Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 3/8 kr. 30-31
  • Afrika Asotifo a Wɔboa Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afrika Asotifo a Wɔboa Wɔn
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hohoro Wo Nsa!
  • Serew na Nyin Kyɛ?
  • Katolek Asɔre Wɔ “Asiane” Mu
  • Nkɔso a Wonya Denam Nneɛma a Aba
  • Bonsu a Wɔbɔ Nnipa Ho Ban
  • Adidi Kronkron a Wɔde “Aduan a Wɔayɛ Dedaw” Yɛ
  • Mmorɔnoma Akwantufo
  • Australia Mantam Ma Ayarefo a Wokum Wɔn Ho Ho Kwan
  • Wɔde Asɔredan Reyɛ Nneɛma Foforo
  • Nyamesom mu Nsɛnnennen wɔ Netherlands
    Nyan!—1993
  • Asɔre No​—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
    Nyan!—1993
  • So Tumi A Kristoman Mu Asɔre Horow Wɔ No Refi Wɔn Nsa?
    Nyan!—1980
  • Daakye Hokwan Ahorow A Ɛwɔ Hɔ Ma Protestantsɛm​—Ne Wo!
    Nyan!—1988
Nyan!—1997
g97 3/8 kr. 30-31

Afrika Asotifo a Wɔboa Wɔn

Uganda Ɔman Asotifo Fekuw (UNAD) no nsɛmma nhoma no kae sɛ: “UNAD NEWS kamfo Yehowa Adansefo wɔ wɔn anigye kɛse ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wobesua asotifo kasa no ho.” Nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ Adansefo kuw bi a wɔte asɛm a wɔwɔ Kampala, Uganda, no resua asotifo kasa, a botae no ne sɛ wobedi asotifo no honhom fam ahiade ho dwuma. Amanneɛbɔ no de kaa ho sɛ ɔkasa asekyerɛfo baanu a wɔwɔ wɔn mu ahotoso no “yɛ daa akwampaefo anaa bere nyinaa [asomfo] wɔ ɔsom ahorow a ɛrenya nkɔso ntɛmntɛm na wobu no kɛse wɔ wiase no mu biako mu, na wonim wɔn amanaman mu sɛ ɔsom a ɛbata Bible nkyerɛkyerɛ ho koraa.”

Hohoro Wo Nsa!

The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, Amerika Mmoawammoawa Ho Nimdeɛ Fekuw no ma wɔyɛɛ nhwehwɛmu nnansa yi de hwɛɛ nnipa dodow a wɔhohoro wɔn nsa bere a wɔakɔ ɔmanfo tiafi so aba no. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ, ɛkame ayɛ sɛ obiara nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔhohoro ne nsa. Wɔ mpanyimfo 1,004 a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ telefon so mu no, ɔha biara mu 94 na wɔkyerɛe sɛ wɔhohoro wɔn nsa bere nyinaa bere a wɔakɔ ɔmanfo tiafi so aba no. Nanso wɔyɛ saa? Nhwehwɛmufo a wɔhwɛ ɔmanfo tiafi so wɔ Amerika nkuropɔn anum mu no hui sɛ wɔ nnipa 6,333 mu no, mmarima no mu ɔha biara mu 61 ne mmea no mu ɔha biara mu 74 na wɔhohoro wɔn nsa bere a wɔakɔ tiafi so aba no. Nsa a ɛho wɔ fĩ ma yare trɛw ntɛmntɛm, na nsa biako pɛ a wɔnhohoroo ho a eso aduan mu no betumi ama nnipa pii ayare. Ɔhaw no fã bi betumi afi awofo akwankyerɛ a enni hɔ. Ɔbenfo Gail Cassell kae sɛ: “Ɛnnɛyi, ɛnanom nka nkyerɛ wɔn mma sɛ wɔnhohoro wɔn nsa. Sukuu ahorow no nka ho asɛm nkyerɛ mmofra. Ehia sɛ wɔkae yɛn sɛ eyi ho hia.”

Serew na Nyin Kyɛ?

Wofi bere tenten na agye adi sɛ ɔserew yɛ aduru pa. Mfe du a atwam no, nyansahufo a wɔwɔ New York Mantam Sukuupɔn mu no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhwehwɛ nea enti a ɛte saa. Wɔdaa nea wohui no adi nnansa yi sɛ ɔserew boa ma nipaduam nkwammoaa nya nnuru bi a ano yɛ den a ɛma nipaduam nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no nya ahoɔden. Wɔahu sɛ nkwammoaa mu nnuru no kuw bi a wɔfrɛ no cytokine no ma mogya mu nkwammoaa fitamfitaa no tumi ko tia ɔyare mmoawa na ekunkum nkwammoaa a wotumi de kokoram ba no. The Sunday Times a ɛwɔ London no ka sɛ, eyinom yɛ “nnuru a ɔserew ma ne dodow nya nkɔanim no mu biako” pɛ. Abusuabɔ a ɛwɔ ɔserew ne cytokine ntam no ama nhwehwɛmufo aka ho asɛm sɛ nkwammoaa mu nnuru a ɛma anigye. Enti, krataa no frɛ ɔserew sɛ “ade a ɛma onyinkyɛ.”

Katolek Asɔre Wɔ “Asiane” Mu

Star-Telegram a ɛwɔ Arlington, Texas, no bɔ amanneɛ sɛ, krataa bi a kuw bi a asɔfo mpanyin baason wom de mae no ka Katolek Asɔre no ho asɛm sɛ ɛwɔ ‘asiane’ mu. Atesɛm krataa no ka sɛ, krataa no “ka kyerɛ asɔre no sɛ ensiesie ne mpaapaemu a anibere wom no.” Nsɛm a wobisabisae no da no adi sɛ Katolekfo ɔpepem 60 a wɔwɔ United States no pii mpene asɔre no nkyerɛkyerɛ te sɛ asɔfo sigyadi ne mmea a wɔhyɛ wɔn asɔfo no so. Wɔ nsɛnkyerɛwfo nhyiam bi a wɔyɛ de daa asɛm no adi ase no, ɔsɔfopɔn Joseph Bernardin a waka baabi no daa sɛnea “mpaapaemu a ɛrenya nkɔanim wɔ asɔre no mu, ne ɛtɔ mmere bi a, pɛsɛmenkominya honhom” a etwitware asɔre no dwumadi mu no haw no no adi. Ɔkae sɛ: “Ne saa nti, asɔre no biakoyɛ da asiane mu. Asɔre no mu anokwafo no abrɛ, na yɛasɛe nhwɛso pa a yɛyɛ ma aban, ɔmanfo ne nkurɔfo no.”

Nkɔso a Wonya Denam Nneɛma a Aba

Atwam a Wɔhwehwɛ Mu So

Ansa na anyinam ahoɔden a wɔfrɛ no transistor reba no, na dorobɛn a anyinam ahoɔden fa mu wɔ hɔ. Seesei nhwehwɛmufo reyɛ nneɛma a atwam mu nhwehwɛmu. Mfiri ho nimdefo Griff L. Bilbro a ɔwɔ North Carolina Mantam Sukuupɔn mu no ka sɛ: “Yɛreyɛ dorobɛn a anyinam ahoɔden fa mu a wɔyɛe wɔ 1940 mfe mu no mu nhwehwɛmu bio. Nanso afei de yɛde nneɛma a wɔayɛ no foforo ne nnwinnade a wɔde kɔmputa ayɛ hokwan no na ɛreyɛ sɛnea edi dwuma ahoɔhare so no mu nhwehwɛmu, ma wɔde adi dwuma wɔ radio ne telefon a hama nsa so mu.” Nsonsonoe biako a ɛda kan ne nnɛ dorobɛn no mu ne sɛnea n’akɛse te. Dorobɛn foforo no susua, na wɔahyehyɛ a n’akɛse te sɛ mankyese ti. Science News nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔnam nneɛma a anyinam ahoɔden fa mu a wɔhyehyɛ wɔ dɛnkyɛmmo adaka mu, na afei wɔtwe emu mframa so” na ɛyɛ. “Nsonsonoe kɛse a ɛda dorobɛn foforo a ɛwɔ dɛnkyɛmmo adaka ne ahwehwɛ kɛse a wɔyɛɛ no mfe 50 a atwam ni no ntam ne hyew a ɛyɛ. Ná ɛsɛ sɛ dorobɛn dedaw no dɔ ansa na anyinam ahoɔden atumi afa mu. Anyinam ahoɔden tumi fa dorobɛn foforo no mu bere a ne hyew te sɛ ɔdan mu hyew no.” Nea ɛka kyɛ a ɛkyɛ sen nneɛma a anyinam ahoɔden tumi fam ne kɔmputa mu nneɛma nketenkete a ɛte sɛ anhwea ho no, dorobɛn foforo no di dwuma yiye sen ɛnonom bere a ɛyɛ hyew kɛse, na anyinam ahoɔden no ano yɛ den.

Bonsu a Wɔbɔ Nnipa Ho Ban

Journal of Commerce bɔ amanneɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ bonsu kuw bɔɔ ɔbarima bi a na ɔreguare wɔ Po Kɔkɔɔ mu ho ban. Ná Mark Richardson a ofi Britain no reguare wɔ Egypt mpoano bere a oboodede bi tow hyɛɛ ne so no. Bere a ɔkekaa n’afã bi ne ne nsa no, abonsu abiɛsa a wɔn ano feaa betwaa ɔbarima no ho hyiae “bɔɔ wɔn ntɛtɛw ne wɔn dua mu de pam oboodede no.” Afei abonsu no “kɔɔ so twaa Owura Richardson ho hyiae kosii sɛ ne nnamfo kɔboaa no.” Sɛnea Journal no kyerɛ no, “saa nneyɛe no yɛ nea abonsu taa yɛ bere a wɔrebɔ wɔn mma ho ban no.”

Adidi Kronkron a Wɔde “Aduan a Wɔayɛ Dedaw” Yɛ

Christianity Today bɔ amanneɛ sɛ Amerikani adwumawura bi, Jim Johnson, reyɛ adomenade a ɛwɔ rɔba mu a wotumi de yɛ asɔre Adidi Kronkron som no.” Rɔba nkuruwa nketewa afasibere a ne kɛse te sɛ kafe kuruwa no, tumi fa bobe mu nsu anaa nsa afono ma. Nea ɛwɔ rɔba a ano kwan yɛ abien no mu nso ne paanoo ntrantraa a mmɔkaw nnim. Sɛnea Jonhson kyerɛ no, mfaso a ɛwɔ aduan no so ne sɛ ne siesie kɔ ntɛm na ɛnyɛ nwura pii, ɛho ka wɔ fam, na ɛho tew. Asɔre ahorow bɛboro 4,000 afi ase de aduan foforo yi redi dwuma dedaw, ɛwom sɛ nnipa bi nwiinwii wɔ Adidi Kronkron no a “wɔretɔ no kɛse” no ho de. Johnson ka sɛ: “Yesu na odii kan de aduan a wɔayɛ dedaw mae bere a ɔmaa nnipakuw aduan no.”

Mmorɔnoma Akwantufo

New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ, wofi bere tenten ahu sɛ mmorɔnoma a wɔwɔ London no tra akwantufo keteke a ɛnam asase ase mu tu kwan. Bio nso, nnipa bi kyerɛ sɛ nnomaa no nim beae a ɛsɛ sɛ wosi mpo. Bere a nsɛmma nhoma no too nsa frɛɛ akenkanfo sɛ wɔnkyerɛ wɔn adwene no, wɔn mu dodow bi kyerɛw bɛkaa nea wɔn ankasa ahu wɔ nnomaa akwantufo no ho. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima biako kyerɛwee sɛ: “Wɔ 1974-76 mu no, na metaa hyia aborɔnoma biako a ne ho yɛ kɔkɔɔ kakra sɛ ɔforo asase ase keteke no wɔ Paddington kosi gyinabea a edi hɔ no.” Ɔbarima foforo huu adeyɛ a ɛte saa ara wɔ 1965 mu pɛɛ. Ɛte sɛ nea bɛyɛ mfe 30 ni no, mmorɔnoma ntua keteke ka wɔ London akwantu nhyehyɛe no mu!

Australia Mantam Ma Ayarefo a Wokum Wɔn Ho Ho Kwan

The New York Times bɔ amanneɛ sɛ, ɔbarima bi a ɔwɔ Australia Kusuu fam Asase So no abɛyɛ obi a odi kan a ɔman mmara foforo a ɛma nnuruyɛfo kwan ma wɔboa ɔyarefo ma okum ne ho ama wawu. Ná ɔbarima no wɔ ne mfe 60 mu, na na ɔrehu kokoram bi a wosusuw sɛ ebekum no ho amane. Oduruyɛfo Philip Nitschke, oduruyɛfo a ɔmaa ɔbarima no aduru bi a etumi kum a wɔfrɛ no barbiturates no kae sɛ: “Eyi ne bere a edi kan a onipa bi awu mmara kwan so.” Nitschke kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔde anyinam nhama sesãã afiri bi so soo ɔbarima no mu, na ɛmaa no wui bere a n’ankasa miaa kɔmputa ketewa bi a esi ne mpa ho pɔtwom so no.” Nanso, mmara foforo no rehyia ɔsɔretia denneennen. Ɔman mmarahyɛ bagua no resusuw mmara bi a ebeyi saa mmara no afi hɔ ho, na asɔre ahorow ne nnuruyɛfo reko atia mmara no wɔ asɛnnibea.

Wɔde Asɔredan Reyɛ Nneɛma Foforo

Sɛnea Netherlandsfo atesɛm krataa Het Overijssels Dagblad ka no, asɔredan bɛyɛ 300 na wɔadan no ayɛ no aguadidan, afie, adehwɛdan, ne adwumayɛdan, wɔ Netherlands. Esiane sɛ nnipa dodow a wɔkɔ asɔre wɔ Netherlands no so atew bɛyɛ ɔha biara mu 50 wɔ mfe 15 a atwam no mu nti, asɔre ahorow pii ani gye ho sɛ wobenya obi a ɔwɔ ɔpɛ ma wagye dan no ma wɔagyae ho ka bɔ. Wɔatɔn asɔre adan bi de agye guilder biako pɛ (bɛyɛ U.S. cent 60)! Nanso, asɔredan a wɔdan no yɛ no aguadidan no ma nnipa pii di yaw wɔ nkate fam, titiriw wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Nhoma bi kae sɛ: “Wɔakɔ asɔre wɔ hɔ mfe pii. Wɔbɔɔ wɔn asu hyiaa wɔn ayeforo wɔ hɔ, na seesei wohu sɛ nkurɔfo reyɛ nneɛma a wommu na ɛyɛ nnome mpo . . .  wɔ hɔ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena