Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 9/8 kr. 24-25
  • Dɛn ne Ano Aduru?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn ne Ano Aduru?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase a Aguanfo Nnim
  • Sɛnea Yɛbɛboa “Ahɔho” Ama ‘Wɔde Anigye Asom Yehowa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Wiase a Wobegye Obiara Atom
    Nyan!—2002
  • Aguanfo a Wɔredɔɔso
    Nyan!—1996
  • Nnipa Mpempem Aguan Afi Ukraine
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 9/8 kr. 24-25

Dɛn ne Ano Aduru?

AGUANFO tebea no nyɛ nea wontumi nyɛ ho hwee. Wɔ wiase nyinaa no, ahyehyɛde a wɔyɛ nnipa mmoa no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a ɔko ne ɔhaw foforo abɔ wɔn ahwete no. Ɔkwan titiriw a wɔfa boa ne sɛ wɔbɛboa aguanfo ma wɔasan akɔ wɔn ankasa man mu.

Aguanfo gyaw wɔn afie, wɔn mantam, ne wɔn man esiane sɛ wosuro sɛ wobekum wɔn, wɔbɛyɛ wɔn ayayade, wɔbɛto wɔn mmonnaa, wɔde wɔn bɛto afiase, wɔbɛyɛ wɔn nkoa, wobewia wɔn, anaasɛ ɔkɔm bɛde wɔn nti. Enti ansa na aguanfo betumi asan akɔ wɔn man mu dwoodwoo no, ɛsɛ sɛ wodi ɔhaw ahorow a ɛma woguanee no ho dwuma. Sɛ akodi ba awiei koraa mpo a, mmara ne nhyehyɛe a enni hɔ taa bu nkurɔfo abam sɛ wɔbɛkɔ fie. Agnes, Rwandani oguanfo bi a ɔwɔ mma baasia kae sɛ: “San a [wɔbɛsan] de yɛn akɔ Rwanda no bɛyɛ te sɛ nea wɔde yɛn rekɔto yɛn nna mu.”

Nanso, efi 1989 no, aguanfo bɛboro ɔpepem akron asan kɔ wɔn man mu. Eyinom mu bɛyɛ ɔpepem 3.6 fi Iran ne Pakistan na wɔbaa Afghanistan. Ɔpepem 1.6 foforo nso san kɔɔ Mozambique, ɔman a mfe 16 ɔmanko ama emu asɛe no.

San a wɔbɛsan akɔ no nna fam. Mpɛn pii na ɛyɛ a aman a aguanfo bɛsan akɔ mo no asɛe—a wɔabubu nkuraase adan, wɔasɛe atwene, na wɔde atopae ahyehyɛ akwan ne nsase mu. Enti, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ aguanfo a wɔresan akɔ wɔn man mu no fi asetra foforo ase nko, na mmom ɛsɛ sɛ wosisi afie, sukuu, ayaresabea, ne biribi foforo biara.

Nanso, sɛ ɔko no gyae wɔ beae bi mpo, na ɛma aguanfo san kɔ a, wofi ase wɔ baabi foforo, na ɛma nnipa foforo san guan. Enti, aguanfo haw no ho dwuma a wobedi no kyerɛ sɛ wobedi ɔhaw ahorow a ɛma nkurɔfo guan, te sɛ ɔko, ahokyere, ɔtan, ɔtaa, ne nneɛma foforo a ɛma woguan bɔ wɔn nkwa ho ban no ho dwuma.

The State of the World’s Refugees 1995 gye tom sɛ: “Nokwasɛm a wontumi nnye ho kyim . . . ne sɛ [aguanfo haw] ano aduru a wobenya no begyina amammuisɛm, sraadi ne sikasɛm nhyehyɛe a nnipa ahyehyɛde biara ntumi nyɛ nkutoo so.” Sɛnea Bible kyerɛ no, saa ara na asase so ahyehyɛde biara, sɛ́ ɛyɛ nnipa de anaa biribi foforo biara, rentumi nnya ano aduru.

Wiase a Aguanfo Nnim

Nanso, ano aduru wɔ hɔ. Bible no kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn dwen wɔn a wɔama wɔaguan afi wɔn afie ne wɔn mmusua mu no ho. Nea ɛnte sɛ asase so nniso horow no, ɔwɔ tumi ne nyansa a ɔde bedi ɔhaw a emu yɛ den a adesamma rehyia no nyinaa ho dwuma. Ɔnam N’ahenni—ɔsoro nniso a ɛnkyɛ, ebedi asase so—so na ɛbɛyɛ saa.

Onyankopɔn Ahenni besi nnipa nniso nyinaa ananmu. Sɛ́ anka yebenya nniso pii wɔ asase so, sɛnea yɛwɔ nnɛ no, yebenya nniso biako pɛ a ebedi okyinnsoromma no nyinaa so. Bible hyɛ nkɔm sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

Ebia wunim mpaebɔ nhwɛso a ɛwɔ Bible mu wɔ Mateo 6:9-13 no. Saa mpaebɔ no fã bi ka sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” Nea ɛne saa mpaebɔ no hyia no, ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni ‘bɛba’ abedi Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no ho dwuma.

Wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso a ɔdɔ wom ase no, asomdwoe ne ahobammɔ bɛba mmaa nyinaa. Ɔtan ne asase so nnipa ne aman ntam akodi befi hɔ. (Dwom 46:9) Yɛrenhu nnipa ɔpepem pii a wɔreguan abɔ wɔn nkwa ho ban anaa wɔtete nsraban mu a wɔredi awerɛhow bio.

Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, Kristo Yesu, ‘begye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔndensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.’—Dwom 72:12-14.

[Kratafa 24 mfonini]

Ɛrenkyɛ, yɛn nyinaa ne yɛn ho yɛn ho bedi sɛ anuanom mmarima ne mmea ankasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena