Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 1/8 kr. 30-31
  • So Maria Yɛ “Onyankopɔn Na”?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Maria Yɛ “Onyankopɔn Na”?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Maria—Nea Onyankopɔn “Adom no Kɛse”
  • ‘Som Wɔ Ɔkwan a Ɛfata sɛ Mmadwemma Fa so Som So’
  • Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Som Ɔbɔadeɛ No Na Ɛnyɛ Abɔde No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 1/8 kr. 30-31

Bible No Adwene

So Maria Yɛ “Onyankopɔn Na”?

“YƐHWEHWƐ AHOBAMMƆ WƆ WO DOM ASE, OO ONYANKOPƆN NA; MPOW YƐN NKOTƆSRƐ A EHIA NO NA MMOM GYE YƐN FI DAA ƆSƐE MU, OO WO A WO NKO NA WƆAHYIRA WO NO.”

MPAEBƆ a ɛte sɛɛ da mmarima ne mmea mpempem pii a wɔsom Maria, Yesu Kristo ne na, nkate adi tiawa. Wɔ wɔn ani so no, ɔyɛ ɛna yamyefo bi a obetumi adi wɔn asɛm ama wɔn wɔ Onyankopɔn anim na wɔ ɔkwan bi so no, ɔma ɔsakra atemmu a ɔde ba wɔn so no mu.

Nanso, so Maria yɛ “Onyankopɔn Na” ampa?

Maria—Nea Onyankopɔn “Adom no Kɛse”

Akyinnye biara nni ho sɛ na Maria yɛ nea “wɔadom no sen biara”—wɔadom no yiye, nokwarem no, sen ɔbea foforo biara a watra ase pɛn. (Luka 1:28, The Jerusalem Bible) Ɔbɔfo Gabriel yii ne ho adi kyerɛɛ no na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea obenya ɔdom afa no mu. Ɔkae sɛ: “Tie! wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba.” Na ɛbɛyɛ dɛn na anwonwade yi atumi asi? Gabriel toaa so sɛ: “Honhom Kronkron bɛba wo so, . . . na Ɔsorosoroni no ahoɔden de ne sunsuma bɛkata wo so. Enti abofra no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.”—Luka 1:31, 32, 35, JB.

“Maria se: ‘Awurade afenaa ne me; ma nea woaka no nyɛ hɔ mma me.”’ (Luka 1:38, JB) Enti Maria fi ahobrɛase mu gyee saa ɔsoro akwankyerɛ yi toom na bere bi akyi no, ɔwoo Yesu.

Nanso, wɔ mfehaha pii a edi hɔ no mu no, n’asomfo maa no so fi yɛ a ɔyɛ “Awurade afenaa” a ɔba fam no maa no dibea a ɛne “ɔhemmaa” a ɔwɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ ɔsoro. Asɔre akannifo kae ankasa sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn Na” wɔ Efeso Bagua ase wɔ 431 Y.B. mu. Dɛn na ɛde saa nsakrae yi bae? Pope John Paul II kyerɛkyerɛ ade biako a enti ɛbaa saa no mu sɛ: “Ɔsom ankasa a wɔde ma Onyankopɔn Na . . . no gyina Baasakoro Kronkron no Ahintasɛm no so pintinn.”—Crossing the Threshold of Hope.

Enti Maria a wogye no tom sɛ “Onyankopɔn Na” no gyina Baasakoro mu gyidi so. Nanso Baasakoro no yɛ Bible nkyerɛkyerɛ?a Yɛsrɛ wo, hwehwɛ nea ɔsomafo Petro kyerɛwee wɔ Bible mu no mu. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ “atoro akyerɛkyerɛfo . . . bewiawia wɔn ho de atoro nkyerɛkyerɛ a asiane wom abɛhyɛ mu, [na] wɔabɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn atosɛm no apɛ mo nso mo ho mfaso.” (2 Petro 2:1, 3, The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips yɛe) Saa atoro nkyerɛkyerɛ no biako ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no. Bere a wogyee eyi toom pɛ no, adwene a ɛne sɛ na Maria yɛ “Onyankopɔn Na” (Hela: Theotokos, a asekyerɛ ne “nea ɔwo-Onyankopɔn”) no bɛyɛɛ nea ntease wom kɛse. Wɔ ne nhoma The Virgin mu no, Geoffrey Ashe ka sɛ “sɛ na Kristo yɛ Onyankopɔn, Baasakoro no mu Nipa a Ɔto so Abien” sɛnea Baasakorofo susuw no a, “ɛnde na ne na wɔ bere a na ɔwɔ ɔdesani tebeam no ne Onyankopɔn Na.”

Sɛ na Yesu yɛ “Onyankopɔn ankasa koraa” sɛnea Catechism of the Catholic Church foforo kyerɛ no a, ɛnde na wobetumi afrɛ Maria “Onyankopɔn Na” ma afata. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛka sɛ na ɛyɛ den ma tete Baasakorofo pii sɛ wobegye saa nkyerɛkyerɛ yi atom bere a wodii kan de too gua no—sɛnea Protestant Baasakorofo yɛ nnɛ ara pɛ no. Wɔfrɛ no “ɔsom mu abirabɔsɛm, ‘nea ɔsoro antumi ankora no wɔkoraa no wɔ n’awotwaa mu.’” (The Virgin)—Fa toto 1 Ahene 8:27 ho.

Nanso ɛyɛ nokware sɛ Yesu Kristo yɛ “Onyankopɔn ankasa koraa”? Dabi, wanka saa da. Mmom no, ogye toom bere nyinaa sɛ ɔba fam sen n’Agya.—Hwɛ Mateo 26:39; Marko 13:32; Yohane 14:28; 1 Korintofo 15:27, 28.

‘Som Wɔ Ɔkwan a Ɛfata sɛ Mmadwemma Fa so Som So’

Nanso, Bible no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa wɔn adwene tumi nni dwuma wɔ ɔsom mu. Wɔnka nkyerɛ yɛn sɛ yennye biribiara a wose ɛyɛ ahintasɛm no nni ntɛm ara kwa. Mmom no, ɔsomafo Paulo se, ɛsɛ sɛ ‘yɛsom wɔ ɔkwan a ɛfata sɛ mmadwemma fa so som so.’—Romafo 12:1, JB.

Anne a wɔtetee no sɛ Katolekni no ka sɛ: “Wɔanhyɛ yɛn nkuran da sɛ yensusuw ho. Yɛannye ho akyinnye da. Yegye dii ara kwa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn, ma enti Maria yɛ ‘Onyankopɔn Na’—na ɛyɛ ade a ɛyɛ nwonwa sen biara!” Kae sɛ Catechism of the Catholic Church no ka sɛ “anyame Nkabom” no mu biara yɛ “Onyankopɔn ankasa koraa.” Ɛka sɛ wonni anyame baasa a ɛsono obiara. Ɛnde so ɛsɛ sɛ yegye di sɛ bere a nkwammoa a ɛwɔ Maria awotwaa mu no mu kɔɔ so kyekyɛe no, na “Onyankopɔn ankasa koraa” no wɔ mogyatɔw a, wɔ ɔsram a edi kan wɔ ne nyinsɛn no mu no, ne tenten annu nsateakwaa biako nkyekyem anan mu biako a na ɛwɔ ani ne aso a afei na na ɛrenyin no?

Ma ɛntra w’adwene mu sɛ, ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ wɔbɛfrɛ ne ba no “Ɔsorosoroni no Ba” ne “Onyankopɔn Ba” na ɛnyɛ “Onyame Ɔba.” Nokwarem no sɛ na Yesu ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ a, dɛn nti na ɔbɔfo Gabriel amfa asɛnkoro a Baasakorofo de di dwuma nnɛ no anni dwuma—“Onyame Ɔba”? Gabriel amfa saa asɛm no anni dwuma efisɛ nkyerɛkyerɛ no nni Bible no mu.

Ɛyɛ nokware sɛ, yɛnte Onyankopɔn nnwuma nyinaa ase. Nanso Kyerɛwnsɛm no a yɛte ase yiye no boa yɛn ma yegye di sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, nkwa nyinaa Bɔfo no, wɔ tumi sɛ ɔfa anwonwakwan so yi ne Dɔba, Yesu Kristo, nkwa de bɛhyɛ Maria awotwaa mu na afei ɔbɔ ho ban ma enyin denam N’adeyɛ tumi anaa honhom kronkron no so, kosii sɛ Maria bɛyɛɛ Yesu—Onyankopɔn Ba no na.

Yiw, wohyiraa Maria pii sɛ nea ɔbɛyɛɛ Kristo no na. Ɛnyɛ animtiaabu mma Maria sɛ obegye atom sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ—a n’ankasa ahobrɛase ho kyerɛwtohɔ ka ho—bɔ abodin a wɔde ma no sɛ “Onyankopɔn Na” no gu.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛsrɛ wo hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]

Museo del Prado, Madrid

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena