Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 11/8 kr. 10-12
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Nneɛma Bɔne Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Nneɛma Bɔne Ba?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnyɛ Onyankopɔn na Ɔde Nneɛma Bɔne Ba
  • Amumɔyɛ Ho Kwan a Onyankopɔn Ama
  • Ɔsɛmpɔw a Ɛfa Wo Ho
  • Yehowa—Ɔdɔ Nyankopɔn a Odwen Nnipa Ho
  • Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Adɛn ne Amanehunu Bebrebe Yi?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Yehu Amane?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 11/8 kr. 10-12

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Nneɛma Bɔne Ba?

NÁ LIDIJA yɛ abofra a afei na wadu mpanyin afe so bere a ɔko sii ne man mu—ɔman a kan no na wɔfrɛ hɔ Yugoslavia no. Ɔka sɛ: “Midii nna pii, adekyee ne adesae wɔ guankɔbea a emu yɛ sum bi mu. Mpɛn pii no na biribi yɛ me sɛ mintu mmirika nkɔ abɔnten, a sɛ ɛbɛma wɔakum me koraa a, memfa ho! Ansa na ɔko no reba no, na biribiara nhia wo, nanso afei de sɛ wunya nkwa kɛkɛ a, na wofa ho guan.”

Ankyɛ na ɔko ho adwennwene ne nhyɛso no nyaa Lidija honhom fam yiyedi so nkɛntɛnso bɔne. Ɔka sɛ: “Yɛantumi ankɔyɛ asɛnka adwuma anaa yɛankɔ asafo nhyiam horow adapɛn pii. Misusuwii ankasa sɛ Yehowa rebu n’ani agu yɛn so. Ná mibisa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na ɔmmoa yɛn seesei?’”

Akodi, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ɔyare, asiane, akwanhyia—nneɛma bɔne a ɛtete saa betumi ato mmofra mpo. Na sɛ asiane bi bɛn wo pɛɛ a, ɛnyɛ nwonwa sɛ wubebisa sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn ma saa nneɛma bɔne yi ba?’

Onyankopɔn nnipa a wɔtraa ase tete mmere mu no bisaa nsɛm a ɛtete saa. Sɛ́ nhwɛso no, bere a odiyifo Habakuk huu atantanne a na ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no, ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Awurade [Yehowa, NW], mateɛm makyɛ dɛn ara, na wuntie? Nhyɛso nti misu mefrɛ wo, na worennye me. Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw yi?” (Habakuk 1:2, 3) Kristofo nkumaa binom hyia nkate fam ahohia a ɛte saa nnɛ.

Susuw sɛnea Kristoni kumaa bi tee nka bere a ne papa wuu mpofirim no ho. Ɔka sɛ: “M’ani so yɛɛ me krakra, meteɛteɛɛm faa mpoma mu, na mekekaw mu guu Yehowa Nyankopɔn so. . . . Mede biribiara ho asodi too ne so. Ɛyɛɛ dɛn na etumi baa saa? Ná Paapa yɛ agya pa ne okunu a ɔwɔ dɔ, ɛna seesei eyi aba yi—ɛmfa Yehowa ho anaa?” Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte adwenem naayɛ, ɛyaw, anaa abufuw mpo nka. Kae, ɛhaw odiyifo nokwafo Habakuk nso sɛ wɔmaa kwan ma amumɔyɛ traa hɔ. Nanso, sɛ obi kɔ so de abufuw hyɛ ne mu a, asiane wom. Ebetumi ama ‘ne koma ahuru ahyɛ Yehowa ankasa.’—Mmebusɛm 19:3.

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi akwati abohuru ne abufuw? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wote baabi a bɔne fi ba no ase.

Ɛnyɛ Onyankopɔn na Ɔde Nneɛma Bɔne Ba

Bible da no adi pefee sɛ Onyankopɔn ampɛ da sɛ yebehu amane wɔ saa kwan yi so. Ɔde awarefo a wodi kan no too paradise fie a na ɛyaw ne amanehunu nnim mu. (Genesis 1:28) Akyinnye biara nni ho sɛ wunim sɛnea ɛyɛe a nneɛma kɔɔ bɔne: Honhom abɔde bi a aniwa nhu no, a wɔbɛfrɛɛ no Ɔbonsam ne Satan no, twetwee Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. (Genesis, ti 3; Adiyisɛm 12:9) Adam nam eyi a ɔyɛe no so de n’asefo nyinaa kɔɔ bɔne ne ɔhaw a ɛbatabata ho no ho afobu mu.—Romafo 5:12.

Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde bɔne baa adesamma so, na mmom onipa ankasa. (Deuteronomium 32:5; Ɔsɛnkafo 7:29) Nokwarem no, nneɛma bɔne a ɛto nkurɔfo nnɛ no nyinaa—ɔyare, owu, akodi, ne nsisi—fi asoɔden a Adam boapa yɛe no mu na ɛbae. Afei nso, nea Bible frɛ no “ɛbere ne akwanhyia” no to yɛn nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Abɔnefo ne atreneefo nyinaa hyia akwanhyia ne asiane a ɛba mpofirim.

Amumɔyɛ Ho Kwan a Onyankopɔn Ama

Bere a ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wubehu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde amumɔyɛ ba no, ebia wobɛkɔ so ara abisa sɛ, ‘Dɛn nti na ɔma amumɔyɛ kɔ so tra hɔ?’ Ɛno nso kosi nsɛmpɔw bi a wɔma ɛsɔree wɔ Eden so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ, sɛ ɔyɛ asoɔden a, obewu. (Genesis 2:17) Nanso, Ɔbonsam ka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ odi dua a wɔabara no bi a, ɔrenwu! (Genesis 3:1-5) Sɛ yɛbɛka a, Satan frɛɛ Onyankopɔn ɔtorofo. Bio nso, Satan kyerɛe sɛ sɛ onipa sisi n’ankasa gyinae ahorow na wamma Onyankopɔn ankyerɛ no nea ɔnyɛ a, ebesi no yiye!

Ná Onyankopɔn ntumi mmu n’ani ngu sobo ahorow yi so. Wo yɔnko sukuuni bi asɔre atia ɔkyerɛkyerɛfo bi tumidi ma woahu pɛn? Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ma no fa ne ho di a, sukuufo foforo nso fi ase tew atua. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ Yehowa anni Satan mpoatwa no ho dwuma tẽẽ a, anka ɛde sakasakayɛ bɛba amansan no mu. Yehowa yɛɛ saa denam ma a ɔmaa onipa kwan ma odii ɔkwan a Satan fa so yɛ nneɛma no akyi so. So onipa abenya ahofadi te sɛ Onyankopɔn sɛnea Satan hyɛɛ bɔ no? Dabi. Satan nniso de ɔhaw ne ahohia na aba, na akyerɛ sɛ ɔyɛ ɔtorofo a ne ho yɛ hu!

So Onyankopɔn bɛma nsɛmmɔnedi akɔ so daa? Dabi. Sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn besiesie nsɛmpɔw a Satan ma ɛsɔree no, ɛrenkyɛ ɔbɛma amumɔyɛ nyinaa to atwa. (Dwom 37:10) Nanso ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so gyina ano seesei?

Ɔsɛmpɔw a Ɛfa Wo Ho

Nea edi kan no, hu sɛ saa ɔsɛmpɔw a ɛda Onyankopɔn ne Satan ntam yi fa wo ho! Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Susuw Bible nhoma a ɔbarima a ɔteɛ Hiob din da so no ho. Bere a Onyankopɔn kaa Hiob ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔsomfo nokwafo ho nhwɛso no, Satan buae sɛ: “Sɛ Hiob nnya hwee mfi mu a, anka ɔbɛsom wo?” (Hiob 1:9, Today’s English Version) Nokwasɛm ne sɛ, Satan gyee kyim kae sɛ, sɛ wɔma no kwan ma ɔde nhyɛso ba nkurɔfo so a, anka obetumi adan onipa biara afi Onyankopɔn som ho!—Hiob 2:4, 5.

Enti Satan atoto nnipa a wosuro Onyankopɔn nyinaa ano. Watoto w’ano. Nanso, Mmebusɛm 27:11 ka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” Yiw, sɛ wosom Onyankopɔn, a ɔhaw a ɛyɛ yaw mfa ho a, woma ɛda adi ankasa sɛ Satan yɛ ɔtorofo!

Nokwarem no, sɛ nneɛma bɔne to wo a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubesusuw nsɛmpɔw a ɛwom no ho. Diane, a ne maame wui bere a na wadi mfe du pɛ no ka sɛ: “Misuroe sɛ anhwɛ a, sɔhwɛ ahorow a mihyia wɔ asetram no bɛma me koma apirim anaa mafa abufuw.” Nanso, hu a wahu nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no aboa no ma wanya ne haw ahorow no ho adwempa. Seesei ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ mihyia nsɛnnennen wɔ m’asetram de, nanso Yehowa nsa adi m’akyi bere nyinaa.”

Diane kae yɛn nokwasɛm bi a ɛho hia kɛse: Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛn ankasa bedi saa nhyɛso horow yi ho dwuma. Dwom 55:22 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Dan w’adesoa to Awurade [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” Abofra Kotoyo hui sɛ eyi yɛ nokware. Ohuu asɛm a ɛyɛ yaw bere a asasewosow a esii 1995 mu wɔ Kobe, Japan, no kunkum n’awofo no. Bere a ogyina ɔne ne nuanom nkumaa ananmu kasa no, ɔka sɛ: “Esiane sɛ me maame kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so nti, yebetumi agyina ano.”

Na Lidija, abeawa ketewa a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no nso ɛ? Bere kɔɔ so no, obehui sɛ Yehowa ntoo no nkyenee koraa. Seesei ɔka sɛ: “Ná Yehowa asiesie ne ho sɛ obedi ama yɛn bere nyinaa. Odii yɛn anim, na ɔkyerɛɛ yɛn anammɔn kwan.”

Yehowa—Ɔdɔ Nyankopɔn a Odwen Nnipa Ho

Wo nso wubetumi anya “ne nsam ahoɔden” bere a nneɛma bɔne ba wo so no. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa dwen wo ho! Na ɛwom sɛ ɔma kwan ma nneɛma bɔne to nnipa pa de, nanso ɔma wɔn awerɛkyekye a ɔdɔ wom nso. (2 Korintofo 1:3, 4) Ɔkwan biako a ɔnam so yɛ saa ne Kristofo asafo no. Ɛhɔ na wubetumi anya ‘nnamfo a wɔfam ho sen onua,’ a wobetumi ahyɛ wo den bere a ɔhaw bi aba no. (Mmebusɛm 18:24) Kotoyo ka sɛ: “Efi asasewosow no akyi da a edi kan no, yɛkɔɔ baabi a anuanom no hyiaam no, na yenyaa nkuranhyɛ ne ahiade ahorow. Ɛno ma metee ahobammɔ nka. Mete nka sɛ bere tenten a Yehowa ne anuanom no wɔ yɛn afa no, yebetumi agyina biribiara ano.”

Esiane sɛ Yehowa nim wo sɛ ankorankoro nti, sɛ nneɛma bɔne ba a, obetumi adi w’ahiade ahorow nso ho dwuma. Daniel kaakae sɛnea wagyina ne papa wu ano no, na ɔka sɛ: “Yehowa bɛyɛ agya ma wo, na n’ahyehyɛde no ma wo honhom fam mmarima a wubetumi ahwɛ wɔn asua wɔn. Yehowa ma minya nsɛmmisa a anka me papa ara na me ne no besusuw ho no ho mmuae bere nyinaa.” Diane nso anya Yehowa ɔhwɛ a ɔdɔ wom no fi bere a ne maame wui. Ɔka sɛ: “Ɛdenam mpanyimfo a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam a wɔama me nkuranhyɛ, akwankyerɛ, ne afotu so no, wakyerɛ me kwan, aboa me ma magyina abasamtu biara ano.”

Ampa, sɛ nneɛma bɔne to obi a, ɛnyɛ anigye. Nanso ma nea enti a Onyankopɔn ma nneɛma a ɛtete saa ho kwan a wunim no nkyekye wo werɛ. Kae wo ho bere nyinaa sɛ Onyankopɔn bedi ɔhaw no ho dwuma nnansa yi ara. Hwɛ, awiei koraa no, wobeyi nneɛma bɔne a yɛahyia no nyinaa afi hɔ koraa! (Yesaia 65:17; 1 Yohane 3:8) Ɛdenam nsiesiei a Onyankopɔn yɛ na aboa yɛn ma yɛagyina no nyinaa a wode bedi dwuma so no, wubetumi ayɛ wo fam de, de akyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Akyiri yi, ‘Onyankopɔn bɛpopa w’aniwam nusu nyinaa.’—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Kratafa 11 mfonini ahorow]

Ɛrenkyɛ Yehowa bɛma nneɛma bɔne nyinaa to atwa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena