Wiase a Adifudepɛ Nnim
“SƐ NSAKRAE amma nnipa nsusuwii mu wɔ wiase nyinaa a, nsakrae pa biara remma yɛn asetram sɛ́ nnipa, na yɛrentumi nkwati . . . mmusu a yɛn wiase yi rekɔ mu no.”—Václav Havel, Czech Republic mampanyin.
Nnipa pii hu sɛ mprempren wiase nhyehyɛe no ntumi ntra hɔ. Te sɛ Václav Havel no, ebinom hu sɛ ano aduru biako pɛ ne sɛ nsakrae bɛba nnipa nsusuwii ne wɔn nneyɛe mu wɔ wiase nyinaa. Sɛ́ nhwɛso no, obi a wasusuw mprempren wiase tebea no ho ka sɛ: “Wɔ nnipa ɔpepehaha pii a wodi hia buruburoo no fam no, aduan ne asetrade afoforo ho asɛm renyɛ yiye . . . gye sɛ wiase amanaman no yɛ ade ntɛm de sakra sɛnea nneɛma rekɔ mprempren no.”—Food Poverty & Power.
Nanso, ntease wom sɛ yebenya anidaso sɛ ogye nam nsakrae titiriw bi a ɛbɛba nnipa asetra mu so na ɛbɛba? So yebetumi de yɛn ho ato nniso ahorow so sɛ ‘wɔbɛyɛ ade ntɛmntɛm de asakra sɛnea nneɛma rekɔ mprempren no’? Ebinom susuw saa. Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn de yɛn pɛ ama yɛn, na yɛn na ɛsɛ sɛ yɛsakra tebea no.’ Nanso abakɔsɛm mu nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow no ma ɛyɛ den yiye sɛ yebegye adi sɛ onipa wɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bɛyɛ nsakrae horow a ɛho hia no. Saa adwene yi nkyerɛ abasamtu na mmom ɛyɛ nokwasɛm. So wode wo nkwa bɛhyɛ oduruyɛfo bi nsa bere a wunim sɛ wɔn a wadi kan ahwɛ wɔn nyinaa wuwui no?
Nimdeɛ a Wonni Ntia?
Ted Trainer ka wɔ Developed to Death—Rethinking Third World Development mu sɛ: “Ɔhaw no fi nimdeɛ a wonni.” Ɔka sɛ, sɛ wɔankyerɛ nnipa ma wɔanhu sɛ nsakrae titiriw bi ho hia a, “yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ nsakrae bɛba ama yɛanya wiase nhyehyɛe bi a edi mũ.” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛho hia sɛ wɔkyerɛ nkurɔfo ma wohu sɛ, sɛ wiase no betumi atra hɔ a, nsakrae a wɔyɛ wɔ nsusuwii ne nneyɛe mu ho hia. Nokwarem no, ɛho hia, na Bible ka ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe a ɛte saa ho asɛm. Ɛka sɛ ‘Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma.’ Saa bere no, obiara ‘renyɛ bɔne na ɔrensɛe ade’ wɔ asase so baabiara.—Yesaia 11:9.
Nanso ɛmfa ho sɛ nkyerɛkyerɛ no dɔɔso dɛn ara no, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe no mpo a, ɛno nkutoo ntumi mma adifudepɛfo a wɔyɛ bɔne kɛse na wɔsɛe nneɛma pii no mfi asase so. Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nsakrae nkutoo na nkyerɛkyerɛ bɛsakra wɔn, wɔn a wɔpɛ sɛ wodi Onyankopɔn gyinapɛn ahorow akyi no. Sɛnea Yesu Kristo kyerɛe no, wɔn na wosua. (Mateo 7:13, 14) Enti Bible no bɔhyɛ nnyina anidaso hunu bi a ɛne sɛ da koro adesamma nyinaa adwene bɛba ɔhaw no so kɛse, na wɔasakra wɔn akwan, so. Ɛka sɛ, Onyankopɔn ankasa de ne ho begye mu ayi adifudepɛfo afi asase so.
Onyankopɔn Ho a Ɔde Begye Mu
Nnipa pii bu adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn de ne ho begye mu no sɛ adaeso anaa nnaadaa. World Hunger: Twelve Myths ka sɛ: “Nimdeɛ mu nkɔanim a ɛbae wɔ afeha a ɛto so dunwɔtwe mu no maa yegyaee adwene a awerɛkyekye wom a ɛne sɛ Onyankopɔn bi a ɔde ne ho gye nsɛm mu wɔ hɔ a obesiesie onipa fie no mu.” Nanso so ɛsɛ sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ wɔn a wonnye “Onyankopɔn bi a ɔde ne ho gye nsɛm mu” nni bio no akyinnyesɛm ne wɔn nyansapɛ ahorow no mu? Wɔn akwan no nyɛ nnaadaa anaa?
Nyansa wom sɛ yɛbɛma ogye ho anidaso a yɛwɔ no agyina nkɔmhyɛ ahorow a enni huammɔ a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho begye nsɛm mu no so. Ɛnyɛ “adwene a awerɛkyekye wom” kɛkɛ sɛ yebegye Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow adi—ɛno ne ogye ho anidaso a ntease wom koro pɛ a yɛwɔ!
‘Wɔbɛsɛe Wɔn a Wɔsɛe Asase’
Dɛn bɔ ankasa na Onyankopɔn hyɛ? Wiɛ, ade biako ne sɛ, wahyɛ bɔ sɛ obeyi wɔn a wogu asase ho fĩ na wɔsɛe so nneɛma no afi so. Adiyisɛm 11:18 ka sɛ ɔwɔ “bere” a ɔde ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ Dɛn na ɛno bɛkyerɛ? Ɛbɛkyerɛ wɔn a mprempren wɔhyɛ ahiafo ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw so no awiei. Onyankopɔn ‘bedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa, na wabubu apoobɔfo mu pasapasa.’ Obeyi adifudepɛfo afi hɔ na wama wɔn a wɔn ho nni asɛm a wosisi wɔn no adi yiye. “Obegye ohiani a osu frɛ no . . . Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:4, 12-14.
Hwɛ nsakrae ara a ɛde bɛba! Sɛnea ɔsomafo Petro kyerɛ no, saa nsakrae yi bedu mmaa nyinaa, ma ɛde “ɔsoro foforo ne asase foforo” aba. (2 Petro 3:13) Wɔ saa “asase foforo” yi so no, obiara benya asase so nnɔbae dodow a ɛsɛ. (Mika 4:4) Mprempren mpo, aduan pii wɔ hɔ a ebetumi asõ obiara so. Kyekyɛ a wɔnkyekyɛ no yiye ne asɛm no. Anne Buchanan ka wɔ ne nhoma Food Poverty & Power mu sɛ: “Wɔabu akontaa sɛ yebetumi adua nnɔbae a ɛsɛ wɔ asase no afã a wotumi yɛ so kua no de ahwɛ nnipa ɔpepepem 38-48.”
Okyinnsoromma yi bɛtra hɔ. Ne Bɔfo no, “wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Onyankopɔn ade a ɔbɛyɛ atia adifudepɛfo no de bere tiaa mu “ahohiahia kɛse” bi bɛba. (Mateo 24:21) Saa bere no, wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ saa ahohiahia no mu no benya paradise asase, a nnipa a wɔnyɛ adifudepɛ na wɔte so. (Dwom 37:10, 11; 104:5) Ɛbɛyɛ te sɛ nea Bible hyɛ bɔ no: “Awurade [Yehowa, NW] bɛpopa ani nyinaa so nusu.”—Yesaia 25:8.
Wo nso wubetumi aka anigyefo a wonya ade a Onyankopɔn bɛyɛ de ayi adifudepɛ afi asase so mu mfaso no ho. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn apɛde ampa a, fa mmoa a wɔde ama wo na ama woatumi anya wo ti adidi mu nnɛ wɔ adifudepɛ wiase yi mu no nyinaa di dwuma. Yɛ biribi fa nya wo ti didi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Yehowa Adansefo ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo ma woasua nea ehia sɛ wuhu no. Nsuro sɛ wobɛkɔ akohu wɔn wɔ wɔn Ahenni Asa so anaasɛ wobɛkyerɛw akɔ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo pɛɛ.