Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 8/8 kr. 3-4
  • Nsɛm a Epira, Honhom A Abotow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm a Epira, Honhom A Abotow
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 8/8 kr. 3-4

Nsɛm a Epira, Honhom A Abotow

“Kwasea nyaa nyaa!”a Ɔbea bi a ɔwɔ Japan kae nsɛm yi yiye—ná wɔtaa ka saa kyerɛ no bere a na ɔyɛ abofra no. Henanom na wɔyaw no saa? Sukuu mmofra? Ne nuanom? Dabi. Ɛyɛ n’awofo. Ɔka sɛ: “Ná metaa botow efisɛ edin a wɔtotoo me no haw me yiye.”

Ɔbarima bi a ɔwɔ United States kae sɛ bere a na ɔyɛ abofra no, bere biara a na ne papa bɛba fie no, na ɔbɔ hu ma ne ho yeraw no. Ɔka sɛ, “Ɛde besi nnɛ, meda so ara tumi kae ne kar sũ no, na ɛma awɔse gu me. Ná me nuabea kumaa de ne ho sie. Na biribiara nsɔ me papa ani, na na ɔhaahaa n’ani gu yɛn so ka bere nyinaa sɛ yɛnyɛ yɛn fie nnwuma yiye.”

Ɔbarima yi nuabea de ka ho sɛ: “Menkae sɛ m’awofo no mu biara yɛɛ yɛn atuu, few yɛn ano, anaa ɔkaa biribi te sɛ ‘Medɔ mo’ anaasɛ ‘Mepɛ mo asɛm’ da. Na wɔ abofra a ɔntee ‘Medɔ wo’ wɔ n’asom da fam no, ɛte sɛ nea wɔka kyerɛ no da biara wɔ n’asetram sɛ—‘Metan wo.’”

EBIA ebinom bɛka sɛ amane a nkurɔfo yi hui bere a na wɔyɛ mmofra no yɛ ketewaa bi. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔbɛka nsɛm a epira, na ɛyɛ yaw akyerɛ mmofra, na wɔadwoodwoo wɔn. Eyi nyɛ asɛm a wɔka ho asɛm wɔ atesɛm krataa a ɛka ahodwiriwsɛm mu na woyi ho mfonini kyerɛ wɔ TV so dwumadi a ɛkanyan adwene mu. Adesɛe no nna adi. Nanso sɛ awofo dwoodwoo wɔn mma wɔ akwan a ɛtete sɛɛ so da biara da a, ebetumi anya wɔn so nkɛntɛnso bɔne ɔkwan biara so—na aka hɔ wɔn nkwa nna nyinaa.

Susuw 1951 nhwehwɛmu bi a wɔde hwehwɛɛ sɛnea wɔtetee mmofra kuw bi a na wɔadi mfe anum a wɔsan tii mu wɔ 1990 mu no ho hwɛ. Nhwehwɛmufo no tumi de wɔn ani sii mmofra yi mu pii a mprempren wɔayeyɛ mmasiriwa no so, na ama wɔahu nkɛntɛnso a sɛnea wɔtetee wɔn no anya wɔ wɔn so bere tenten. Nhwehwɛmu foforo no de baa awiei sɛ mmofra a wɔn asetra bɛyɛɛ wɔn den, wɔanni yiye wɔ nkate fam, wohyia ɔhaw wɔ aware mu, nnamfofa mu, ne adwumam mpo no nyɛ ahiafo anaa asikafo mma, anaasɛ awofo a na wɔhaw adwene mpo mma. Ná wɔyɛ mmofra a wɔn awofo nka nkɔ wɔn ho, wɔn ani nnye wɔn ho, na wɔanna ɔdɔ adi ankyerɛ wɔn ahe biara no.

Nhwehwɛmu yi yɛ nokwasɛm bi a wɔkyerɛw too hɔ bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no ho mpopoe bi ara kwa: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Akyinnye biara nni ho sɛ awofo atɛnnidi ne nkate fam basabasayɛ hyɛ mmofra abufuw na ebetumi ama wɔn koma atu ampa.

Sɛnea Growing Up Sad nhoma no kyerɛ no, ɛnkyɛe pii na na nnuruyɛfo susuw sɛ biribiara nni hɔ a wɔfrɛ no mmofraberem. Nanso, nea wɔahu nnansa yi ama ada adi sɛ ɛnte saa. Nnɛ, nhoma akyerɛwfo no ka sɛ, wohu mmofraberem adwenemhaw, na ɛnyɛ na koraa. Nneɛma a ɛde ba no bi ne po a awofo po wɔn ne ayayade a wɔde yɛ wɔn no. Nhoma akyerɛwfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ nsɛm no bi mu no, ɛyɛ a ɔwofo no kasa tia abofra no gu n’anim ase bere nyinaa. Wɔ nsɛm afoforo mu no, ɛyɛ ɔwofo ne ne ba ntam nkitahodi a enni hɔ: ɔwofo no nna ɔdɔ a ɔwɔ ma abofra no adi da. . . . Nea efi mu ba no yɛ awerɛhow titiriw ma awofo a wɔte saa no mma, efisɛ wɔ abofra fam—anaa sɛnea ɛte wɔ ɔpanyin bi fam no—wohia ɔdɔ te sɛ nea afifide hia owia ne nsu no.”

Sɛ awofo fi komam da ɔdɔ adi a, ɛma mmofra hu nokwasɛm titiriw bi: Wɔdɔ wɔn; wɔn ho wɔ mfaso. Nnipa pii di mfomso susuw sɛ adwene yi ma obi yɛ ahantan, na ɛma obu ne ho sen afoforo. Nanso wɔ asɛm yi mu no, ɛnyɛ saa na ɛkyerɛ. Ɔkyerɛwfo bi ka wɔ ne nhoma bi a ɛfa asɛm yi ho mu sɛ: “Sɛnea wo ba bu ne ho no nya nnamfo a ɔpaw, ɔne afoforo fekubɔ, nipa ko a ɔware no, ne sɛnea obenya nkɔso so tumi.” Bible gye sɛnea ehia sɛ obi nya n’ankasa ho adwene a ɛkari pɛ a ommu ne ho animtiaa no tom bere a ɛka: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” ho asɛm sɛ ɛno ne mmara nsɛm no mu kɛse a ɛto so abien no.—Mateo 22:38, 39, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Ɛyɛ den sɛ obi besusuw ho sɛ ɔwofo bi a n’adwenem da hɔ bɛhwehwɛ sɛ ɔbɛsɛe biribi a ɛho hia na ɛyɛ mmerɛw te sɛ te a abofra bɛte nka sɛ ne ho hia no. Nanso, dɛn nti na ɛtaa ba saa? Na ɔkwan bɛn so na wobetumi asiw ano?

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ Japan kasa mu no, noroma baka!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena