Buronya—Ne Fibea
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ
AKA nnansa pɛ ma 1993 Buronya adu so no, Pope John Paul II gye toom sɛ Buronyadi nni nnyinaso wɔ Bible no mu. Ɛdefa ɛda December 25 ho no, pope no gye toom sɛ: “Edu saa da no wɔ tete abosonsomfo mu a, na wodi ‘Owia a Biribiara Ntumi Nni So’ no awoda ma ɛne sum a ɛba ntɛm awɔw bere no hyia.” Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na Buronya fii ase? Pope no toaa so sɛ: “Na ɛte sɛnea ntease wom na efi awosu mu ma Kristofo sɛ wɔde nokware Owia koro pɛ, Yesu Kristo, afahyɛ no besi saa afahyɛ no ananmu.”
“Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a,” sɛnea sɛnkyerɛwfo Nello Ajello kyerɛw wɔ La Repubblica mu no, “obi na ɔnam ne nsusuwii hunu so bɔɔ ne tirim de da a wɔwoo Yesu a ɛnyɛ nokware no sii hɔ.” Bere bɛn na saa bɔsrɛmka yi bae? Amanneɛbɔ bi a efi Vatican kae sɛ: “Bere a edi kan a wodii Buronya afahyɛ no ne 354 [Y.B.].”
Na January 6, Epiphany da, no nso a wɔde kae bere a Magifo no de kɔsraa Yesu a wɔawo no foforo no nso ɛ? Amanneɛbɔ no toa so sɛ: “Adanse ahorow boa yɛn ma yetumi hu sɛ, te sɛ December 25 a ɛyɛ Romafo dapɔnna a wɔpawee sɛ wɔmfa nni Yesu awoda no, January 6 yɛ nea abosonsom afahyɛ na ɛde bae. Nokwarem no, wɔ Alexandria no, anadwo a ɛda January 5 ne 6 ntam no, na abosonsomfo de di onyame Aeon (ɛbere ne mfe santen nyame) no awoda. . . . Ɛte sɛnea Asɔre no pɛe sɛ wɔdan saa afahyɛ yi yɛ no Kristofo de.”
Yesu anhyɛ n’asuafo no da sɛ wɔnka nokware som ne abosonsom amanne ahorow mmɔ mu. Mmom no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛkyerɛ “nea mahyɛ mo nyinaa.” (Mateo 28:19, 20, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Bio nso, bere a ne bere so nyamesom akwankyerɛfo baa ne nkyɛn no, Yesu bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so?” (Mateo 15:3) Wobetumi abisa wɔn a wose wɔyɛ Kristofo a wɔkora abosonsom amanne so nnɛ no asɛm koro no ara ma afata.