a obi ankasa behu mmoa a wɔte ase ne afifide wɔ baabi a ɛwɔ no, ɔde ne nsa bɛka, ɔbɛte wɔn ho hua, na watie wɔn no ananmu. Ma ade no fɛ nkanyan wo kɛse . . . Baabiara a obi wɔ no, onni kan nhwɛ ade, n’ani nnye ho na ɔnhwɛ no bio.”

Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ? Yebetumi afi ase denam nneɛma titiriw anan a ɛma ade bi yɛ fɛ a yebesua sɛ yebehu so. Ɛkame ayɛ sɛ yebetumi ahu saa nneɛma yi wɔ Yehowa abɔde biara mu. Bere dodow a yɛtaa gyina hwɛ no, bere dodow no ara na yɛn ani begye n’adwinni ho.

Nneɛma a Ɛma Ade Bi Yɛ Fɛ a Yebehu

Suban ne Tebea. Yɛte wiase bi a nneɛma a egu ahorow pii wom mu. Ebi yɛ kyerebenn te sɛ mpampuro akuwakuw anaa kurukuruwa te sɛ ananse ntontan, na afoforo nni su pɔtẽẽ bi te sɛ mununkum a ɛsesã bere nyinaa. Sɛnea nneɛma pii suban te no ma ɛyɛ fɛ, sɛ ebia ɛyɛ orchid nhwiren a ɛyɛ fɛ, mpoano nworaa, anaa dua bi a n’ahaban apo mpo.

Sɛ wɔsan yɛ ade koro no ara a, ɛma enya yɛbea bi a sɛ wohwɛ a ɛyɛ fɛ nso. Sɛ nhwɛso no, susuw nnua kuw bi a ɛwɔ kwae mu ho. Sɛnea ɛte no—ɛsono emu biara, nanso ɛsesɛ—ma nkurɔfo ani gye ho. Nanso wubehu sɛnea ɛte a, ɛsɛ sɛ wunya hann.

Hann. Hann hyerɛn ma nneɛma a yehu sɛ ɛyɛ fɛ no su yɛ soronko. Ɛma emu nneɛma titiriw da adi pefee, n’afã ahorow nya kɔla, na enya su bi. Ɛda mu dɔn ko ne afe no mu mmere, wim tebea ne baabi a yɛte mpo ma hann sakra. Hann kakraa bi a efi omununkum mu no sunsuma ma yɛkyerɛ nhwiren anaa otwabere mu nhaban ho anisɔ, na sɛ owia a ɛrepue anaa ɛrekɔtɔ no hann tɔ abotan ne mmepɔw so a yehu sɛnea ɛte yiye. Asase no Kusuu Fam awɔw bere mu owia a ano nyɛ den no ma baabi a mmoa didi yɛ fɛ yiye. Wɔ ɔkwan foforo so no, owia a ɛhyerɛn yiye wɔ baabi a osu tɔ na owia bɔ kɛse no ma wɔn a wɔdɔ asukɔ hu sɛ ɛpo a emu nnɔ no ase yɛ fɛ.

Nanso aka ade titiriw bi.

Kɔla. Ɛma nneɛma ahorow a yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia no yɛ fɛ. Bere a ebia ne tebea no ma emu biara yɛ soronko no, ne kɔla no ma soronko a ɛyɛ no da adi yiye. Afei nso, kɔla a anya wɔ akwan a edi nsɛ so no ma emu biara yɛ fɛ. Ebia ɛyɛ kɔla a ɛhyerɛn te sɛ ade kɔkɔɔ anaa akokɔsrade a ɛtwe yɛn adwene, anaa kɔla a ɛnhyerɛn te sɛ bruu anaa ahabammono.

Susuw afifide ketewa bi nhwiren a ne kɔla yɛ akokɔsrade a esi petee mu wɔ kwae mu ho. Hann hyerɛn gu nhwiren a ne kɔla yɛ akokɔsrade no so, na ɛyɛ te sɛ nea ɛhyerɛn wɔ anɔpa mframa mu, bere a ne dua a ɛho aduru sum a anɔpa awia no ntumi nhyerɛn nnu ho no ma akyi yɛ kusuu sɛnea ɛfata. Afei, yɛanya mfonini. Nea ehia sɛ yɛyɛ nyinaa ne sɛ “yɛde bɛhyɛ ahwehwɛ mu,” baabi a ne hyehyɛ ba asɛm no mu no.

Ne Hyehyɛ. Ɔkwan a nneɛma atitiriw abiɛsa—suban, hann, ne kɔla—ka bom no na ɛkyerɛ sɛnea yɛbɛhyehyɛ no. Na wɔ ha yi, yɛn a yɛhwɛ no wɔ dwuma titiriw bi di. Sɛ yetu yɛn anammɔn kakraa bi kɔ yɛn anim, yɛn akyi, ne nkyɛn mu, kɔ soro anaa fam a, yebetumi asakra nneɛma anaa hann a ɛwɔ yɛn mfonini no mu. Enti, yebetumi ama mfonini no anya nneɛma a yɛpɛ no nkutoo.

Mpɛn pii no, yehu biribi a ɛyɛ fɛ a nnua anaa afifide atwa ho ahyia a, yetwa no mfonini prɛko pɛ wɔ yɛn adwenem. Nanso ebia mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ a esusua no mu pii wɔ fam.

Nketewa ne Akɛse a Yebehu

Wɔ Onyankopɔn nsa ano adwuma mu no, nneɛma nketewa ne akɛse nyinaa yɛ fɛ, na sɛ yehu ɛho nsɛm pii a ɛde anigye ba no a, yɛn anigye bɛyɛ kɛse. Ɛyɛ abɔde mu nneɛma nketewaa ho mfonini. Sɛ yɛbɛkyerɛ ho anisɔ a, nea ehia sɛ yɛyɛ nyinaa ne sɛ yɛbɛbɔ yɛn mu ase ahwɛ no yiye.

Mfoninitwafo John Shaw kaa mfonini ahorow a ɛwɔ mfonini mu yi ho asɛm wɔ ne nhoma Closeups in Nature mu sɛ: “Ennyae me nwonwa yɛ da sɛ bere nyinaa abɔde mu nneɛma a mehwɛ no yiye no san ma mehwɛ no yiye bio. . . . Nea edi kan no, yehu ho nsɛm pii, ne afei kɔla soronko bi wɔ mfonini no fã bi. Sɛ yɛhwɛ no yiye a, yehu nhwiren, na yehu afofantɔ wɔ nhwiren biako so. Yehu nsensanee soronko bi wɔ ne ntaban ho, na ne ntaban mu nneɛma a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no na ɛyɛ nsensanee no, na emu biara di mũ. Sɛ yebetumi ate nneɛma a edi mũ a ɛka bom yɛ afofantɔ ntaban no ase yiye a, anka yebetumi afi ase ate pɛ a adebɔ mu adwinni yɛ no ase.”

Wɔ yɛ a abɔde mu adwinni—akɛse ne nketewa nyinaa—yɛ fɛ ne anigye a ɛma yenya akyi no, ebetumi atwe yɛn abɛn yɛn Bɔfo no yiye. Yehowa hyɛɛ nkuran sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro.” Sɛ́ yɛbɛhwɛ ɔsoro nsoromma anaa Onyankopɔn abɔde foforo biara no, sɛ yegyina hwɛ no yiye na yesusuw ho a, ɛkae yɛn Oniiko a “ɔbɔɔ eyinom.”—Yesaia 40:26.

Mmarima a Wosuaa sɛ Wobehu

Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase Bible mmere mu no nyaa anigye titiriw bi wɔ abɔde ho. Sɛnea 1 Ahene 4:30, 33 kyerɛ no, “Na Salomo nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa . . . Ɔkasae nnua ho fi kyeneduru a ɛwɔ Lebanon so kosii adwerɛ a efifi ɔfasu mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho asɛm.”

Ebia abɔde anuonyam ho anigye a Salomo nyae no fã bi fi ne papa nhwɛso a ɔyɛe no. Dawid a ɔde ne mmofrabere mu mfe pii som sɛ oguanhwɛfo no susuw Onyankopɔn nsa ano adwuma ho mpɛn pii. Ɔsoro fɛ a ɛyɛ no kanyan no kɛse. Ɔkyerɛwee wɔ Dwom 19:1 sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” (Fa toto Dwom 139:14 ho.) Ɛda adi sɛ, sɛnea adebɔ te a ohui no twee no bɛn Onyankopɔn yiye. Ebetumi ayɛ saa ara ama yɛn.a

Sɛnea na mmarima a wosuro Onyankopɔn yi nim no, Onyankopɔn nsa ano adwuma a yebehu na yɛakyerɛ ho anisɔ no kanyan yɛn honhom na ɛma yɛn asetra tu mpɔn. Wɔ yɛn nnɛ wiase a anigyede a aporɔw, a mpɛn pii no, yentumi mfa yɛn ho nhyɛ mu ahyɛ mu ma yi mu no, Yehowa abɔde a yebehu no betumi ama yɛne yɛn mmusua anya adwuma pa. Wɔ wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no fam no, ɛyɛ biribi a yebetumi anya mu anigye daakye.—Yesaia 35:1, 2.

Sɛ yɛanhu adwinni a atwa yɛn ho ahyia no nko, na mmom yehu Odwumfo Kɛse a ɔyɛɛ ne nyinaa no su nso a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛka yɛn ma yɛaka Dawid nsɛm no bi: ‘Obiara nte sɛ wo, O Yehowa, na biribiara nte sɛ wo nnwuma.’—Dwom 86:8.

[Ase hɔ nsɛm]

a Bible akyerɛwfo foforo te sɛ Agur ne Yeremia nso de ɔpɛ a emu yɛ den suaa abɔde ho ade.—Mmebusɛm 30:24-28; Yeremia 8:7.

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Suban ne tebea, hann, kɔla, ne ne hyehyɛ ho nhwɛso ahorow

[Asɛm Fibea]

Godo-Foto

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena