Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 2/8 kr. 14-17
  • Hwɛ Yiye Asubɔnten Aniwa’ Ho!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yiye Asubɔnten Aniwa’ Ho!
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Asubɔnten Aniwa’ a Edi Awu
  • Afɛfɛde Ama Wɔretɔre Wɔn Ase
  • Ɔbɔmmɔfo no So a Wɔkora
  • Wɔagu Atetesɛm Bi a Wɔakura Mu Akyɛ
  • Ɔnyɛ Atirimɔdenne ne Basabasa Bere Nyinaa
  • Dɛnkyɛm a Wubehu no Yiye
    Nyan!—1995
  • Dɛnkyɛm Apantan
    Nyan!—2015
  • Bible a Yesua Wɔ Mmoa Yɛmmea!
    Nyan!—1996
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2015
Nyan!—1996
g96 2/8 kr. 14-17

Hwɛ Yiye Asubɔnten Aniwa’ Ho!

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ AUSTRALIA HƆ

NA OBI a ɔredi akwamma a odi abaninsɛm rehare ne korow brɛoo wɔ East Alligator Asubɔnten no abɔmma bi so wɔ baabi a asuasu wɔ na ɛhɔ yɛ anika a ɛwɔ Australia Northern Territory, Kakadu National Park no. Mpofirim ara, ade bi a osusuwii sɛ ɛyɛ duasin bi a ɛtɛn nsu ani a entumi mfa ɔhaw biara mma no fii ase pempem ne korow no. Na ɛyɛ nsu a nkyene wom mu dɛnkyɛm a ne ho yɛ hu, na na nsrahwɛfo no adu n’atrae ankasa wɔ afe no mu bere a ne ho yɛ hu paa mu.

Ɔde ahopopo hare kɔɔ nnua bi mu. Bere a otuu ne nan sii nnubaa no mu nea edi kan no so no, ɔdɛnkyɛm no fii nsu no mu twee no baa fam buu no faa so mprɛnsa. Bere biara a ɔdɛnkyɛm no soo baabi foforo no, ɔbea no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛforo asukɔn no a ɛhɔ yɛ atɛkyɛ no. Ne mmɔdenbɔ a ɛto so abiɛsa mu no, otumi foroo asukɔn no, twee ne ho ase kilomita 2 kosii sɛ ɛhɔ hwɛfo bi tee ahoyeraw a ɔde reteɛm hwehwɛ mmoa no. Ɛmfa ho sɛ ɔbea no pirapiraa kɛse no, onyaa ne ti didii mu.

Afe 1985 mu na anka asiane kɛse yi reyɛ asi. Mfe abien akyi no, ankɔ yiye amma Amerikani nsrahwɛfo bi. Wantie ne mfɛfo kɔkɔbɔ, na ɔkoguaree Prince Regent Asubɔnten a ɛwɔ Australia Atɔe Fam, a adɛnkyɛm wom no mu. Nsu a nkyene wom mu dɛnkyɛm bi to hyɛɛ ne so kum no. Amanneɛbɔ a wɔde mae sɛ na adɛnkyɛm mma wɔ nsu no mu no kyerɛe sɛ ebetumi aba sɛ na ɔdɛnkyɛm bere bi wom rebɔ ne mma ho ban.

‘Asubɔnten Aniwa’ a Edi Awu

Ade a ɔpofoni a oyi nsunam wɔ abɔe hu wɔ ɔsram a apae no mu ara ne wosow a akoekoeboa bi a osi nsu a ani hyɛnn no so ma ani wosow no. Ɛno mpo no, ɔpofoni a ɔwɔ Australia kusuu fam akyirikyiri tɔnn no yɛ ahwɛyiye bere nyinaa wɔ ade a onhu—‘asubɔnten aniwa’—no ho. Sɛ obue ne kanea no kɛse a, dɛnkyɛm aniwa a ɛtɛ nsu ani no bɛsɔ gya kɔɔ. Wabɛhyɛn teteni bi a ɔkyere mmoa we atrae.

Australia adɛnkyɛm a wɔwɔ nsu a nkyene wom mu, a ebi wowɔ mmeae foforo nso no, yɛ wiase adɛnkyɛm ahorow 12 no mu akɛse paa a wɔn ho yɛ hu sen biara no mu biako. Otumi nyin ma ne tenten du mita 7. Wɔn a wɔn ani nni wɔn ho so no nhu aniwa a wɔadwom no no ntɛm na ama wɔatumi aguan to a ɔtow hyɛ wɔn so na obu wɔn fa so wɔ nsu mu atirimɔden so no. Wɔatow ahyɛ mmoa akɛse te sɛ ɛkoɔ, anantwi, ne mpɔnkɔ so bere a wɔkokum sukɔm wɔ nsunoa no.

Afɛfɛde Ama Wɔretɔre Wɔn Ase

Atetesɛm a ɛne sɛ dɛnkyɛm su nyaatwom su wɔ obi a wadi no awu ho no aba nnɛyi asetram nsɛm mu wɔ asɛm a wɔka no sɛ “ɔdɛnkyɛm su” ho. Nanso nnipa nsu ɔdɛnkyɛm ahe biara. Mmom no, wɔakum aboa a ɔwea fam a ɔpɛ nsu yi atirimɔden so de ahwehwɛ ne nhoma anaa ne were.

Mpɛn pii na wɔde dɛnkyɛm nhoma ayeyɛ aguade a nkurɔfo nni ho agoru de akyerɛ wɔ guasodeyɛ ase de ahoahoa wɔn ho, efisɛ ebinom bu nsu a nkyene wom mu dɛnkyɛm nhoma sɛ aboa nhoma a eye sen biara wɔ wiase no biako—nea ɛgow na ɛkyɛ sen biara. Nnansa yi wɔtɔn mmea bag bi wɔ London de gyee $15,000. Wɔda so ara bu dɛnkyɛm nhoma sɛ asikafo ade wɔ wiase mmeae pii.

Mfaso akɛse ho nnaadaa ama wɔretɔre nsu a nkyene wom mu dɛnkyɛm ase wɔ Australia. Afe 1945 ne 1971 ntam no, wokunkum mmoa a wɔwea fam yi bɛyɛ 113,000 wɔ Northern Territory nkutoo. Wosiw dɛnkyɛm kum ano wɔ 1970 mfiase, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔantɔre wɔn ase, na nea afi mu aba ne sɛ ebeduu 1986 no, na wɔn dodow adɔɔso wɔ wuram. Enti ɔdɛnkyɛm nni wɔn ase a ɛbɛtɔre ho asiane mu bio wɔ Australia, ɛwom sɛ ebinom ka sɛ n’atrae ho aba asɛm de.

Ɔbɔmmɔfo no So a Wɔkora

Mfehaha pii mu no, Australia Aboriginefo koraa adɛnkyɛm so, sɛ́ na wonim anaasɛ wonnim. Bere a na mmusuakuw no bi nim adɛnkyɛm kum no, esiane ɔsom mu ntease horow bi nti, mmusuakuw foforo baraa wɔn kum.

Wɔ nnansa yi mfe mu no, dɛnkyɛm yɛn ne ɛho nkyerɛkyerɛ so dua a wɔasi ama wɔakora adɛnkyɛm so. Seesei nsrahwɛfo pii kɔ dɛnkyɛm ayɛmmea kɔhwɛ, na ama wɔanya wɔn so mfaso wɔ sika fam, na hwɛ a wɔhwɛ ma wɔbobɔ mma no ama wotumi de dɛnkyɛm nhoma ne ne nam di dwuma, bere a wɔmma dodow a ɛwɔ wuram no so ntew.

Australia dɛnkyɛm yɛnfo bi a wonim no yiye gye di sɛ nneɛma a nnipa ani gye ho, na wɔte ase nkutoo na wɔkora so, na wɔma wɔn baabi tra na wonya ho bere. Ɔkae sɛ: “Enti adɛnkyɛm nnya asetra pa ho anidaso papa biara. Nanso mfaso a ɛwɔ wɔn so wɔ wɔn atrae no te sɛ afɛfɛde no mu biara.”

Dɛnkyɛm yɛmmea nsrahwɛ yɛ anigye, bere a obi bɛn mmoa a wɔwea fam a wɔn nhoma kɔla te sɛ atɛkyɛ no pɛɛ hwɛ wɔn—wɔ nnadeban akyi—no. Ayɛmmea hɔ adwumayɛfo de akokoduru si adɛnkyɛm no buw mu, frɛ wɔn ma wodi agoru, na wɔma wɔn akokɔ a onwui ne mogyanam foforo. Nanso, nnansa yi ayɛmmea hɔ odwumayɛni bi nyaa osuahu bi a ɛyɛ yaw sɛ ɛnsɛ sɛ wodi dɛnkyɛm ho agoru da. Aboa a ɔwea fam no to hyɛɛ no so mpofirim tuu ne nsa benkum koraa!

Nanso, dɛnkyɛm a wadi asram 12 mu so yɛ anika ankasa, na ɛyɛ anigye yiye. Ne yafunu so nhoma gow yiye, bere a n’akyi yɛ nnompe nnompe a wɔfrɛ no abona a ɛka bom ma onya ahoɔden wɔ nsu mu. Afei ntease wom sɛ wɔn nhoma wɔ bo saa. Nanso hwɛ yiye wɔ ne “ba kumaa” yi ho. Dɛnkyɛm ba a wadi asram 12 mpo a wɔakyekyere n’apantan denneennen ho yɛ den sen sɛnea ɔte no.

Adɛnkyɛm mma a wɔmmobɔe no gye wɔn a wɔhwɛ no ani bere a wɔpow wɔ wɔn nkesua no mu na wɔde wɔn se a ɛnkyɛ na atu a ɛwɔ wɔn ano ketewa no ano pɛɛ no pae na wofi adi mpofirim no. Nnipa dodow no ara gye tom sɛ ebia saa bere yi nkutoo na dɛnkyɛm ho yɛ fɛ ankasa!

Wɔagu Atetesɛm Bi a Wɔakura Mu Akyɛ

Mmoa a wɔwea fam yi a wɔn ho yɛ hu no nneyɛe a wɔhwɛ no yiye bere a wɔrenyin wɔ adɛnkyɛm ayɛmmea no aboa ma wɔagu atetesɛm bi a wɔakura mu akyɛ. Mfe pii no, na wosusuw sɛ dɛnkyɛm de boasetɔ tiw aboa bi a ɔpɛ sɛ ɔkyere no no nna dodow bi, anaa adapɛn mpo, ansa na ɔde ahoɔhare kɛse ato ahyɛ no so mpofirim. Nanso, nneɛma bi a wɔahu nnansa yi ada no adi sɛ adɛnkyɛm ani yɛ den wɔ wɔn atrae wɔ bere a wɔforo wɔn ho no, osutɔ bere mu. Sɛ nea dɛnkyɛm betumi akyere no kɔ n’atrae saa bere yi mu a, ɔbɛtaa no so anuɔden so, bere a afe no mu bere foforo mu de, ebetumi aba sɛ ɔdɛnkyɛm no bɛhwɛ aboa koro no ara kɛkɛ wɔ akyirikyiri a onni ne ho anigye biara na ɔremmɛn no koraa.

Sɛ wohu adɛnkyɛm wɔ ahomegyebea horow nnɛ a, abɔmmɔfo a wɔatete wɔn wɔ adɛnkyɛm ho dwumadi mu no yi wɔn fi hɔ kogu baabi foforo. Nyansakwan a wɔfa so no fã bi ne sɛ wɔde hama so n’apantan a ɛwɔ fam a ɛsensɛn hɔ no mu, ma so, na wɔkyekyere n’apantan soro ne fam no bom ahoɔhare so. Eyi mma dɛnkyɛm no ntumi mfa n’apantan nyɛ hwee, efisɛ bere a n’apantan a ɛwɔ fam no mu ntini a ɔde ka tom no mu yɛ den yiye no, ntini a ɔde bue no nyɛ den. Nanso, sɛ ɔbɔmmɔfo no anhwɛ yiye a, ɔdɛnkyɛm no betumi de ne dua a emu yɛ den no abɔ no ahwe fam ntɛm.

Ɔnyɛ Atirimɔdenne ne Basabasa Bere Nyinaa

Apantan koro no ara a etumi pira kɛse no tumi ma ade so brɛoo nso. Sɛ adɛnkyɛm mma a wɔrebobɔ no ntumi nkeka wɔn ho yiye mpae mfi wɔn nkesua no mu a, dɛnkyɛm maame no piapia nkesua no brɛoo, de kanyan ne mma no ma wɔkeka wɔn ho.

Sɛnea wɔahyehyɛ dɛnkyɛm sẽ no ma otumi de so ade mu sen sɛ ebetwitwa biribi mu. Sɛ ɔkyere aboa a osua a, ɔmene ne mũ no nyinaa. Sɛ ɛnte saa a, ɔtetew mu asinasin na wamemene. Wohu abo wɔ mmoa a wɔwea fam yi yafunu mu bere a wowu na wɔyɛ wɔn mu nhwehwɛmu no. Sɛ́ wɔhyɛ da na wɔmemene anaasɛ ɛnte saa no, wogye di sɛ saa abo yi boa wɔn ma wɔkari pɛ.

Nsrahwɛfo taa hu adɛnkyɛm wɔ asukɔn so a wɔabuebue wɔn apantan akɛse no mu pantann. Ebia nnipa dodow no ara besusuw sɛ eyi a wɔyɛ no yɛ ntua ho sɛnkyerɛnne. Nea ɛne no bɔ abira no, apantan a obue mu no ma no tumi sakra ɔhyew ne onwini a ɛwɔ ne mu ma ɛne ewim tebea hyia. Te sɛ mmoa a wɔwea fam nyinaa no, adɛnkyɛm sakra wɔn mu hyew ne onwini bere nyinaa.

Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛwom sɛ ɔdɛnkyɛm yɛ aboa a ɔwea fam de, nanso ɔwɔ koma a ntokuru anan wɔ mu te sɛ nufuboa de ara pɛ. Nanso, sɛ ɔdɛnkyɛm dɔ asukɔ a, nsakrae bi ba, ma koma no yɛ adwuma te sɛ nea ntokuru abiɛsa na ɛwɔ mu.

Nsu a nkyene wom mu dɛnkyɛm ano a ɛyɛ feaa ne ɛsẽ a esisi n’apantan a ɛwɔ fam no so a wohu bere a waka n’apantan asi so no na ɛma ɔda nsow wɔ ɔdɛnkyɛmmirampɔn ho. Wotumi hu adɛnkyɛm ankasa wɔ Afrika, baabi a adɛnkyɛm ntiatiaa wɔ, de fa India kosi Asia kɔ Papua New Guinea. Wɔwɔ kesee fam akyirikyiri te sɛ Australia, na wɔpɛ mpoano a asoprɔpɔ wɔ, ne baabi a ɛhɔ yɛ asuasu wɔ nhimahobea, efisɛ wɔyɛ wɔn buw wɔ nsu ano pɛɛ. Ɔhaw a ɛwɔ eyi ho ne sɛ mpɛn pii na nsu yiri fa adɛnkyɛm nkesua pii. Esiane mmoa a wotumi kyere wɔn we te sɛ adɛnkyɛm a wɔanyin, nsunam bi a wɔfrɛ no barramundi, ne asukɔnkɔn nti, adɛnkyɛm mma mu ɔha biara mu 50 pɛ na wɔtra nkwa mu wɔn afe a edi kan mu.

Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔbobɔ adɛnkyɛm mma a wɔwɔ wɔn ankasa aduan a wodi. Wodi kɔkorɔbɔtɔ bi a ɛwɔ wɔn mu wɔ adapɛn kakra a edi kan wɔ wɔn asetram no mu. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ wɔn maame nya de n’ano fa wɔn brɛoo kɔ nsu ano pɛ a, wofi ase de wɔn ano sosɔ biribiara a wotumi du ho.

Dɛn nti na asɛm ‘asubɔnten aniwa’ no yɛ nea ɛfata? Efisɛ ne mma mpo, sɛ kanea hann tɔ wɔn ani so anadwo a ɛsɔ gya kɔɔ. Ade a ɛhyerɛn bi wɔ n’ani ase a ɛma ohu ade yiye anadwo, na ɛno na ɛma kɔkɔɔ no hyerɛn kɛse.

Yiw, dɛnkyɛm yɛ aboa a ɔwea fam a ne ho yɛ anika—nanso ɛsɛ sɛ yɛma kwan a ɛsɛ da yɛne ne ntam bere nyinaa. Na sɛnea ɔpofoni biara nim no yiye no, wontumi nnwudwo lewiatan ɔkwan biara so.

Hiob anwensɛm no ka dɛnkyɛm ho asɛm sɛ “Lewiatan” ma ɛfata sɛ: “So wubetumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn [lewiatan, Twi Bible Dedaw] darewa ano, na wode hama akyere ne tɛkrɛma anaa? So wode kaa bɛhyɛ ne hwenem, na wode akɔtɔkorɔ ahwirew n’afono mu? So ɔbɛkotɔ asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo? So ɔne wo bɛpam apam, sɛ fa no yɛ akoa daa? So wo ne no begoru sɛ anomaa, na woasa no ama wo mmabaa anaa? So apofofo asafo besi no kosow, na wɔakyɛ no mu abatafo mu? So wode mpeaw bɛhyɛ ne were mu ma, na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim? Fa wo nsa ka no, na hwɛ ɔko no, na worenyɛ bio!”—Hiob 41:1-8.

Asɛm a nyansa wom a wɔde bɔ nea n’ani nna ne ho so ne ɔsɛmpɛfo kɔkɔ ni: Hwɛ yiye ‘asubɔnten aniwa’—ɔkatakyie no, ɔdɛnkyɛm a ne ho yɛ hu no ho!

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 14]

Australian International Public Relations na wɔmaa ho kwan

[Kratafa 15 mfonini]

Sɛ kanea hann tɔ nsu ani anadwo a, ɔdɛnkyɛm ‘asubɔnten aniwa’ sɔ gya

[Asɛm Fibea]

Koorana Crocodile Farm, Rockhampton, Queensland, Australia, na wɔmaa ho kwan

[Kratafa 16 mfonini ahorow]

Benkum so: Dɛnkyɛm ba fi kesua mu pue mpofirim

[Asɛm Fibea]

Koorana Crocodile Farm, Rockhampton, Queensland, Australia, na wɔmaa ho kwan

Adaka mu: Dɛnkyɛm a wanyin a ɔreto awia wɔ Mary Asubɔnten asukɔn so atɛkyɛ mu

[Asɛm Fibea]

Australian International Public Relations na wɔmaa ho kwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena