Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 5/8 kr. 22-24
  • Tawa a Wodi—So Edi Awu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tawa a Wodi—So Edi Awu?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dawurubɔ no Ho Dwuma a Wodi
  • Asɛmmɔne No
  • Ɛka Obi Hɔ!
  • Yɛ Onyansafo
  • Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma
    Nyan!—1995
  • Nea Enti a Nkurɔfo Nom Sigaret, Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔnom
    Nyan!—1986
  • Tawa Ne Nhwehwɛmu
    Nyan!—1991
  • Hu Nea Wobɛfa Mu Ne Nea Wobɛyɛ
    Nyan!—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 5/8 kr. 22-24

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Tawa a Wodi—So Edi Awu?

‘BERE a Cord a wadi mfe 13 tu kɔtraa United States mfinimfini fam atɔe no, ohui ntɛm ara sɛ ɔrehwere adwinnade bi a mmarimaa a wɔwɔ wɔn sukuu afe a ɛto so awotwe de di dwuma bi: asratoa, tawa bi a wodi. Na ne nnamfo foforo no mu fa kɛse no ara yɛ ‘wɔn a wɔde wɔn nsa bɔ mu,’ anaasɛ wɔn a wodi asra, na Cord pɛe sɛ ɔne wɔn bɔ. Enti bere a mmarimaa no mu biako maa no asra adakawa bi no, ogyei, na ɔne obi a wadi bi akyɛ de asra no bi hyɛɛ wɔn sẽ.’—Listen nsɛmma nhoma.

Ɛnyɛ abofra Cord nkutoo na ɔyɛ saa. Ɔbenfo Christopher A. Squier a ɔyɛ anom nyarewa ho ɔbenfo ka sɛ mmarimaa a wɔdɔɔso a wɔadu wɔn mpanyin mfe so redi bi nea edi kan. Ɛwom sɛ na tawadi so retew wɔ 1980 mfe no awiei de, nanso Ɔbenfo Squier ka sɛ “asra a emu fɔw no di renya nkɔanim bio.”a Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmufo bɔ amanneɛ sɛ, ntoaso sukuufo mmarima a wɔwɔ United States 5 biara mu 1 ne mmarimaa a wɔwɔ Sweden 3 biara mu 1—mmofra ɔpepem pii—na wɔredi tawa seesei. Dɛn nti na eyi rekɔ so?

“Enni awu sɛ sigaretnom.” “Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ asiane wom.” “Me nnamfo de di dwuma. Empiraa wɔn.” “Nkakrankakra a medi no rempira me.” “Enkum obiara da.” Sɛnea Amerika Kokoram Fekuw no kyerɛ no, eyinom ne ntease bi a mmofra taa de ma de kyerɛ nea enti a wɔredan akɔ tawadi so no.

Dɛn na ama mmofra susuw sɛ asiane nni asradi mu te sɛ sigaretnom no? So saa na ɛte ankasa?

Dawurubɔ no Ho Dwuma a Wodi

Nnwumakuw a wɔyɛ tawa ho adwuma de mfe pii abɔ dawuru akyerɛ mmofra sɛ asiane nni tawadi mu te sɛ kyingam ara pɛ, na ɛyɛ ade a wontumi nkwati te sɛ mpaboa papa a wɔde di agoru. Dawurubɔ te sɛ “Di tawa mmom sen sɛ wobɛnom sigaret,” “Minya tawa mu anigye ankasa bere a mensɔ ano gya,” ne “Nea ehia ara ne sɛ wode wo nsateaa bɛbɔ mu” no yɛ anifere kwan so nsɛm a wɔka de kyerɛ sɛ ɛkyɛn so.

Bere a wɔbaraa TV ne radio so dawurubɔ a ɛtete saa wɔ United States no, nnwuma a ɛyɛ tawa ho adwuma no nam nsɛmma nhoma mu dawurubɔ so kɔɔ so daa wɔn nsɛm no adi. Atipɛnfo akantinka a wɔayɛ wɔn mfonini fɛfɛɛfɛ a wɔde anigye reyɛ ha, reforo abotan, na wɔtete abonto mu redi nsu a ɛrebu fa so ani aforosian—a tawa nnaka hyehyɛ wɔn ntade fam akyi kotoku mu—ka no pefee sɛ: “Tawa a wodi yɛ dɛ, asɛm nni ho, na ɛma obi yɛ ɔbarima!”

U.S. oprehyɛnyɛ panyin de amanneɛbɔ too gua wɔ 1994 mu a na asɛmti ne Preventing Tobacco Use Among Young People (Tawa a Mmofra De Di Dwuma Ano a Wobesiw) ka sɛ mmofra bebree gye di seesei sɛ “asɛm biara nni tawadi mu, na wogye tom wɔ asetra mu.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ ntoaso sukuufo mu daa no adi sɛ “na ntoaso sukuufo nkumaa mu ɔha biara mu 60 ne ntoaso sukuufo mpanyin ɔha biara mu 40 a wodi tawa no gye di sɛ asiane biara nni mu, anaasɛ asiane ketewaa bi na ɛwom ma wɔn a wodi no daa no.” Na ntoaso sukuufo a wɔde di dwuma a wogye toom sɛ ebia tawadi betumi adi awu no mpo “nnim sɛ asiane no yɛ kɛse.” Dawurubɔ ahorow no redi dwuma. Nanso dawurubɔ no mu nsɛm no yɛ nokware?

Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” Anaa sɛnea bɛ foforo ka no no: “Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw n’agyimisɛm mu.” (Mmebusɛm 13:16; 14:15; yɛn na yɛasi afã bi so dua no.) Ɛnde, dɛn na nokwasɛm ahorow no da no adi wɔ tawadi mu?

Asɛmmɔne No

Bere a ebia dawurubɔ bɛkyerɛ sɛ tawa a wubedi bɛma afoforo abu wo, na eye ma wo nipadua no, nokwasɛm ahorow da no adi sɛ ɛnte saa koraa. Ade biako ne sɛ, tawadi remma wunnya nkɔso biara. Sɛ wunnye nni a, fa wo tɛkrɛma hyɛ w’afonom na hwɛ ahwehwɛ mu hwɛ. “Wunhu hwee”? Ɛnyɛ adesɛe kɛse bi. Na nea ɛyɛ wo wɔ wo nipadua ani kɛkɛ ne no! Nea ɛyɛ wo wɔ wo nipadua mu no nye sen saa koraa.

Sɛ́ nhwɛso no, wɔn a wɔhyɛ anaa wodi bi daa no ano betumi apaapae, wɔn sẽ betumi asen, wɔn anom botohuhuw bɛbɔn, na wɔn sẽ akyi nam ayɛ kuru—anigyesɛm biara nnim. Nea ɛka ho no, sɛnea wɔte ade dɛ ne ne hua no brɛ ase bere a sɛnea wɔn koma bɔ ne sɛnea wɔn mogya kyinkyin wɔn nipadua mu ano kɔ so yɛ den no—asɛmmɔne ampa. Nanso, asɛmmɔne no ankasa ne sɛ, nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ wɔ Europa, India, ne United States no da no adi sɛ tawadi de afonom, ɛsẽ akyi nam, ne menewa mu kokoram ba. Nneɛma a wɔahu yi nyɛ abenfo nwonwa. Nhwehwɛmu bi ka sɛ: “Nneɛma a ɛde kokoram ba wɔ asra mu kɛse sen biribi foforo biara a ɛkɔ nipadua mu.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ “nya a wɔn a wɔadi asra bere tenten no betumi anya anom kokoram no yɛ ɔha mu 50 sen wɔn a wonni no.”

Sɛ anom kokoram nya yɛ obi a, ɛho asɛm yɛ den. Ɛnyɛ onii a odi no akwahosan nko na ɛsɛe, na mmom mpɛn pii no etwa ne nkwa nna so nso. Nhoma bi a Amerika Kokoram Fekuw no yɛe ka awerɛhosɛm yi: ‘Sean fii ase dii tawa bere a na wadi mfe 13. Ɔkyerɛe sɛ asiane nnim te sɛ sigaretnom. Bere a odii adaka biako anaa nea ɛboro saa da koro mfe anum no, ekuru tɔɔ ne tɛkrɛma so. Na ɛyɛ anom kokoram. Nnuruyɛfo twaa ne tɛkrɛma fã kyenee, nanso kokoram no trɛw kaa ne kɔn. Wɔyɛɛ no oprehyɛn pii a ɛma wotwitwaa ne nipadua no afã bi gui nanso ankosi hwee—owui bere a na wadi mfe 19. Ansa na Sean rebewu no, ɔkyerɛw asɛntiaa bi wɔ krataa bi so too hɔ sɛ: “Enni asra.”’

Ɛka Obi Hɔ!

Bere a abofra Cord a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kenkan Sean ho asɛm a ɛyɛ ahodwiriw yi no, awiei koraa no, ɔtee ase. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyae. Nanso na ne gyae yɛ no den. Cord ka kyerɛɛ Listen nsɛmma nhoma no sɛ: “Mete nka sɛ ɛsɛ sɛ midi. Seesei mpo, mehyɛɛ da gyaee akyi asram pii no, mihu sɛ mede me nsa keka me kotoku hwehwɛ m’adaka no. Mewe kyingam pii. Ɛno boa, nanso enyi akɔnnɔ no mfi hɔ.”

Ca-A Cancer Journal for Clinicians si so dua sɛ: “Wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ mmofra a wɔwɔ wɔn mpanyin mfe so a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobegyae tawadi mu no, ɛdaa adi sɛ wɔn mu kakraa bi pɛ na wotumi yɛɛ saa.” Nanso, dɛn na ɛma ɛyɛ den saa sɛ wobegyae tawadi? Aduru koro a ɛma ɛyɛ den ma nkurɔfo sɛ wobegyae sigaretnom no: nicotine.

Nicotine, aduru a ɛwɔ sigaret ne tawa a wodi mu no yɛ awuduru a ano yɛ den a ɛma nea odi no kɔn dɔ kɛse. Simma 30 biara anaa nea ɛte saa no, ɛho hia sɛ nea odi no fa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a akɔnnɔ no ase rentu. Nicotine ma ne di ka obi hɔ. Ne di ka ebinom hɔ araa ma wɔde asra no bi hyɛ wɔn sẽ ase awia ne anadwo—bere a wɔreda mpo.

Nea ɛne nea ebia mmofra susuw bɔ abira no, asradi ntew nicotine a ɛkɔ wɔn nipadua mu no so. Tawa toa biako a obi di no da koro no ma onya nicotine a obenya afi sigaret 60 mu! Preventing Tobacco Use Among Young People ka sɛ: ‘Wɔn a wodi tawa fam no, anyɛ yiye koraa no wɔtwe nicotine a ne dodow te sɛ nea wɔn a wɔnom sigaret twe kɔ wɔn mu no ara—ebia ɛyɛ nea ɛte saa no mmɔho abien.’ (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛ yɛde nicotine to nkyɛn a, nitrosamines (aduru a ano yɛ den a ɛde kokoram ba) a ɛwɔ tawa a wodi mu yɛ sigaret de mmɔho du.

Yɛ Onyansafo

Ɔbenfo Roy Sessions a ɔyɛ eti ne kɔn ho oprehyɛn kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom yɛ nnuru a edi awu. Ɛka nkurɔfo hɔ, na ɛma nnipa pii te nka sɛ ne gyae yɛ den sen sigaretnom.” Ɔbenfo Oscar Guerra a ɔyɛ ɛsẽ ase kokoram ho nimdefo kae sɛ: “Pɛ ara na nipadua no mpɛ ade no.” Animdefo a wɔwɔ wiase nyinaa gye tom sɛ: Bɔ a wɔde bɔ mu kɛkɛ no de ɔhaw kɛse ba. Ebetumi atwa wo nkwa nna so!

Kristofo mmofra wɔ ntease a emu yɛ den kɛse koraa sen akwahosan ho nsɛm a enti ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi nneɛma a wɔde tawa yɛ ho—ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani. N’Asɛm hyɛ sɛ: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.”—2 Korintofo 7:1.

Aviation, Space, and Environmental Medicine nsɛmma nhoma no bɔ nsɛm no nyinaa mua ɔkwampa so sɛ: “Tawa yɛ afifide a ɛbɔn a abɔde abien pɛ na wodi—ɔsã ketewaa bi a ne kɔla yɛ ahabammono, ɛne onipa. Ɔsã ketewaa a ne kɔla yɛ ahabammono no nni nimdeɛ biara.”

Nanso wowɔ bi. Enti yɛ onyansafo—mfi ase.

[Ase hɔ asɛm]

a Tawa a wodi abien na wɔde di dwuma kɛse: asra ne tawa a wɔhyɛ. Asra a emu yɛ wosee ne nea emu fɔw wɔ hɔ. Mmofra fam no, asra a emu fɔw—tawa a wɔatwitwa no nketenkete a wɔde mfremfrem ade, ahuamhuanne afrafra mu a ɛwɔ toa anaa biribi te sɛ tii bag mu—ne tawa a wodi a wɔn ani gye ho kɛse. ‘Wɔn nsa a wɔde bɔ mu’ kyerɛ tawa dodow a—nea obi kokurobeti ne akyerɛkyerɛ kwan fa—obi de hyɛ ne sẽ ase.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

‘Ansa na Sean rewu no ɔkyerɛw asɛntiaa bi too hɔ sɛ: “Enni asra”’

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Tawahyɛ afi ase renya nkɔanim wɔ mmofra mu. So ɛsɛ sɛ wosɔ hwɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena