Wubetumi Anya Onyankopɔn mu Ahotoso
WUBETUMI anya Onyankopɔn ne n’Asɛm, Bible, no mu ahotoso koraa. Bere a ɔbarima bi a na wadi boro mfe 100 de ne ho too Onyankopɔn so wɔ ne nkwa nna nyinaa mu akyi no, ɔde ntease a enti onyaa ne mu ahotoso a edi so yi mae: Ɔkae sɛ: “Hwɛ, me de, ɛnnɛ merekɔ asase sofo nyinaa kwan; na munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a Awurade mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—Yosua 23:14.
Saa ɔbarima yi a wɔfrɛ no Yosua, a na ɔyɛ tete Israel kannifo no huu sɛnea wotumi de ho nyinaa to Onyankopɔn ne n’Asɛm so koraa. Biribiara a Onyankopɔn de hyɛɛ Israel bɔ no baam. Sɛ wunya Ɔbɔadeɛ no ne n’Asɛm ho nimdeɛ pii a, wubetumi anya ne mu ahotoso saa ara. Akyiri yi, Onyankopɔn somfo, Ɔhene Dawid, kae wɔ saa kwan yi so sɛ: “Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, Awurade [Yehowa, NW].”—Dwom 9:10.
Onyankopɔn Renni Wo Huammɔ
Dodow a ‘wuhu Onyankopɔn din’ ne nea saa din no kyerɛ—n’atirimpɔw, dwumadi, ne ne su horow—no, dodow no ara na wubenya ne mu ahotoso. Ɔyɛ Adamfo a wotumi de ho to no so a ɔrenni wo huammɔ anaa obedi n’asɛm so. Na mma wɔn a wose wɔyɛ n’ananmusifo na afei wɔdaadaa afoforo no nyaatwomyɛ no mmmu w’aba mu. Bible ka sɛ yɛrentumi nnya nnipa a wɔte saa mu ahotoso. Nyamesom mu nyaatwomfo ka asɛm bi nanso wɔyɛ nea ɛne no bɔ abira. Sɛnea ɔsomafo Petro bɔɔ kɔkɔ no, wɔpɛ wɔn nguankuw no ho mfaso. Petro kyerɛwee sɛ: “Na wɔn nti wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne. Na wɔnam anibere so de nsisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso.”—2 Petro 2:2, 3.
Nnipa a wɔte saa no nyɛ Onyankopɔn ananmusifo. Wogu n’Asɛm ho fĩ. Dɛn nti na w’ankasa wonyɛ Onyankopɔn ankasa kyerɛwtohɔ ne adanse a wɔada no adi wɔ Bible mu no mu nhwehwɛmu? ‘Nanso,’ ebia wubebisa sɛ, ‘dɛn nti na ɛsɛ sɛ minya Bible no mu ahotoso sen nhoma foforo biara?’ Ɛyɛ nokware sɛ nsisi pii akɔ so wɔ nyamesom mu wɔ abakɔsɛm nyinaa mu de, nanso Bible no yɛ soronko. Susuw ntease ahorow a edidi so yi a enti ɛsɛ sɛ wunya Bible mu ahotoso ho.
Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wunya Bible no mu Ahotoso
Wubetumi anya Bible no mu ahotoso efisɛ ne bɔhyɛ ne ne nkɔmhyɛ ahorow nya mmamu bere nyinaa. Nhwɛso biako pɛ ni. Ɛwom sɛ na ɛte sɛ nea ɛrentumi mma mu mma Israelfo a wɔwɔ nnommumfa mu no de, nanso na Yehowa Nyankopɔn, a ɔkyerɛw Bible no, ahyɛ bɔ sɛ obegye wɔn afi Babilon a na ɛwɔ tumi no nnommumfa mu na wasan de wɔn aba Yerusalem. Ná ɛte sɛ nea ɛyɛ anidaso hunu efisɛ na Babilon ne tumi a edi wiase nyinaa so saa bere no na na asɛe Yerusalem pasaa. Nanso na Yehowa adi kan mpo abɔ Persia sodifo Kores din bɛyɛ mfe ahaanu sɛ ɔno na obetu Babilon agu na wagyae Ne nkurɔfo na ɔhyɛɛ sɛnea asubɔnten a ɛbɔ Babilon ho ban no remmoa wɔn ho nkɔm. Wubetumi akenkan kyerɛwtohɔ no wɔ Yesaia 44:24–45:4.
Reasoning From the Scriptures nhoma no kyerɛkyerɛ sɛnea nkɔmhyɛ no nyaa mmamu mu sɛ: “Bere a wɔkyerɛw nkɔmhyɛ no, na wɔnwoo Kores. . . . Nkɔmhyɛ no fii ase nyaa mmamu koraa wɔ 539 A.Y.B. mu. Kores dan Asubɔnten Eufrate koguu ɔtare bi mu, na esiane anibiannaso nti, wɔantoto asu no apon a ɛwɔ Babilon no mu bere a wɔreto pon wɔ kurow no mu no, na Mediafo ne Persiafo a na wɔwɔ Kores ase no dii Babilon so nkonim. Ɛno akyi no, Kores gyaee Yudafo a wɔyɛ nnommum no ma wɔsan kɔɔ Yerusalem, na ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ wɔnsan nkosi Yehowa asɔrefie no.”a Bɔhyɛ biara a Onyankopɔn de ama te sɛ eyi, ne nkɔmhyɛ biara a ɛwɔ Bible mu no abam pɛpɛɛpɛ.
Nkɔmhyɛ a anya mmamu ho nhwɛso foforo ne nokwasɛm ankasa a ɛne sɛ ahotoso abrɛ ase wɔ yɛn afeha yi mu no. Bible no ka siei sɛ eyi bɛhyɛ bere a yɛte mu yi agyirae, efisɛ ɛfrɛ bere a Wiase Ko I a 1914 mu na efii ase no sɛ “nna a edi akyiri” na ɛka sɛ ɛde “mmere a emu yɛ den bɛba.” Ɛkae sɛ wɔ yɛn bere yi mu no, nnipa bɛyɛ “ahopɛfo, . . . ahohoahoafo, ahantanfo, . . . bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, . . . afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman.” Na ɛsan hyɛɛ nkɔm sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” (2 Timoteo 3:1-4, 13) Saa pɛpɛɛpɛ na yɛahu wɔ yɛn bere yi mu.
Wubetumi anya Bible no mu ahotoso efisɛ ɛyɛ nokware turodoo. Obiara nnyee kyim wɔ nokware a Bible no yɛ ho nnii nkonim da. Nyansahufo a wagye din Owura Isaac Newton kae sɛ: “Mihu nokwasɛm pii wɔ Bible mu sen wiase abakɔsɛm biara mu.” Nnaadaasɛm biara nnim te sɛ Hitler “nhoma” a ɛwɔ hɔ no! Na sɛ wɔde Bible no toto tete nhoma afoforo ho a, ɛte dɛn? The Bible From the Beginning ka sɛ: “Wɔ tete MSS. [nsaano nkyerɛwee] dodow bi a ɛkyerɛ sɛ nhoma bi yɛ nokware mu, ne mfe dodow a ɛda bere a wɔde kyerɛw nea edi kan no ne MSS. a edi ho adanse ntam no, wɔahu sɛ Bible no yɛ nokware sen tete nhoma biara a [Homer, Plato, ne afoforo] akyerɛw. . . . Ne nyinaa mu no, sɛ wɔde MSS. nhoma ahorow no toto Bible nsaano nkyerɛwee no ho a, na ɛnnɔɔso koraa. Tete nhoma biara nni hɔ a wɔadi ho adanse kɛse sɛ Bible.” Biribiara a ɛfa Bible ho no kyerɛ sɛ ɛyɛ nokware turodoo.
Wubetumi anya Bible no mu ahotoso efisɛ ne nsɛm nyinaa yɛ nokware turodoo. Bible ka sɛ Onyankopɔn “na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni.” (Hiob 26:7) Sɛ́ anka Bible no bɛfoa nkyerɛkyerɛ a egyina adwenhunu so a na abu so saa bere no so, te sɛ nea ɛka sɛ asase no da asono so no, ɛkaa nea wɔagye atom sɛ nyansahu mu nokwasɛm fi saa bere no—sɛ asase “sɛn” ahunmu. Nea ɛka ɛno ho no, bɛboro mfe mpem abien ansa na Columbus reba no, Bible kaa no pefee sɛ asase no yɛ kontonkron.—Yesaia 40:22.
Wubetumi anya Bible no mu ahotoso esiane ne nokwaredi nti. Bible akyerɛwfo no anni atoro wɔ biribiara mu. Sɛ na asɛm bi a wɔbɛka da wɔn ankasa, wɔn mfɛfo, ne wɔn sodifo mfomso adi mpo a, wofi nokwaredi mu kaa nokwasɛm no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mateo asɛmpa no mu no, ɔkaa pefee sɛ ɛtɔ mmere bi a, na Yesu Kristo asomafo no nna gyidi adi, wɔperee dibea ho, na wogyaw Yesu guanee bere a wɔkyeree no no.—Mateo 17:18-20; 20:20-28; 26:56.
Ntease a ɛda nsow biako nti a ɛsɛ sɛ yenya Bible no mu ahotoso ne sɛ Bible afotu ada adi bere nyinaa sɛ wotumi de di dwuma na mfaso baa so bere biara a nkurɔfo nyaa mu ahotoso na wɔde dii dwuma no. (Mmebusɛm 2:1-9) Bible afotu ne afotu a “abenfo” de ma sɛ wɔmfa nni asetram haw ho dwuma, a mpɛn pii no ɛsakrasakra no, bɔ abira koraa. Ɛdefa nsɛnkyerɛwfo a wɔde afotu a ɛtete saa ma wɔ ɔman atesɛm krataa pii mu ho no, The Sunday Times a wɔyɛ no London no bisa sɛ: “So afe biara, nnipa mpempem pii ka wɔn komam asɛm kyerɛ saa nnipa a wɔwɔ ɔdom akyɛde a wonni osuahu a wɔde afotu ma ara kwa no?” Bere a Bible akyerɛwfo no rekyerɛw wɔn nsɛm no, wɔankyerɛw nsɛm biara kɛkɛ. Wɔkyerɛw afotu a wotumi de ho to so a efi Onyankopɔn honhom mu a ayɛ nokware wɔ bere no mu no.—2 Timoteo 3:16, 17.
Ellen a mprempren ɔwɔ ne mfe 30 mu na ɔde anigye aware no ka sɛ: “Bible afotu bɔɔ me ho ban fii biribi a anka ebetumi asɛe m’asetra ho. M’awofo a na wɔagyae aware no annya aware nhyehyɛe no mu gyidi ahe biara, na wɔhyɛɛ me nkuran ankasa sɛ me ne obi ntwe mpena mmom sen sɛ mɛware. Sɛ misusuw asomdwoe a Bible nnyinasosɛm a midii akyi no ama manya wɔ asetram ho a, ɛyɛ me anigye sɛ mede me ho too Bible no so sen m’ankasa awofo afotu mpo so.”—Hwɛ Efesofo 5:22-31; Hebrifo 13:4.
Florence ka sɛ: “Mifii ase suaa nea Bible ka faa nneɛma ho no, na madi mfe 14. Sɛ ɛnnɛ, mibu kɔmpɔ kɔ 1960 mfe no mu kosusuw m’atipɛnfo ne ɔhaw a wɔde baa wɔn ho so denam saa bere no mu su ne abrabɔ a wodii akyi no ho a, m’ani sɔ ahobammɔ a Bible afotu ma minyae bere a meyɛ ababaa a na minni suahu no kɛse.”—Hwɛ 1 Korintofo 6:9-11.
James ka sɛ: “Wɔ me fam no, mede me ho hyɛɛ kyakyatow, sigaret ne asanom mu.” Ɔtoa so sɛ: “Minim ɔhaw a eyi de aba nnipa pii ne wɔ mmusua so. Mfiase no, mantumi anhu sɛ Bible no betumi adi me haw ahorow ho dwuma. Nanso mprempren mihu sɛnea esiesiee me nsusuwii na ɛboaa me ma mikuraa asetra a ɛma minya akwahosan kɛse mu no pefee.”—Hwɛ 2 Korintofo 7:1.
Mary Anne bɔɔ ne tirim sɛ obedi ne ho dɔm esiane asetra mu nhyɛso ne nkate mu nsɛnnennen ne nsɛm tebea a ɔhaw wom a ohyia nti. Ɔka sɛ: “Ná me ho dɔm a medi no ne ɔkwan koro pɛ a mɛfa so adi me haw ho dwuma saa bere no. Nanso Bible no siesiee me nsusuwii. Nea mekenkan wɔ Bible no mu nkutoo nti na manni me ho dɔm.”—Hwɛ Filipifo 4:4-8.
Dɛn na ɛboaa saa nnipa yi nyinaa? Wonyaa Onyankopɔn ne n’Asɛm, Bible, mu ahotoso koraa. Onyankopɔn bɛyɛɛ sɛ wɔn adamfo bi a wɔwɔ ne mu ahotoso a otuu wɔn fo wɔ ahokyere bere mu. (Fa toto Yesaia 30:21 ho.) Wosuaa Bible nnyinasosɛm a ɛboaa wɔn ma wogyinaa asetra mu nhyɛso ne ɔhaw ahorow ano. Na wosuaa sɛ wɔde wɔn ho bɛto bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye—te sɛ bɔhyɛ a ɛfa “asase foforo” fɛfɛ a nnaadaa, atorodi, ne nsisi, awerɛhow, ɔyare, ne owu mpo nnim ho—a efi Onyankopɔn a ontumi nni atoro hɔ no so!—2 Petro 3:13; Dwom 37:11, 29; Adiyisɛm 21:4, 5.
Wubetumi anya saa ahotoso no bi. Ɛnnɛ wiase no betumi ama w’ahotoso no ayɛ ɔkwa, nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ne n’Asɛm mu ahotoso a wowɔ no renyɛ ɔkwa da. Wɔn a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi ani begye ho sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama obi aboa wo ma woahu Onyankopɔn ne n’Asɛm, Bible no, yiye.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wɔyɛe.
[Kratafa 8 mfonini]
Onyankopɔn diyifo dii kan hyɛɛ nkɔm mfe 200 de kyerɛɛ sɛnea wobetu Babilon agu
[Kratafa 9 mfonini]
Owura Isaac Newton hui sɛ yebetumi de yɛn ho ato Bible no so