Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 11/8 kr. 22-25
  • Nokware no Ma Minyaa me Nkwa Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware no Ma Minyaa me Nkwa Bio
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sadweam ne Nnubɔne
  • Maame Hu
  • Ayaresafo Mmoa a Minya
  • Me Da So Ara Yɛ Ɔsansani Wɔ Abusua no Mu
  • Anka Mereyɛ Ahu Nokware No
  • Nokware no Gyee Me
  • Kwati Ɛyawdi
  • Asomdwoe Aba Me ne Onyankopɔn ne Me Maame Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • “Yehowa, Woahwehwɛ Me Ahu Me!”
    Nyan!—2005
  • Abofra A Wɔnwoo No No Ho Da Biara Da Kyerɛwtohɔ
    Nyan!—1981
  • Kristofo Apɛgyade a Ɛsom Bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 11/8 kr. 22-25

Nokware no Ma Minyaa me Nkwa Bio

AIDS akunkum me kan nnamfo pii. Aka kakra ma wɔawuwu no, na me taa hu wɔn wɔ mmɔnten so. Sɛ ɛnyɛ nokware no a, anka me nso mawu. Ma me nkyerɛkyerɛ mu.

W ƆWOO me December 11, 1954, sɛ John ne Dorothy Horry ba a ɔto so abien ne kaakyire. Wɔtoo me din Dolores, nanso Maame frɛɛ me Dolly wɔ awoe efisɛ osusuwii sɛ na mesɛ abaduaba. Mmeran no kaa hɔ, nanso saa bere no na nkurɔfo nnim sɛ mɛyɛ ɔhaw kɛse ama Maame.

Ná yɛte keteke kwan dan bi mu—esiane sɛ wosii no feaa tenten nti na wɔfrɛɛ no saa. Na ɛwɔ 61st Street wɔ New York Kuropɔn mu. Na ofie no mu nyɛ anigye; na yɛne akisi na ɛte. Nanso, bere a ebi kaa me anadwo bi no, yetuu hɔ ntɛm ara.

Wɔ 1957 mu no, yetu kɔɔ Manhattan apuei fam anafo. Sɛ yɛde toto baabi a yetu fii no ho a, na eyi di mu—mpia a emu yɛ fɛ, prama kɛse bi a ɛwɔ me mfɛnsere akyi, ne East River no a mitumi hu. Na mitumi hu nhyɛmma a ɛretwam, ne mmofra a wɔrebɔ bɔɔl ne baseball wɔ prama no so. Yiw, na eyi yɛ paradise ma me. Afei m’asetra a abotɔyam wom no fii ase sɛee.

Sadweam ne Nnubɔne

Ná Maame ne Paapa ham dodo. Mfiase no na mente nea enti a wɔyɛ saa no ase, nanso afei mibehui sɛ na me papa bow nsa bere nyinaa. Na ontumi nkura n’adwumam, na Maame nkutoo na na ɔyɛ adwuma. Bere a me nnamfo hui sɛ Paapa yɛ ɔsadweam no, wodii me ho fɛw ma m’asetra yɛɛ awerɛhow.

Nneɛma kɔɔ so sɛee. Awiei koraa no, Paapa bɛyɛɛ basabasa ma Maame pamoo no. Enti yɛbɛyɛɛ ɔwofo biako abusua. Na madi mfe awotwe anaa akron, na yɛn abusua tebea no hawee me. Na ɛsɛ sɛ Maame yɛ adwuma bere nyinaa ansa na yɛanya yɛn asetrade, na na ɔde me ne me nuabea no gya yɛn afipamfo bere a yɛapɔn sukuu no.

Bere a miduu sukuu afe a ɛto so asia no, mebɛyɛɛ otuatewfo kɛse. Na miguan fi sukuu kɔ Tompkins Square Park a ɛbɛn hɔ no kɔnom nsa sɛnea ɛbɛyɛ a me werɛ befi me haw. Ankyɛ na me ne nnipakuw bi a wɔanyinyin sen me bɔe. Na madi mfe 11 pɛ, nanso na mesõ sen saa, enti na wobu me sɛ madi mfe 16 anaa 17. Na nnipakuw foforo yi a wɔyɛ me nnamfo no nom nsa, wii, na wɔde LSD di dwuma, na na wɔde heroin wowɔ wɔn ho. Wiɛ, na mepɛ sɛ wogye me tom, enti mifii ase de nnuru yi dii dwuma. Bere a midii mfe 14 no, na gye sɛ menom bi ansa na matumi ayɛ biribi.

Maame Hu

“Me na mewoo wo baa wiase, na meyi wo afi hɔ.” Na ɛnanom a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ a wɔn mma ama wɔahaw kɛse na wɔn nsa asi fam na wɔka eyi. Bere a Maame a ɔyɛ obi a odwo na otumi di ne ho so hui sɛ ne babea a wadi mfe 14 no de heroin di dwuma no, ɔkae sɛ ɔrebɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ—ɔrebeyi me afi hɔ.

Mituu mmirika kɔɔ aguaree, na mebɔɔ mmɔden sɛ mede m’anan betintim guasɛn no ato pon no mu, nanso me ho anyɛ hare. Asɛm too me ankasa! Enhia sɛ meka, ɔhwee me sen bere biara wɔ m’asetra mu. Ade a egyee me fii Maame abufuw no mu ne me nuabea no ne onipa a ɔbɛkaa m’asɛm no, wɔn na wotumi baa aguaree hɔ besoo me maame mu ma mitumi guan fii fie hɔ. Bere a mesan baa fie no—na maguan afi fie nna kakra—mepenee so sɛ mɛhwehwɛ mmoa a ɛbɛma m’agyae nnubɔnenom.

Ayaresafo Mmoa a Minya

Asram kakra akyi no, mihuu wɔn a wɔnom nnubɔne ayaresabea bi ho dawurubɔ wɔ TV so. Ɛyɛ baabi a nkurɔfo a wɔrehwehwɛ mmoa ankasa de adi wɔn nnubɔnenom ho haw so betumi akɔ. Me ne Maame susuw nea mihui no ho, na ɔde me kɔɔ mmeae a wɔwɔ wɔ New York Kuropɔn no biako mu. Ɛhɔ asetra te sɛ abusua de, baabi a nkurɔfo nya nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔatumi asesa wɔn asetra koraa. Metraa hɔ bɛyɛ mfe abien ne fã.

Ɛwom sɛ mmoa a wɔde maa me no so baa me mfaso de, nanso bere a mihui sɛ ɛhɔ adwumayɛfo no bi a mewɔ wɔn mu ahotoso na mibu wɔn—a na wɔkyerɛ sɛ wɔagyae nnubɔne a wɔde di dwuma—asan akɔ ho bio no, m’abam bui kɛse. Metee nka sɛ m’adi nkogu na wɔabu me kwasea. Wɔkyerɛɛ yɛn sɛ tete bɛ bi a ɛka sɛ, “Obi a nnubɔnenom aka ne hɔ no bɛkɔ so anom bere nyinaa” no yɛ atoro. Nanso afei de wɔmaa mibehui sɛ asɛm no yɛ nokware.

Nanso, bere a midii mfe 17 no, mesan kɔɔ fie a na memfa nnubɔne nni dwuma bio, na misii me bo sɛ mɛyɛ nea metumi biara sɛ meremfa heroin nni dwuma bio. Saa bere no, na me maame ne me nuabea no ne Yehowa Adansefo afi ase resua Bible.

Me Da So Ara Yɛ Ɔsansani Wɔ Abusua no Mu

Ɛwom sɛ na memfa nnubɔne nni dwuma bio de, nanso na meda so ara te nka sɛ meyɛ ɔsansani wɔ abusua no mu. Eyi te saa efisɛ na minsiesiee me ho sɛ medi ofie hɔ mmara horow foforo, a emu bi ne sigaret a wɔnnom wɔ hɔ, disko apontow ase a yɛnkɔ, ne nea ɛkeka ho, no so. Ankyɛ na Maame pam me fii fie esiane sɛ mansesa m’afekubɔ ne me wiase nneyɛe no nti. Metan no wɔ eyi ho ankasa, nanso nokwarem no, na ɛno ne adepa a ɛsen biara a obetumi de ayɛ me. Ogyinaa pintinn wɔ trenee nnyinasosɛm ho, na wanhinhim da.

Enti mifii fie sɛ merekɔhwehwɛ asetra pa foforo ama me ho. Mesan kɔɔ sukuu sɛ merekosua nsaanodwuma de aboa atua me kɔlegekɔ ho ka. Mebɔɔ mmɔden, na wogyee me toom wɔ asetra mu. Minyaa adwuma pa ne m’ankasa me fie. Afei bere a mihyiaa abarimaa bi a na ɔyɛ me mpena dedaw no, yɛn ani fii ase gyee yɛn ho. Yɛsan de yɛn ho hyɛɛ yɛn nkitahodi no mu, na yɛyɛɛ adwene sɛ yɛbɛtoto yɛn nneɛma yiye na yɛaware.

Nanso, bere bi akyi no, me mpena no fii ase de nnubɔne dii dwuma, na nneɛma fii ase sɛee maa yɛn baanu. Bere a na mintumi nnyina nkate fam yaw ano no, meyɛɛ nea minim sɛ eye sen biara—mede nnubɔne dii dwuma de dwudwoo me nkate horow no. Mede me ho hyɛɛ cocaine, a na wɔfrɛ no ɔdefo agyapade no, nom mu. Na wogye cocaine tom saa bere no efisɛ na nnipa pii nnim sɛ ne nom tumi ka obi hɔ. Nanso me fam de na ɛsen heroin.

Wɔ 1970 mfe no mu no, menom cocaine bɛyɛ mfe abiɛsa. Awiei koraa no, mihuu asetra bɔne a na mewom no, na mifii ase susuw ho sɛ, ‘So asetra nyinaa ara ni?’ Mekae sɛ sɛ ɛno ara ni a, ɛnde na afono me. Mesan kɔɔ Maame hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ mabrɛ, na meresan akɔ baabi a wosiesie nkurɔfo asetra no. Bere a midii afe biako ne fã wɔ hɔ no, na memfa nnubɔne nni dwuma bio.

Anka Mereyɛ Ahu Nokware No

Mesan nyaa adwuma pa ne ofie a ɛyɛ fɛ ne mpena bio. Yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛware. Saa bere no, na Maame bɛsra me bere nyinaa. Na ɔka Bible mu asɛm kyerɛ me brɛ me Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi, nanso mankenkan da. Mekaa me nhyehyɛe a mayɛ sɛ mɛware na mawo no ho asɛm kyerɛɛ Maame. Enti ɔbrɛɛ me nhoma bi a ɛsesaa m’asetra koraa—Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye.

Bere a mekenkanee saa nhoma yi no, na minim nea na merepɛ, nanso na menam ɔkwammɔne so na ɛrehwehwɛ. Awiei koraa no, obi tee sɛnea mete nka ne nea na ɛwɔ me komam ankasa no ase. Na nkate horow a manya no nkyerɛ sɛ m’adwene nni fie—na m’adwene wɔ fie. Nanso, onipa a na me ne no te no serew me bere a mebɔɔ mmɔden sɛ mede Abusua Asetra nhoma ne Bible no bɛkyerɛ no no. Wanyɛ nsakrae a ɛho hia a ɛbɛma yɛanya abusua asetra a anigye wom no. Enti ɛbae sɛ na ɛsɛ sɛ misi gyinae bi a ɛyɛ den—sɛ́ me ne no bɛtra anaasɛ mefi ne nkyɛn. Misii gyinae sɛ mefi ne nkyɛn.

Me mpena no bo fuwii. Bere a mesan baa fie da koro no, mihui sɛ na ɔde yiwan atwitwa me ntaade nyinaa mu ayɛ no pasaa. Ɛkame ayɛ sɛ na m’ahode nyinaa asɛe—mpaboa, nguguso, nkongua ne apon—na watwitwam anaasɛ watɔn. Nea na aka nyinaa ne ntaade a na ɛhyɛ me. Mepɛe sɛ migyae me ho hwe fam na miwu. Ɛtɔ mmere bi a asetra mu haw fono wo. Enti wosan kɔyɛ nneɛma a woyɛ no bere nyinaa de gyina ano no—sɛ wobɛnom nnubɔne adwudwo wo nkate horow. Misii gyinae sɛ mɛyɛ saa anaasɛ mekum me ho.

Ɛwom mpo sɛ mesan kɔnom nnubɔne bio de, nanso Maame annyae m’akyidi da. Na ɔbɛsra me brɛ me Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Da bi anwummere a yɛredi nkɔmmɔ no, mekaa sɛnea mete nka ho asɛm kyerɛɛ no—sɛ mabrɛ ne ɔhaw, na asetra afono me. Ɔkaa no tiawa sɛ: “Woasɔ biribi foforo biara ahwɛ, dɛn nti na wonsɔ Yehowa nhwɛ?”

Nokware no Gyee Me

Ɛyɛ 1982 na mepenee so sɛ mɛyɛ nea na wakɔ so ahyɛ me nkuran mfe pii sɛ menyɛ no. Mifii ase suaa Bible anibere so. Ankyɛ na m’ani begyee nneɛma a na meresua no ho. Mifii ase hui sɛ me nkwa som bo ma Yehowa, na asetra wɔ atirimpɔw ankasa. Nanso mihui sɛ sɛ na mɛsom Yehowa a, na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae pii, na na mihia nkate ne honhom fam mmoa. Enti mibisaa Maame sɛ metumi asan aba fie bio anaa.

Maame yɛɛ ahwɛyiye, efisɛ na mama ne nsa asi fam mpɛn pii. Ɔkaa tra a mepɛ sɛ mesan ne no bɛtra bio no ho asɛm kyerɛɛ Kristoni panyin bi. Bere a ohui sɛ Maame te nka sɛ biribiara kyerɛ sɛ ebia mɛsesa ankasa saa bere yi no, ɔhyɛɛ no nkuran sɛ: “Dɛn nti na womma no hokwan bio?”

Nea ɛyɛ anigye no, saa bere yi de mamma Maame nsa ansi fam. Mekɔɔ so suaa Bible no, na mifii ase kɔɔ Kristofo nhyiam horow daa. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, mesesaa m’asetra. Afotu a Bible, Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware, no de ma no maa mitumi gyinaa mmere a emu yɛ den mu. (Yohane 17:17) Migyaee sigaretnom mpo, ade a na ɛyɛ me den sɛ medi so sen heroin ne cocaine no. Saa bere no na edi kan a m’ani gyei ankasa sɛ mewɔ nkwa mu.

Asram kakraa akyi, wɔ December 24, 1983 no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne. April a edi hɔ no, mifii ase yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma, a na ɛyɛ ɔsom adwuma mu nkɔanim. Mfiase no, me kan nnamfo no dii me ho fɛw bere a wohuu me wɔ asɛnka mu no. Na ɛte sɛ nea ɔsomafo Petro adi kan abɔ ho kɔkɔ no pɛpɛɛpɛ: “Ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu, na wɔka ho nsɛmmɔne.”—1 Petro 4:4.

Wɔ September 1984 mu no, mebɛyɛɛ daa kwampaefo, na ankyɛ na mereyɛ Bible adesua ahorow du dapɛn biara. Na nkurɔfo a wodii me ho fɛw bere a mifii asɛnka adwuma ase no mu bi ka adesua ahorow yi ho. Na eyi yɛ m’asetram anigye bere kɛse efisɛ mitumi boaa mmofra pii ma wogyee Bible mu nokware no. Ná m’ani gye ho bere nyinaa sɛ mɛwo mma enti ɛna a mabɛyɛ, sɛnea mɛka no no, ama honhom fam mma no ma m’ani gye bere nyinaa.—Fa toto 1 Korintofo 4:15 ho.

Bere a mfe retwam no, na mihu me kan nnamfo a na me ne wɔn de nnubɔne di dwuma no wɔ mmɔnten so wɔ baabi a ɛbɛn yɛn fie. Esiane sɛ wɔne afoforo a wɔanya AIDS de mpaane koro wowɔ wɔn ho nti, wɔanya bi ma wɔn ho ayɛ hu. Wɔn mu pii awuwu. Minim sɛ ebetumi aba sɛ anka me nso mawu sɛ ɛnyɛ Bible mu nokware no a. Sɛnea ɛte no, ama manya me nkwa bio.

Kwati Ɛyawdi

Mpɛn pii na me kɔn adɔ sɛ me yam a anka mihuu nokware no me mmofraase, na mikwatii asetra a ɛyaw ne awerɛhow ayɛ mu ma no. Seesei Yehowa boa me ma migyina ɛyaw a efi mmofrabere a mesɛee no mu ba no ano, nanso ɛsɛ sɛ metwɛn kosi nhyehyɛe foforo no mu na manya nkate fam yaw no ho ayaresa koraa. (Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛnnɛ mebɔ mmɔden denneennen sɛ mɛka akyerɛ mmofra sɛ wɔanya nhyira sɛ wɔahu Yehowa, na wonya n’ahyehyɛde no mmoa ma wɔde nea ɔkyerɛkyerɛ no di dwuma.

Wiase no betumi ayɛ te sɛ nea emu yɛ anigye ne akɔnnɔ. Na ɛpɛ sɛ wugye di sɛ wubetumi anya anigye a ɛyaw biara nnim. Nanso eyi ntumi nyɛ yiye. Wiase no de wo bedi dwuma, na bere a awie wo no, ɛbɛto wo akyene. Bible no ka nokwarem sɛ Ɔbonsam ne wiase no sodifo—nokwarem no ne nyame—na ɛnsɛ sɛ yɛdɔ wiase no anaa emu nneɛma. (Yohane 12:31; 14:30; 16:11; 2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 2:15-17; 5:19) Esiane sɛ ɔbrasɛe ayɛ wiasefo nkoa nti, wɔn fekubɔ ntumi mfa anigye mmrɛ wo.—2 Petro 2:19.

M’anidaso ne sɛ me ho nsɛm a maka yi bɛboa afoforo ma wɔahu sɛ “nokware nkwa”—daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu—nkutoo ne asetra a ɛfata sɛ yɛhwehwɛ. Ɛmfa ho sɛ yebehyia asetra mu anigye ne ɔhaw bere a yɛnam nokware no mu no, tebea a ɛwɔ ban no akyi, Satan wiase mu no, nkosi hwee. Satan bɔ mmɔden kɛkɛ sɛ ɔbɛma ayɛ saa. Mebɔ mpae sɛ, bere a me ne me nuanom Kristofo mmarima ne mmea bɔ no, mede m’ani besi nokware nkwa, yiw, daa nkwa wɔ Paradise asase so no so. (1 Timoteo 6:19)—Sɛnea Dolly Horry ka kyerɛe.

[Kratafa 25 mfonini]

Me ne me maame redi adanse wɔ Tompkins Square Park

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena