Ɔkwan a Yɛbɛfa so Atumi Atra Adifudepɛ Wiase Mu
“MƐYƐ dɛn atumi anya me ti adidi mu?” Saa asɛmmisa no baa James Scott tirim bere a ɔyerae wɔ Himalaya Mmepɔw no so a na onni anidaso biara no. Ná ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛkyenkyen anaasɛ obedi kɔm awu. Ɔkaee nkurɔfo a na wahu wɔn sɛ wɔrebɔ karate a “wodosoo wɔn nkakrankakra, ma akuturuku biara a ɛkaa wɔn no maa wɔgogoe, kosii sɛ . . . na wontumi nyɛ wɔn ho hwee.” Ɔkae sɛ: “Saa na metee nka bere a metoo me nnaso mu, na mede animia dii sukyerɛmma no bi no. Ná mabotow, na na nkwa afono me. Ná mentee abasamtu nka saa da.”—Lost in the Himalayas.
Ɔkwan bi so no, nnipa pii te sɛ ɔno—wonnya wɔn ho twabere wɔ wiase a adifudepɛ di akoten mu. Ebia wobɛte nka sɛ wɔredoso wo nkakrankakra, na wɔredi wo so nkonim. Nnipa kakraa bi na wobetumi afa wɔn ho adi koraa wɔ ɔhaw a adifudepɛ de ba nnɛ no ho. Ɔhaw ahorow a wuhyia no bɛyɛ soronko koraa wɔ afoforo de ho, na faako a wote wɔ wiase na ɛbɛkyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ—sɛnea adifudepɛ ka nnipa a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea ɛka wɔn a wɔwɔ aman a wodi yiye mu no ho. Nanso, ɛmfa ho sɛnea ɔhaw no te biara no, ebia wubetumi asua sɛnea wubegyina ano wɔ honam fam, nkate fam, ne honhom fam kosi sɛ ogye bɛba. Ɔkwan bɛn so? Denam afotu titiriw a ogye ho abenfo de ma a wode bɛyɛ adwuma no so.
Nneɛma abien da adi wɔ wɔn afotu no mu. Nea edi kan ne sɛ wobɛkwati sɛ wobɛma tebea a asɛe dedaw asɛe kɛse. The Urban Survival Handbook ka sɛ: “Ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so ne sɛ wobɛkwati asiane a ɛnsɛ . . . na woabrɛ ɔhaw a efi nea wuntumi nkwati mu ba no ase.” Nea ɛto so abien—ne nea ebia ɛho hia kɛse—no fa nnipa nsusuwii ho. The SAS Survival Handbook ka sɛ: “Nea ɛwɔ obi adwenem ho hia ma ogye te sɛ honam fam haw a wogyina ano ne nimdeɛ ara pɛ.”
Yɛ Nea Wubetumi Wɔ Tebea no Mu
Staying Alive—Your Crime Prevention Guide bɔ amanneɛ sɛ: “Simma 22 biara, wokum obi wɔ United States, anibu 47 biara, wowia obi, na anibu 28 biara mu no, wɔyɛ obi basabasa.” Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, dɛn na wubetumi ayɛ? Anyɛ hwee koraa no, wubetumi abɔ mmɔden akwati sɛ wode wo ho bɛma anaa wobɛma ayɛ mmerɛw sɛ wobenya wo asisi wo. Ma w’ani nna hɔ na yɛ anifere. Yɛ nea wubetumi na fa brɛ asiane no ase.a
Sɛ́ nhwɛso no, nnyaagyaa wo ho mfa nsɛe w’asɛm. The New York Times bɔ amanneɛ sɛ Amerikafo ɔha biara mu 18 gye tom sɛ wɔabɔ wɔn apoo pɛn—nnipa asisifo a wɔhwehwɛ wɔn a wobetumi anya wɔn ntɛm, adaadaa wɔn agye wɔn dɔla mpempem pii. Wɔn a wɔtaa nya wɔn ne nnipa a wɔn mfe akɔ anim te sɛ okunafo bi a wadi mfe 68 a wogyee ne $40,000 no. Nea ɛtoo no no ma wɔkyerɛw amanneɛbɔ bi a n’asɛmti ne sɛ: “Sɛ Obi Fuw Dwen a, Asisifo Hu sɛ Biribi Wɔ Ne Ho [kyerɛ sɛ ɔwɔ sika, anaa dɔla pii].”
Nanso ɛho nhia sɛ woyɛ wo ho sɛ obi a n’ani nna ne ho so na onni boafo a wotumi sisi no bere biara. Staying Alive bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Hwɛ wo ho yiye wɔ mpataku a wɔhyɛ nguanten nhoma ho.” Nanabea bi a wadi mfe 70 de saa afotu yi yɛɛ adwuma. Obi ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛma no insurance a ɛbɛfa n’ayaresa ho ka nyinaa, a obetua $10 pɛ ɔsram biara. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Ade a na ɛsɛ sɛ Nanabea yɛ ara ne sɛ ɔbɛma odwumayɛni no $2,500 de ato ase.” Wanyɛ no saa. Bere a ɔfrɛɛ insurance adwuma no wɔ telefon so no, obehui sɛ ɔbarima no yɛ opoobɔfo. “Bere a ɔrema ɔbarima no tii bio no, polisifo bɛfaa ɔbarima no kɔe.”
Nea wubetumi a wobɛyɛ de abɔ wo ho ban no da adi wɔ afotu a wɔde ma wɔ Bible mu no mu. “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15; 27:12) Nnipa pii pow Bible no ka sɛ atwam na mfaso nni so. Nanso emu afotu pa no betumi ama woanya wo ti adidi mu. Onyansafo Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Nyansa [te sɛ nea ɛwɔ Bible mu no] ye ma ahobammɔ sɛnea sika ye ma ahobammɔ no; nanso mfaso a ɛwɔ nimdeɛ so ne sɛ, nyansa ankasa gye ne wuranom nkwa.”—Ɔsɛnkafo 7:12, NW.
Nyan! akenkanfo pii ahu sɛ eyi yɛ nokware. Sɛ́ nhwɛso no, ebinom anya ahobammɔ afi teɛ a wɔateɛteɛm denneennen mu bere a obi pɛ sɛ ɔto wɔn mmonnaa anaa ɔyɛ wɔn basabasa wɔ ɔkwan foforo so no, ma ɛne nea wɔaka wɔ Deuteronomium 22:23, 24 no ahyia. Afoforo nso atie Bible afotu a ese yɛntwe yɛn ho mfi biribiara a “egu nipadua anaa honhom ho fĩ” ho no. (2 Korintofo 7:1, The Twentieth Century New Testament) Wɔnam saa kwan no so abɔ wɔn ho ban afi tawa ne nnubɔne ho aguadifo, a wonya wɔn ho ma nkurɔfo akwahosan ho ba asɛm no nsam. Akenkanfo pii akwati wɔn a wɔka asɛmpa wɔ TV so a wogye nkurɔfo sika di, ne amammuifo a tumidi adi wɔn ti no nso mfiri no. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 7 no.) Kenkan Bible no. Ebia mmoa a mfaso wɔ so a ɛde ma no bɛma wo ho adwiriw wo.
Kwati sɛ Wobɛyɛ Odifudepɛfo
Nokwasɛm ne sɛ adifudepɛ ho asiane foforo wɔ hɔ—w’ankasa wubetumi abɛyɛ odifudepɛfo. Eyi bɛma woahwere su pa ahorow a ɛma woda nsow wɔ mmoa ho no. Bere a obi reka pɛsɛmenkominya aguadi a aguadifo fom nneɛma pii wom ho asɛm no, wɔkyerɛ sɛ ɔkae sɛ: “Ná mprako no redidi ankasa. Adifudepɛ no koduu baabi . . . a egyee nsam koraa.” Ebia mprako mpo nyɛ wɔn ade sɛ aguadifo adifudepɛfo no! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛte sɛ nea wɔabu wɔn ani agu afotu pa a Yesu Kristo de mae yi so: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere nyinaa ho.”—Luka 12:15.
Yesu Kristo de saa afotu no mae efisɛ na onim sɛnea wubetumi asɛe w’asetra kɛse bere a adifudepɛ nya wo so tumi no. Honam fam nneɛma ho anibere—ne nokwarem no, tumi anaa nna ho anibere nso—betumi abɛyɛ biribi a w’ani gye ho sen biara a edi w’asetra so, a ɛremma wunnya bere anaa ɔpɛ biara a ɛbɛma nnipa anaa honhom fam nneɛma ho ahia wo. Anthony Sampson ka wɔ ne nhoma The Midas Touch mu sɛ “sika” abɛyɛ “te sɛ ɔsom.” Ɔkwan bɛn so? Sika bɛyɛ onyame. Wɔde biribiara bɔ afɔre ma adifudepɛ ne mfasopɛ. Ade titiriw no ne mfaso. Ne dodow a wubenya na eye. Nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛmfa ho bere tenten a wɔsɛe wɔ ho no, sɛ obi yɛ adifudepɛ wɔ honam fam nneɛma ho a, ɛmmee no da. Ɔsɛnkafo 5:10 ka sɛ: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso.” Saa pɛpɛɛpɛ na “nea ɔpɛ” tumidi, ahonyade, anaa nna no, ɛmfa ho dodow biara a onya no, ɛnsõ no.
Mpa Abaw Nka sɛ Wunnya Ogye Da
Ade titiriw biako a ebetumi ama woanya wo ti adidi mu ne sɛ worempa abaw na wubenya adwempa. Ɛtɔ mmere bi a wuntumi nkwati adifudepɛfo haw. Sɛ́ nhwɛso no, mpɛn pii no, nnipa a wodi kɔm ntumi nyɛ pii mfa nkwati wɔn mprempren amanehunu no. Nanso, mpa abaw; mma w’abam mmmu. The SAS Survival Handbook ka sɛ, sɛ wuhyia tebea a enye anaa ɛyɛ hu a, “ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegyaa wo ho mu ma afa wo so na woayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.” Mma nsusuwii ne nkate a ɛmfata nnni wo so. Wubetumi agyina tebea pii ano ma ayɛ wo nwonwa. Nhomawa koro no ara ka sɛ: “Mmarima ne mmea akyerɛ sɛ wobetumi agyina tebea a emu yɛ den kɛse ano.” Ɛyɛɛ dɛn na wotumi yɛɛ saa? Ɛka sɛ wotumi gyinae, “esiane sɛ na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ saa nti.” Si wo bo sɛ womma adifudepɛ nhyehyɛe yi nni wo so.
Awiei koraa no, James Scott, a yɛaka ne ho asɛm dedaw no nyaa ogye fii beae a anka ebetumi ayɛ ne damoa wɔ Himalaya no so no. Ɔkae sɛ anyɛ yiye koraa no, pere a ɔperee ne ti no ma onyaa asuade a ɛho hia biako. Ná ɛyɛ dɛn? Ɔkae sɛ: “Asetram asɛnnennen biara nni hɔ a ɛyɛ den dodo sɛ wobetumi adi ho dwuma.” Tim Macartney-Snape a ne ho akokwaw mmepɔw foro mu, a ɛyɛɛ no ahodwiriw sɛ James Scott anwu araa kosii sɛ wɔkɔtoo no sɛ ɔte ase no nso faa aba bi fii mu. Ɔkae sɛ: “Bere tenten a anidaso ketewaa bi wɔ hɔ no, mpa abaw da.” Enti ɛmfa ho sɛnea ebetumi ayɛ sɛ anidaso biara nni hɔ no, sɛ wopa abaw a, wosɛe asɛm no mmom. Mpa abaw sɛ wubenya ogye da.
Nanso “anidaso ketewaa bi wɔ hɔ,” hokwan a ntease wom bi wɔ hɔ sɛ yebenya ogye afi wiase a adifudepɛ ahyɛ no ma yi mu? Yebenya ahofadi afi adifudepɛfo a wɔresɛe okyinnsoromma yi na wɔde ɔpepem pii nkwa reto asiane mu no ho da bi? Nokwarem no, ogye ho anidaso bi a edi mũ wɔ hɔ. Susuw Bible no mmuae ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Basabasayɛ—Wubetumi Abɔ Wo Ho Ban,” a ɛwɔ April 22, 1989, Engiresi Nyan!, nkratafa 7-10 no.
[Kratafa 7 adaka]
Bible no Afotu a Ɛyɛ Ne Bere mu De
Mmebusɛm 20:23 “Awurade [Yehowa, NW] akyide ne abrammo ahorow, na nsisi nsenia nso nye.”
Yeremia 5:26, 28 “Wohu abɔnefo me man mu: wɔtetɛw sɛ nnomaayifo butubutuw; wosunsum mfiri yiyi nnipa. Wɔadodɔ srade, wɔn ho ayɛ srasrã; nso wodi nsɛmmɔne tra so: wommu atɛntrenee, wonni nyisaa asɛm, na ama wɔadi yiye; na ahiafo nso, wommu atɛn mma wɔn.”
Efesofo 4:17-19 “Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no. Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonnim de na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo. Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.”
Kolosefo 3:5 “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.”
2 Timoteo 3:1-5 “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!”
2 Petro 2:3 “Wɔnam anibere so de nsisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.”